“Monhwehwɛ Asomdwoe Na Munni Akyiri”
‘Ma wɔnkamfo Yehowa, nea n’akoa asomdwoe sɔ n’ani no.’—DWOM 35:27.
1. Asomdwoe bɛn na yɛwɔ nnɛ?
HWƐ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ yebenya asomdwoe wɔ wiase a emu apaapae yi mu! Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ yɛbɛsom Yehowa, “asomdwoe Nyankopɔn no ara,” na yeanya ‘n’asomdwoe apam’ mu nhyira ahorow no bi! Hwɛ sɛnea ɛyɛ ahomeka sɛ wo asetra mu ahokyere ahorow mu no, yebehu “Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no,” na yennya ‘asomdwoe hama’ a ɛka Onyankopɔn nkurɔfo bom a ɔman a wofi so, wɔn kasa, mmusua a wofi mu, anaa wɔn asetra mu nsɛm tebea mfa ho no!—1 Tesalonikafo 5:23; Hesekiel 37:26; Filipifo 4:7; Efesofo 4:3.
2, 3. (a) Bere a Onyankopɔn nkurɔfo begyina sɛ kuw no, dɛn na ebetumi ato Kristofo ankorankoro? (b) Dɛn na Bible no hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ?
2 Sɛ Yehowa Adansefo no, asomdwoe yi som bo ma yɛn. Nanso yentumi mfa no sɛ ɛno ara bɛba ara kwa. Ɛnyɛ yɛn ho a yɛde bɔ Kristofo asafo bi ho anaa Kristofo abusua bi mufo a yɛyɛ kɛkɛ no na ɛbɛma yɛakɔ so akura asomdwoe mu. Nkaefo a wɔasra wɔn ne wɔn mfɛfo “nguan afoforo” no bɛkɔ so agyina akosi awiei sɛ nguankuw biako de, nanso ankorankoro betumi ahwere wɔn asomdwoe ma wɔawae.—Yohane 10:16; Mateo 24:13; Romafo 11:22; 1 Korintofo 10:12.
3 Ɔsomafo Paulo bɔɔ ne bere so Kristofo a wɔasra wɔn no kɔkɔ sɛ: “Monhwɛ yiye, anuanom, na koma bɔne a ennye nni amma mo mu biara mu, na wanwae amfi Nyankopɔn teasefo ho.” (Hebrifo 3:12) Kɔkɔbɔ yi fa nnipakuw kɛse no nso ho. Enti Bible no hyɛ Kristofo nkuran sɛ: ‘Monhwehwɛ asomdwoe na munni akyi. Efisɛ Yehowa ani wɔ wɔn a wɔteɛ so, na n’aso abue ama wɔn adesrɛ, na Yehowa ani sa wɔn a wɔyɛ bɔne.’—1 Petro 3:10-12; Dwom 34:14, 15.
“Ɔhonam Adwene”
4. Dɛn na ebetumi asɛe yɛne Onyankopɔn ntam asomdwoe?
4 Dɛn na ebetumi asiw asomdwoe akyi a yebedi no kwan? Paulo bɔ ade biako din bere a ɔka sɛ: “Na ɔhonam adwene yɛ owu, na honhom adwene yɛ nkwa ne asomdwoe. Efisɛ ɔhonam adwene yɛ nitan a ɛtan Onyankopɔn.” (Romafo 8:6, 7) “Ɔhonam” a Paulo ka ho asɛm no kyerɛ yɛn tebea a ɛba fam sɛ nnipa a wɔtɔ sin na wɔwɔ bɔne su horow a wonya fii awo mu. Yɛn ho mu a yebegyaa ama ɔhonam a ɛtɔ sin akɔnnɔ ahorow no bɛsɛe yɛn asomdwoe. Sɛ Kristoni de ne ho hyɛ abrabɔ bɔne, atorodi, korɔnbɔ, nnubɔne a wɔde di dwuma mu, anaasɛ obu ɔsoro mmara so ɔkwan foforo bi so a onnu ne ho a, ɔsɛe asomdwoe a na anka ɛwɔ ɔne Yehowa ntam no. (Mmebusɛm 15:8, 29; 1 Korintofo 6:9, 10; Adiyisɛm 21:8) Bio nso, sɛ ɔma honam fam nneɛma ho hia no kyɛn honhom fam nneɛma a, ɔne Onyankopɔn ntam asomdwoe ba asiane kɛse mu.—Mateo 6:24; 1 Yohane 2:15-17.
5. Dɛn na asomdwoe akyi a yebedi no kyerɛ?
5 Nea ɛne eyi bɔ abira no, Paulo kae sɛ: “Honhom adwene yɛ nkwa ne asomdwoe.” Asomdwoe yɛ honhom aba no bi, na sɛ yɛma yɛn koma ani sɔ honhom fam nneɛma, na yɛbɔ mpae sɛ Onyankopɔn honhom mmoa yɛn wɔ eyi mu a, ende yebekwati “ɔhonam adwene.” (Galatifo 5:22-24) Wɔ 1 Petro 3:10-12 no, wɔde asomdwoe bata trenee ho. (Romafo 5:1) Petro se nea ɛka asomdwoe akyidi ho ne sɛ ‘yebekyi bɔne na yɛayɛ papa.’ Onyankopɔn honhom betumi aboa yɛn ma ‘yɛadi trenee akyi,’ na yɛnam saayɛ so akura yɛne Onyankopɔn ntam asomdwoe mu.—1 Timoteo 6:11, 12.
6. Dɛn ne mpanyimfo asɛyɛde biako wɔ asafo no asomdwoe ho?
6 Asomdwoe akyidi ho hia asafo mu mpanyimfo yiye. Sɛ nhwɛso no, sɛ obi bɔ mmɔden sɛ ɔde nneyɛe fi bɛba asafo no mu a, ɛyɛ mpanyimfo no asɛyɛde sɛ wɔbɔ asafo no ho ban denam mmɔden a wɔbɛbɔ sɛ wɔbɛka ɔbɔnefo no anim so. Sɛ ogye animka no tom a, ɔbɛsan anya asomdwoe bio. (Hebrifo 12:11) Anyɛ saa a, ɛho behia sɛ wɔpam no na asafo no ne Onyankopɔn ntam asomdwoe akɔ so atra hɔ.—1 Korintofo 5:1-5.
Yɛne Yɛn Nuanom Ntam Asomdwoe
7. Nea ‘ɔhonam adwene’ da adi bɛn na Paulo bɔ Korintofo no kɔkɔ wɔ ho?
7 Ɛnyɛ yɛne Onyankopɔn ntam asomdwoe nko na ‘ɔhonam adwene’ betumi asɛe no, na mmom yɛne Kristofo afoforo ntam abusuabɔ pa nso. Paulo kyerɛw Korintofo no sɛ: “Moda so yɛ ɔhonam mufo. Na seesei ara po ahoɔyaw ne kunsunkunsum ne mpaapaemu wɔ mo mu yi, monyɛ ɔhonam mufo, na monnantew nnipam anaa?” (1 Korintofo 3:3) Ahoɔyaw ne kunsunkunsum bɔ asomdwoe abira koraa.
8. (a) Dɛn na ebetumi aba nea ɔde ahoɔyaw ne kunsunkunsum ba asafo no mu no so? (b) Dɛn so na yɛne Onyankopɔn ntam asomdwoe gyina?
8 Ahoɔyaw ne kunsunkunsum a yɛde bɛsɛe asafo no asomdwoe no yɛ aniberesɛm yiye. Ɔsomafo Yohane reka su bi a ɛfa asomdwoe ho sɛ honhom aba ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Sɛ obi ka sɛ: Medɔ Onyankopɔn, na ɔtan ne nua a, ɔyɛ ɔtorofo. Na nea ɔnnɔ ne nua a ohu no no, ɛbɛyɛ dɛn na obetumi adɔ Onyankopɔn a onhuu no ɛ?” (1 Yohane 4:20) Saara nso na sɛ obi ma ahoɔyaw ne kunsunkunsun ba anuanom ntam a, so asomdwoe bɛba ɔne Onyankopɔn ntam ankasa? Dabida! Wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ: “Mo ani nnye, monyɛ pɛ, mo werɛ nkyekye, munnwen ade koro, montra asomdwoe mu, na ɔdɔ ne asomdwoe Nyankopɔn bedi mo akyi.” (2 Korintofo 13:11) Yiw, sɛ yɛkɔ so ne yɛn ho yɛn ho tra asomdwoe mu a, ɛnde ɔdɔ ne asomdwoe Nyankopɔn no bedi yɛn akyi.
9. Yɛyɛ dɛn hu sɛ ɛtɔ mmere bi a, akasakasa ne akyinnyegye bɛba Kristofo ntam?
9 Eyi nkyerɛ sɛ akasakasa remma Kristofo ntam da. Adapɛn a edii Pentekoste akyi no mu no, daa aduan kyekyɛ ho akasakasa sɔree wɔ Kristofo asafo foforo no mu. (Asomafo no Nnwuma 6:1) Bere bi, akasakasa a esii Paulo ne Barnaba ntam no kowiee ‘abufuw a ano yɛ hyew’ mu. (Asomafo no Nnwuma 15:39) Na ɛsɛ sɛ Paulo tu Euodia ne Sintike, a akyinnye biara nni ho sɛ wɔyɛ anuawanom mmɔdenbɔfo no fo sɛ “wonnwen ade koro Awurade mu.” (Filipifo 4:2) Ɛnyɛ nwonwa sɛ Yesu de sɛnea wodi nneɛma a ɛsɛe Kristofo ntam asomdwoe ho dwuma ho afotu mae, na osii sɛnea ehia sɛ wodi nsɛnnennen a ɛte sɛɛ ho dwuma ntɛm ara so dua no! (Mateo 5:23-25; 18:15-17) Sɛ na ɔnhwɛ kwan sɛ nsɛnnennen bɛba n’akyidifo ntam a, anka ɔremfa afotu yi mma.
10. Tebea horow bɛn na ɛtɔ mmere bi a ɛsɔre wɔ asafo bi mu, na asɛyɛde bɛn na eyi de to obiara so?
10 Ɛnde nnɛ, ebetumi aba sɛ Kristoni bi asɛm a wanka no yiye, anaasɛ nea wobebu no sɛ animtiaabu bɛma obi afa abufuw. Obi suban betumi ayɛ obi foforo ahi yiye. Nnipa a wɔne wɔn ho nhyia betumi de ntawtawdi aba. Ebia obi ne mpanyimfo no renyɛ adwene wɔ wɔn gyinaesi bi ho koraa. Mpanyimfo kuw no mpo mu no, ebia ɔpanyin biako bɛyɛ katee a ɔbɛbɔ mmɔden sɛ ɔbɛma mpanyimfo a aka no atie nea ɔka bere nyinaa. Ɛmfa ho sɛ nsɛm a ɛte sɛɛ sisi no, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ asomdwoe na yedi akyi ara. Nea ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden yɛ ne sɛ yebedi nsɛnnennen yi ho dwuma sɛnea ɛsɛ sɛ Kristofo yɛ no na ama yɛakɔ so akura ‘asomdwoe biakoyɛ hama’ no mu.—Efesofo 4:3.
11. Nsiesiei bɛn na Yehowa ayɛ na aboa yɛn ma yɛadi yɛne yɛn ho yɛn ho ntam asomdwoe akyi?
11 Bible no se: ‘Ma wɔnkamfo Yehowa, nea n’akoa asomdwoe sɔ n’ani no.’ (Dwom 35:27) Yiw, Yehowa pɛ sɛ yenya asomdwoe. Enti, wayɛ nsiesiei ahorow abien a ɛda nsow na aboa yɛn ma yɛakura yɛn ho yɛn ho ne yɛne no ntam asomdwoe mu. Biako ne honhom kronkron a n’aba biako ne asomdwoe, ne su horow te sɛ abodwokyɛre, ayamye, odwo, ne anidahɔ. (Galatifo 5:22, 23) Foforo no ne ɔsoro nyansa, a yɛkenkan ho asɛm sɛ: “Nyansa a efi soro no de, nea edi kan ne sɛ ɛho tew, ɛwɔ asomdwoe, ɛwɔ odwo, ɛwɔ asoɔmmerɛw; mmɔborohunu ne aba pa ayɛ no ma.”—Yakobo 3:17, 18.
12. Sɛ yɛne yɛn nuanom ntam asomdwoe ho aba asɛm a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?
12 Enti, sɛ yɛne afoforo ntam asomdwoe ho ba asɛm a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ ɔsoro nyansa ho mpae na akyerɛ yɛn sɛnea yɛnyɛ ade, na ɛsɛ sɛ yɛsrɛ honhom kronkron na ahyɛ yɛn den ma yɛayɛ nea ɛteɛ. (Luka 11:13; Yakobo 1:5; 1 Yohane 3:22) Sɛnea ɛne yɛn mpaebɔ hyia no, yebetumi ahwehwɛ akwankyerɛ afi ɔsoro nyansa fibea a ɛne Bible no mu, na yɛahwehwɛ afotu afi Bible nhoma ahorow a ɛwɔ hɔ no mu wɔ sɛnea yɛde Kyerɛwnsɛm no bedi dwuma ho. (2 Timoteo 3:16) Ebia yɛbɛpɛ sɛ yekogye afotu fi asafo no mu mpanyimfo hɔ nso. Adeyɛ a etwa to ne sɛ yebedi akwankyerɛ a yenyae no so. Yesaia 54:13 se: ‘Wo mma nyinaa bɛyɛ wɔn a Yehowa kyerɛkyerɛ wɔn, na wo mma asomdwoe bɛdɔɔso.’ Eyi kyerɛ sɛ yɛn asomdwoe gyina nea Yehowa kyerɛ yɛn a yɛde bedi dwuma no so.
‘Anigye Ne Wɔn a Wɔpɛ Asomdwoe’
13, 14. (a) Dɛn na Yesu asɛm a ɔkae sɛ “wɔn a wɔpɛ asomdwoe” no kyerɛ? (b) Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ apatafo?
13 Yesu kae wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu sɛ: “Anigye ne wɔn a wɔpɛ asomdwoe, efisɛ wɔn na wɔbɛfrɛ wɔn Onyankopɔn mma.” (Mateo 5:9, New World Translation) Ɛha no, ‘wɔn a wɔpɛ asomdwoe’ no nkyerɛ obi a awosu mu no, odwo ara kɛkɛ. Mfitiase Hela asɛmfua no kyerɛ “apatafo.” Ɔpatafo ho akokwaw wɔ sɛnea wɔsan ma asomdwoe ba bere a ɛho aba asɛm mu no mu. Nanso, nea ɛho hia kyɛn saa no, ɔpatafo bɔ mmɔden kwati sɛ ɔbɛsɛe asomdwoe mpo. ‘Asomdwoe di ne koma so.’ (Kolosefo 3:15) Sɛ Onyankopɔn nkoa bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ apatafo a, wɔn ntam nsɛnnennen rennɔɔso.
14 Apatafo a yɛbɛyɛ hwehwɛ sɛ yehu yɛn ankasa mmerɛwyɛ ahorow. Sɛ nhwɛso no, ebia Kristoni bi bo haw no, anaasɛ asɛm haw no ntɛmntɛm na ɛnkyɛ na ne bo fuw. Sɛ ne bo fuw a, ne nkate ahorow betumi ama ne werɛ afi Bible nnyinasosɛm ahorow. Eyi nyɛ nea wɔnhwɛ kwan wɔ nnipa a wɔtɔ sin ho. (Romafo 7:21-23) Nanso, wɔka ɔtan, kunsunkunsum, ne abufuw ho asɛm sɛ ɛyɛ ɔhonam nnwuma. (Galatifo 5:19-21) Sɛ yehu su horow a ɛte sɛ wɔ yɛn ho—anaa sɛ afoforo twe yɛn adwene si so a—ɛsɛ sɛ yɛkɔ so bɔ mpae denneennen na Yehowa honhom ama yɛn ahosodi ne odwo. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ obiara bɔ mmɔden sɛ obenya su horow yi bi sɛ ne nipasu foforo no fã.—Efesofo 4:23, 24; Kolosefo 3:10, 15.
15. Ɔkwan bɛn so na ɔsoro nyansa ne mpiyɛ a nyansa nnim bɔ abira?
15 Ɛtɔ mmere bi a, obi a ɔyɛ mpi na ɔpɛ sɛ ɔyɛ nea ɔpɛ bere nyinaa no haw asafo bi anaa mpanyimfo kuw bi. Nokwarem no, sɛ nsɛm a ɛfa ɔsoro mmara ho sɔre a, ɛsɛ sɛ Kristoni adwene si pi, a ɔnsakra n’adwene. Na sɛ yɛte nka sɛ yɛwɔ nsusuwii bi a ɛho betumi aba afoforo mfaso a, ɛnyɛ bɔne sɛ yɛbɛka no pefee, mpɛn dodow a yɛde ho nkyerɛkyerɛmu ma no. Nanso yɛmpɛ sɛ yɛyɛ sɛ wiasefo a ‘wɔne afoforo nyɛ adwene wɔ biribiara ho no.’ (2 Timoteo 3:1-4) Nyansa a efi soro no wɔ asomdwoe ne odwo. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ katee ne mpi no tie afotu a Paulo de maa Filipifo no sɛ ‘wɔnnyɛ biribiara anuonyamhunupɛ so’ no.—Filipifo 2:3.
16. Ɔkwan bɛn so na Paulo afotu a ɛwɔ Filipifo nhoma no mu no boa yɛn ma yetumi di anuonyamhunupɛ so nkonim?
16 Paulo de nkuranhyɛ ma wɔ krataa koro no ara mu sɛ yemfi nokwaredi mu ‘mfa ahobrɛase adwene mmu afoforo sɛ wɔsen yɛn.’ Eyi bɔ anuonyamhunupɛ abira koraa. Ɛnyɛ nea Kristoni a ne ho akokwaw di kan dwen ho ne sɛ ɔbɛhyɛ afoforo ma wɔagye n’ankasa nsusuwii atom, ɔbɛkwati animguase, anaa ɔbɛbɔ n’ankasa dibea ne tumi ho ban. Eyi ne Paulo afotu sɛ ‘ɔnnhwɛ ne nko ade n’ankasa nsɛm mu nko, na mmom afoforo ade wɔn nsɛm mu nso’ bɛbɔ abira.—Filipifo 2:4; 1 Petro 5:2, 3, 6.
Asomdwoe Nsɛm
17. Tɛkrɛma a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so bɛn na ebetumi asɛe asafo no asomdwoe?
17 Nea odi asomdwoe akyi no yɛ ahwɛyiye kɛse wɔ sɛnea ɔde ne tɛkrɛma di dwuma ho. Yakobo bɔ kɔkɔ sɛ: “Tɛkrɛma nso yɛ ɔhonam akwaa mu ketewaa, nanso ɛhoahoa ne ho ade kɛse ho. Ogya ketewaa nso, monhwɛ kwae kɛse a ebetumi asɔ!” (Yakobo 3:5) Nseku bɔne, afoforo a wɔkasa tia wɔn wɔ wɔn akyi, nsɛm a epira, anwiinwii, ne afoforo a wɔdɛfɛdɛfɛ wɔn na wɔanya wɔn ho mfaso—eyinom nyinaa yɛ ɔhonam nnwuma a ɛsɛe Onyankopɔn nkurɔfo asomdwoe.—1 Korintofo 10:10; 2 Korintofo 12:20; 1 Timoteo 5:13; Yuda 16.
18. (a) Sɛ ɛba sɛ wɔde tɛkrɛma di dwuma ɔkwammɔne so a wɔanhyɛ da a, ɔkwan pa bɛn na ɛsɛ sɛ obiara fa so? (b) Sɛ abufuw ma obi ka nsɛm a epira a, Kristofo a wɔn ho akokwaw yɛ wɔn ade dɛn?
18 Ampa, Yakobo kae sɛ: “Tɛkrɛma de, onipa biara ntumi nnwudwo no.” (Yakobo 3:8) Ɛyɛ a Kristofo a wɔn ho akokwaw mpo ka nsɛm a akyiri yi ɛma wonu wɔn ho ampa. Yɛn nyinaa hwɛ kwan sɛ afoforo de mfomso a ɛte sɛɛ befiri yɛn sɛnea yɛde firi wɔn no. (Mateo 6:12) Ɛtɔ mmere bi a, abufuw a ano yɛ hyew bɛma wɔaka nsɛm a epira. Ɛha na ɔpatafo bɛkae sɛ “mmuae bɔkɔɔ sianka anibere, na nsɛnnennen hwanyan abufuw mu.” (Mmebusɛm 15:1) Mpɛn pii no, nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ ara ne sɛ obegu ahome kɛse na wakwati sɛ ɔde abufuw nsɛm pii beyi abufuw nsɛm ano. Akyiri yi, bere a abufuw ano adwudwo no, ɔpatafo ɔyamyefo nim sɛnea wobu ani gu nsɛm a abufuw maa obi kae so. Na Kristoni ɔhobrɛasefo behu sɛnea ɔbɛpa kyɛw na wabɔ mmɔden sɛ obeyi ɛyawdi biara a ɔma ɛbae no afi hɔ. Ɛkyerɛ nokwaredi ankasa sɛ obi befi nokwaredi mu aka sɛ “mesrɛ wo.”
19. Dɛn na yesua fi Paulo ne Yesu nkyɛn wɔ sɛnea wɔde afotu ma ho?
19 Ebia ebehia sɛ wɔde tɛkrɛma tu afoforo fo. Paulo kaa Petro anim baguam bere a ɔyɛɛ n’ade ɔkwan a ɛmfata so wɔ Antiokia no. Na Yesu de afotu a emu yɛ den mae wɔ nkrasɛm a ɔde kɔmaa asafo ahorow ason no mu. (Galatifo 2:11-14; Adiyisɛm, atiri 2, 3) Sɛ yɛhwɛ nhwɛso ahorow yi mu a, yehu sɛ ɛnsɛ sɛ wogow afotu mu araa ma aba a ɛwom no yera. Nanso, Yesu ne Paulo ankasa ɔkwan a epira so. Na wɔn afotu no nyɛ ɔkwan a wɔnam so da wɔn abasamtu adi. Na wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa wɔn nuanom ampa. Sɛ nea ɔretu fo no te nka sɛ onni ne tɛkrɛma so tumi papa a, ebia ɔbɛpaw sɛ obegyae kasa na n’abufuw ano abrɛ ase kakra ansa na waka biribi. Anyɛ saa a, ɔbɛka nsɛm a epira na wama asɛnnennen a ɛsen nea ɔrebɔ mmɔden adi ho dwuma no aba.—Mmebusɛm 12:18.
20. Dɛn na ɛsɛ sɛ enya nea yɛka kyerɛ anaa yɛka fa yɛn nuanom mmarima ne mmea ho no so nkɛntɛnso?
20 Sɛnea wɔadi kan aka no, abusuabɔ bi da asomdwoe ne ɔdɔ a ne nyinaa yɛ honhom aba no ntam. Sɛ nea yɛka kyerɛ yɛn nuanom—anaa de fa wɔn ho no—da yɛn dɔ ma wɔn no adi bere nyinaa a, ɛnde ɛbɛboa ma asomdwoe aba asafo no mu. (Yohane 15:12, 13) Ɛsɛ sɛ yɛn kasa ho ‘ba nyam a nkyene wɔ mu.’ (Kolosefo 4:6) Ɛsɛ sɛ ɛyɛ dɛ, na ɛyɛ koma akɔnnɔ. Yesu de afotu mae sɛ: “Munnya nkyene mo ankasa mu, na munnya asomdwoe mo mu.”—Marko 9:50.
‘Monnyɛ Nea Mubetumi Nyinaa’
21. Dɛn na ɛda adi wɔ Onyankopɔn nkurɔfo ho wɔ wɔn dapɛn biara nhyiam horow ne nhyiam akɛse ase?
21 Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Hwɛ oye a eye ne fɛ a ɛyɛ sɛ anuanom bom tra faako!” (Dwom 133:1) Nokwarem no, yɛn ani gye sɛ yɛne yɛn nuanom bɛtra, titiriw wɔ yɛn dapɛn biara nhyiam horow ne nhyiam akɛse ase. Mmere a ɛte sɛɛ mu no, yɛn asomdwoe da adi ma wɔn a wonni asafo no mu mpo hu.
22. (a) Atoro asomdwoe bɛn na ɛrenkyɛ amanaman no besusuw sɛ wɔrenya, na ɛde dɛn na ɛbɛba? (b) Nokware asomdwoe bɛn na Onyankopɔn asomdwoe apam no de bɛba?
22 Ɛrenkyɛ amanaman no besusuw sɛ wɔrekwati Yehowa anya asomdwoe. Nanso bere a wɔreka sɛ “Asomdwoe ne ahotɔ!” no, ɔsɛe bɛba wɔn a asomdwoe nni wɔne Onyankopɔn ntam no nyinaa so mpofirim. (1 Tesalonikafo 5:3) Ɛno akyi no, Asomdwoe Hene kɛse no bɛsa adesamma yare wɔ awerɛhosɛm a afi nnipa ne Onyankopɔn ntam asomdwoe a ɛyerae mu aba no ho. (Yesaia 9:6, 7; Adiyisɛm 22:1, 2) Afei, Onyankopɔn asomdwoe apam no de asomdwoe bɛba wiase nyinaa. Asase so mmoa mpo renyɛ keka bio.—Dwom 37:10, 11; 72:3-7; Yesaia 11:1-9; Adiyisɛm 21:3, 4.
23. Sɛ wiase foforo a asomdwoe wom ho anidaso som bo ma yɛn a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ mprempren?
23 Anigye bere bɛn ara na ɛno bɛyɛ sɛɛ yi! So wode ahopere hwɛ kwan? Sɛ ɛte saa a, ‘di wone nnipa nyinaa ntam asomdwoe akyi.’ Hwehwɛ wo ne wo nuanom, ne titiriw no, Yehowa ntam asomdwoe mprempren. Yiw, ‘sɛ woretwɛn nneɛma yi nti, yɛ nea wubetumi nyinaa, na awiei no wahu wo sɛ wo ho nni nkekae ne dɛm, asomdwoe mu.’—Hebrifo 12:14; 2 Petro 3:14.
So Wokae?
◻ Dɛn na ebetumi asɛe yɛne Yehowa ntam asomdwoe?
◻ Akasakasa bɛn na ebia ebehia sɛ wosiesie wɔ asafo no mu?
◻ Nsiesiei bɛn na Yehowa ayɛ na aboa yɛn ma yɛahwehwɛ asomdwoe na yɛadi akyi?
◻ Ɔhonam fam su horow bɛn na ebetumi asɛe asafo no mu asomdwoe, na ɔkwan bɛn so na yɛbɛko atia?
[Mfonini wɔ kratafa 22]
Asomdwoe abu so wɔ wɔn a Yehowa kyerɛkyerɛ wɔn mu
[Mfonini wɔ kratafa 24]
Hwɛ sɛnea anuanom a wɔsom wɔ biakoyɛ mu no asomdwoe yɛ fɛ!