Nneɛma Dumien a Enti Yɛka Asɛm No
Dɛn nti na yɛka asɛmpa no na yɛkyerɛkyerɛ? So ade titiriw a enti yɛyɛ saa ne sɛ yɛbɛboa nnipa komapafo ma wɔabɛfa nkwa kwan no so? (Mat. 7:14) Ɛno ne nea wɔakyerɛw wɔ ase hɔ no mu nea edi kan, nanso ɛnyɛ ɛno ne ade titiriw a enti yɛka asɛm no. Nneɛma 12 a wɔakyerɛ wɔ ha no mu nea ɛwɔ he na wususuw sɛ ɛho hia paa?
1. Ɛboa ma wogye afoforo nkwa.—Yoh. 17:3.
2. Ɛma yɛbɔ abɔnefo kɔkɔ.—Hes. 3:18, 19.
3. Ɛboa ma Bible nkɔmhyɛ nya mmamu.—Mat. 24:14.
4. Ɛma Onyankopɔn trenee da adi. Obiara rentumi mmɔ Yehowa sobo sɛ wasɛe abɔnefo a wamma wɔannya hokwan ansakra.—Aso. 17:30, 31; 1 Tim. 2:3, 4.
5. Ɛma yedi yɛn asɛyɛde a ɛne sɛ yɛmmoa nkurɔfo a wɔde Yesu mogya atɔ wɔn no wɔ honhom fam no ho dwuma.—Rom. 1:14, 15.
6. Ɛmma yenni mogya ho fɔ.—Aso. 20:26, 27.
7. Ɛyɛ ade a ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛn ankasa anya nkwa.—Hes. 3:19; Rom. 10:9, 10.
8. Ɛma yɛda no adi sɛ yɛdɔ yɛn yɔnko nnipa.—Mat. 22:39.
9. Ɛkyerɛ sɛ yɛyɛ osetie ma Yehowa ne ne Ba no.—Mat. 28:19, 20.
10. Ɛka yɛn som ho.—Heb. 13:15.
11. Ɛma yɛda no adi sɛ yɛdɔ Onyankopɔn.—1 Yoh. 5:3.
12. Ɛboa ma Yehowa din ho tew.—Yes. 43:10-12; Mat. 6:9.
Nokwarem no, ɛnyɛ eyinom nkutoo nti na yɛyɛ asɛnka adwuma no. Sɛ nhwɛso no, asɛnka ma yɛn gyidi yɛ den, na ɛsan ma yenya hokwan yɛ Onyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo. (1 Kor. 3:9) Nanso, ade titiriw paa a enti yɛyɛ asɛnka adwuma no ne nea ɛto so 12 no. Sɛ nkurɔfo tie asɛm no oo sɛ wɔantie oo, ɛboa ma Onyankopɔn din ho tew, na ɛma Yehowa nya asɛm bua nea otwa no mpoa no. (Mmeb. 27:11) Nokwarem no, yenim nea enti a ɛsɛ sɛ ‘yɛkɔ so kyerɛkyerɛ na yɛka asɛmpa no daa a yennyae.’—Aso. 5:42.