Serew—Eye Ma Wo!
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ JAPAN HƆ
SƐ EFI komam a, eyi adwemmɔne biara fi hɔ. Eyi menasepɔw a nkurɔfo anya wɔ afoforo ho wɔ mfe pii mu no fi hɔ. Edwudwo koma a ɛyɛ den a ennye biribiara nni no. Ɛma nnipa pii nya akomatɔyam ne anigye. Etumi ma obi ka kyerɛ ɔfoforo sɛ, “Mate ase. Nhaw wo ho.” Ɛma obi ka kyerɛ ɔfoforo sɛ, “migye di sɛ yebetumi ayɛ nnamfo.” Dɛn ne saa adwinnade a tumi wom yi? Ɛyɛ serew. Ebetumi ayɛ serew a WOSEREW no.
Dɛn ne serew? Nsɛm asekyerɛ nhoma taa kyerɛ serew ase sɛ ‘bere a obi sesa n’anim dua ma n’afono kyeakyea kakra de da anisɔ ne anigye adi.’ Eyi ne nea ɛma obi fi ne komam serew. Serew yɛ ɔkwan a obi nam so ma afoforo hu nea ɛwɔ ne koma mu a ɛho nhia sɛ obue n’ano. Nokwarem no, ebinom tumi fa serew so bu afoforo animtiaa de, nanso ɛnyɛ ɛno na yɛresusuw ho seesei.
So ɛho hia sɛ obi bɛserew? So wokae bere bi a obi serew maa wunyaa ahotɔ anaasɛ akomatɔyam no? Anaasɛ bere bi a wanserew nti wohawee anaa wobotowee mpo no? Yiw, serew ho hia. Enya nea ɔreserew no ne nea wɔreserew akyerɛ no no nyinaa so nkɛntɛnso. Bible mu nipa Hiob kaa n’atamfo ho asɛm sɛ: “Meserew mekyerɛ wɔn a anidaso abɔ wɔn, na m’anim a ɛtew no, wɔmma engu ase.” (Hiob 29:24) Hiob “anim a ɛtew no” betumi akyerɛ sɛnea na n’ani agye afa.
Saa ara nso na nnɛ serew nya afoforo so nkɛntɛnso pa. Serew a efi komam betumi ama wontwiwontwi biara afi hɔ. Ebetumi ayɛ sɛ kankyee a wɔnoa mu aduan nkataso a ɛfata. Sɛ nsɛm hyɛ yɛn so anaasɛ yɛhaw a, serew betumi ama adwennwen no so atew na yɛatumi agyina yɛn haw no ano. Sɛ nhwɛso no, na Tomoko hu sɛ nkurɔfo taa hwɛ no. Ɔfaa no sɛ na wɔka ne ho nsɛm na sɛ n’ani tɔ wɔn anim a, na woyi wɔn ani ntɛm ara. Tomoko bɛyɛɛ ankonam, na na onni anigye. Da bi, n’adamfo bi ka kyerɛɛ no sɛ sɛ n’ani kɔtɔ afoforo anim a, ɔnserew. Bere a Tomoko yɛɛ saa dapɛn abien no, ohui sɛ na obiara serew kyerɛ no! Ne haw no fii hɔ. Ɔka sɛ: “M’ani gye asetram ankasa.” Yiw, serew ma yɛne afoforo ntam gow na ɛma yɛne wɔn nya abusuabɔ pa.
Sɛnea Eye Ma Wo ne Afoforo
Serew betumi anya obi adwene so nkɛntɛnso. Etumi ma obi nya adwempa. Eye ma nipadua no nso. Wɔtaa ka sɛ: “Ɔserew yɛ aduru.” Nokwarem no, nnuruyɛfo kyerɛ sɛ obi nsusuwii nya ne nipadua so nkɛntɛnso kɛse. Nhwehwɛmu pii kyerɛ sɛ adwennwen a ɛtra hɔ kyɛ, adwemmɔne, ne nneɛma foforo a ɛtete saa no ma yɛtaa yare. Nanso, serew a yɛbɛserew kɛkɛ no ma yenya abotɔyam ne ahoɔden.
Serew nya afoforo so nkɛntɛnso kɛse nso. Fa no sɛ obi retu wo fo. Animdua bɛn na wobɛpɛ sɛ onii no da no adi? Sɛ wantew n’anim anaa otutu nsɛm ma wo a, ebetumi ahyɛ wo abufuw, na ama woapo afotu no na woanya ne ho tan mpo. Nanso, sɛ ɔserew a, so ɛremma w’ani nnye na wuntie nea ɔreka no yiye? Ɛda adi pefee sɛ, serew ma nsɛnnennen ne awerɛhow so tew.
Adwempa Kanyan Serew
Nokwarem no, yɛn mu pii nte sɛ guasodeyɛfo a wotumi serew bere biara no; na yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ saa nso. Yɛpɛ sɛ yɛn serew no yɛ nea efi ɔpɛ ne komam. Nkitahodi ho kyerɛkyerɛfo bi kae sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ yefi yɛn pɛ mu koraa serew, anyɛ saa a, yɛn serew no renyɛ nea ɛfata.’ Yɛbɛyɛ dɛn atumi afi yɛn pɛ mu koraa aserew? Bible no betumi aboa yɛn wɔ eyi mu. Ɛdefa yɛn kasa ho no, Mateo 12:34, 35 ka sɛ: “Nea ayɛ koma ma abu so no na ano ka. Onipa pa fi nnepa a waboaboa ano ne koma mu no mu na oyi nnepa adi; na onipa bɔne fi nnebɔne a waboaboa ano ne koma mu no mu na oyi nnebɔne adi.”
Kae sɛ serew yɛ ɔkwan a yɛnam so ma afoforo hu nea ɛwɔ yɛn koma mu a ɛho nhia sɛ yebebue yɛn ano. Sɛ yɛkae sɛ “nea ayɛ koma ma abu so na ano ka” ne sɛ obi fi “nnepa a waboaboa ano” mu na oyi “nnepa” adi a, ɛma yehu sɛ serew a efi komam no gyina nsusuwii ne nkate so. Yiw, ɛtɔ da a, ɛsɛ sɛ yɛka nea ɛwɔ yɛn komam, a ɛnyɛ yɛn ano nko na ɛsɛ sɛ yɛde ka na mmom ɛsɛ sɛ yɛde yɛn anim dua nso kyerɛ. Enti ɛho hia sɛ yɛbɔ mmɔden dwennwen nneɛma pa ho bere nyinaa. Sɛnea yɛdwene afoforo ho no da adi wɔ yɛn animdua mu ankasa. Enti momma yensusuw su pa a yɛn abusua mufo, yɛn afipamfo, ne yɛn nnamfo, wɔ no ho bere nyinaa. Ɛbɛma yɛatumi aserew akyerɛ wɔn. Ɛbɛyɛ serew a efi komam, efisɛ ɛno na ɛma obi da papayɛ, mmɔborohunu, ne ayamye, adi. Yɛn anim bɛtew, na afoforo behu sɛ yefi yɛn akoma mu na ɛyɛ saa.
Nanso, ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ abusua a ebinom fi mu anaa tebea bi a wɔfaa mu no nti, wontumi nserew te sɛ nea afoforo serew no. Sɛ wɔwɔ wɔn mfɛfo ho adwempa mpo a, wontumi nserew nkyerɛ wɔn. Sɛ nhwɛso no, ɛyɛ Japanfo mmarima su sɛ wobedi wɔn ho ni na wɔayɛ komm bere nyinaa. Ɛno nti ɛmma wɔn mu pii ntumi nserew nkyerɛ ahɔho. Ebetumi aba saa wɔ nnipa afoforo a wofi aman binom mu nso fam. Anaasɛ ebetumi aba sɛ ebinom fɛre ade ma enti ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛserew. Enti, ɛnsɛ sɛ yegyina sɛnea afoforo serew ne mpɛn dodow a wɔserew so bu wɔn atɛn. Ɛsono sɛnea obiara te ne sɛnea ɔne afoforo di nkitaho fa.
Nanso, sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛserew akyerɛ afoforo a, dɛn nti na wonyɛ ho biribi? Bible tu fo sɛ: “Mommma yɛmmmrɛ papayɛ mu . . . Momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye.” (Galatifo 6:9, 10) Ɔkwan biako a wubetumi afa so ayɛ afoforo “yiye” ne sɛ wobɛserew akyerɛ wɔn—na eyi a wobɛyɛ no nyɛ den! Enti di kan kyia afoforo na serew kyerɛ wɔn bere a worehyɛ wɔn nkuran no. Wɔn ani begye ho kɛse. Afei wubehu sɛ sɛ wode yɛ wo su a, ɛrenyɛ den sɛ wobɛserew.
[Adaka wɔ kratafa 12]
Kɔkɔbɔ Bi Ni
Awerɛhosɛm ne sɛ ɛnyɛ serew nyinaa na efi komam. Asisifo ne wɔn a wɔdaadaa nkurɔfo ma wɔtɔ wɔn nneɛma ne nnipa afoforo tumi tew wɔn anim serew kama. Wonim sɛ serew tumi dan nkurɔfo adwene ma wɔn ani fi wɔn ho so. Nnipa a wɔn abrabɔ nye anaa wonkura adwempa nso boapa serew. Nanso mfaso biara nni wɔn serew no so; ɛyɛ nnaadaa. (Ɔsɛnkafo 7:6) Enti, ɛwom sɛ ɛnsɛ sɛ yenya afoforo ho adwemmɔne pii de, nanso ɛsɛ sɛ yehu sɛ bere dodow a yɛte “nna a edi akyiri mu,” a asetra mu ayɛ den no, ɛsɛ ‘sɛ yɛyɛ anifere sɛ awɔ, na yɛyɛ kronn sɛ mmorɔnoma,’ sɛnea Yesu ankasa kae no.—2 Timoteo 3:1; Mateo 10:16.
[Mfonini wɔ kratafa 13]
Di kan kyia afoforo na serew kyerɛ wɔn