-
Yesu Bɛyɛɛ Mesia NoSua Biribi Fi Bible Mu
-
-
ADESUA 74
Yesu Bɛyɛɛ Mesia No
Ná Yohane ka sɛ: ‘Obi a ɔkyɛn me reba.’ Bere a Yesu dii bɛyɛ mfe 30 no, ofii Galilea baa Asubɔnten Yordan ho. Ná Yohane rebɔ nkurɔfo asu wɔ hɔ. Yesu ka kyerɛɛ Yohane sɛ ɔmmɔ no asu. Nanso Yohane kaa sɛ: ‘Ɛnyɛ me na ɛsɛ sɛ mebɔ wo asu. Wo mmom na ɛsɛ sɛ wobɔ me asu.’ Yesu ka kyerɛɛ Yohane sɛ: ‘Yehowa pɛ sɛ wobɔ me asu.’ Enti wɔkɔɔ Asubɔnten Yordan mu, na Yohane de Yesu hyɛɛ nsu no mu ma ɛkataa ne so koraa.
Bere a Yesu fii nsu no mu no, ɔbɔɔ mpae. Saa bere no ara, ɔsoro buei. Onyankopɔn honhom sian baa Yesu so te sɛ aborɔnoma. Afei Yehowa kasa fii soro sɛ: “Woyɛ me Ba a medɔ wo; magye wo atom.”
Bere a Yehowa honhom baa Yesu so no, ɛmaa Yesu bɛyɛɛ Kristo, anaa Mesia no. Afei de, na ɔrebefi ase ayɛ adwuma a Yehowa somaa no sɛ ɔmmɛyɛ wɔ asaase so no.
Bere a Yesu bɔɔ asu wiei ara pɛ, ɔkɔɔ sare so kodii nna mmaako mmaako 40 wɔ hɔ. Ofii sare so bae no, ɔkɔɔ Yohane nkyɛn. Bere a Yesu reyɛ adu Yohane nkyɛn no, Yohane kaa sɛ: ‘Wei ne Onyankopɔn Guammaa a oyi wiase bɔne fi hɔ no.’ Asɛm a Yohane kae yi maa nkurɔfo huu sɛ Yesu ne Mesia no. Bere a Yesu kɔɔ sare so no, wunim nea esii wɔ hɔ? Ma yɛnhwɛ.
“Nne bi fi soro bae sɛ: ‘Woyɛ me Ba a medɔ wo; magye wo atom.’”—Marko 1:11
-
-
Ɔbonsam Sɔɔ Yesu HwɛeSua Biribi Fi Bible Mu
-
-
ADESUA 75
Ɔbonsam Sɔɔ Yesu Hwɛe
Bere a Yohane bɔɔ Yesu asu wiei no, honhom kronkron de no kɔɔ sare so. Yesu annidi nna mmaako mmaako 40. Enti na ɔkɔm de Yesu paa. Ɔbonsam baa Yesu nkyɛn bɛsɔɔ no hwɛe. Ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ: ‘Sɛ woyɛ Onyankopɔn Ba ampa a, ma abo yi nnan paanoo.’ Nanso, Yesu faa Kyerɛwnsɛm mu asɛm de buaa Ɔbonsam sɛ: ‘Wɔakyerɛw sɛ ɛnyɛ aduan nko ara na wonam so bɛtena ase. Ɛsɛ sɛ wutie asɛm biara a efi Yehowa hɔ.’
Afei Ɔbonsam ka kyerɛɛ Yesu sɛ: ‘Sɛ woyɛ Onyankopɔn Ba ampa a, huruw fi asɔredan no atifi. Na wɔakyerɛw sɛ Onyankopɔn bɛsoma abɔfo ama wɔabɛsɔ wo.’ Nanso, Yesu san de Kyerɛwnsɛm mu asɛm maa no mmuae sɛ: ‘Wɔakyerɛw sɛ ɛnsɛ sɛ wosɔ Yehowa hwɛ.’
Afei Satan de wiase ahenni nyinaa ne emu ahonyade ne emu anuonyam kyerɛɛ Yesu. Ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ: ‘Sɛ wobɔ wo mu ase som me baako pɛ mpo a, mede ahenni yi nyinaa ne emu anuonyam bɛma wo.’ Nanso Yesu buaa sɛ: ‘Fi me so kɔ, Satan! Wɔakyerɛw sɛ Yehowa nko ara na ɛsɛ sɛ wosom no.’
Afei Ɔbonsam fii hɔ kɔe. Abɔfo baa Yesu nkyɛn, na wɔmaa Yesu aduan dii. Efi saa bere no, Yesu kaa Ahenni no ho asɛmpa kyerɛɛ nkurɔfo. Ɛno ne adwuma a Yehowa somaa no sɛ ɔmmɛyɛ wɔ asaase so. Ná nkurɔfo ani gye Yesu nkyerɛkyerɛ ho paa. Enti baabiara a Yesu bɛkɔ no, na wɔdi n’akyi.
‘Sɛ [Ɔbonsam] ka atosɛm a, efi ɔno ara ne suban, efisɛ ɔyɛ ɔtorofo ne atoro agya.’—Yohane 8:44
-
-
Yesu Pamoo Nkurɔfo a Wɔregu Asɔrefie No Ho FĩSua Biribi Fi Bible Mu
-
-
ADESUA 76
Yesu Pamoo Nkurɔfo a Wɔregu Asɔrefie No Ho Fĩ
Yesu kɔɔ Yerusalem afe 30 Y.B. Saa bere no na ɛyɛ osutɔbere. Ná nnipa pii aba kurow no mu rebedi Twam Afahyɛ. Sɛ wɔredi afahyɛ no a, na wɔde mmoa bɔ afɔre wɔ asɔrefie hɔ. Sɛ ebinom reba asɔrefie hɔ a, na wɔde mmoa a wɔde bɛbɔ afɔre ba. Nanso ebinom de, na wɔtɔ mmoa no wɔ Yerusalem.
Bere a Yesu kɔɔ asɔrefie hɔ no, ohuu sɛ nkurɔfo retɔn mmoa wɔ hɔ. Yehowa asɔrefie na na wɔredi gua de apɛ sika! Dɛn na Yesu yɛe? Ɔde ahama yɛɛ abaa, ɛnna ɔde pamoo nguan ne anantwi no nyinaa fii asɔrefie hɔ. Opiapiaa wɔn a wɔsesa sika no apon guu fam, na ohwiee wɔn sika nso guu fam. Yesu ka kyerɛɛ wɔn a na wɔretɔn mmorɔnoma no sɛ: ‘Momfa saa nneɛma yi mfi ha nkɔ! Ɛnsɛ sɛ motɔn nneɛma wɔ me Papa fie!’
Nea Yesu yɛe no, ɛyɛɛ nkurɔfo a na wɔwɔ asɔrefie hɔ no nwanwa. N’asuafo no kaee nkɔmhyɛ bi a ɛfa Mesia no ho. Ɛka sɛ: ‘Yehowa fie ho mmɔdenbɔ bɛmene me.’
Akyiri yi, afe 33 Y.B. no, Yesu san pamoo nkurɔfo bi a na wɔregu asɔrefie no ho fĩ. Wamma kwan amma obiara anyɛ biribi a ebegu ne Papa fie ho fĩ.
“Morentumi nyɛ Onyankopɔn nkoa nsan nyɛ Ahonyade nkoa.”—Luka 16:13
-
-
Ɔbea Bi a Ɔwɔ Abura HoSua Biribi Fi Bible Mu
-
-
ADESUA 77
Ɔbea Bi a Ɔwɔ Abura Ho
Bere a Yesu ne n’asuafo no dii Twam Afahyɛ no wiei no, wɔkɔfaa Samaria sɛ wɔresan akɔ Galilea. Yesu gyee n’ahome wɔ baabi a yɛfrɛ hɔ Yakob abura. Ná ɛbɛn kurow bi a yɛfrɛ no Sikar. Bere a Yesu regye n’ahome wɔ hɔ no, n’asuafo no kɔɔ kurom sɛ wɔrekɔtɔ aduan.
Ɔbea bi baa abura no ho sɛ ɔrebɛsaw nsu. Yesu ka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: “Ma me bi nnom.” Ɔbea no ka kyerɛɛ Yesu sɛ: ‘Adɛn nti na wo ne me rekasa? Meyɛ Samariani bea. Yudafo ne Samariafo nkasa.’ Yesu ka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: ‘Sɛ wunim me a, anka wubebisa me nsu, na mama wo nkwa nsu.’ Ɔbea no bisaa Yesu sɛ: ‘Dɛn na worepɛ akyerɛ? Wunni ade a wɔde saw nsu mpo.’ Yesu kaa sɛ: ‘Obiara a ɔbɛnom nsu a mede bɛma no no, osukɔm renne no bio da.’ Ɛnna ɔbea no kaa sɛ: “Owura, ma me nsu yi bi.”
Afei Yesu ka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: ‘Kɔfrɛ wo kunu bra abura yi ho.’ Ɔbea no kaa sɛ: ‘Minni kunu.’ Yesu kaa sɛ: ‘Woaka nokware. Woaware mpɛn nnum. Seesei, ɔbarima a wo ne no te no, ɔnyɛ wo kunu.’ Ɔbea no kaa sɛ: ‘Mahu sɛ woyɛ odiyifo. Me kuromfo gye di sɛ yebetumi asom Onyankopɔn wɔ bepɔw yi so. Nanso Yudafo de, wɔka sɛ Yerusalem nko ara na yebetumi asom Onyankopɔn. Migye di sɛ, sɛ Mesia no ba a, ɔbɛkyerɛ yɛn ɔkwan a ɛsɛ sɛ yɛfa so som Onyankopɔn.’ Afei, Yesu kaa asɛm bi a na ɔnka nkyerɛɛ obiara da. Ɔkaa sɛ: ‘Mene Mesia no.’
Ɔbea no tuu mmirika kɔɔ ne kurom hɔ kɔka kyerɛɛ Samariafo no sɛ: ‘Ɛyɛ me sɛ mahu Mesia no. Onim me ho nsɛm nyinaa. Mommra mmɛhwɛ!’ Kurow no mufo dii ɔbea no akyi kɔɔ abura no ho kotiee Yesu nkyerɛkyerɛ.
Samariafo no ka kyerɛɛ Yesu sɛ ɔmmɛtena wɔn kurow no mu. Yesu de nna mmienu kyerɛkyerɛɛ wɔn, na nnipa pii gyee no dii. Kurow no mufo ka kyerɛɛ Samariani bea no sɛ: ‘Bere a yetiee ɔbarima yi asɛm no, yehuu sɛ ɔno ne wiase agyenkwa no ampa.’
“‘Bra!’ na ma nea osukɔm de no biara mmra; ma nea ɔpɛ biara mmegye nkwa nsu kwa.”—Adiyisɛm 22:17
-
-
Yesu Kaa Ahenni No Ho AsɛmSua Biribi Fi Bible Mu
-
-
ADESUA 78
Yesu Kaa Ahenni No Ho Asɛm
Yesu bɔɔ asu no, ankyɛ na ofii ase kyerɛkyerɛɛ sɛ: ‘Onyankopɔn Ahenni no abɛn.’ Yesu ne n’asuafo no tutuu akwan kɔɔ Galilea ne Yudea. Bere a ɔsan kɔɔ ne kurom Nasaret no, ɔkɔɔ hyiadan mu. Obuee Yesaia nhoma mmobɔwee no mu, na ɔkenkan no den sɛ: ‘Yehowa ama me honhom kronkron sɛnea ɛbɛyɛ a metumi aka asɛmpa no.’ Saa asɛm no kyerɛ sɛn? Ɛkyerɛ sɛ, ɛwom sɛ na nnipa pii pɛ sɛ Yesu yɛ anwanwade kyerɛ wɔn de, nanso nea enti paa a Onyankopɔn maa no honhom kronkron ne sɛ ɔde bɛka asɛmpa no. Enti ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔretie no no sɛ: ‘Ɛnnɛ na saa nkɔmhyɛ yi abam.’
Ɛno akyi no, Yesu kɔɔ Galilea Po no ho. Ɛhɔ na ohyiaa n’asuafo no mu nnan. Wɔn ne Petro, Andrea, Yakobo, ne Yohane. Ná wɔyi nam wɔ po mu. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Mommra me nkyɛn, na mɛma moayi nnipa.’ Ntɛm ara na wɔgyae nnam a wɔyi no, na wɔbedii Yesu akyi. Wɔkɔɔ Galilea baabiara kɔkaa Yehowa Ahenni no ho asɛm. Wɔkyerɛkyerɛɛ wɔ hyiadan mu, gua so, ne mmɔnten so. Nnipa bebree dii wɔn akyi ne wɔn kɔɔ baabiara a wɔkɔe. Yesu ho asɛm trɛw kɔɔ baabiara. Wɔn a wɔwɔ Siria nohoa mpo tee Yesu ho asɛm.
Akyiri yi, Yesu maa n’asuafo no bi tumi a wɔde bɛsa nkurɔfo yare, na wɔatu ahonhommɔne. Asuafo no bi nso ne Yesu kɔkyerɛkyerɛɛ wɔ nkurow akɛse mu ne nkuraase. Mmea anokwafo bi nso hwɛɛ Yesu ne n’asuafo no. Wɔn ne Maria Magdalene, Yoana, Susana, ne mmea foforo pii.
Yesu tetee n’asuafo no. Owiei no, ɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔka asɛm no. Bere a wɔreka asɛm no wɔ Galilea nsaase so nyinaa no, nnipa foforo nso bɛyɛɛ asuafo, na wɔbɔɔ asu. Ná nnipa bebree pɛ sɛ wɔbedi Yesu akyi, enti Yesu de wɔn totoo afuw bi a adu bere a ɛsɛ sɛ wɔtwa ho. Ɔkaa sɛ: ‘Mommɔ mpae na Yehowa nsoma adwumayɛfo bebree mmra mmetwa afuw no mu nneɛma.’ Akyiri yi, Yesu yii n’akyidifo no mu 70, na ɔsomaa wɔn mmienu mmienu ma wɔkɔkaa Ahenni no ho asɛm wɔ Yudea ne nkurow a ɛbɛn ho nyinaa. Wɔkaa Ahenni no ho asɛm kyerɛɛ nnipa ahorow nyinaa. Bere a asuafo no san baa Yesu nkyɛn no, na wɔpɛ ntɛm aka nea esii ho asɛm akyerɛ Yesu. Ɔbonsam antumi anyɛ biribiara ansiw asɛm a na wɔreka no kwan.
Yesu hwɛ huu sɛ, sɛ ɔkɔ soro a, n’asuafo no bɛtoa adwuma a ɛho hia yi so. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Monka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa. Monkyerɛkyerɛ nkurɔfo ma wɔnhu Onyankopɔn Asɛm, na mommɔ wɔn asu.’
“Ɛsɛ sɛ mekɔ nkurow foforo mu nso kɔka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no, efisɛ eyi nti na wɔsomaa me.”—Luka 4:43
-
-
Yesu Yɛɛ Anwanwade PiiSua Biribi Fi Bible Mu
-
-
ADESUA 79
Yesu Yɛɛ Anwanwade Pii
Yesu baa asaase so bɛkaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa. Yehowa maa Yesu honhom kronkron ma ɔde yɛɛ anwanwade pii de kyerɛɛ nea sɛ ɔbɛyɛ Ɔhene a, ɔbɛyɛ. Otumi saa yare biara. Baabiara a ɔkɔe no, ayarefo baa ne nkyɛn bɛpɛɛ ayaresa, na ɔsaa wɔn nyinaa yare. Wɔn a na wɔn ani afura no huu ade, na wɔn a wɔyɛ mum nso tee asɛm. Afei wɔn a wɔabubu agu fam tumi nantewee, na wɔn a ahonhommɔne rehaw wɔn nso, otu fii wɔn so. Sɛ obi sɔ n’ataade ano mpo a, na otumi nya ayaresa. Baabi a obedu biara na nkurɔfo tu di n’akyi. Bere a ɔpɛ sɛ ogye n’ahome mpo no, wampam obiara.
Da bi, nkurɔfo de ɔbarima bi a wabubu kɔɔ baabi a Yesu te. Nanso na nnipa ahyɛ fie hɔ mã, na na nkurɔfo no nnya kwan nkɔ mu. Enti wɔtuu tokuru wɔ dan no so, ɛnna wɔde ɔbarima no faa mu kɔɔ Yesu nkyɛn. Afei Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ: ‘Sɔre nantew.’ Bere a ɔsɔre nantewee no, ɛyɛɛ nkurɔfo no nwanwa.
Bere foforo nso, na Yesu rewura akuraa bi ase, na na mmarima du bi a kwata ayɛ wɔn gyina akyiri baabi. Wɔteɛɛm sɛ: ‘Yesu, boa yɛn!’ Saa bere no, na wɔmma kwan mma akwatafo mmɛn nkurɔfo. Yesu ka kyerɛɛ mmarima no sɛ wɔnkɔ asɔrefie hɔ sɛnea Yehowa Mmara no kyerɛ sɛ akwatafo nya ayaresa a, wɔnyɛ no. Wɔnam kwan so rekɔ no, wɔnyaa ayaresa. Bere a kwatani baako huu sɛ wanya ayaresa no, ɔsan n’akyi bɛdaa Yesu ase, na oyii Onyankopɔn ayɛ. Akwatafo du no, wei nko ara na ɔbɛdaa Yesu ase.
Ná ɔbea bi a wayare mfe 12 repɛ ayaresa denneennen. Ɔfaa Yesu akyi wɔ nnipadɔm mu, na osoo Yesu ataade ano. Ɛhɔ ara na onyaa ayaresa. Ɛbaa saa no, Yesu bisaa sɛ: ‘Hena na ɔde ne nsa kaa me?’ Ná ehu aka ɔbea no, nanso onyaa akokoduru baa Yesu anim bɛkaa nokware. Yesu kyekyee ne werɛ sɛ: ‘Ɔbabea, fa asomdwoe kɔ.’
Hyiadan mu panyin bi a ne din de Yairo kɔsrɛɛ Yesu sɛ: ‘Bra me fie! Me babea ketewa yare paa.’ Nanso bere a Yesu duu Yairo fie no, na abofra no awu. Yesu huu sɛ nnipa bebree abegu fie hɔ na wɔne abofra no abusuafo resu. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Munnyae su; abofra no ada kɛkɛ.’ Afei osoo abofra no nsa, na ɔkaa sɛ: ‘Abaayewa, sɔre!’ Ɛhɔ ara na ɔsɔre tenaa ase, na Yesu ka kyerɛɛ n’awofo sɛ wɔmma no biribi nni. Wo de, hwɛ sɛnea n’awofo bɛte nka!
“Onyankopɔn de honhom kronkron ne tumi sraa no, na okyinkyin asaase no so yɛɛ papa, na ɔsaa wɔn a Ɔbonsam ahyɛ wɔn so nyinaa yare, efisɛ na Onyankopɔn ka ne ho.”—Asomafo Nnwuma 10:38
-
-
Yesu Yii Asomafo DumienuSua Biribi Fi Bible Mu
-
-
ADESUA 80
Yesu Yii Asomafo Dumienu
Bere a Yesu kaa asɛm no bɛyɛ afe ne abosome nsia akyi no, na ɛsɛ sɛ osi gyinae bi a ɛho hia paa. Henanom na na obeyi wɔn ne wɔn ayɛ adwuma? Henanom na na ɔbɛtete wɔn ama wɔadi Kristofo asafo no anim? Ná Yesu hia Yehowa akwankyerɛ ansa na watumi asi gyinae yi. Enti Yesu nko ara kɔɔ bepɔw bi so kɔbɔɔ mpae anadwo mũ nyinaa. Ade kyee no, Yesu frɛɛ n’asuafo no bi, na oyii wɔn mu 12 ma wɔbɛyɛɛ n’asomafo. Wokae wɔn mu bi din? Wɔn din ne Petro, Andrea, Yakobo, Yohane, Filipo, Bartolomeo, Toma, Mateo, Alfeo ba Yakobo, Tadeo, Simon ne Yuda Iskariot.
Andrea, Petro, Filipo, Yakobo
Dumienu yi, na wɔne Yesu betutu akwan. Bere a ɔtetee wɔn wiei no, ɔsomaa wɔn ma wɔn nko ara kɔkaa asɛm no bi. Yehowa maa wɔn tumi a wɔde betu ahonhommɔne na wɔasa ayarefo yare.
Yohane, Mateo, Bartolomeo, Toma
Yesu frɛɛ Dumienu no sɛ ne nnamfo, na na ogye wɔn di. Ná Farisifo no bu asomafo no sɛ wɔnnim nhoma, na wɔyɛ nnipa a wɔba fam. Nanso Yesu tetee wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbetumi ayɛ wɔn adwuma no. Ná Yesu behia wɔn wɔ mmere titiriw bi mu. Ebi ne bere a ɔrebewu, ne ne wusɔre akyi. Ná Yesu fi Galilea, na ɛhɔ ara na na Dumienu no mu pii fi. Ná asomafo no bi yɛ awarefo.
Alfeo ba Yakobo, Yuda Iskariot, Tadeo, Simon
Ná asomafo no yɛ nnipa a bɔne wɔ wɔn ho. Ɛtɔ da a, na wɔtumi ka asɛm bi ansa na wɔadwen asɛm no ho. Ná wɔtumi sisi gyinae bɔne nso. Ɛtɔ da nso a, na wɔnto wɔn bo ase wɔ nneɛma ho. Wɔgyee nea ɔbɛyɛ wɔn mu kɛse ho akyinnye mpo. Nanso na wɔyɛ nnipa pa a wɔdɔ Yehowa. Wɔn na na wɔbɛhyɛ Kristofo asafo no ase bere a Yesu afi asaase so no.
“Mefrɛ mo nnamfo, efisɛ nea mate afi m’Agya hɔ nyinaa, mama moahu.”—Yohane 15:15
-
-
Yesu Kɔɔ Asɛnka Wɔ Bepɔw SoSua Biribi Fi Bible Mu
-
-
ADESUA 81
Yesu Kɔɔ Asɛnka Wɔ Bepɔw So
Bere a Yesu paw asomafo 12 no wiei no, osi fii bepɔw no so baa baabi a nnipa bebree ahyia. Ná nkurɔfo no fi Galilea, Yudea, Tiro, Sidon, Siria ne nkurow foforo a ɛbɛn Yordan no. Wɔde ayarefo ne wɔn a ahonhommɔne haw wɔn bae. Yesu saa wɔn nyinaa yare. Afei, ɔtenaa bepɔw no nkyɛn baabi ne wɔn kasae. Ɔkaa sɛ, sɛ yɛpɛ sɛ yɛfa Onyankopɔn adamfo a, biribi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Ɛsɛ sɛ yehu sɛ yehia Yehowa wɔ yɛn abrabɔ mu, na yɛdɔ no. Nanso sɛ yɛannɔ nnipa a, yɛrentumi nnɔ Onyankopɔn. Ɛsɛ sɛ yɛda ayamye adi kyerɛ obiara na yɛpɛ obiara asɛm, wɔn a wɔmpɛ yɛn asɛm mpo ka ho.
Yesu kaa sɛ: ‘Ɛnyɛ wo nnamfo nko ara na ɛsɛ sɛ wodɔ wɔn. Ɛsɛ sɛ wodɔ wɔn a wɔmpɛ w’asɛm nso, na wufi wo komam de nkurɔfo bɔne kyɛ wɔn. Sɛ obi bo fuw wo a, ɛsɛ sɛ wokɔ ne nkyɛn ntɛm ara kɔpa no kyɛw. Nea wopɛ sɛ nkurɔfo yɛ ma wo no, wo nso yɛ saa ara ma wɔn.’
Yesu san tuu nkurɔfo no fo wɔ honam fam nneɛma ho. Ɔkaa sɛ: ‘Sɛ Yɛfa Yehowa adamfo a, mfaso wɔ so sen sɛ yebenya sika pii. Ɔkorɔmfo betumi awia wo sika. Nanso sɛ wofa Yehowa adamfo a, obiara rentumi nwia anaa ɔnsɛe saa adamfofa no. Nnwen aduan a wubedi, nea wobɛnom, ne ataade a wobɛhyɛ ho. Hwɛ nnomaa. Bere nyinaa Onyankopɔn ma wɔnya aduan pii di mee. Adwennwen remfa da koro mpo nka wo mfe ho. Kae sɛ Yehowa nim nea wuhia.’
Ná nnipadɔm no ntee nkyerɛkyerɛ a ɛte sɛ Yesu de no da. Ná wɔn asɔfo no nkyerɛkyerɛɛ wɔn saa da. Adɛn nti na na Yesu yɛ ɔkyerɛkyerɛfo pa saa? Efisɛ nea ɔkyerɛkyerɛe no, na ne nyinaa fi Yehowa hɔ.
“Momfa me kɔndua nto mo ho so na munsua me, efisɛ midwo, na mebrɛ me ho ase koma mu, na mubenya ɔhome.”—Mateo 11:29
-
-
Yesu Kyerɛɛ N’asuafo Sɛnea Yɛbɔ MpaeSua Biribi Fi Bible Mu
-
-
ADESUA 82
Yesu Kyerɛɛ N’asuafo Sɛnea Yɛbɔ Mpae
Biribiara a Farisifo no yɛe no, na wɔpɛ sɛ nkurɔfo hu na wɔkamfo wɔn. Sɛ wɔyɛ obi papa a, na wɔpɛ sɛ obiara hu. Sɛ wɔrebɔ mpae a, na wɔgyina baabi a obiara behu wɔn. Ná Farisifo no kyere mpaebɔ atenten gu wɔn tirim. Ná wɔbɔ mpae koro no ara, na na wɔbɔ wɔ asɔrefie ne mmɔnten so ma nkurɔfo te. Enti Yesu kaa asɛm bi ma ɛyɛɛ nkurɔfo no nwanwa. Ɔkaa sɛ: ‘Mommmɔ mpae te sɛ Farisifo no. Ɛyɛ wɔn sɛ wɔn mpaebɔ tenten nti Onyankopɔn betie wɔn, nanso ontie wɔn. Mpaebɔ yɛ wo ne Yehowa ntam asɛm. Enti nka asɛm koro no ara mpɛn pii. Yehowa pɛ sɛ woka nea ɛwɔ wo koma mu ankasa kyerɛ no.’
Yesu kaa sɛ yɛmmɔ mpae sɛ: “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew. W’Ahenni mmra. W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asaase so te sɛ ɔsoro.” Yesu san ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmɔ mpae nhwehwɛ aduan a wɔbedi no da no mu, wɔnsrɛ bɔnefakyɛ, ne biribi foforo biara a wɔhia.
Yesu kaa sɛ: ‘Nnyae mpaebɔ da. Kɔ so bisa nneɛma pa fi w’Agya Yehowa hɔ. Ɔwofo biara pɛ sɛ ɔde nneɛma pa ma ne ba. Sɛ wo ba bisa wo paanoo a, wobɛma no ɔbo? Sɛ obisa wo nam a, wobɛma no ɔwɔ?’
Afei Yesu kyerɛkyerɛɛ asɛm no mu sɛ: ‘Sɛ wunim sɛnea wode nneɛma pa bɛma wo mma a, Yehowa a ɔyɛ w’Agya no, ɔremfa honhom kronkron mma wo anaa? Enti nea ehia ara ne sɛ wubebisa.’ Wode Yesu afotu no yɛ adwuma anaa? Nneɛma bɛn na wobɔ ho mpae?
“Monkɔ so mmisa, na wɔde bɛma mo; monkɔ so nhwehwɛ, na mubehu; monkɔ so mmom, na wobebue mo.”—Mateo 7:7
-
-
Yesu Maa Nnipa Mpempem Aduan DiiSua Biribi Fi Bible Mu
-
-
ADESUA 83
Yesu Maa Nnipa Mpempem Aduan Dii
Bere a na aka bere tiaa bi ama wɔadi Twam Afahyɛ wɔ afe 32 Y.B. no, asomafo no kɔɔ asɛnka, na wɔbae no, na wɔabrɛ. Enti Yesu de wɔn faa ɔkorow kɔɔ Betsaida sɛ wɔnkogye wɔn ahome. Nanso bere a wɔduu mpoano hɔ no, Yesu hui sɛ na nnipa mpempem adi wɔn anim akodu hɔ dedaw. Ɛwom sɛ na Yesu pɛ sɛ ɛka ɔne asomafo no nko ara de, nanso ofi ɔdɔ mu gyee nnipadɔm no kama. Ɔsaa wɔn a wɔyare no yare, na ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn. Da mũ no nyinaa, Yesu kyerɛkyerɛɛ wɔn Onyankopɔn Ahenni ho ade. Ade sae no, asomafo no baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ: ‘Ɛbɛyɛ sɛ ɔkɔm de nkurɔfo no. Enti ma wɔnkɔ na wɔnkɔpɛ biribi nni.’
Yesu kaa sɛ: ‘Ɛnsɛ sɛ wɔkɔ. Momma wɔn biribi nni.’ Asomafo no bisae sɛ: ‘Wopɛ sɛ yɛkɔtɔ aduan brɛ wɔn anaa?’ Asomafo no mu baako a wɔfrɛ no Filipo kaa sɛ: ‘Yenni sika a yɛde bɛtɔ aduan a ɛbɛso nnipadɔm no nyinaa.’
Yesu bisaa sɛ: ‘Aduan dodow sɛn na yɛwɔ?’ Andrea kaa sɛ: ‘Yɛwɔ paanoo nnum ne ɛnam nketewa mmienu. Nanso ɛrenso wɔn.’ Yesu kaa sɛ: ‘Fa paanoo ne nam no brɛ me.’ Ɔka kyerɛɛ nnipadɔm no sɛ wɔmmoaboa wɔn ho ano, ebinom 50, ebinom nso 100, na wɔntena ase. Yesu faa paanoo ne nam no, na ɔhwɛɛ soro bɔɔ mpae. Afei ɔde aduan no maa asomafo no, na wɔn nso kyekyɛ maa nnipa no. Mmarima 5,000 ne mmea ne mmofra no nyinaa didi mee. Wɔwiei no, asomafo no sesaw nea ɛkae wɔ ase no, sɛnea ɛbɛyɛ a biribiara rensɛe kwa. Wɔnyaa nkɛntɛn 12 a ne nyinaa ayɛ mã! Wunhu sɛ ɛyɛ anwanwasɛm?
Nnipa no ani gyee paa, enti na wɔpɛ sɛ wɔde Yesu yɛ wɔn hene. Nanso na Yesu nim sɛ Yehowa bere nsoe sɛ ɔbɛma wayɛ ɔhene. Enti ɔmaa nnipadɔm no kɔe, na ɔka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ wɔnkɔ Galilea Po no akyi. Wɔkɔtenaa wɔn korow no mu, ɛnna Yesu nko ara nso kɔɔ bepɔw bi so. Adɛn ntia? Efisɛ na ɔpɛ sɛ onya bere bɔ ne Papa mpae. Ɛwom sɛ na Yesu nni adagyew de, nanso na ɔbɔ mpae bere nyinaa.
“Monnyɛ aduan a ɛsɛe ho adwuma. Mmom aduan a ɛnsɛe a ɛma daa nkwa a onipa Ba no de bɛma mo no, ɛno na monyɛ ho adwuma.”—Yohane 6:27
-
-
Yesu Nantew Nsu SoSua Biribi Fi Bible Mu
-
-
ADESUA 84
Yesu Nantew Nsu So
Ná ɛnyɛ yare nko ara na Yesu tumi sa anaa awufo nko ara na otumi nyan wɔn. Mframa ne nsu nso, na ɔwɔ so tumi. Da bi, ɔkɔɔ bepɔw bi so kɔbɔɔ mpae. Owiei no, ohui sɛ mframa kɛse bi rebɔ wɔ Galilea Po no so. Ná n’asomafo no wɔ wɔn korow mu rebɔ mmɔden sɛ wɔde ɔkorow no bɛfa mframa kɛse no mu. Yesu si fii bepɔw no so, na ofii ase nantew nsu no so sɛ ɔrekɔ baabi a ɔkorow no wɔ no. Bere a asomafo no hui sɛ obi nam nsu no so no, ehu kaa wɔn. Nanso Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Ɛyɛ me. Munnsuro.’
Petro kaa sɛ: ‘Awurade sɛ ɛyɛ wo ampa a, ma me mmra baabi a wowɔ no.’ Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ: ‘Bra.’ Enti Petro si faa mframa kɛse no mu, na ɔnantew nsu no so sɛ ɔrekɔ Yesu nkyɛn. Ɔreyɛ abɛn Yesu no, ɔhwɛɛ sɛnea mframa no rebɔ no na ehu kaa no. Enti ofii ase sɛ ɔremem. Ɛnna Petro teɛɛm sɛ: ‘Awurade gye me!’ Yesu soo ne nsa kaa sɛ: ‘Adɛn nti na w’adwene yɛɛ wo mmienu mmienu? Wunni gyidi anaa?’
Yesu ne Petro foro kɔtenaa ɔkorow no mu, na ɛhɔ ara mframa no gyaee. Wohwɛ a, asomafo no bɛte nka sɛn? Wɔkaa sɛ: “Woyɛ Onyankopɔn Ba ampa.”
Ɛnyɛ saa bere yi nko ara na Yesu maa mframa gyaee bɔ. Da bi, Yesu ne n’asomafo no de ɔkorow twa kɔɔ po no agya baabi. Wɔrekɔ no, Yesu kɔdaa ɔkorow no akyi, na ɔfaa mu dae. Mframa kɛse bi bɔe wɔ po no so, na asorɔkye bɔe ara ma nsu pii baa ɔkorow no mu. Ɛnna asomafo no nyanee Yesu, na wɔteɛteɛɛm sɛ: ‘Ɔkyerɛkyerɛfo yɛawu awie! Gye yɛn!’ Ɛhɔ ara na Yesu sɔree, na ɔka kyerɛɛ ɛpo no sɛ: “Yɛ dinn!” Ntɛm ara na mframa ne po no nyinaa yɛɛ dinn. Yesu bisaa asomafo no sɛ: ‘Munni gyidi anaa?’ Asomafo no keka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Mframa ne ɛpo mpo tie no.” Asomafo no behuu sɛ, sɛ wɔgye Yesu di paa a, ɛnde ɛnsɛ sɛ wɔsuro biribiara.
“Sɛ mannya gyidi sɛ mehu Yehowa papayɛ wɔ ateasefo asaase so a, anka mewɔ he?”—Dwom 27:13
-
-
Yesu Saa Yare HomedaSua Biribi Fi Bible Mu
-
-
ADESUA 85
Yesu Saa Yare Homeda
Ná Farisifo no mpɛ Yesu asɛm koraa, enti na wɔrepɛ ɔkwan bi a wɔbɛfa so akyere no. Wɔka kyerɛɛ no sɛ mma ɔnsa obiara yare Homeda. Homeda bi, Yesu huu aberante bi a n’ani afura sɛ ɔresrɛsrɛ ade wɔ abɔnten. Ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: ‘Monhwɛ sɛnea Onyankopɔn nam ne tumi so bɛboa aberante yi.’ Yesu tee ntasu guu fam de fraa dɔte na ɔde sraa aberante no ani so. Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Kɔhohoro wɔ ɔtare Siloam mu.’ Efi bere a wɔwoo aberante no, na onhuu ade da, nanso ɔkɔyɛɛ nea Yesu kae no, enti ohuu ade.
Ɛyɛɛ nkurɔfo nwanwa. Wɔkekaa sɛ: ‘Ɛnyɛ aberante a na ɔte ha srɛsrɛ ade no ni? Anaa ɔsɛ no kɛkɛ?’ Ɛnna aberante no kaa sɛ: ‘Me na yɛwoo me no na m’ani afura no!’ Ɛnna nkurɔfo no bisaa no sɛ: ‘Ɛyɛɛ dɛn na wuhu ade yi?’ Bere a ɔkaa nea ɛyɛe a ohu ade no, wɔde no kɔmaa Farisifo no.
Aberante no ka kyerɛɛ Farisifo no sɛ: ‘Yesu de dɔte srasraa m’ani so, na ɔka kyerɛɛ me sɛ menkɔhohoro. Mekɔhohoroe, na afei mihu ade.’ Ɛnna Farisifo no kaa sɛ: ‘Sɛ Yesu sa yare Homeda a, ɛnde ne tumi no mfi Onyankopɔn.’ Afoforo nso kaa sɛ: ‘Sɛ ne tumi no mfi Onyankopɔn a anka ɔrentumi nsa yare koraa.’
Farisifo no kɔfrɛɛ aberante no awofo bae, na wɔbisaa wɔn sɛ: ‘Ɛyɛɛ dɛn na afei de mo ba yi hu ade?’ Ná n’awofo no suro sɛ wɔbɛka nokware, efisɛ na Farisifo no aka sɛ obiara a obegye Yesu adi no, wɔbɛpam no afi asɔrefie hɔ. Enti awofo no kaa sɛ: ‘Yennim nea ɛyɛe a ohu ade. Mummisa ɔno ara.’ Farisifo no bisabisaa aberante no nsɛm bebree. Afei ɔkaa sɛ: ‘Maka nea minim nyinaa akyerɛ mo dedaw. Adɛn na mugu so rebisabisa me nsɛm?’ Ɛnna Farisifo no bo fuwii, na wɔpam no fii hɔ.
Yesu kɔhwehwɛɛ aberante no, na bere a ohuu no no, obisaa no sɛ: ‘Wugye Mesia no di?’ Aberante no kaa sɛ: ‘Sɛ mihu no a, megye no adi.’ Ɛnna Yesu kaa sɛ: ‘Mene Mesia no.’ Wunhu sɛ Yesu yɛɛ ade paa? Ɔsaa aberante no yare, na ɔsan boaa no ma onyaa gyidi.
“Moredi mfomso, efisɛ munnim Kyerɛwnsɛm no anaa Onyankopɔn tumi.”—Mateo 22:29
-
-
Yesu nyanee LasaroSua Biribi Fi Bible Mu
-
-
ADESUA 86
Yesu Nyanee Lasaro
Ná Yesu wɔ nnamfo mmiɛnsa bi. Ná wɔte Betania na na ɔpɛ wɔn asɛm paa. Wɔn ne Lasaro ne ne nuabeanom Maria ne Marta. Da bi, na Yesu wɔ Yordan akyi baabi. Maria ne Marta soma ma wɔkɔkaa asɛm bi a ɛho hia paa kyerɛɛ no sɛ: ‘Lasaro yare paa. Enti yɛsrɛ wo yɛ ntɛm bra!’ Nanso Yesu ankɔ da no ara. Ɔtwɛn nna mmienu, ɛnna ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: ‘Momma yɛnkɔ Betania. Lasaro ada, enti merekonyan no.’ Asomafo no kaa sɛ: ‘Sɛ wada de a, ɛnde sɛ ɛbɛma ne ho atɔ no.’ Enti Yesu ka kyerɛɛ wɔn pen sɛ: ‘Lasaro awu.’
Bere a Yesu duu Betania no, na wɔasie Lasaro ama adi nnannan. Ná nnipa bebree aba hɔ rebɛkyekye Marta ne Maria werɛ. Bere a Marta tee sɛ Yesu aba no, otuu mmirika kɔɔ ne nkyɛn. Ɔkaa sɛ: “Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nua no anwu.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Wo nua no benyan. Marta, wugye wei di anaa?’ Marta nso kaa sɛ: ‘Minim sɛ ɔbɛsɔre wɔ owusɔre no mu.’ Yesu nso ka kyerɛɛ no sɛ: “Mene owusɔre ne nkwa.”
Afei Marta kɔka kyerɛɛ Maria sɛ: ‘Yesu aba.’ Ɛnna Maria tuu mmirika kɔɔ Yesu nkyɛn, na nnipadɔm no nso dii n’akyi. Oduu hɔ no, obutuw Yesu nan ase sui. Ɛnna ɔkaa sɛ: ‘Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka yɛn nua no anwu!’ Yesu huu sɛnea Maria redi awerɛhow no, ɔno nso fii ase sui. Bere a nnipadɔm no huu sɛ Yesu resu no, wɔkaa sɛ: ‘Ei, ɔpɛ Lasaro asɛm paa oo.’ Nanso ebinom kaa sɛ: ‘Adɛn nti na ɔhwɛ maa n’adamfo no wui?’ Dɛn na na Yesu bɛyɛ?
Yesu kɔɔ baabi a wɔsiee no no. Ná wɔde ɔbo kɛse bi ato ɔda no ano. Yesu kaa sɛ: “Munyi ɔbo no.” Ɛnna Marta kaa sɛ: ‘Seesei de, ɛbɔn, efisɛ adi nnanan!’ Nanso wɔyii ɔbo no, na Yesu bɔɔ mpae sɛ: ‘Agya, meda wo ase sɛ woatie me. Minim sɛ wutie me daa; nanso nnipadɔm a wɔgyinagyina ha no nti na merekasa den na ama wɔagye adi sɛ wo na wosomaa me.’ Afei ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: “Lasaro, pue bra!” Anwanwasɛm bi sii: Wɔnkɔhwɛ a, Lasaro na wapue afi ɔda no mu reba yi! Ná ntama kyekyere ne ho nyinaa. Yesu kaa sɛ: “Monsan no na momma ɔnkɔ.”
Wɔn a wɔhui no pii gyee Yesu dii. Ebinom de, wɔkɔka kyerɛɛ Farisifo no. Efi saa da no, Farisifo no yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbekum Lasaro ne Yesu. Asomafo 12 no mu baako a wɔfrɛ no Yuda Iskariot wiaa ne ho kɔɔ Farisifo no nkyɛn kobisaa wɔn sɛ: ‘Sɛ miyi Yesu ma mo a, sika sɛn na mode bɛma me?’ Farisifo no kaa sɛ wɔbɛma no dwetɛ sika 30. Efi saa da no, Yuda fii ase hwehwɛɛ ɔkwan a ɔbɛfa so ayi Yesu ama Farisifo no.
“Nokware Nyankopɔn no ne yɛn nkwagye Nyankopɔn; Awurade Tumfo Yehowa na ogye onipa fi owu mu.”—Dwom 68:20
-
-
Yesu Anwummeduan a Etwa ToSua Biribi Fi Bible Mu
-
-
ADESUA 87
Yesu Anwummeduan a Etwa To
Afe biara, na Yudafo di Twam Afahyɛ no Nisan da a ɛtɔ so 14. Bere bi, na wɔyɛ nkoa wɔ Egypt asaase so, nanso Yehowa gyee wɔn de wɔn kɔɔ Bɔhyɛ Asaase no so. Enti sɛ wɔdi afahyɛ no a, na ɛkae wɔn saa asɛm no. Afe 33 Y.B. no, Yesu ne n’asomafo no nso dii Twam Afahyɛ no wɔ abansoro bi mu wɔ Yerusalem. Wɔdidi wiei no, Yesu kaa sɛ: ‘Mo mu baako beyi me ama.’ Asɛm no yɛɛ asomafo no nwanwa paa, enti wɔbisaa Yesu sɛ: ‘Hena na ɔbɛyɛ saa?’ Yesu kaa sɛ: ‘Nea mede paanoo yi bɛma no no.’ Ɛnna ɔde paanoo sin no maa Yuda Iskariot. Yuda gyei ara pɛ na ofii dan no mu kɔe.
Afei Yesu bɔɔ mpae, na obubuu paanoo mu de maa asomafo a aka no. Ɛnna ɔkaa sɛ: ‘Munni paanoo yi. Eyi gyina hɔ ma me nipadua a mo nti mede bɛma.’ Ɛno akyi no ɔbɔɔ mpae guu bobesa so na ɔde maa asomafo no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Monnom bobesa yi. Eyi gyina hɔ ma me mogya a merebehwie agu na ama wɔatumi de nnipa bɔne akyɛ wɔn. Mehyɛ bɔ sɛ, mo ne me bedi hene wɔ soro. Afe biara munni afahyɛ yi mfa nkae me.’ Afe biara, edu saa anwummere no a, Yesu akyidifo hyia di afahyɛ no. Ɛnnɛ wɔfrɛ saa nhyiam no Awurade Anwummeduan.
Wɔdidi wiei no, asomafo no gyee nea ne ho hia paa ho akyinnye. Nanso Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Nea ne ho hia paa wɔ mo mu ne onipa a obu ne ho sɛ ɔyɛ ketewa na ne so nni mfaso.
‘Moyɛ me nnamfo. Asɛm biara a m’Agya pɛ sɛ meka kyerɛ mo no, maka akyerɛ mo. Ɛrenkyɛ mɛkɔ m’Agya nkyɛn wɔ soro. Ɛbɛka mo wɔ asaase so. Sɛ mododɔ mo ho a, nkurɔfo behu sɛ moyɛ m’akyidifo. Enti monnodɔ mo ho sɛnea medɔɔ mo no.’
Afei Yesu bɔɔ mpae, na ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ɔmmɔ n’akyidifo nyinaa ho ban. Ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa n’akyidifo na wɔmmom mfa asomdwoe nyɛ biribiara. Ɔbɔɔ mpae sɛ Yehowa din ho ntew. Ɛno akyi no, Yesu ne n’akyidifo no too dwom de yii Yehowa ayɛ, na wɔpuei. Ná bere a wɔbɛkyere Yesu no abɛn.
“Nguankuw ketewa, munnsuro, efisɛ mo Agya no apene so sɛ ɔde Ahenni no bɛma mo.”—Luka 12:32
-
-
Wɔkyeree YesuSua Biribi Fi Bible Mu
-
-
ADESUA 88
Wɔkyeree Yesu
Yesu ne n’asomafo no kɔfaa Kidron Bon no mu kɔɔ Ngodua Bepɔw no so. Ná ɛyɛ anadwo dasum, na na bosome apae. Bere a wɔduu Getsemane turom hɔ no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Montena ha na monwɛn.’ Afei Yesu kɔɔ n’anim kakra wɔ turom hɔ kobuu nkotodwe. Ná ne ho yeraw no paa, enti ɔbɔɔ Yehowa mpae sɛ: “Ma wo pɛ nyɛ hɔ.” Ɛnna Yehowa somaa ɔbɔfo bi bɛhyɛɛ Yesu den. Bere a Yesu san kɔɔ faako a asomafo no wɔ no, ɔkɔtoe sɛ wɔn mu mmiɛnsa adeda. Ɔkaa sɛ: ‘Monsɔre! Ɛnyɛ saa bere yi na ɛsɛ sɛ moda! Bere aso sɛ wɔyi me hyɛ m’atamfo nsa.’
Ankyɛ na Yuda dii nnipadɔm bi a wɔkurakura sekan ne nkontimmaa, anaa nnua anim baa turom hɔ. Ná onim sɛ ɛnyɛ dɛn ara a, Yesu bɛwɔ turom hɔ efisɛ na wɔtaa kɔ hɔ. Ná Yuda adi kan akyerɛ asogyafo no sɛnea obeyi Yesu ama wɔn. Enti wɔduu hɔ no, Yuda kɔɔ Yesu nkyɛn tẽẽ, na ɔkaa sɛ: ‘Ɔkyerɛkyerɛfo mikyia wo oo.’ Afei ɔfew Yesu ano. Yesu kaa sɛ: ‘Yuda, wode mfewano na ɛreyi me ama?’
Yesu begyinaa nnipadɔm no anim bisaa wɔn sɛ: “Hena na morehwehwɛ no?” Nkurɔfo no kaa sɛ: ‘Yɛrehwehwɛ Nasareni Yesu.’ Ɛnna Yesu kaa sɛ: ‘Mini.’ Ɛhɔ ara na nkurɔfo no pimpinii wɔn akyi kɔhwehwee fam. Yesu san bisaa wɔn sɛ: “Hena na morehwehwɛ no?” Nkurɔfo no san kaa sɛ: ‘Yɛrehwehwɛ Nasaretni Yesu.’ Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Maka akyerɛ mo sɛ, mini. Momma m’asuafo no nkɔ.’
Bere a Petro huu nea ɛrekɔ so no, ɔtwee ne sekan de twaa ɔsɔfo panyin no akoa bi a wɔfrɛ no Malko aso fii hɔ. Nanso Yesu de ne nsa kaa aberante no aso maa ne ho tɔɔ no. Afei ɔdan n’ani ka kyerɛɛ Petro sɛ: ‘Fa sekan no hyɛ baabi. Wode sekan ko a, wubewu wɔ sekan ano.’ Afei asogyafo no kyeree Yesu na wɔkyekyeree ne nsa. Ɛbaa saa no, asomafo no guanee. Nkurɔfo no de Yesu kɔmaa ɔsɔfo panyin Anas. Anas bisabisaa Yesu anom asɛm, ɛnna ɔde no kɔɔ Ɔsɔfo Panyin Kaiafa fie. Asomafo no nso ɛ? Dɛn na ɛtoo wɔn?
“Mubehu amane wɔ wiase de, nanso munnya akokoduru! Madi wiase so nkonim.”—Yohane 16:33
-
-
Petro Kaa Sɛ Onnim YesuSua Biribi Fi Bible Mu
-
-
ADESUA 89
Petro Kaa Sɛ Onnim Yesu
Bere a Yesu ne n’asomafo no wɔ abansoro dan no mu no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Mo nyinaa mubegyaw me hɔ anadwo yi.’ Petro kaa sɛ: ‘Ɛnde ɛnyɛ me! Sɛ wɔn nyinaa begyaw wo hɔ mpo a, me de, merennyaw wo hɔ da.’ Nanso Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ: ‘Ansa na akokɔ bɛbɔn no, na woaka no mprɛnsa sɛ wunnim me.’
Bere a asogyafo no kyeree Yesu de no kɔɔ Kaiafa fie no, asomafo no mu dodow no ara guanee. Nanso wɔn mu mmienu dii nnipadɔm no akyi. Baako ne Petro. Ɔkɔɔ Kaiafa fie no mu, na ɔkɔtenaa ogya ho sɛnea ɛbɛyɛ a awɔw renne no. Hann no maa abaawa bi huu Petro anim. Abaawa no kaa sɛ: ‘Minim wo! Ná woka Yesu ho!’
Petro kaa sɛ: ‘Daabi, menka ne ho! Minnim nea woreka no ho hwee!’ Petro siim de n’ani kyerɛɛ ofie no pon ano. Nanso ɛhɔ ara na abaawa foforo bi huu no, na ɔka kyerɛɛ nnipadɔm no sɛ: ‘Ná ɔbarima yi nso ka Yesu ho!’ Petro kaa sɛ: ‘Minnim Yesu mpo!’ Ɔbarima bi kaa sɛ: ‘Woka wɔn ho! Sɛnea wokasa koraa ma mihu sɛ woyɛ Galileani te sɛ Yesu.’ Nanso Petro kaa ntam sɛ: ‘Minnim no!’
Ɛhɔ ara na akokɔ bɔnee. Petro huu sɛ Yesu adan ne ho ahwɛ n’anim. Ɔkaee Yesu asɛm no, na ɔkɔɔ abɔnten kosui paa.
Saa bere no ara nso, na Sanhedrin no asi gyinae sɛ wɔbedi Yesu asɛm wɔ Kaiafa fie no mu. Ná wɔayɛ wɔn adwene sɛ wɔbekum Yesu, enti na wɔrepɛ biribi agyina so akum no. Nanso wɔannya ne ho asɛm biara. Akyiri yi, Kaiafa ankasa bisaa Yesu sɛ: ‘Woyɛ Onyankopɔn Ba anaa?’ Yesu kaa sɛ: ‘Aane.’ Kaiafa kaa sɛ: ‘Yenhia adanse biara bio. Wakasa atia Onyankopɔn!’ Wɔn a wɔredi n’asɛm no gye toom, na wɔkaa sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ ɔbarima yi wu.’ Wɔbobɔɔ Yesu asom tetee ntasu guu ne ho. Afei wɔkataa n’ani, wɔbobɔɔ no, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Sɛ woyɛ odiyifo a, kyerɛ yɛn nea ɔbɔɔ wo!’
Ade kyee no, wɔde Yesu kɔɔ Sanhedrin asa no so, na wɔbisaa no bio sɛ: ‘Woyɛ Onyankopɔn Ba anaa?’ Yesu buaa sɛ: ‘Mo na moreka.’ Afei wɔbuu no fɔ sɛ wakasa atia Onyankopɔn, na wɔde no kɔɔ Roma amrado Pontio Pilato ahemfie. Akyiri yi, dɛn na esii? Ma yɛnhwɛ.
“Bere bi reba, na . . . adu mpo, sɛ mobɛhwete ama obiara akɔ ne fi na moagyaw me nko ara. Nanso ɛnkaa me nko ara, efisɛ Agya no ka me ho.”—Yohane 16:32
-
-
Yesu Wuu Wɔ GolgotaSua Biribi Fi Bible Mu
-
-
ADESUA 90
Yesu Wuu Wɔ Golgota
Asɔfo mpanyimfo no de Yesu kɔɔ amrado no ahemfie. Pilato bisaa wɔn sɛ: ‘Asɛm bɛn na mowɔ tia ɔbarima yi?’ Wɔkaa sɛ: ‘Ɔse ɔyɛ ɔhene!’ Ɛnna Pilato bisaa Yesu sɛ: “Wone Yudafo Hene no anaa?” Yesu buaa sɛ: “M’Ahenni mfi wiase.”
Afei Pilato de Yesu kɔmaa Galilea kannifo Herode sɛ ɔnhwɛ sɛ ebia obenya asɛm bi atia Yesu anaa. Nanso Herode anhu mfomso biara wɔ Yesu ho, na ɔsan de no kɔmaa Pilato. Afei Pilato ka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ: ‘Me oo, Herode oo, obiara annya asɛm biara antia ɔbarima yi. Mɛma no akɔ.’ Ɛnna nnipadɔm no teɛteɛɛm sɛ: ‘Munkum no! Munkum no!’ Asogyafo no de mpire anaa abaa hwee Yesu, na wɔtetee ntasu guu ne ho, na wɔbobɔɔ no. Wɔde ahenkyɛw a wɔde nkasɛɛ ayɛ hyɛɛ no, na wɔdii ne ho agorɔ sɛ: “Asomdwoe nka wo, Yudafo Hene!” Pilato san ka kyerɛɛ dɔm no sɛ: ‘Minhuu bɔne biara a ɔbarima yi ayɛ.’ Nanso wɔteɛteɛɛm sɛ: “Bɔ no asɛndua mu!” Enti Pilato de Yesu maa wɔn sɛ wɔnkokum no.
Wɔde Yesu kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Golgota, na wɔbɔɔ no asɛndua mu. Afei wɔde dua no sii hɔ. Yesu bɔɔ mpae sɛ: ‘Agya, fa wɔn bɔne kyɛ wɔn, na wɔnnim nea wɔreyɛ.’ Nkurɔfo dii Yesu ho agorɔ kaa sɛ: ‘Sɛ woyɛ Onyankopɔn Ba ampa a, ɛnde fi asɛndua no so besi fam na gye wo ho!’
Nnebɔneyɛfo a na wɔsɛn Yesu nkyɛn no mu baako ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Sɛ woba w’Ahenni mu a, kae me.” Yesu hyɛɛ no bɔ sɛ: “Wobɛka me ho wɔ Paradise.” Eduu awia no, esum baa asaase no so nyinaa nnɔnhwerew mmiɛnsa. Ná Yesu akyidifo no bi bɛn asɛndua no ho. Ná Yesu maame Maria nso wɔ hɔ bi. Yesu ka kyerɛɛ Yohane sɛ ɔmfa Maria sɛ ɔno ara ne maame na ɔnhwɛ no.
Awiei koraa no, Yesu kaa sɛ: “Asa!” Afei osii ne ti ase na oguu ahome a etwa to. Ɛhɔ ara na asaasewosow kɛse bi sii. Asɔrefie hɔ nso, ntama a na wɔde atwa Kronkronbea ne Kronkron Mu Kronkronbea no mu no, emu tew mmienu. Sogyani panyin bi kaa sɛ: ‘Ampa, na ɔbarima yi yɛ Onyankopɔn Ba.’
“Onyankopɔn bɔhyɛ bebree no nyinaa nam no so ayɛ ‘yiw.’”—2 Korintofo 1:20
-
-
Yesu Nyan Fii Awufo MuSua Biribi Fi Bible Mu
-
-
ADESUA 91
Yesu Nyan Fii Awufo Mu
Bere a Yesu wui akyi no, osikani bi a yɛfrɛ no Yosef kɔsrɛɛ Pilato sɛ ɔmma ɔmfa Yesu funu no mfi asɛndua no so. Yosef hyɛɛ funu no aduru, na ɔde ntama fitaa kyekyeree ho de kɔtoo ɔda foforo mu. Ɔmaa wɔde ɔbo kɛse bi kataa ɔda no ano. Asɔfo mpanyimfo no ka kyerɛɛ Pilato sɛ: ‘Yesuro sɛ anhwɛ a na Yesu asuafo no bi akowia funu no, na afei wɔabɛka sɛ wasɔre.’ Enti Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Munsiw ɔda no ano, na mommɔ ho ban.’
Nnansa akyi no, mmea bi kɔɔ ɔda no ho anɔpatutuutu, na wɔkohuu sɛ wɔayi ɔbo kɛse no afi hɔ. Ná ɔbɔfo bi wɔ ɔda no mu, na ɔka kyerɛɛ mmea no sɛ: ‘Munnsuro. Yesu anyan. Monkɔka nkyerɛ n’asuafo no sɛ wɔnhyia no wɔ Galilea.’
Maria Magdalene yɛɛ ntɛm kɔhwehwɛɛ Petro ne Yohane. Maria ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Obi afa Yesu funu no!’ Petro ne Yohane tuu mmirika kɔɔ baabi a wɔsiee Yesu no. Bere a wɔhuu sɛ onni ɔda no mu no, wɔsan kɔɔ fie.
Maria san kɔɔ baabi a wɔsiee Yesu no, na okohuu abɔfo mmienu wɔ ɔda no mu. Ɔka kyerɛɛ abɔfo no sɛ: ‘Minnim baabi a wɔde me Wura akɔto.’ Afei ohuu ɔbarima bi, na osusuw sɛ ɔno na ɔhwɛ turom hɔ. Enti ɔka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ: ‘Owura, mesrɛ wo kyerɛ me baabi a wode no akɔto.’ Nanso ɔbarima no bɔɔ ne din “Maria!” ɛnna ohuu sɛ ɛyɛ Yesu. Ɔteɛɛm sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo!” na osoo Yesu mu. Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Kɔka kyerɛ me nuanom sɛ woahu me.’ Ɛhɔ ara, Maria de mmirika kɔɔ asuafo no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wahu Yesu.
Da no ara, na n’asuafo no mmienu fi Yerusalem rekɔ Emaus. Ɛnna ɔbarima bi bɛkaa wɔn ho wɔ kwan so, na obisaa wɔn nea wɔrebɔ ho nkɔmmɔ. Wɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Enti wontee? Nnansa ne nnɛ, asɔfo mpanyimfo no kum Yesu. Seesei mmea bi reka sɛ wasɔre!’ Ɔbarima no bisaa wɔn sɛ: ‘Munnnye adiyifo no nni anaa? Wɔkaa sɛ Kristo bewu na wɔbenyan no.’ Ɔtoaa so kyerɛkyerɛɛ Kyerɛwnsɛm no mu kyerɛɛ wɔn. Bere a wɔduu Emaus no, asuafo no ka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ ɔne wɔn nkɔ. Wɔrebedidi anwummere no, ɔbarima no bɔɔ mpae, na wɔhuu sɛ ɛyɛ Yesu, ɛnna ɔyerae.
Asuafo mmienu no yɛɛ ntɛm kɔɔ ofie a na asomafo no ahyiam wɔ Yerusalem no, na wɔkɔkaa nea asi no kyerɛɛ wɔn. Bere a wɔwɔ fie no mu no, Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn nyinaa. Mfiase no, na asomafo no nnye nni sɛ ɛyɛ Yesu. Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Monhwɛ me nsam; momfa mo nsa nka me. Wɔakyerɛw sɛ Kristo no bɛsɔre afi awufo mu.’
“Mene ɔkwan no, ne nokware no, ne nkwa no. Obiara mma Agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so.”—Yohane 14:6
-
-
Yesu Yii Ne Ho Adi Kyerɛɛ Nkurɔfo Bi a Wɔyi NamSua Biribi Fi Bible Mu
-
-
ADESUA 92
Yesu Yii Ne Ho Adi Kyerɛɛ Nkurɔfo Bi a Wɔyi Nam
Bere a Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ asomafo no akyi no, Petro yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛkɔ akoyi nam wɔ Galilea Po no mu. Toma, Yakobo, Yohane, ne asuafo no bi kaa ne ho kɔe. Wɔhwehwɛɛ nam anadwo no nyinaa, nanso wɔannya bi.
Ade kyee anɔpatutuutu no, wɔhuu sɛ ɔbarima bi gyina po no ano. Ɔteɛɛm frɛɛ wɔn wɔ po no so, na obisaa wɔn sɛ: ‘Moanya nam no bi anaa?’ Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Daabi!” Ɔbarima no kaa sɛ: “Mungu asau no wɔ ɔkorow no nifa.” Bere a wɔyɛɛ saa no, wɔnyaa nam bebree maa asau no yɛɛ ma. Afei na wɔntumi ntwe asau no mma mpoano mpo. Ɛhɔ ara na Yohane huu sɛ ɔbarima no yɛ Yesu, na ɔkaa sɛ: “Ɛyɛ Awurade!” Ntɛm ara na Petro huruw tɔɔ nsu no mu guare kɔɔ po no ano. Asuafo a aka no nso de ɔkorow anaa hyɛmma no dii n’akyi.
Bere a wɔduu mpoano no, wɔhuu sɛ paanoo ne apataa anaa nam gu gya so. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmfa wɔn nam no bi mmɛka ho. Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommra mmedidi.”
Wɔdidi wiei no, Yesu bisaa Petro sɛ: ‘Wodɔ me sen sɛ wubeyi mpataa anaa?’ Petro kaa sɛ: ‘Aane Awurade, wunim sɛ medɔ wo.’ Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Ɛnde ma me nguan mma aduan.’ Yesu san bisaa no sɛ: ‘Petro wodɔ me anaa?’ Petro kaa sɛ: ‘Awurade, wunim sɛ medɔ wo.’ Yesu kaa sɛ: “Yɛn me nguan nkumaa.” Yesu bisaa no nea ɛtɔ so mmiɛnsa. Petro werɛ howee paa. Ɔkaa sɛ: ‘Awurade, wunim biribiara. Wunim sɛ medɔ wo.’ Yesu kaa sɛ: “Ma me nguan nkumaa aduan.” Afei ɔka kyerɛɛ Petro sɛ: “Kɔ so di m’akyi.”
“[Yesu ka] kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Mummedi m’akyi, na mɛma moayɛ nnipa yifo.’ Ntɛm ara na wogyaw wɔn asau no hɔ, na wodii n’akyi.”—Mateo 4:19, 20
-
-
Yesu San Kɔɔ SoroSua Biribi Fi Bible Mu
-
-
ADESUA 93
Yesu San Kɔɔ Soro
Yesu hyiaa n’akyidifo no wɔ Galilea. Ɔmaa wɔn ahyɛde bi a ɛho hia paa. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Monkɔ nkɔyɛ wiase nyinaa m’asuafo. Nea mede akyerɛkyerɛ mo no, momfa nkyerɛkyerɛ wɔn, na mommɔ wɔn asu.’ Afei ɔhyɛɛ wɔn bɔ sɛ: ‘Monkae sɛ, mɛka mo ho daa nyinaa.’
Bere a Yesu sɔre fii awufo mu no, nna 40 a odii wɔ asaase so mu no, oyii ne ho adi kyerɛɛ n’asuafo bebree wɔ Galilea ne Yerusalem. Ɔkyerɛɛ wɔn nneɛma pa bebree, na ɔyɛɛ anwanwade pii nso. Afei Yesu hyiaa n’asomafo no nea etwa to wɔ Ngodua Bepɔw no so. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Ɛnsɛ sɛ mufi Yerusalem. Monkɔ so ntwɛn nea Agya no de ahyɛ mo bɔ no.’
Asomafo no ante nea ɔkae no ase. Enti wɔbisaa no sɛ: ‘Afei worebɛyɛ Ɔhene wɔ Israel anaa?’ Yesu kaa sɛ: ‘Yehowa bere nsoe sɛ mɛyɛ Ɔhene. Ɛrenkyɛ, honhom kronkron bɛma moanya tumi na mobɛyɛ m’adansefo. Monkɔka asɛmpa no wɔ Yerusalem, Yudea, Samaria, ne asaase ano nohoa.’
Afei wɔmaa Yesu so kɔɔ soro, na omununkum kataa ne so. Asuafo no kɔɔ so hwɛɛ soro, nanso na ɔkɔ.
Asuafo no fii Ngodua Bepɔw no so, na wɔkɔɔ Yerusalem. Ná wɔtaa hyiam wɔ abansoro dan bi mu bɔ mpae. Ná wɔretwɛn sɛ Yesu bɛma wɔn akwankyerɛ pii aka ho.
“Wɔbɛka Ahenni no ho asɛmpa yi wɔ asaase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”—Mateo 24:14
-