Nsɛm a Yebetumi Aka
De afi Bible adesua ase wɔ Memeneda a edi kan wɔ June mu
Kenkan Yesaia 42:8. Afei ka sɛ: “Asɛm yi kyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ din. Wususuw sɛ ɛho hia sɛ yɛde Onyankopɔn din di dwuma? [Twɛn ma ommua.] Hwɛ asɛm a wɔaka wɔ ha yi.” Fa June 1 Ɔwɛn-Aban no ma ofiewura no, na munsusuw asɛm a ɛwɔ asɛmti ketewa a edi kan wɔ kratafa 16 ase hɔ no ho. Gyaw nsɛmma nhoma no ma no na yɛ nhyehyɛe san kɔsra no na munsusuw asɛmmisa a edi hɔ no ho.
The Watchtower June 1
“Mepɛ sɛ mihu w’adwene wɔ asɛnhia bi ho. [Bue kratafa 3, na fa nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ hɔ no kyerɛ no.] Emu nea ɛwɔ he na ɛne adwene a wukura wɔ Bible ho no hyia? [Twɛn ma ommua.] Hyɛ nea Bible no ankasa ka yi nsow. [Kenkan Romafo 15:4.] Nsɛmma nhoma yi ka nneɛma anum a ɛma Bible no yɛ nhoma soronko ne sɛnea ebetumi aboa yɛn ho asɛm.”
Awake! June
“Wɔ wiase nyinaa no, esiane sɛ nkurɔfo nni aduanpa nti, ɛma wɔn mu ɔpepem pii yare afe biara. Wohwɛ a, aduan a yedi wɔ yɛn ha no yɛ papa? [Twɛn ma ommua.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛ akwan anan a yebetumi afa so abɔ yɛn abusua ho ban na yɛannya nyarewa amfi nnuan mu. Afei nso, ɛka Bible mu bɔhyɛ a ɛkyerɛ sɛ ɛrenkyɛ obiara benya aduanpa adi ho asɛm.” Kenkan Dwom 104:14, 15.