Nyarewa—So Ɛto Betwa Da Bi?
SƐ WUNYAA dompe mu akisikuru bɛyɛ mfe 10 a atwam ni no mu a, anka wurennya anidaso titiriw biara sɛ wobɛkɔ so atra ase. Sɛnea National Cancer Institute kyerɛ no, nnipa a wonyaa nnompe mu akisikuru mfe 10 a atwam ni no ɔha biara mu 80 wuwui mfe abiɛsa bere mu. Nanso, ɛnnɛ, esiane ayaresa ho nimdeɛ a akɔ anim nti, wokyerɛ sɛ wɔn a wɔyare yare a ɛte saa no ɔha biara mu 90 ho tɔ wɔn wɔ mfe abiɛsa bere mu bere a woahu ɔyare no akyi no.
Woanya nkɔso a ɛte saa ara wɔ nyarewa afoforo ho aduyɛ mu. Sɛ nhwɛso no, kuw bi a World Health Organization paw wɔn wiase nyinaa 1979 mu ma wɔyɛɛ nhwehwɛmu bi no kyerɛe sɛ mpete ase atu wɔ wiase nyinaa. Wɔ nsamanwaw fam no, ɛwom sɛ ekunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem 3 afe biara de, nanso World Health nsɛmma nhoma no kyerɛe sɛ: “Yɛwɔ nneɛma a ɛho hia na yɛde atu nsamanwaw ase no nyinaa dedaw. Nea yehia na yɛatumi atu ase korakora ɛnnɛ ne daakye ne sika fam mmoa ne pene a nniso horow no bɛpene so.”
Akyinnye biara nni ho sɛ wiase nyansahu anya nkɔso kɛse wo nyarewa ho akodi no mu. Nanso saa nokwasɛm yi da so wɔ hɔ: Wiase nyansahu ntumi nnii nyarewa so koraa. Sɛ nhwɛso no, komayare ne yare a ekum nnipa afrɛso sen biara wɔ aman a wɔanya nkɔanim no mu.
Nea ɛhaw adwene nso no, ɛte sɛ nea nyarewa ahorow a ɛyɛ hu no mu retrɛw, dedaw no wɔ hɔ na afoforo nso rebɛka ho. Ɛda adi pefee sɛ bere a wiase nyansahu akɔ anim kɛse na ama yɛn nneɛma pii a yebetumi ada ho ase no, biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ ɛreyi ɔyare afi hɔ. So anidaso biara nni hɔ mma daakye?
Anidaso Nnyinaso
Yɛwɔ biribiara a enti yebetumi anya anidaso sɛ nyarewa ahorow bɛba awiei. Nanso ɛnyɛ nea ɛnam wiase nyansahufo mmɔdenbɔ so. Mmom no, eyi bɛyɛ nea efi baabi a ɛkorɔn sen saa koraa.
Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔatumi adi nyarewa so korakora no, nneɛma abien ho hia kɛse: (1) Tumi a wɔde bɛyɛ saa ne (2) ɔpɛ. Eyinom mu biako a foforo no nka ho no renyɛ yiye. Kae sɛ World Health nsɛmma nhoma no kae sɛ onipa betumi ayi nsamanwaw afi hɔ korakora, nanso onni “sika ne amammui kwan so ɔpɛ.”
Onipa biako pɛ na ɔwɔ amansan yi nyinaa mu a ɔwɔ tumi ne ɔpɛ sɛ obeyi nyarewa nyinaa afi hɔ daa—Onyankopɔn ankasa! Ampa, bere a Yesu Kristo, a ɔdaa n’Agya su horow adi pɛpɛɛpɛ no wɔ asase so no, ɔdaa sɛnea tumi a efi Onyankopɔn nkyɛn betumi adi nyarewa ne mmerɛwyɛ ahorow so nkonim no adi ma ɛyɛɛ nwonwa.—Yohane 14:9.
Akyinnye biara nni ho sɛ ɛdenam “Onyankopɔn tumi” so no, Yesu Kristo tumi dii ɔyare so tumi. (Luka 9:43) Ɔhonam fam ankasa no Yesu saa ayarefo ne ahoɔmmerɛfo pii yare—mpakye, abubuafo ne anifuraefo (Mateo 15:30, 31) , wɔn a wotwa, wɔn a wɔabubu (Mateo 4:24) , akwatafo (Luka 17:12-14) , ɔbea a mogya tu no (Marko 5:25-29) , obi a ne nsa awu (Marko 3:3-5) , obi a ɔyare sasaborɔ (Luka 14:2-4) ne nnipa a wɔyare “nyarewa ahorow.” (Luka 4:40) Yiw, mmere horow abiɛsa wɔ hɔ a Yesu nyan awufo! (Luka 7:11-15; 8:49-56; Yohane 11:38-44) Mpɛn pii no ayaresa no bae amonom hɔ ara, a na bere tenten biara ho nhia na onii no de anya ahoɔden.
Ampa, sɛ́ na Yesu wɔ ɔpɛ sɛ obedi ɔyare so nkonim no da adi wɔ nyarewa ahorow pii a ɔsae no mu. Nanso, wɔ ɔkwan bi a egu awɔsẽ so no, Bible no da ɔpɛ a na Yesu wɔ sɛ ɔbɛsa afoforo yare no adi.
Bere a ɔtee Yohane Osuboni no wu ho asɛm no, Yesu faa ɔkorow na ne nkutoo kɔɔ beae bi a atew ne ho. Nanso ɛda adi sɛ nnipa pii huu ɔkorow no, na wohuu beae a ɛrekɔ. Ná wɔretwɛn Yesu bere a okoduu hɔ no. Dɛn na Yesu yɛe? So ɛhaw no? So ne bo fuwii? Na, so na onni hokwan sɛ ɔkɔhome kakra a? Nanso, sɛ́ anka wɔn ho bɛyɛ no ahometew mmom no, kyerɛwtohɔ no kyerɛkyerɛ mu sɛ:
“Na osii fam behuu nkurɔfo pii, na ne yam hyehyee no maa wɔn, na ɔsaa wɔn mu ayarefo yare.” (Mateo 14:13, 14) Bible ho nimdefo bi ka wɔ Hela asɛmfua a wɔakyerɛ ase wɔ ha sɛ “ne yam hyehyee no” no ho sɛ: “Ɛyɛ asɛmfua a emu yɛ den sen biara a egyina hɔ ma mmɔborohunu kwan so ayamhyehye wɔ Hela kasa no mu. Efi asɛmfua splagchna, a ɛkyerɛ nsono, mu, na ɛka mmɔborohunu ne ayamhyehye a ɛka obi mmoroso ankasa ho asɛm.” Yiw, na ɛyɛ den ma Yesu sɛ obehu sɛ afoforo rehu amane a ɔnyɛ ho hwee.—Luka 5:12-14.
Akyinnye biara nni ho. Bere a Onyankopɔn ama no tumi no, na Yesu Kristo betumi adi ɔyare so nkonim, na na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ saa. Na ɔda so te saa ara! (Hebrifo 13:8) Nyarewa ahorow a ɔsae bere a ɔwɔ asase so no yɛɛ ayaresa nhyira horow a adesamma nsa bɛka wɔ asase so nyinaa wɔ Onyankopɔn Ahenni nniso no ase no ho mfonini. ‘Nanso,’ ebia wubebisa sɛ, ‘bere bɛn na eyi bɛba?’
Nyarewa Awiei Abɛn!
Sɛnea wɔada no adi mpɛn pii wɔ Ɔwɛn-Aban no mu no, “sɛnkyerɛnne” a ɛyɛ nneɛma ahorow a aka abom, a ‘ɔyaredɔm,’ anaa nyarewa ahorow yɛ ne fã no yɛ nea ɛda adi yiye efi 1914. Sɛ wopɛɛpɛɛ adanse horow no mu a, akyinnye biara nni ho sɛ Yesu asɛm no abam. Enti nyarewa ahorow pii a yehu no yɛ Yesu nkɔmhyɛ a ɛwɔ Mateo 24:3-7 ne Luka 21:10, 11 no mmamu. Ɛno kyerɛ sɛ yɛte “nneɛma nhyehyɛe no awiei” bere no mu!
Ɛrenkyɛ, Onyankopɔn Ahenni beyi nneɛma nhyehyɛe bɔne a ɛwɔ hɔ yi afi hɔ na ɛde trenee nhyehyɛe foforo asi anan mu. (2 Petro 3:13) Afei, wɔ Ahenni no nniso ase no, ɔyaredɔm anaa nyarewa ahorow remma yɛn akwahosan ne nkwa mmɔ yɛn. Anigye bɛn ara na yebetumi anya sɛ yɛn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no wɔ tumi ne ɔpɛ sɛ obeyi nyarewa ahorow afi hɔ korakora!—Adiyisɛm 21:3, 4.
So wobɛpɛ sɛ wunya nhyira horow a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ yi ne nea ɛsɛ sɛ woyɛ ansa na woanya ho mfaso no ho nimdeɛ pii anaa? Yehowa Adansefo de anigye bɛboa wo. Dɛn nti na wonhwehwɛ wɔn wɔ faako a wote no anaasɛ wonkyerɛw nsɛmma nhoma yi tintimfo?
[Kratafa 6 adaka]
“Hwɛ, merebɔ ɔsoro foforo ne asase foforo, na wɔrenkae kan de no no ɛremma koma mu bio; na mmom, momma mo ho nsɛpɛw mo na munni ahurusi daa daa, ade a merebɔ no nti.”—Yesaia 65:17, 18.
[Kratafa 5 mfoni]
Ná Yesu wɔ tumi ne ɔpɛ sɛ obedi nyarewa so