Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w15 12/15 kr. 15-16
  • Ma W’ani Nsɔ Yehowa Ayamye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ma W’ani Nsɔ Yehowa Ayamye
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • AYAMYE A ƐSEN BIARA
  • “Adwuma no Sõ”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • “Nea Ohu Mmɔbɔ no Benya Nhyira”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Adwuma a Yehowa Adansefo Yɛ Wɔ Wiase Nyinaa No, Wɔyɛ Dɛn Nya Ho Sika?
    Nsɛm a Nkurɔfo Taa Bisa Fa Yehowa Adansefo Ho
  • Nea Aboro Wɔn so Abegu Yɛn Hia Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
w15 12/15 kr. 15-16
Ɔbaa bi de ne sikakorabea card rehyɛ electronic card reader mu

Ma W’ani Nsɔ Yehowa Ayamye

YEHOWA yɛ Onyankopɔn a ne yam ye. (Yakobo 1:17) Yɛhu n’ayamye wɔ nneɛma a wabɔ nyinaa mu. Ɔde nsoromma hyɛɛ wim mã, na ɔde nnua ne nhwiren a ɛyɛ fɛ nso hyɛɛ asase so mã.—Dwom 65:12, 13; 147:7, 8; 148:3, 4.

Dwom 104 kyerɛwfo no kyerɛɛ nneɛma a Yehowa abɔ nyinaa ho anisɔ kɛse, enti ɔhyehyɛɛ dwom de yii no ayɛ. Sɛ wokenkan saa dwom no a, wokyerɛ anisɔ te sɛ odwontofo no? Ɔkaa sɛ: “Mɛto dwom ama Yehowa me nkwa nna nyinaa; meda so te aseɛ yi, mɛto dwom ama me Nyankopɔn.” (Dwom 104:33) Wo nso wopɛ sɛ woyɛ saa?

AYAMYE A ƐSEN BIARA

Yehowa pɛ sɛ yɛsuasua n’ayamye. Ɔma yɛhu nea enti a ɛsɛ sɛ yɛda ayamye adi. Ɔmaa ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Kasa kyerɛ wɔn a wɔyɛ adefoɔ wɔ wiase yi mu sɛ wɔnnnwene akokurokosɛm, nso wɔmmfa wɔn ani nnto ahonyadeɛ a ɛnni nnyinasoɔ so, na mmom wɔmfa nto Onyankopɔn a ɔma yɛn adeɛ nyinaa ma no bu soɔ ma yɛn ani gyeɛ no so; wɔnyɛ papa, wɔnyɛ adefoɔ nnwuma pa mu, wɔmmue wɔn nsam, na wɔnkyɛ adeɛ, na wɔnto fapem pa nsie yie mma daakye, na ama wɔatumi asɔ nkwa paa no mu dendeenden.”—1 Timoteo 6:17-19.

Bere a ɔsomafo Paulo kyerɛw ne krataa a ɛto so mmienu kɔmaa Korintofoɔ no, ɔkyerɛɛ adwene a ɛsɛ sɛ yɛnya bere a yɛreyɛ adɔe no. Ɔkaa sɛ: “Obiara nyɛ no sɛdeɛ wasusu no n’akomam, ɛnyɛ amemenemfe anaa ɔhyɛ so, ɛfiri sɛ Onyankopɔn dɔ deɛ ɔte n’anim ma.” (2 Korintofoɔ 9:7) Sɛ yɛn yam ye a, henanom na wɔnya so mfaso? Paulo kaa sɛ sɛ yɛma afoforo nya nea wɔhia a, na yɛreboa wɔn. Nanso yɛn nso yɛnya so mfaso efisɛ Yehowa bɛhyira yɛn.—2 Korintofoɔ 9:11-14.

Afei ɔsomafo Paulo twee adwene sii ayamye a ɛsen biara a Onyankopɔn ada no adi so. Ɔkaa sɛ: “Aseda nka Onyankopɔn wɔ n’akyɛdeɛ a ɛnni kabea no ho.” (2 Korintofoɔ 9:15) Nneɛma pa a Yehowa nam Yesu Kristo so de ma yɛn nyinaa ka “n’akyɛdeɛ a ɛnni kabea” no ho. Sɛ yɛreka akyɛde a ɛsom bo yi ho asɛm a, anka yɛn anom nsɛm bɛsa.

Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nea Yehowa ne Yesu ayɛ ama yɛn nyinaa, ne nea wɔbɛyɛ ama yɛn daakye? Ɔkwan baako a yɛbɛfa so akyerɛ anisɔ ne sɛ yɛbɛda ayamye adi. Wei hwehwɛ sɛ yɛde yɛn bere, yɛn ahoɔden, ne yɛn ahode som Yehowa na yɛboa afoforo ma wɔsua ne ho ade. Sɛ yɛwɔ bi oo, sɛ yɛnni bi oo, yɛbɛtumi ayɛ saa.—1 Berɛsosɛm 22:14; 29:3-5; Luka 21:1-4.

Ɔkwan A Ebinom Fa So Yi Ntoboa Boa Wiase Nyinaa Adwuma No

Sɛnea na ɛte wɔ ɔsomafo Paulo bere so no, ɛnnɛ nnipa pii yi sika bi ‘sie’ anaa wotwa sika bi to hɔ de gu ntoboa nnaka a wɔakyerɛw ho “Wiase Nyinaa Adwuma” no mu.—1 Korintofoɔ 16:2.

Ɔsram biara, asafo ahorow de sika yi kɔ Yehowa Adansefo dwumadibea a ɛhwɛ wɔn man dwumadi so. W’ankasa nso betumi de ntoboa no akɔ Watch Tower Bible and Tract Society of Ghana, Attention Accounts Department, P. O. Box GP 760, Accra, Ghana. Wopɛ nso a wubetumi de akɔ sikakorabea a edidi so yi: Watch Tower, Barclays Bank, Accra High Street Branch, Account number 048/2746365 anaa Watch Tower, Ghana Commercial Bank, Accra High Street Branch, Account number 1011130008990. Anaasɛ wubetumi de akɔ Yehowa Adansefo dwumadibea a ɛwɔ wo man mu.

Wubetumi de ntoboa a edidi so yi nso akɔ Yehowa Adansefo dwumadibea a ɛwɔ wo man mu.

NTOBOA

  • Sɛ obi pɛ sɛ ɔde check mena address a ɛwɔ atifi hɔ no a, ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ wontua mma “Watch Tower.”

  • Obi wɔ agude anaa agyapade a ɛsom bo bi a ɔpɛ sɛ ɔde ma a, obetumi ayɛ saa. Kyerɛw krataa ka ho fa kyerɛ sɛ wode nneɛma no akyɛ koraa.

NTOBOA A WƆDE MA KOSI BERE BI

  • Obi betumi de sika ama Watch Tower Bible and Tract Society of Ghana ma wɔde ayɛ wiase nyinaa adwuma no. Nanso sɛ ohia a, wɔbɛsan de ama no. Sɛ wopɛ eyi ho nsɛm pii a, wo ne “Accounts Department” nni nkitaho. Wubetumi de address a ɛwɔ ha no akyerɛw wɔn anaa wubetumi de tɛlɛfon nɔma (030) 2712456 afrɛ wɔn.

ADƆE HO NHYEHYƐE

Sika a wɔde yi ntoboa akyi no, akwan foforo wɔ hɔ a wubetumi afa so ayi ntoboa de aboa Ahenni adwuma a wɔyɛ wɔ wiase nyinaa no. Ebi na edidi so yi:

Nsiakyibaa (Insurance): Obi betumi ayɛ nhyehyɛe ma wɔatua ne nsiakyibaa sika ama Watch Tower Bible and Tract Society of Ghana.

Sika a Wɔde Sie wɔ Sikakorabea: Obi betumi ayɛ nhyehyɛe de ne sika a ɛwɔ sikakorabea, anaa ne pɛnhyen sika ama Watch Tower Bible and Tract Society of Ghana anaasɛ sɛ owu a wɔatua ama wɔn, sɛnea ne man mu sikakorabea nhyehyɛe te.

Adwuma Mu Kyɛfa ne Sika a Wɔde Bɔ Bosea: Ebia obi wɔ kyɛfa wɔ adwumam anaa ɔde sika abɔ bosea a wɔbɛsan atua ama no. Ɔpɛ a obetumi de eyinom nyinaa ama Watch Tower Bible and Tract Society of Ghana.

Adan ne Nsase: Sɛ obi wɔ adan anaa nsase a yɛtɔn a ɛyɛ yiye a, obetumi de ama Yehowa Adansefo adwumayɛbea sɛ akyɛde koraa. Anaasɛ obetumi ayɛ nhyehyɛe na sɛ owu a, wɔde fie a ɔte mu ama Yehowa Adansefo adwumayɛbea. Wo ne baa dwumadibea a ɛwɔ wo man mu nni nkitaho ansa na woayɛ nhyehyɛe a ɛte saa.

Krataa a Obi Yɛ De Kyɛ N’agyapade: Obi betumi ayɛ krataa de akyerɛ sɛ owu a wɔmfa n’agyapade anaa ne sika mma Watch Tower Bible and Tract Society of Ghana.

Sɛ obi pɛ sɛ oyi ntoboa a yɛaka ho asɛm yi bi a, ɛhwehwɛ sɛ ɔhyɛ da yɛ ho nhyehyɛe to hɔ.

Sɛ wopɛ sɛ wofa akwan a yɛakyerɛ yi so yi ntoboa anaa wode biribi kyɛ Yehowa Adansefo ma wɔde boa wiase nyinaa adwuma no a, wubetumi ne “Accounts Department” adi nkitaho. Address ne tɛlɛfon nɔma na ɛwɔ ase ha no.

ACCOUNTS DEPARTMENT

Watch Tower Bible and Tract Society of Ghana

P. O. Box GP 760

Accra

Tɛlɛfon: (030) 2712456

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena