Nokwaredi—Ne Bo Yɛ Den Dɛn Ara!
“Onipa a odi nokware no na wo ne no bedi nokwaredi so.”—DWOM 18:25, NEW WORLD TRANSLATION.
1, 2. (a) Dɛn ne nokwaredi, na n’afã horow no ka yɛn asetra dɛn? (b) Dɛn nti na ɛyɛ sɛ yɛbɛdan akɔ Yehowa nkyɛn sɛ yɛn nhwɛsofo a ɔda nsow.
NOKWARE a wɔka, asɛde, ɔdɔ, asɛyɛde, ahofama Ade biako bɛn na nsemfua yi nyinaa wɔ? Ɛyɛ nokwaredi afã horow. Nokwaredi yɛ onyamesom pa su a efi ahofama a efi komam mu ba. Nanso, wɔ nnipa pii a wɔwɔ hɔ nnɛ fam no, nokwaredi nyɛ biribi titiriw biara. Nokware a wobedi ama aware mu ɔhokafo, abusua mufo a wɔanyinyin ho asɛyɛde, nokware a odwumayeni bedi ama n’adwumawura—eyinom nyinaa yɛ aniani na mpɛn pii no wogyaa mu siesie. Na sɛ nokwaredi mu ntawntawdi bi sɔre a, dɛn na ɛba? Nnansa yi ara wɔ England no, bere a sika ho akontaabufo bi kaa n’adwumakuw sikasɛm mu nokware kyerɛɛ towgyefo no, n’adwuma bɔɔ no.
2 Ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛka nokwaredi ho asɛm ara kwa, nanso ɛsɛ sɛ wɔde nneyɛe a nsɛm a ehu ma wogya mu siesie nnim gyina nokwaredi ankasa akyi. Sɛ adesamma a yɛnyɛ pɛ no, mpɛn pii no yentumi nyɛ saa. Enti eye sɛ yebesusuw obi a wɔrentumi nnye ne nokwaredi ho kyim mma enye yiye, Yehowa Nyankopɔn ankasa, nhwɛso ho.
Wɔayɛ Nokwaredi ho Nhwɛso
3. Ɔkwan bɛn so na Yehowa adi n’atirimpɔw a wɔakyerɛ wɔ Genesis 3:15 no ho nokware?
3 Bere a Adam ne Hawa yɛɛ bɔne no, Yehowa daa n’atirimpɔw a ɛne sɛ obegye adesamma abusua a wonnya nwoo wɔn no adi pefee. Nea na saa adeyɛ yi gyina so ne ɔdɔ a ɔwɔ ma n’abɔde a wɔyɛ adesamma no. (Yohane 3:16) Bere a ɛsɛ mu no, ɛbɛdaa adi sɛ Yesu Kristo a na ɔne aseni a wɔhyɛɛ ne ho bɔ wɔ Genesis 3:15 no ne ogye afɔre no, na na ɛbɛyɛ ade a wontumi nsusuw ho sɛ Yehowa bɛsan n’akyi wɔ n’atirimpɔw a na wada no adi no ho. Sɛ yegye Yesu afɔrebɔ no tom a, yɛn gyidi no renni yɛn huammɔ.—Romafo 9:33.
4. Ɔkwan bɛn so na Yehowa dii Yesu nokware, na dɛn na efii mu bae?
4 Nokware a Yehowa dii Yesu no hyɛɛ ne Ba no den kɛse bere a na ɔwɔ asase so no. Na Yesu nim sɛ ɛsɛ sɛ owu, na na wasi ne bo pintinn sɛ obedi nokware ama ne Nyankopɔn no akosi awiei. Wɔdaa ase a ɔtrae ansa na ɔrebɛyɛ ɔdesani no ho nimdeɛ pii adi kyerɛɛ no bere a wɔbɔɔ no asu na wɔde honhom kronkron sraa no no. Anadwo a woyii no mae no, ɔbɔɔ mpae sɛ wɔmma ɔnsan nkɔka ne soro Agya no ho, na onnya ‘anuonyam a na ɔwɔ wɔ Yehowa nkyɛn ansa na wɔbɔɔ wiase no.’ (Yohane 17:5) Ɔkwan bɛn so na na eyi betumi ayɛ yiye? Ɛdenam Yehowa Ba nokwafo no a na ɔrennyaw no ɔdamoa mu mma onhu porɔwee no nkutoo so. Yehowa nyan no fii awufo mu maa no nkwa a owu nnim, na saayɛ mu no ɔde nokwaredi maa nkɔmhyɛ mu bɔhyɛ a ɛwɔ Dwom 16:10 no nyaa mmamu: “Worennyaw me kra asaman (Sheol).”—Asomafo no Nnwuma 2:24-31; 13:35; Adiyisɛm 1:18.
5. Nokwaredi nneyɛe afoforo bɛn na ɛfa Yehowa bɔ ahorow a ɔhyɛɛ Yesu no ho?
5 Yesu wusɔre akyi no, na onim sɛ obetumi de ne ho ato Yehowa asɛm a ese ‘ɔde n’atamfo bɛyɛ ne nan ase ntiaso’ no so saa ara. (Dwom 110:1) Saa bere no dui wɔ 1914 mu, bere a “amanaman no mmere” no baa awiei na wɔde Ahenni no sii hɔ wɔ soro no. Bɔ a na wɔahyɛ sɛ Yesu bedi n’atamfo so no de Satan ne n’adaemone a wotuu wɔn fii ɔsoro na efii ase. Ɛbɛba awiei bere a wɔde wɔn agu bun mu mfirihyia apem na wɔasɛe “asase so ahene ne wɔn dɔm” no.—Luka 21:24; Adiyisɛm 12:7-12; 19:19; 20:1-3.
6. Anidaso a ɛbɛba mu bɛn na Yehowa de ma yɛn, na ɔkwan bɛn so na yebetumi ada ɛho anisɔ a yɛwɔ no adi?
6 Odwontofo no hyɛe sɛ: “Nya Yehowa mu anidaso na fa ne kwan so, na ɔbɛma wo so, na woanya asase no adi.” (Dwom 37:34, New World Translation) Yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa bɛkɔ so adi n’asɛm so na wabegye mmarima, mmea, ne mmofra a ‘wɔfa ne kwan so’ no akodu wiase bɔne yi awiei pɛɛ. Wɔ mfiase Hebri mu no, saa ɔkasamufa no da nsiyɛ ne nokwaredi a wɔde som Yehowa ho nsusuwii adi. Enti, afei, ɛnyɛ nnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yɛbrɛ anaasɛ yegyae ɔsom hokwan ahorow a wɔde ma yɛn no mu. Eyi ne bere a ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho wɔ nokwaredi som a yɛde ma yɛn Nyankopɔn no ne n’Ahenni no mu. (Yesaia 35:3, 4) Nhwɛso pa ahorow wɔ hɔ a ɛbɛhyɛ yɛn nkuran. Momma yensusuw ebinom ho.
Agyanom Mpanyin Da Nokwaredi Adi
7, 8. (a) Nnwuma bɛn na Yehowa de hyɛɛ Noa ne n’abusua nsa? (b) Ɔkwan bɛn so na Noa fifo kyerɛe sɛ wɔfata sɛ Onyankopɔn bɔ wɔn ho ban wiase nyinaa nsuyiri no mu?
7 Bere a Yehowa bɔɔ ne tirim sɛ ɔde nsuyiri bɛsɛe adesamma abusua bɔne no, ɔne agya panyin Noa a na ɔyɛ abusua ti no yɛɛ apam sɛ ɔbɛkora n’abusua so na wama nkwa akɔ so atra asase so. (Genesis 6:18) Noa de aseda mae wɔ ɔsoro ahobammɔ no ho, nanso na ɛsɛ sɛ ɔne n’abusua no kyerɛ sɛ wɔfata ma ɛno. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam Yehowa ahyɛde a wɔbɛyɛ so. Nea edi kan no, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ adwuma kɛse a ɛne adaka no a wɔbɛpam no. Sɛ wowie a, na ɛsɛ sɛ Noa de mmoa ahorow no mu biara mu bi ne nnuan a wobedi bere tenten hyɛ no ma. Nanso na ɛnyɛ ne nyinaa nen. Wɔ ahosiesie bere tenten no mu no, na Noa reyɛ nea obetumi nyinaa wɔ asɛnka adwuma a na ebi mmae da, a ɛne sɛ ɔde ɔsoro atemmu a ɛbɛba no ho kɔkɔbɔ bɛma no mu.—Genesis, atiri 6 ne 7; 2 Petro 2:5.
8 Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ “Noa yɛɛ sa; sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ no nyinaa, saa ara na ɔyɛe.” (Genesis 6:22; 7:5) Noa ne n’abusua no dii nokware wɔ wɔn dwumadi ahorow no mu. Wɔn ho a wɔde bɔɔ afɔre honhom no kyerɛe sɛ wɔde wɔn bere dii dwuma yiye, nanso na adwuma no yɛ den na na asɛnka no nna fam. Esiane sɛ Noa mma no ne wɔn yerenom anwo mma ansa na Nsuyiri no reba nti, ɛboaa wɔn ma wɔde wɔn adwene sii adwuma a na wɔde ahyɛ wɔn nsa no so na wotumi boom yɛɛ wɔn dwumadi no yiye. Nsuyiri a ɛsɛe ade no de wiase bɔne bi baa awiei trenee mu. Noa, ne yere, ne wɔn mma baasa no ne ne nsenom baasa no nkutoo na wonyaa wɔn ti didii mu. Yɛn ani betumi agye sɛ wodii nokware maa Onyankopɔn ne n’akwankyerɛ ahorow, efisɛ yɛn mu biara fi Noa ase tẽẽ denam ebia Sem, Ham, anaa Yafet so.—Genesis 5:32; 1 Petro 3:20.
9. (a) Ɔkwan bɛn so na sɔhwɛ a Yehowa de baa Abraham so no yɛ nokwaredi ho sɔhwɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na Isak daa nokwaredi adi wɔ eyi mu?
9 Bere a Abraham siesiee ne ho sɛ ɔde Isak bɛbɔ afɔre no, na ɔde nokwaredi redi Yehowa ahyɛde so. Ne nokwaredi ho sɔhwɛ bɛn ara ni! Nanso, Yehowa soo Abraham nsa, na ɔkae sɛ: “Afei mahu sɛ wusuro Onyankopɔn, na woankame me wo ba koro no.” Nanso, eye sɛ yebesusuw nsɛm a edii anim no ho. Nnansa a wɔde twaa kwan kɔɔ Bepɔw Moria so no mu no, akyinnye biara nni ho sɛ Abraham nyaa bere a ɛdɔɔso a na obetumi de asusuw nneɛma ho na wasakra n’adwene. Na Isak a ɔsoaa nnyina a na wɔde bɛbɔ afɔre, na ɔmaa kwan ma wɔkyekyeree ne nsa ne n’anan no nso ɛ? Wanhinhim wɔ nokware a na ɛsɛ sɛ odi ma n’agya Abraham no mu, na saa ara na wammisa ne fam de a na ɛsɛ sɛ ɔyɛ no ho nsɛm, ɛwom sɛ ɛdaa adi sɛ ne nokwaredi no bɛma wahwere ne nkwa de.—Genesis 22:1-18; Hebrifo 11:17.
Kristofo Nokwaredi
10, 11. Nokwaredi ho nhwɛso bɛn na tete Kristofo no de ma?
10 Yehowa adi nokware bere nyinaa. Ɔsomafo Paulo hyɛ sɛ: “Munsua Onyankopɔn.” (Efesofo 5:1, 2) Sɛnea agyanom mpanyin no tiei no, saa ara na na ɛsɛ sɛ Kristofo nso tie. Tete Kristofo no yɛɛ nhwɛso pa ahorow wɔ nokwaredi ɔsom mu, sɛnea osuahu a edi so yi kyerɛ no.
11 Ɛda adi sɛ na Roma ɔhempɔn Konstantino I a na ɔyɛ Ɔhempɔn Konstantino agya no wɔ obu a emu dɔ ma Yesu Kristo akyidifo no. Nea ɛbɛyɛ na wasɔ Kristofo a na wɔyɛ adwuma wɔ n’ahemfi no nokwaredi ahwɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ sɛ wɔpene so sɛ wɔbɛbɔ afɔre ama abosom a, wɔbɛkɔ so asom no. Wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ sɛ wɔpow a, wobeyi wɔn adi na obedi wɔn so were. Ɛdenam ɔkwantiaa yi so no, Konstantino pɛe sɛ ohu wɔn a wɔrennyae wɔn nokwaredi mu nsiesie da no. Wɔmaa wɔn a wodii nokware maa Onyankopɔn ne ne nnyinasosɛm ahorow no kɔɔ so yɛɛ ɔhempɔn no adwuma, na ebinom bɛyɛɛ afotufo a wɔwɔ wɔn mu ahotoso mpo. Woguu wɔn a wɔanni nokware amma Onyankopɔn ahyɛde no anim ase pasaa.
12. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Kristofo ahwɛfo yi nokwaredi adi, na dɛn nti na eyi ho hia ma asafo no yiyedi?
12 Ɛwom sɛ ɛsɛ sɛ nokwaredi da adi wɔ Kristofo nyinaa asetra mu de, nanso wɔhyɛ da bɔ din wɔ Tito 1:8, New World Translation, de ka su horow a ɛho hia ma ɔbarima bi ayɛ Kristoni ɔhwɛfo no ho. William Barclay se hoʹsi·os a ɛyɛ Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase wɔ ha sɛ “nokwaredi” no ka “obi a odi daa mmara horow a na ɛwɔ hɔ ansa na mmara horow a nnipa yɛe no reba no so” no ho asɛm. Ɛho hia sɛ mpanyimfo gyina Onyankopɔn mmara horow akyi nokwaredi mu saa ara. Nhwɛso a ɛteɛ yi bɛboa asafo no ma anyin na ayɛ den sɛnea ebetumi agyina sɔhwɛ ne nhyɛso horow a ebia ɛde no bɛto asiane mu sɛ kuw anaasɛ emufo ankorankoro no nyinaa ano. (1 Petro 5:3) Mpanyimfo a wɔapaw wɔn no wɔ asɛyɛde kɛse wɔ nguankuw no ho sɛ wɔrennyae nokware a wodi ma Yehowa no mu nsiesie da, efisɛ wotu asafo no fo sɛ ‘wonsua wɔn gyidi.’—Hebrifo 13:7.
Nokwaredi—Ne Bo yɛ Den Dɛn?
13. Dɛn na asɛm a ɛne sɛ: “Wobetumi de adanmude atɔ obiara” no kyerɛ, na nhwɛso horow bɛn na ɛte sɛ nea ɛrema eyi ayɛ nokware?
13 “Wobetumi de adanmude atɔ obiara” yɛ asɛm bi a wɔkyerɛ sɛ Robert Walpole a na ɔyɛ Britania ɔsoafo panyin wɔ afeha 18 mu no na ɔkae. Ɛda nokwasɛm a ɛyɛ sɛ abakɔsɛm mu nyinaa no, wɔde nokwaredi asesa pɛsɛmenkominya mfaso mpɛn pii no adi tiawa. Susuw Bible asekyerɛfo William Tyndale a odii mfomso faa Henry Phillips sɛ n’adamfo ɔnokwafo no ho. Wɔ 1535 mu no, Phillips anni nokware na oyii Tyndale maa n’atamfo, na ɛma wɔde Tyndale kɔtoo afiase ntɛm ara na wokum no. Abakɔsɛm kyerɛwfo bi se Phillips a ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ Engiresi hene anaa Engiresi Katolekfo odwumayɛni no “nyaa akatua kɛse wɔ n’adwuma a ɛte sɛ Yuda de no ho.” Nokwarem no, na abakɔsɛm kyerɛwfo no reka Yuda Iskariot a ogyee nwetɛbona 30 sɛ akatua de yii Yesu Kristo mae no ho asɛm. Nanso, ɛnsɛ sɛ yefi nhwɛso ahorow yi mu de ba awiei sɛ “adanmude” a wɔde sesa obi nokwaredi no yɛ sika bere nyinaa. Ɛnte saa.
14. Ɔkwan bɛn so na wɔsɔɔ nokware a na Yosef di ma Yehowa no hwɛe, na dɛn na efii mu bae?
14 Bere a Potifar yere ka kyerɛɛ Yosef sɛ ‘ɔne no mmɛda’ no, wɔsɔɔ ne nokwaredi ma Yehowa no hwɛe. Dɛn na na ɔbɛyɛ? Esiane sɛ na Yosef wɔ adwene a emu da hɔ wɔ nnyinasosɛm a na ɛwom no ho dedaw nti, oguan fii ofi no mu, a na wasi ne bo sɛ ‘ɔrenyɛ amumɔyɛ kɛse yi na ɔnyɛ bɔne ntia Onyankopɔn’ da. Ɔbarima ne ɔbea nna mu anigye hokwan no antumi anni Yosef nokware a obedi ama ne Nyankopɔn Yehowa no so.—Genesis 39:7-9.
15. Ɔkwan bɛn so na Absalom anni nokware, na dɛn na efii mu bae?
15 Nanso, asiane afoforo wɔ hɔ; tumipɛ betumi asɛe nokwaredi. Ná ɛno ne nkanyan a na ɛhyɛ Absalom atua a ɔtew tiaa n’agya Ɔhene Dawid no akyi. Ɛdenam nnaadaa ne anifere so no, Absalom hwehwɛe sɛ onya nkurɔfo anim dom. Awiei koraa no, ɔhyehyɛɛ asraafo dɔm ne n’agya akyigyinafo anokwafo kɔkoe. Yoab kum a okum Absalom no de nokware a wanni amma n’abusua no baa awiei, nanso ɛbo bɛn ara na otuae sɛ ɔbɔɔ mmɔden sɛ obetu teokrase nhyehyɛe agu no sɛɛ yi!—2 Samuel 15:1-12; 18:6-17.
Nokwaredi a Enni Bo Biara
16. Dɛn na 2 Korintofo 11:3 da no adi wɔ Satan adwene ho?
16 Ɛwom sɛ Satan kyerɛ sɛ wobetumi de adanmude atɔ obiara, na na eyi yɛ nokware wɔ Absalom fam de, nanso na ɛnyɛ nokware wɔ Yosef fam, na ɛnyɛɛ nokware wɔ Yehowa asomfo anokwafo fam da. Nanso, Satan bɛyɛ nea obetumi biara de asɛe yɛn nokwaredi ma yɛn Bɔfo no. Ɔsomafo Paulo daa ne suro a ɛne sɛ “ebia, sɛnea ɔwɔ no de n’anitew bɛdaadaa Hawa no,’ wɔbɛsɛe yɛn adwene ama yɛagyae nokware a yedi ma Yehowa ne ɔsom a yɛde ma no no mu asiesie no adi.—2 Korintofo 11:3.
17. Ebinom de ɔsom mu hokwan ahorow a ɛsom bo no asesa dɛn?
17 Ɛfata sɛ yebisa yɛn ho sɛ: ‘So adanmude bi wɔ hɔ a megye de asesa hokwan a mewɔ sɛ mede nokwaredi bɛsom me Bɔfo no?’ Ɛyɛ nokwasɛm a ɛyɛ awerɛhow sɛ, nea ɛnte sɛ Yosef no, ebinom a na wɔyɛ Yehowa nkoa a wɔahyira wɔn ho so no gyee biribi ketewaa bi de sesae. Mpanyimfo binom mpo de ɔsom kronn mu hokwan a ɛsom bo kɛse a wɔwɔ no asesa ɔbrasɛe mu anigye ahorow a ɛntra hɔ nkyɛ. Sɛ wɔyɛ mpanyimfo anaasɛ dabi no, wɔn a wɔyɛ eyi no mu pii ahwere abusua mu biakoyɛ, asafo no ɔdɔ ne obu, ne Yehowa—onii a obetumi ama wɔn ahoɔden ma wɔakura nokwaredi mu na wɔasi sɔhwɛ a efi Satan hɔ biara kwan no—mpeneso a wɔrentumi nsan nnya.—Yesaia 12:2; Filipifo 4:13.
18. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yetie kɔkɔbɔ a ɛwɔ 1 Timoteo 6:9, 10 no?
18 Afoforo nso, esiane sɛ wɔasi wɔn bo dennen sɛ wɔbɛkɔ anim wɔ wiase nneɛma akyidi mu nti, wɔde ‘yaw pii awowɔ wɔn ho,’ wɔ Bible kɔkɔbɔ ahorow a emu da hɔ fann no nyinaa akyi. (1 Timoteo 6:9, 10) Dema a na ɔyɛ Kristoni bi a Paulo bɔɔ ne din no bɔɔ fam wɔ eyi ho, ebia bere tiaa bi anaasɛ koraa. (2 Timoteo 4:10) Worentumi nnyae nokwaredi ma Yehowa no mu nsiesie a asiane mfi mu mma. “Onyankopɔn wonsi no atwetwe; efisɛ nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa.”—Galatifo 6:7.
19, 20. (a) Television a wɔbɛhwɛ no pii no mu asiane horow no bi ne dɛn? (b) Nhwɛso bɛn na Adansefo abusua bi ayɛ?
19 Ɛtɔ mmere bi a, nea wɔde sesa no da adi wɔ anifere kwan kɛse so. Sɛ nhwɛso no, amanneɛbɔ bi a efi United States se mmusua pii sɛe bere a wɔmmfa nna wɔ fie no mu fã de hwɛ television na mmofra titiriw ntumi nnyae. Sɛ Kristoni de n’adwene si television, a mmarima ne mmea nna ne basabasayɛ a woyi wɔ so no ka ho so titiriw a, ɛrenkyɛ obetumi asɛe ne Kristofo nnyinasosɛm ahorow. Ɛyɛ mmerɛw sɛ ɛno remma onni nokware, na watew ne ho afi Yehowa ho. Fekubɔne a ɛte saa no sɛe su horow a mfaso wɔ so. (1 Korintofo 15:33) Ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi sɛ Kyerɛwnsɛm no tu yɛn fo sɛ yennye bere mfa nsua Yehowa Asɛm na yennwen ho. So bere pii a wode home wɔ television anim no yɛ nea ɛfata sɛ wode sesa bere a anka wubetumi de anya nimdeɛ a ɛde kɔ daa nkwa mu sɛ Yehowa somfo nokwafo no? Ɛho abehia sɛ pii a wɔrenya nokware no ho nimdeɛ nnɛ no yɛ nsakrae akɛseakɛse wɔ wɔn nsusuwii mu wɔ eyi ho.—1 Timoteo 4: 15, 16; 2 Timoteo 2:15.
20 Takashi yɛ Japanni adwumawura bi a ɔte England. Na ɔne n’abusua taa de nnɔnhwerew abiɛsa kosi anan hwɛ television anwummere pii. Wɔbɔɔ ɔne ne yere asu mfe abiɛsa ni akyi no, ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɛsɛ sɛ kokoam ne abusua adesua yɛ nea ɛho hia kan. Ɛdenam ne bere a ɔde hwɛ television a ɔtew so baa, sɛ wɔkyekyem a, simma 15 anaa 30 bi no so no, odii abusua no anim fɛfɛ. Ɛwom sɛ ɛsɛ sɛ Takashi de Bible abien sua ade, Engiresi biako na foforo no yɛ Japan kasa de, nanso ne honhom mu onyin akɔ so ntɛmntɛm, na mprempren ɔsom sɛ asafo mu ɔsomfo wɔ asafo bi a wɔde Engiresi kasa na ɛyɛ wɔn nhyiam horow mu. Ne yere yɛɛ ɔkwampaefo boafo. Ose: “Nea ɛbɛyɛ na mabɔ yɛn mmerantewaa nkumaa baanu no honhom mu yiyedi ho ban no, da biara me mehwehwɛ nea me ne me yere ma kwan ma wɔhwɛ wɔ television so nso no mu.” Mfaso wɔ obi ho so a ɔteɛ saa no so.
21. Dɛn na yenim wɔ Satan akwan ho, na ɔkwan bɛn so na yebetumi abɔ yɛn ho ban?
21 Yebetumi agye eyi adi: Satan nim yɛn mmerɛwyɛ, ebia onim no yiye sen sɛnea yɛn ankasa nim mpo. Ɔrennyaw hwee wɔ mmɔden a ɔbɔ sɛ obenya yɛn ma yɛagyae nneɛma mu asiesie anaa yɛayɛ mmerɛw wɔ yɛn ho a yɛde ma Yehowa no mu. (Fa toto Mateo 4:8, 9 ho.) Ɛnde, ɔkwan bɛn so na yebetumi abɔ yɛn ho ban? Ɛdenam yɛn ahosohyira a yɛde besi yɛn anim daa ne yɛn ani a yɛbɛma agye ho sɛ yebenya nnamyɛ ahorow bere a yɛsom afoforo honhom mu ahiade ho no so. Sɛ́ Yehowa nkoa anokwafo no, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho hyɛ ne som mu a yenni adagyew na yɛma n’Asɛm kronkron no kyerɛ yɛn kwan bere nyinaa. Eyi bɛboa yɛn wɔ yɛn bo a yɛasi pintinn sɛ yɛremma ɛbo biara a Satan de bɛma no ntwe yɛn mfi nokware a yebedi ama Onyankopɔn ho no mu.—Dwom 119: 14-16.
Wubua Dɛn?
◻ Ɔkwan bɛn so na Yehowa ne Yesu ada nokwaredi adi?
◻ Nokwaredi ho nhwɛso afoforo a ɛwɔ Bible mu no bi ne nea ɛwɔ he?
◻ Dɛn na ebia Satan de bɛma yɛn anaasɛ ɔbɛbɔ mmɔden ama yɛayɛ?
◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi ahyɛ yɛn ho den na yɛakɔ so adi nokware wɔ ɔsom a yɛde ma Yehowa no mu?