Wɔrebefi Dwumadi Kɛse Bi Ase
BERE a Richard ne Lusia reka wɔn mfɛfo adesuafo a wɔne wɔn kɔɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu no adesuakuw a ɛto so 105 no ho asɛm no, wɔkae sɛ: “Ná akansi biara nni yɛn mu. Ná obiara pɛ sɛ ne yɔnko bɔ mmɔden. Yɛn mu biara yɛ soronko koraa, nanso yebu osuani biara sɛ ɔsom bo.” Lowell a na ɔno nso ka adesuafo no ho gye toom, na ɔde kaa ho sɛ: “Nsonsonoe a ɛda yɛn ntam no aka yɛn abom.”
Anokwa, na adesuakuw a wowiee wɔn adesua September 12, 1998 no gu ahorow. Ná adesuafo no binom ayɛ akwampae adwuma wɔ mmeae a wohia Ahenni adawurubɔfo pii; na na afoforo nso de nokwaredi asom wɔ baabi a ɛbɛn wɔn kurom. Ɛho behiae sɛ wɔn mu kakraa bi te sɛ Mats ne Rose-Marie mia wɔn ani de nnɔnhwerew pii sua Engiresi kasa no yiye ansa na wɔreba sukuu no. Ná asɛmpatrɛw adwuma wɔ adesuafo no pii adwenem fi wɔn mmofraase. Ná awarefo bi akyerɛw ho akwammisa krataa mpɛn 12; hwɛ sɛnea wɔn ani gyei sɛ wɔtoo nsa frɛɛ wɔn sɛ wɔmmra adesuakuw a ɛto so 105 no!
Nnawɔtwe 20 ntetee a emu dɔ no twaam ntɛmntɛm. Adesuafo no ani baa wɔn ho so no, na wɔakyerɛw wɔn dwumadi a etwa to awie de wɔn amanneɛbɔ a edi akyiri no ama dedaw, ma da a wɔde bewie wɔn adesua no adu so.
Dwumadi no guamtrani, Albert Schroeder, a ɔyɛ Yehowa Adansefo Sodikuw no muni no kaee adesuafo no sɛ wɔrebefi “dwumadi kɛse bi ase wɔ Bible nkyerɛkyerɛ mu,” de adi nnipa bɛboro 7,000 a wɔaba Gilead dedaw no nhwɛso akyi. Ɔkae sɛ wɔ ahohuru bere no mu no, adesuafo no nyaa hokwan soronko ne asɛmpatrɛwfo a wɔayɛ adwuma no akyɛ bɔe bere a saafo a wɔbaa amanaman ntam nhyiam horow no kɔhwehwɛɛ wiase nyinaa adwumayɛbea ti hɔ no.
Afei Onua Schroeder frɛɛ Max Larson a ɔka Betel Dwumadi Boayikuw no ho. Asɛmti a ɔkaa ho asɛm ne “Nkyerɛkyerɛ a Ɛkɔ Daa Nkwa Mu.” Onua Larson faa asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 1:5 no kae sɛ: “Onyansafo ntie, na n’adenim nnɔɔso, na onimdefo mfa nnya atɛmpa [ahokokwaw, NW].” Egye ahokokwaw na obi atumi ayɛ ɔsɛmpatrɛwfo a otu mpɔn. Nnipa a wɔn ho akokwaw gyina ahene anim. (Mmebusɛm 22:29) Bere a wɔde asram anum akyerɛkyerɛ wɔn awie no, na adesuafo no asiesie wɔn ho yiye sɛ wɔbɛkɔ akogyina Ahene a wɔkorɔn sen biara, Yehowa Nyankopɔn ne Kristo Yesu ananmu.
David Olson a ɔwɔ Ɔsom Dwumadibea no na odi hɔ a ɔkasae wɔ asɛmti a ɛne sɛ “Boa Ma Yehowa Koma Ntɔ ne Yam” ho. Obisae sɛ: “Dɛn na nnipa a wɔnyɛ pɛ betumi ayɛ ama Nyankopɔn koma atɔ ne yam?” Ɛho mmue ne dɛn? Ɛne sɛ, wobetumi de nokwaredi, mũdi mu kura, ne anigye asom no. Yehowa pɛ sɛ ne nkurɔfo ani gye wɔ ɔsom a wɔde ma no no ho. Sɛ yɛde anigye yɛ Nyankopɔn apɛde a, yɛma ne koma tɔ ne yam. (Mmebusɛm 27:11) Onua Olson kenkanee krataa bi a efi asɛmpatrɛwfo awarefo bi a wowiee Gilead adesuakuw a ɛto so 104 no hɔ. So wɔn ani gye wɔn dwumadi foforo no ho? Wɔkyerɛw faa wɔn asafo no ho sɛ: “Yɛwɔ adawurubɔfo bɛyɛ 140, na yenya nnipa 250 kosi 300 wɔ nhyiam ase. Asɛnka koraa na ɛyɛ dɛ no. Yɛn mu biara wɔ asuafo baanan, na wɔn mu binom afi ase ba nhyiam dedaw.”
Lyman Swingle a ɔyɛ Sodikuw no muni no asɛmti a ɔkaa ho asɛm ne “Bere a Ɛsɛ sɛ Wotra Ase Sẽsẽ Wo Nhyira.” Gilead ntetee no de nhyira pii aba. Ná aboa adesuafo no ama wɔanya nimdeɛ pii, anya Yehowa ahyehyɛde no ho anisɔ kɛse, na wɔabenya su horow a ɛsom bo, te sɛ ahobrɛase. Onua Swingle kae sɛ: “Sɛ obi ba ha begye bere tie nkyerɛkyerɛ a, ɛma ɔbrɛ ne ho ase,” na ɔde kaa ho sɛ, “obi befi ha akɔ no, na wanya ntetee pii a ɔde beyi Yehowa ayɛ.”
Ɔkasa a Daniel Sydlik a ɔno nso yɛ Sodikuw no muni mae no asɛmti ne “Hwɛ Anigye Kɛse a Wowɔ—Ɛnde Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wohaw Wo Ho?” Ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ, sɛ nsɛnnennen sɔre a, wɔnhwehwɛ akwankyerɛ mfi Kyerɛwnsɛm no mu. Onua Sydlik paw nkyekyem bi fii Mateo ti 6 de kyerɛɛ ɔkwan a wobetumi afa so ayɛ saa. Sɛ yɛannya gyidi a, ebetumi ama honam fam nneɛma te sɛ aduan ne atade ayɛ yɛn dadwen. Nanso, Yehowa nim nea yehia. (Mateo 6:25, 30) Adwennwene bɛma adekyee biara mu haw a ɛba no ayɛ kɛse mmom. (Mateo 6:34) Nanso, nhyehyɛe a wobedi kan ayɛ ho hia. (Fa toto Luka 14:28 ho.) Onua Sydlik kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Yesu nkasa ntia nyansa a yɛde besusuw yɛn daakye ho, na mmom ɛho adwennwene a nyansa nnim. Ɔkwampa a ɛsen biara a wɔfa so di adwennwene so no biako ne nnamyɛ. Sɛ yefi ase dwennwene a, ɛbɛyɛ papa sɛ yebefi ase aka nokware no ho asɛm.”
Akyerɛkyerɛfo no Nkradi Nsɛm
Ɔkasa horow a Gilead akyerɛkyerɛfo baasa mae no na edii hɔ. Karl Adams na odii kan kasae wɔ asɛmti a ɛne “Dɛn na Wode Bɛhyɛ Yehowa Ananmu?” ho. Ná ne kasa no gyina Dwom a ɛto so 116 a ɛbɛyɛ sɛ Yesu too no anadwo a ɔrebewu no so. (Mateo 26:30, NW ase hɔ asɛm) Dɛn na na ɛrekɔ so wɔ Yesu adwenem bere a ɔreto dwom sɛ: “Dɛn na mede mɛhyɛ [Yehowa, NW] anan mu, ne yiye a ɔyɛ me nyinaa ho” no? (Dwom 116:12) Ebia na ɔredwennwen nipadua a ɛyɛ pɛ a Yehowa siesie maa no no ho. (Hebrifo 10:5) Da a edi hɔ no na ɔde saa nipadua no bɛbɔ afɔre de akyerɛ sɛ ne dɔ mu yɛ den. Ná adesuakuw a ɛto so 105 no mufo no aka Yehowa papayɛ ahwɛ asram anum a atwam no. Nea afei wɔde bɛkyerɛ sɛ wɔdɔ Nyankopɔn ne adwumaden a wɔbɛyɛ wɔ wɔn asɛmpatrɛw dwumadi mu.
Mark Noumair, Gilead kyerɛkyerɛfo a ɔto so abien a ɔkasae no tuu adesuafo no fo sɛ “Monkɔ so Nyɛ Adetrenee.” Bere a wɔtɔn Yosef kɔɔ Misraim sɛ akoa no, wɔde no faa kwammɔne so mfe 13. So ɔmaa afoforo mfomso buu n’abam? Dabi, ɔkɔɔ so yɛɛ adetrenee. Afei, wɔ Nyankopɔn bere a wahyɛ mu no, ogyee Yosef fii ne sɔhwɛ mu. Mpofirim ara, ne tebea sesae ma ofii afiase bɛtraa ahemfie. (Genesis, atiri 37-50) Ɔkyerɛkyerɛfo no bisaa n’adesuafo no sɛ: “Sɛ nneɛma ankɔ sɛnea wohwɛɛ kwan wɔ w’asɛmpatrɛw dwumadi mu a, so wubegyae? Wobɛma abasamtu abunkam wo so? Anaa wubegyina mu te sɛ Yosef?”
Awiei koraa no, Gilead Sukuu no sohwɛfo, Wallace Liverance, dii adesuafo nkɔmmɔbɔ bi a na ɛyɛ anigye a n’asɛmti ne “Mommɔ Ɔhene no ne Ahenni no Dawuru” anim. Adesuafo no binom kaa osuahu ahorow a wonyae bere a na wɔreka asɛm wɔ afie afie, sotɔɔ ahorow mu, ne mmɔnten so no kyerɛe. Afoforo nso kaa ɔkwan a wɔfaa so dii nkurɔfo a wɔka kasa foforo adanse. Wɔn mu binom nso kyerɛɛ sɛnea wɔka asɛm kyerɛ nkurɔfo a ɛsonsono wɔn som. Ná wɔn a wɔawie adesua no nyinaa ayɛ krado sɛ wobenya ɔsom adwuma no mu kyɛfa akosi ase wɔ asɛmpatrɛw dwumadi no mu.
Asɛmpatrɛwfo a Wɔayɛ Adwuma no Akyɛ a Wɔwɔ Anigye
Ɔfã a edi hɔ a wɔato din “Anigyesɛm a Efi Asɛmpatrɛw Adwuma Mu Ba” no yɛ nea Robert Wallen dii ho dwuma, na obisabisaa anuanom baanan a wɔwɔ adwumayɛbea ti a nnansa yi ara wɔne asɛmpatrɛwfo a wɔwɔ osuahu anya nkitahodi a ɛhyɛ den no nsɛm. Saa asɛmpatrɛwfo no gye toom ntɛm sɛ na ɛnyɛ mmerɛw mma wɔn sɛ wobesua kasa foforo, asua amammerɛ foforo, anaasɛ wim tebea foforo bɛkokwaw wɔn. Afei na wɔn ani tumi gyina fie bere ne bere mu. Ɛtɔ mmere bi nso a na wɔyareyare. Nanso ne nyinaa mu no, asɛmpatrɛwfo no kɔɔ so nyaa adwempa, na wonyaa wɔn boasetɔ no so akatua. Ná wɔn mu binom aboa nnipa bebree ama wɔabenya Yehowa ho nimdeɛ. Ná afoforo nso aboa wɔ akwan horow so ama Ahenni adwuma no anya nkɔso wɔ wɔn man so.
Nea otwa to a ɔkasae ne Carey Barber a ɔyɛ Sodikuw no muni no. Ɔkaa “Onyankopɔn Asetra Kwan” nhyiam no mu nsɛntitiriw. Obisaa n’atiefo sɛ: “Nhyiam dwumadi no kaa wo ne Yehowa ntam abusuabɔ dɛn?” Ɔkasafo no kyerɛɛ abirabɔ a ɛda nhyira a efi Nyankopɔn kwan so nantew mu ba ne asiane a ɛto wɔn a wɔfa wiase no kwan so no ntam. Ɔretwe adwene asi mfomso a Mose dii wɔ Meriba no so no, ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ: “Sɛ obi de nokwaredi som Yehowa mfe pii na sɛ obu Ne trenee mmara no fã ketewa bi so mpo a, ommmu n’ani nngu so.” (Numeri 20:2-13) Ɛmmra sɛ Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ mmaa nyinaa no beso ɔsom hokwan ahorow a wɔwɔ no mu denneennen!
Afei wɔkyekyɛɛ adesua ho adansedi nkrataa no maa adesuafo no. Ɛno akyi no, adesuakuw no nanmusini bi kenkan krataa a adesuafo no de kyerɛɛ ntetee a wɔanya no ho anisɔ. Wɔtoo dwom bɔɔ mpae a efi komam akyi no, wɔde dwumadi no baa awiei. Nanso, wɔ adesuakuw a ɛto so 105 no fam no, na eyi yɛ mfiase kɛkɛ, efisɛ na asɛmpatrɛwfo afoforo no rebefi “dwumadi kɛse bi ase.”
[Kratafa 23 adaka]
Adesuakuw no Ho Nsɛm
Aman dodow a wofi so: 9
Aman dodow a wɔama wɔn hɔ dwumadi: 17
Adesuafo no dodow: 48
Awarefo dodow: 24
Mfe dodow a wɔadi nkyekyem: 33
Mfe dodow a wɔadi wɔ nokware no mu nkyekyem: 16
Mfe dodow a wɔayɛ bere nyinaa som adwuma no nkyekyem: 12
[Kratafa 24 adaka]
Wɔpaw Bere Nyinaa Som Adwuma
Ben a owiee adesuakuw a ɛto so 105 no ka sɛ: “Meyɛ abofra no, na minni adwene biara sɛ mɛyɛ ɔkwampaefo.” Ɔde ka ho sɛ: “Misusuwii sɛ wɔn a wɔbɔ mmɔden soronko na wɔn nsɛm tebea di boa wɔn nkutoo na wobetumi ayɛ akwampaefo. Nanso m’ani begyee asɛnka adwuma no ho. Afei da koro m’adwene baa so sɛ nea ɔkwampaefo a obi bɛyɛ no kyerɛ ara ne sɛ obenya asɛnka adwuma no mu kyɛfa pii. Ɛhɔ na mibehui sɛ metumi ayɛ ɔkwampaefo.”
Lusia ka sɛ: “Ná yebu bere nyinaa asomfo paa wɔ yɛn fie bere nyinaa.” Ɔkae sɛnea na wɔn asafo no mufo ani tumi gye kɛse bere biara a asɛmpatrɛwfo bɛba abɛsra wɔn no. Ɔka sɛ: “Bere a merenyin no, ɛbɛdaa adi sɛ mede bere nyinaa som adwuma bɛka me nhyehyɛe ho.”
Theodis maame wui bere a na wadi mfe 15. Ɔka sɛ: “Saa bere no asafo no boaa me paa, enti mibisaa me ho sɛ, ‘Dɛn na metumi ayɛ de akyerɛ ho anisɔ?’” Eyi kaa no ma ɔbɛyɛɛ bere nyinaa som adwuma no bi na seesei waba asɛmpatrɛw adwuma no mu.
[Kratafa 25 mfonini]
Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu no Adesuakuw a Ɛto so 105 a Wɔawie Wɔn Adesua
Wɔahyehyɛ akuw no fi anim kɔ akyi, na kuw biara mu din no fi benkum kɔ nifa, wɔ ase hɔ din no mu
(1) Sampson, M.; Brown, I.; Heggli, G.; Abuyen, E.; Desbois, M.; Pourthié, P. (2) Kassam, G.; Lindberg, R.; Dapuzzo, A.; Taylor, C.; LeFevre, K.; Walker, S. (3) Baker, L.; Pellas, M.; Woggon, E.; Böhne, C.; Asplund, J.; Haile, J. (4) Pourthié, T.; Whittaker, J.; Palmer, L.; Norton, S.; Gering, M.; Haile, W. (5) Walker, J.; Böhne, A.; Groenveld, C.; Washington, M.; Whittaker, D.; Abuyen, J. (6) Gering, W.; Washington, K.; Pellas, M.; Desbois, R.; Heggli, T.; Asplund, Å. (7) Woggon, B.; LeFevre, R.; Taylor, L.; Brown, T.; Groenveld, R.; Palmer, R. (8) Norton, P.; Sampson, T.; Baker, C.; Lindberg, M.; Kassam, M.; Dapuzzo, M.