Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 7/1 kr. 31
  • Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Akwankyerɛ Pa Ma Nnɛyi Mmofra
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Foro a Yɛde Ntaban Bɛforo sɛ Akɔre
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Ɔkɔre Aniwa
    Nyan!—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 7/1 kr. 31

Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

So nea ɔkyerɛw Mmebusɛm 30:19 no tee nka ampa sɛ sɛnea ɔbarima de anifere daadaa ababaa no yɛ “nwonwa dodo”?

Ebetumi aba sɛ saa na Mmebusɛm 30:19 a yegye tom sɛ asete nyɛ mmerɛw no kyerɛ.

Bere a yɛrehwehwɛ nea nkyekyem yi kyerɛ no, ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu nsɛm a ɛka ho no so. Ansa na ɔkyerɛwfo a honhom kaa no no rekyerɛw asɛm yi no, ɔbobɔɔ nneɛma anan bi a wɔ ɔkwan bi so no, ɛmmee da no din. (Mmebusɛm 30:15, 16) Afei ɔbobɔɔ nneɛma yi din: “Nneɛma abiɛsa na ɛyɛ me nwonwa dodo, na anan de, minhu: Ɔkɔre kwan, ewim, ɔwɔ kwan, ɔbotan so, hyɛn kwan, ɛpom, ne ɔbarima kwan, ababaa ho.”​—Mmebusɛm 30:18, 19.

Dɛn na na ebetumi ayɛ “nwonwa” wɔ nneɛma anan yi mu?

Ebia esiane sɛ nhomanimfo bi te nka sɛ “nwonwa” no bɛkyerɛ adepa anaa papa nti, wɔkyerɛkyerɛ mu sɛ nneɛma anan yi mu biara da Onyankopɔn adebɔ mu nyansa adi: sɛnea anomaa kɛse tumi tu ma ɛyɛ nwonwa, sɛnea ɔwɔ a onni nan tumi fa ɔbotan so, sɛnea hyɛn a emu yɛ duru tumi tɛn po a ehuru kutukutu ani, ne sɛnea aberante a ne ho tua ne ho betumi anya ɔdɔ ama ababaa hoɔfɛfo bi a ontumi nyɛ ne ho hwee na waware no, na afei wɔawo akokoaa a ɛyɛ nwonwa. Ɔbenfo foforo bi huu nsɛdi foforo bi wɔ nneɛma anan no mu, sɛ emu biara fa ɔkwan bi a ɛyɛ foforo so​—sɛnea ɔkɔre, ɔwɔ, ne hyɛn fa baabi a wɔmɔɔ ɔkwan wɔ hɔ ne sɛnea nnipa baanu ntam ɔdɔ a ɛreyɛ kɛse no yɛ foforo fa no.

Nanso, ɛho nhia sɛ nneɛma anan no yɛ “nwonwa” wɔ ntease pa mu, te sɛ nea ade a wɔn nyinaa wɔ bi no yɛ adepa. Mmebusɛm 6:16-19 bobɔ ‘nneɛma a Yehowa tan’ no din. Na sɛnea yɛadi kan aka no, wɔ nkyekyem ahorow a edi nea yɛreka ho asɛm yi anim pɛɛ no mu no, Mmebusɛm 30:15, 16 bobɔ nneɛma (Asaman, ɔyafunu bonin, asase a ɛso awo, ne ogya a ɛredɛw) a ɛnka sɛ, “Ɛdɔɔso!” da no din. Nokwarem no, ɛnyɛ adepa ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so.

Hebri asɛmfua a wɔakyerɛ ase sɛ “nwonwa” wɔ Mmebusɛm 30:18 no kyerɛ “sɛ woyi biribi si nkyɛn, ɛyɛ soronko; wɔma ɛyɛ soronko, ɛda nsow, ɛyɛ nwonwa.” Biribi betumi ayɛ soronko, ada nsow, anaa ayɛ nwonwa bere a ɛnyɛ adepa. Daniel 8:23, 24 kaa ɔhene anuɔdenfo bi a ɔbɛsɛe ade “ma ayɛ nwonwa” na “wasɛe ahoɔdenfo,” a akronkronfo ka ho, no ho asɛm siei​—Fa toto Deuteronomium 17:8; 28:59; Sakaria 8:6 ho.

Ebia nkyekyem a edi Mmebusɛm 30:18, 19 akyi no bɛma yɛn nnyinasode a ɛbɛma yɛahu nea na ɛyɛ den ma ɔkyerɛwfo no sɛ ɔbɛte ase no. Nkyekyem 20 ka ɔbea ɔwaresɛefo bi a “odidi popa n’ano, na ose: Memmɔɔ mmusu bi ɛ,” no ho asɛm. Ebia na ɔnam anifere kwan bi so ayɛ bɔne wɔ kokoam, nanso esiane sɛ ne nsɛmmɔne no ho hwee nnaa adi nti, obetumi aka sɛ ɔnyɛɛ bɔne bi ɛ.

Nsɛdi bi wɔ eyi ne nneɛma a wɔadi kan abobɔ din dedaw no mu. Ɔkɔre tu fa wim, ɔwɔ fa ɔbotan so, hyɛn fa asorɔkye mu​—wɔn mu biara nnyaw ne ho sɛnkyerɛnne biara wɔ n’akyi, na ɛbɛyɛ den sɛ wubehu ɔkwan a abiɛsa no mu biara faa so no. Sɛ eyi ne abiɛsa no nyinaa mu nsɛdi a, ɛnde nea ɛto so anan, a ɛne “ɔbarima kwan, ababaa ho” no nso ɛ?

Eyi nso yɛ nea ne hu betumi ayɛ den yiye. Aberante betumi afa anifere, ɔpɔw, ne nnaadaa kwan bɔkɔɔ bi so ama ɔbaabun bi a onnim hwee anya ne ho dɔ. Esiane sɛ onni asetra mu osuahu pii nti, ebia ɔrenhu n’anifere akwan no akyi. Bere a ne nsa aka no akyi koraa mpo no, ɔrentumi nkyerɛ ɔkwan a ɔfaa so nyaa no no; ɛbɛyɛ den ama wɔn a wohui no nso sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ mu. Mmabaa pii na adaadaafo aniferefo ama wɔahwere wɔn mmaabun a wɔyɛ no. Ɛyɛ den sɛ wobehu mmarima aniferefo yi kwan a wɔfa so no, nanso wɔwɔ botae bi, sɛnea ɔkɔre a otu fa wim, ɔwɔ a ɔtwe ne ho ase, anaa hyɛn a ɛnam po so wɔ botae no ara pɛ. Adaadaafo no fam de, wɔn botae ne sɛ wobenya obi ne no ada.

Wɔ ntease yi mu no, Mmebusɛm 30:18, 19 hɔ asɛm no mfa nyansahu anaa mfiridwuma ho nneɛma a ɛwɔ adebɔ mu ho. Mmom no, ɛhɔ asɛm no de abrabɔ pa ho kɔkɔbɔ bi ma yɛn, sɛnea Mmebusɛm 7:1-27 de aguaman ɔdaadaafo ho asiane ahorow a yɛbɛkwati ho kɔkɔbɔ ma yɛn no ara pɛ. Ɔkwan biako a Kristofo anuanom mmea betumi afa kɔkɔbɔ a ɛwɔ Mmebusɛm 30:18, 19 no aniberesɛm no fa mmarima a wɔkyerɛ Bible no sua ho anigye no ho. Sɛ ɔbarima bi a ɔda adamfofa su adi, nea ɔyɛ ɔyɔnko dwumayeni mpo, yɛ sɛ nea ɔkyerɛ anigye a ɛte sɛɛ a, ɛsɛ sɛ onuawa no de no ma onuabarima bi a ɔwɔ asafo no mu. Onua no betumi adi nokware anigye biara a ɔwɔ ho dwuma a “ɔbarima kwan, ababaa ho” mu asiane biara remma.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena