Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 1/8 kr. 5-9
  • So Onyankopɔn Na Ɔma Asiane Ahorow Ba?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Onyankopɔn Na Ɔma Asiane Ahorow Ba?
  • Nyan!—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Efi Onyankopɔn Ankasa
  • Adeyɛ a Efi Onyankopɔn Ampa
  • Adeyɛ Foforo a Na Efi Onyankopɔn
  • Asiane Ahorow a Emfi Onyankopɔn
  • Adeyɛ Foforo a Efi Onyankopɔn Abɛn
  • Asiane a Emfi Onipa no Ano a Wobesiw
  • Dɛn Na Bible Ka Fa Atoyerɛnkyɛm Ho?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • So Atoyerɛnkyɛm Yɛ Asotwe A Efi Onyankopɔn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Henanom Na Wobenya Nkwa Wɔ Wiase Yi Awiei No Mu?
    Nyan!—1987
  • Asiane—So Efi Onyankopɔn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 1/8 kr. 5-9

So Onyankopɔn Na Ɔma Asiane Ahorow Ba?

BERE a asase a wogyina so no wosowee no, na tetefo no bi gye di sɛ ɛyɛ abɔde bi a ɛhyɛ ase na wapusuw ne ho. Ná pii nso susuw sɛ apranaa, anyinam, ne ahum yɛ ntawntawdi a esi wɔn anyame no ntam ho adansedi.

Sɛnea ɛbɛyɛ a wobesiw asiane ano no, nnipa a wɔte sɛɛ de wɔn ho hyɛɛ ɔsom ahorow a na wogye di sɛ ɛbɛma anyame no bo adwo mu. Disaster! When Nature Strikes Back nhoma no ka sɛ: “Wɔ abakɔsɛm pii mu no, onipa abɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ asiane ahorow a ɛba ne so no mu . . . denam atetesɛm, anansesɛm, ne nyamesom so.”

Wɔ aman a wɔka Engiresi kasa so nnɛ no, wɔtaa de asɛm “efi Onyankopɔn” no di dwuma wɔ mmara ho nsɛm mu. Nanso afeha a ɛto so 19 mu mmaranimfo bi kyerɛkyerɛ mu sɛ: “M’adwenem nyɛɛ me naa da wɔ asɛm yi ho sɛ ɛnyɛ nea ɛkyerɛ biribi a Onyankopɔn yɛ te sɛ nea Bible no kyerɛ no . . . Ɛkyerɛ tebea soronko bi a wontumi nni kan nhu a wonntumi mmɔ ho ban.”

Nea Efi Onyankopɔn Ankasa

Sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛkyerɛkyerɛ ntease a ɛwɔ asɛm “efi Onyankopɔn” no mu no, ɛho hia sɛ yedi kan te nea wogyina so ka sɛ asɛm bi a esi fi Onyankopɔn no ase.

Bible no ka kyerɛ yɛn pefee sɛ Onyankopɔn yɛ Ade Nyinaa so Tumfoɔ. (Exodus 6:3) Nanso ɛka sɛ: “N’adeyɛ yɛ pɛ, na n’akwan nyinaa yɛ trenee; ɔyɛ nokware Nyankopɔn na nkontompo nni no mu; na ɔtreneeni ne teefo ne no.”​—Deuteronomium 32:4.

Hu a yehu sɛ Yehowa teɛ, ɔyɛ ɔtreneeni; na n’akwan yɛ pɛ no boa yɛn ma yenya biribi gyina so a ɛma yetumi hu sɛ asiane bi a ɛba no fi Onyankopɔn ankasa. Nsɛm atitiriw no bi ne sɛ: (1) Ɛne Onyankopɔn atirimpɔw hyia bere nyinaa; (2) Onyankopɔn di kan de kɔkɔbɔ ma ansa na wayɛ; (3) ɔde akwankyerɛ a ɛbɛma asoɔmmerɛwfo anya nkwa ma.

Bere a eyi wɔ w’adwene mu no, susuw mmere horow abien bi a Onyankopɔn de ɔsɛe bi bae no ho. Biako sii wɔ Noa bere so wɔ bɛyɛ mfirihyia 4,300 a atwam ni no mu.

Adeyɛ a Efi Onyankopɔn Ampa

Na tebea no te dɛn wɔ asase so wɔ Noa bere so? “Nnipa bɔne dɔɔso pii wɔ asase so, na wɔn komam adwene nyinaa yɛ bɔne nko daa nyinaa. Na asase asɛe wɔ Onyankopɔn anim, na anuɔden ahyɛ asase so ma.”​—Genesis 6:5, 11.

Enti Onyankopɔn bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe abɔnefo wɔ asase so denam wiase nyinaa nsuyiri no so. Na ɛteɛ sɛ ɔbɔadeɛ a ɔyɛ okyinsoromma yi Wura no bɛyɛ saa esiane sɛe a na adesamma bra asɛe no nti.

Nanso Onyankopɔn huu Noa ne n’abusua mudi mu kura a ɛda nsow no. Ɔhyɛɛ wɔn bɔ sɛ, sɛ wodi n’akwankyerɛ so a, wobenya nkwa wɔ ɔsɛe a ɛreba no mu. (Genesis 6:13-21) So Noa ne n’abusua dii nhyehyɛe yi so? Bible kyerɛwtohɔ no se: “Noa yɛɛ saa; sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ no nyinaa, saa ara na ɔyɛe.”​—Genesis 6:22.

So na Noa osetie no fata? Yiw, efisɛ ɔsomafo Petro ka sɛ Onyankopɔn ankora “tete wiase no so, na mmom Noa a ɔyɛ treneekafo a ɔto so awotwe no nko na ogyee no, na ɔde nsuyiri bɛkataa amumɔyɛfo wiase no so.” (2 Petro 2:5) Ampa, Onyankopɔn dwen n’asomfo ho, ɔne wɔn di nkitaho na ɔhwɛ sɛ ɔbɛkora wɔn so bere a ɔde ɔsɛe ba no. Sɛnea Bible ka no: “[Yehowa] Nyankopɔn renyɛ biribi gye sɛ wayi n’agyina adi akyerɛ ne nkoa adiyifo no ansa.”​—Amos 3:7.

Adeyɛ Foforo a Na Efi Onyankopɔn

Adeyɛ foforo a na efi Onyankopɔn bae wɔ nsuyiri no akyi mfehaha pii. Onyankopɔn sɛee Sodom ne Gomora nkurow no esiane wɔn bra a na asɛe no nti. Wɔannya nnipa atreneefo du mpo wɔ hɔ, baasa pɛ na wonyae​—Lot ne ne mmabea baanu.

Ná nnipa a wɔwɔ nkurow yi mu no su te dɛn? Sɛ nhwɛso no, hyɛ sɛnea mmarima a na wɔrebɛwareware Lot mmabea no yɛɛ wɔn ade bere a wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ womfi kurow no mu na Onyankopɔn rebɛsɛe no no nsow: “Ɔyɛɛ [wɔn a wɔrebɛyɛ] ne nsenom no ani so sɛ obi a ɔredi fɛw.”​—Genesis 19:14.

Bere a Onyankopɔn abɔfo baa Lot nkyɛn no, Sodom mmarima, “betwaa ɔdan no ho hyiae, efi mmofra so kosi mpanyimfo so, ɔman mu no nyinaa.” Dɛn ntia? Wɔkɔɔ so frɛɛ Lot ka kyerɛɛ no sɛ: “Mmarima a wɔbaa wo nkyɛn anadwo yi no wɔ he? Yi wɔn brɛ yɛn, na yenhu wɔn.” Na wɔpɛ sɛ wɔde wɔn ɔbrasɛe nneyɛe no ba Onyankopɔn abɔfo no so! Esiane saa ɔbrasɛe yi nti, wofi soro sɛee kurow yi.​—Genesis 19:4, 5, 23-25.

Sɛ́ na eyi yɛ adeyɛ a efi Onyankopɔn hɔ foforo no yɛ nea wɔdaa no adi pefee: “Na sɛ [Onyankopɔn dan] Sodom ne Gomora nkurow nsõ, na ɔde ɔsɛe buu wɔn fɔ de wɔn yɛɛ sɛnnahɔ maa wɔn a akyiri yi wɔbɛyɛ amumɔde, na oyii Lot a ɔteɛ a mumɔyɛfo no de wɔn ahohwi abrabɔ haw no no.”​—2 Petro 2:6, 7; Yuda 7.

Asiane Ahorow a Emfi Onyankopɔn

Asiane ahorow a ebinom ka sɛ efi Onyankopɔn no mu yiye a wɔhwehwɛ no da no adi sɛ emu pii yɛ nea efi onipa. Ɛwom, afoforo nso fi abɔde mu tumi ahorow te sɛ asasewosow ne ahum a etu.

Ɛwom sɛ Bible no ka too hɔ sɛ asiane ahorow a efi onipa ne nea emfi onipa bɛba a ɛbɛhyɛ “nna a edi akyiri” yi agyirae de, nanso ɛnka wɔ baabiara sɛ nnipa binom wɔ hɔ a ebi renka wɔn wɔ saa bere yi mu. (2 Timoteo 3:1-5; Mateo 24:3-12) Dɛn ntia? Efisɛ eyinom nyɛ nea efi Onyankopɔn. Nanso Onyankopɔn asɛm kyerɛkyerɛ nea enti a nnipa pa ne nnipa bɔne hu amane wɔ eyi mu no mu.

Bere a nnipa baanu a wodi kan no buu Onyankopɔn akwankyerɛ a emu da hɔ a ɔde mae no so no, na ɛyɛ nea wɔde ɔsɛe reba wɔn ho so. Na Onyankopɔn abɔ wɔn kɔkɔ sɛ: “Owu na mobewu.” (Genesis 2:17) Ɔsomafo Paulo kyerɛ sɛnea efi wɔn adeyɛ no mu bae no du akyiri, sɛ: “Ɛnam onipa biako so . . . na owu trɛw kaa nnipa nyinaa.”​—Romafo 5:12.

Nanso na pii wom sen saa. Asoɔden a nnipa baanu a wodi kan no yɛe no kyerɛ pow a wɔpow Onyankopɔn akwankyerɛ ne n’ahobammɔ. Na wɔmpɛ sɛ Onyankopɔn bɛyɛ wɔne wɔn fi a ɛne okyinsoromma Asase yi Sodifo. Bere a wofii Onyankopɔn hwɛ ase no, wɔn ho ban a ɔbɛbɔ wɔ asiane ahorow ho no nso bɔɔ wɔn.

Dɛn na eyi nyinaa kyerɛ ma yɛn? Ɛkyerɛ sɛ “ɛbere ne akwanhyia” to yɛn nyinaa. Ɛkyerɛ sɛ yɛrentumi nhu nea ebesi a ebia ɛbɛma yɛahu amane wɔ tebea a yɛnhwɛ kwan mu. Sɛnea asau yi apataa anaasɛ anomaa tɔ afiri mu no, saa ara na “woyi nnipa mma bɔne mu,” sɛ nhwɛso no, bere a “[owu] to wɔn mpofirim no.”​—Ɔsɛnkafo 9:11, 12, NW.

Enti bere a ebia asennibea ahorow besusuw sɛ asiane ahorow a emfi onipa no fi Onyankopɔn wɔ mmara mu no, nokwasɛm no ne sɛ ɛnyɛ nea efi Onyankopɔn.

Adeyɛ Foforo a Efi Onyankopɔn Abɛn

Yesu reka mprempren nhyehyɛe a yɛatra mu fi afe 1914 mu yi ho asɛm no, ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ: “Ahohiahia kɛse a efi wiase asefi besi nnɛ ebi mmae da nanso ɛremma da bɛba.” (Mateo 24:21) Ɛno na ɛde mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne yi bɛba awiei. Nea ebetwa to ne “Onyankopɔn, Ade Nyinaa so Tumfoɔ no, da kɛse no mu ko no”​—Hamargedon. Ɛno bɛkyerɛ ɔsɛe ankasa ama wɔn a wɔyɛ “wiase no fã” nyinaa.​—Adiyisɛm 16:14, 16; Yohane 17:14; 2 Petro 3:3-13.

Eyi bɛyɛ atemmu bɛn? Ɛyɛ nea wobeyiyim na wɔasɛe “wɔn a wonnim Nyankopɔn ne wɔn a wɔantie yɛn Awurade Yesu asɛmpa no” nkutoo. (2 Tesalonikafo 1:8-10) Nanso ɛrenkyerɛ ɔsɛe mma wɔn a wotie Onyankopɔn kɔkɔbɔ ne n’akwankyerɛ no sɛnea na ɛte wɔ Noa ne n’abusua no fam no. Eyi bɛyɛ adeyɛ a efi Onyankopɔn ampa, efisɛ ɔbɛbɔ n’asomfo ho ban. Ɛno ma ɛyɛ soronko wɔ asiane afoforo a ekunkum apapafo ne abɔnefo nyinaa no ho.​—Hwɛ Yesaia 28:21.

Yɛbɛyɛ dɛn agye adi sɛ “ahohiahia kɛse” a ɛreba no fi Onyankopɔn? Yebetumi agye adi efisɛ ɛne nea yegyina so hu no hyia:

(1) Ɛne Onyankopɔn atirimpɔw a wada no adi hyia: Saa atirimpɔw no ne sɛ ɔbɛsɛe mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne yi.​—Yeremia 25:31-33; Sefania 3:8; Adiyisɛm 16:14, 16; 19:11-21.

(2) Kɔkɔbɔ a Wodi Kan De Ma: Bɛyɛ mfirihyia aduɔson ni no, Yehowa Adansefo de kɔkɔbɔ a ɛfa nhyehyɛe yi awiei ho ama pefee na wɔaka Onyankopɔn Ahenni a ɛreba no ho asɛm akyerɛ. Wɔn adwuma no mu atrɛw araa ma mprempren Adansefo bɛboro ɔpepem abiɛsa na wɔwɔ wiase. (Mateo 24:14; Asomafo no Nnwuma 20:20) Yɛhyɛ wo nkuran sɛ bisa wɔn nkrasɛm no ho asɛm bere foforo a wɔbɛba wo fie. Nyɛ te sɛ Noa bere sofo a Yesu kae sɛ “wɔanhu” na enti wɔsɛee wɔn wɔ Nsuyiri no mu no.​—Mateo 24:37-39.

(3) Ogye ho Akwankyerɛ: Bible no ka sɛ: “Suro Onyankopɔn, na di ne mmara nsɛm so.” (Ɔsɛnkafo 12:13) Nea ɛma obi nya ogye ne sɛ obehu Onyankopɔn akwankyerɛ ahorow no na afei wadi so. Yesu kaa no pefee sɛ: “Na eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.” (Yohane 17:3) Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔbɛma woahu Onyankopɔn akwankyerɛ ahorow yi.

Onyankopɔn Asɛm no hyɛ bɔ nso sɛ: “Twɛn [Yehowa], na fa ne kwan so, . . . sɛ wogu abɔnefo ase a, wubehu.” (Dwom 37:34) Wubetumi akyerɛ sɛ wode eyi ayɛ w’anidaso denam akwankyerɛ ahorow no a wubetie nnɛ na woadi akyi no so. Ɛno bɛma woada wo ho adi wɔ Onyankopɔn ne nnipa anim sɛ obi a ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ N’apɛde na wonam ɛno so abɛyɛ obi a ɔfata ma nkwagye. “Wiase . . . retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.”​—1 Yohane 2:15-17; Mateo 28:19, 20.

Anidaso ahorow a ɛwɔ hɔ no yɛ nea nkuranhyɛ wom ampa ma wɔn a wosua ade a ɛreba a Onyankopɔn bɛyɛ no ho ade na wɔyɛ nneɛma ahorow a ɛho hia a ɛbɛma wɔanya nkwagye no, efisɛ wobegye wɔn akɔ nhyehyɛe foforo mu wɔ Onyankopɔn Ahenni no ase. (Mateo 6:9, 10) Na wɔ saa nhyehyɛe foforo no mu no, dɛn na wɔbɛyɛ de abɔ nkurɔfo ho ban wɔ asiane ahorow a efi onipa ne nea emfi onipa no ho?

Asiane a Emfi Onipa no Ano a Wobesiw

Hwɛ asomdwoe ara a ɛbɛba bere a Onyankopɔn Ahenni no di tumi koraa no! Mfaso ahorow a yebenya wɔ yɛn ho ase a yɛbɛbrɛ ahyɛ Ɔhene Kristo Yesu a Onyankopɔn de no asi ahengua so wɔ soro no ase no dɔɔso.

Susuw nea Yesu Kristo yɛe bere a ɔwɔ asase so a ɛkyerɛ nea ɔbɛyɛ wɔ Ahenni tumi mu no ho: Ɔsaa ayarefo yare, ɔmaa mmubuafo nyaa ahoɔden, obuee anifuraefo ani, na ɔmaa asotifo tee asɛm, ɔmaa mum kasae, na onyanee awufo mpo!​—Mateo 15:30, 31; Luka 7:11-17.

Ɛno nti na Bible no hyɛ yɛn bɔ sɛ wɔ saa Ahenni no mu no, Onyankopɔn bɛpopa “wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.”​—Adiyisɛm 21:4.

Nea Yesu yɛe wɔ asase so no yɛ mmoa a ɔde bɛma ne manfo wɔ nhyehyɛe foforo a ɛreba no mu no ho nhwɛso. Na wɔn ho ban a ɔbɛbɔ wɔ asiane ahorow a emfi onipa ho nso ɛ? Kae sɛ bere bi Yesu siw asiane a anka ahum a ɛretu betumi ama aba no ano. N’asuafo no ho dwiriw wɔn na wosisee wɔn ho sɛ: “Onipa bɛn ara ni na mframa ne po po tie no yi?” (Marko 4:37-41) Enti bere a nhyehyɛe foforo no soro Hene a ɔwɔ tumi no di so no, ɔbɛhwɛ sɛ asiane ahorow a emfi onipa no renhaw no bio.

Biribiara a asiane ahorow a efi onipa ne nea emfi onipa asɛe no wɔ yɛn okyinsoromma yi so dedaw no, Onyankopɔn Ahenni no besiesie ne nyinaa. Bible no bɔhyɛ ne sɛ: “Sare so ne nkyekyerewa benya anika, na anhwea pradada adi ahurusi, na aban sɛ nhwiren; nhwiren ara na ebegu, ahosɛpɛw ne osebɔ mu ara na ebedi ahurusi; . . . kumafrote bɛdan atare, na asase kesee ayɛ nsuwansuwa.”​—Yesaia 35:1-7.

Ntetee a ɛyɛ biako a wɔde bɛma no bɛkyerɛkyerɛ wɔn a wɔwɔ nhyehyɛe foforo no mu nyinaa ma wɔayɛ adwuma yiye na wɔadwene wɔn mfɛfo nnipa ne asase no ho yiye. “Trenee na asase a ɛsow aba no sotefo besua.” (Yesaia 26:9) Ɛdenam wiase nyinaa ɔsoro nkyerɛkyerɛ yi ne adesamma a wɔbɛma wɔadu pɛyɛ ho no adwene ne nipadua mu no so no, mfomso ahorow a esiane sintɔ nti yɛyɛ no nyinaa befi hɔ. Pɛsɛmenkominya mfaso a wobenya remma obi mfa ɔkwantiaa a ebetumi de asiane aba so bio.

Ɛnnɛ asiane ahorow a efi onipa ne nea emfi onipa ka yɛn nyinaa. Nanso nea ɛsɛ sɛ yɛma ɛho hia yɛn kɛse a ɛne “ahohiahia kɛse” no yɛ nea efi Onyankopɔn a ɛbɛma nhyehyɛe bɔne yi aba awiei. Saa adeyɛ a efi Onyankopɔn yi bebue kwan ama trenee nhyehyɛe foforo ama wɔn a wɔmma nokware no ntwam nkɔ saa bere yi no. Wɔbɛda no adi akyerɛ wɔn ma wɔahu sɛ “ɔno Nyankopɔn no ne yɛn nkwagye Nyankopɔn.” (Dwom 68:20) Enti wɔn a wɔda ɔsoro nyansa adi mprempren no bɛkɔ nhyehyɛe foforo no mu, faako a ‘wɔbɛtra hɔ komm, na wɔn ho adwo wɔn a wonsuro sɛ amane bi bɛba’ no.​—Mmebusɛm 1:33.

[Kratafa 6 adaka]

Nokwasɛm ahorow a Wohu wɔ Adeyɛ a Efi Onyankopɔn Mu:

(1) Ɛne Onyankopɔn atirimpɔw hyia bere nyinaa.

(2) Onyankopɔn di kan de kɔkɔbɔ ma ansa na wayɛ.

(3) Ɔde akwankyerɛ a ɛbɛma asoɔmmerɛwfo anya nkwa ma pefee.

[Kratafa 7 mfoni]

Sodom ne Gomora a wɔsɛee no no yɛ adeyɛ foforo a efi Onyankopɔn

[Kratafa 9 mfoni]

Yesu kyerɛɛ tumi a ɔwɔ wɔ abɔde mu nneɛma so no wɔ ahum a ano yɛ den a ɔmaa ɛyɛɛ dinn no mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena