Nsɛm a Yebetumi Aka
De afi Bible adesua ase wɔ Memeneda a edi kan wɔ October mu
“Wɔ mmere a emu yɛ den yi mu no, yɛn nyinaa hyia ɔhaw ahorow, na ɛno de nsɛnnennen ba mmusua mu. Wususuw sɛ ɛhe na yebetumi anya akwankyerɛ pa a ɛbɛboa ma yɛn abusua asetena ayɛ anigye?” Twɛn ma ommua. Afei fa October 1 Watchtower no bi ma ofiewura no, na wo ne no nkenkan asɛm a ɛwɔ nsɛmti nketewa a ɛwɔ kratafa 16 ne 17 no mu biako, na munsusuw ɛno ne kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so no mu biako anaa nea ɛboro saa ho. Fa nsɛmma nhoma no ma no na yɛ nhyehyɛe ne no nkosusuw nsɛmmisa a aka no bi ho.
The Watchtower October 1
Fa nsɛmma nhoma no kyerɛ no, na ka sɛ: “Sɛ wuhu sɛ Onyankopɔn ho nsɛm a wɔaka akyerɛ wo nyinaa yɛ atoro a, wobɛte nka dɛn? [Twɛn ma ommua.] Hyɛ asɛm a Yesu kae a ɛbɛma yɛahu nokware ne atoro mu nsonsonoe no nsow. [Kenkan Yohane 17:17.] Enti Bible no nkutoo na ɛma yehu Onyankopɔn ho nokwasɛm? Nsɛmma nhoma yi ma yehu nsɛm anum a ɛyɛ atoro a wɔka fa Onyankopɔn ho a Bible no da no adi.”
Awake! October
“Ɛnnɛ, yɛreyɛ adwuma de aboa ɔmanfo a wɔwɔ mmusua. Sɛ wobisa wo sɛ dɛn ne ɔhaw kɛse a awofo rehyia wɔ wɔn mma ntetee mu a, anka dɛn na wobɛka? [Twɛn ma ommua.] Awofo pii de Bible mu afotu di dwuma. Sɛ nhwɛso no, nsɛm a nyansa wom yi boa awofo bere a wɔretete wɔn mma. [Kenkan Efesofo 4:31.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛ sɛnea Bible afotu betumi aboa awofo ma wɔatete wɔn mma; efi wɔn mmofraase kosi mpanyin afe so.”