Nsɛm a Yɛbɛtumi Aka
Ɔwɛn-Aban June 1
“Yɛbaa ha a, ɛnyɛ bɔne. Yɛne yɛn nnamfonom rebɔ nkɔmmɔ ahwɛ mfaso a ɛwɔ Bible so. Nyansahu nti nnipa pii susu sɛ Bible nka nokware. Wo nso ɛ, wohu Bible no sɛn? Wohwɛ a yɛbɛtumi agye nea Bible ka no adi? [Twɛn ma ɔmmua.] Wo deɛ ma yɛnhwɛ asɛm baako bi a Bible aka, na yɛbɛhu sɛ ɛne nyansahu hyia. [Kenkan Hiob 26:7.] Wokan nwoma yi a, wobɛhu sɛ nyansahu foa nea Bible aka so.”
Nyan! June
“Yɛahu sɛ yareɛ rehaw yɛn nnamfo a yɛne wɔn te mpɔtam ha paa, enti yɛde Bible mu asɛm yi rekyekye wɔn werɛ. [Kenkan Yesaia 33:24a.] Sɛ yareɛ nni hɔ a, wohwɛ a anka asetena bɛyɛ sɛn? [Twɛn ma ɔmmua.] Bere a yɛretwɛn sɛ asɛm yi bɛbam no, nneɛma nnum bi wɔ hɔ a yɛbɛtumi ayɛ na yɛanya apɔwmuden. Ɛho asɛm wɔ nwoma yi mu.”