Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/14 kr. 4
  • Nsɛm a Yebetumi Aka

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛm a Yebetumi Aka
  • Yɛn Ahenni Som—2014
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsɛm a Yebetumi Aka
    Yɛn Ahenni Som—2013
  • Nsɛm a Yɛbɛtumi Aka
    Yɛn Ahenni Som—2015
  • Nsɛm a Yebetumi Aka
    Yɛn Ahenni Som—2012
  • Nsɛm a Yɛbɛtumi Aka
    Yɛn Ahenni Som—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2014
km 2/14 kr. 4

Nsɛm a Yebetumi Aka

De afi Bible adesua ase wɔ Memeneda a edi kan wɔ March mu

“Yɛaba sɛ yɛne wo rebesusuw biribi a yɛbɛyɛ no April 14 ho tiawa. Saa da no na yɛbɛkae Yesu wu no. Ebinom te nka sɛ Yesu wu no ho hia, ɛno nti sɛ edu hɔ a wɔkae. Wohwɛ a, dɛn na Yesu wu no ayɛ ama me ne wo?” Twɛn ma ommua. Fa asɛm a ɛwɔ March 1 Ɔwɛn-Aban no akyi kyerɛ no, na munsusuw asɛm a ɛwɔ asɛmmisa a edi kan no ase no ho; anyɛ yiye koraa no monkenkan kyerɛw nsɛm biako na munsusuw ho. Fa nsɛmma nhoma no ma no, na yɛ nhyehyɛe san kɔsra no na munsusuw asɛmmisa a edi hɔ no ho.

Ɔwɛn-Aban March 1

“Nnipa pii nhu nea enti a Onyankopɔn nyii nsisi ne amanehunu mfii wiase. Wugye di sɛ Onyankopɔn nnwen nnipa ho nti na ɔnyɛɛ ho hwee no, anaasɛ pɛ ara na ɔpɛ sɛ nnipa hu amane? [Twɛn ma ommua. Afei Kenkan Yohane 3:16.] Nnipa pii ka saa asɛm yi de kyerɛ sɛ Onyankopɔn dwen yɛn ho, nanso wonnim mfaso a ɛwɔ Onyankopɔn ba no wu no so. Nsɛmma nhoma yi ma yehu sɛ Yesu wu no bɛma nsisi ne amanehunu afi asase so.”

Nyan! March

“Yɛbaa ha a, ɛnyɛ bɔne. Ɛkame ayɛ sɛ ɛsono adwene a nnipa pii kura wɔ saa kyerɛw nsɛm yi ho, na yɛpɛ sɛ yehu w’adwene wɔ ho. [Kenkan Genesis 1:1.] Ebinom gye di sɛ obi na ɔbɔɔ amansan yi, na ebinom nso nnye nni. Wo nso, wudwen ho sɛn? [Twɛn ma ommua.] Nyamesom akannifo asi Bible no ti ase, na wɔkyerɛkyerɛ nneɛma bi a enni Bible mu. Ɛno nti, nnipa pii nnye nni sɛ ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ. Bible ma yɛn adanse a edi mũ sɛ ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ, na ɛno na nsɛmma nhoma yi kyerɛkyerɛ mu.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena