Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 9/8 kr. 22-23
  • ‘Wɔnyɛ Wiase no Fã’—Dɛn na Ɛkyerɛ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Wɔnyɛ Wiase no Fã’—Dɛn na Ɛkyerɛ?
  • Nyan!—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kristofo Nyɛ Nkurɔfo a Wɔmpɛ Nnipa
  • ‘Ntwiri Obi’
  • ‘Yɛ Nnipa Nyinaa Yiye’
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Bere a Wo ne W’adɔfo Nni Gyidi Biako
    Nyan!—2003
  • Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Wɔn Gyidi Nti Wɔtan Wɔn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1997
g97 9/8 kr. 22-23

Bible No Adwene

‘Wɔnyɛ Wiase no Fã’—Dɛn na Ɛkyerɛ?

WƆ AFEHA a ɛto so anan Y.B. mu no, nnipa mpempem pii a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo gyaw wɔn nnwuma, wɔn mmusua, ne asetra kwan tew wɔn ho kɔtraa Egypt anhweatam so. Wɔbɛfrɛɛ wɔn anchorites (anchoritefo), a na efi Hela asɛmfua a·na·kho·reʹo, a nea ɛkyerɛ ne “m’atew me ho” no mu. Abakɔsɛm kyerɛwfo bi ka wɔn ho asɛm sɛ wɔtew wɔn ho fii wɔn bere sofo no ho koraa. Ná anchoritefo no susuw sɛ sɛ wɔtew wɔn ho fi adesamma abusua no ho a, na wɔredi Kristofo mmara a ɛne sɛ ‘wɔnyɛ wiase no fã’ no so.—Yohane 15:19.

Bible tu Kristofo fo sɛ ‘wonyi wɔn ho mfi wiase nkekae mu.’ (Yakobo 1:27) Kyerɛwnsɛm no bɔ kɔkɔ pefee sɛ: “Awaresɛefo, munnim sɛ wiase adamfofa ne ɔtan a wɔtan Onyankopɔn? Enti obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfo no gyina hɔ sɛ Onyankopɔn tamfo.” (Yakobo 4:4) Nanso, eyi kyerɛ sɛ wɔhwɛ kwan sɛ Kristofo bɛyɛ anchoritefo, a wɔbɛtew wɔn ho afi afoforo ho ankasa? So ɛsɛ sɛ wɔtew wɔn ho fi wɔn a wɔne wɔn nni ɔsom mu gyidi koro no ho?

Kristofo Nyɛ Nkurɔfo a Wɔmpɛ Nnipa

Adwene a ɛne sɛ wɔnyɛ wiase no fã no yɛ nea wɔka ho asɛm wɔ Bible kyerɛwtohɔ pii a esi hia a ehia sɛ Kristofo twe wɔn ho fi adesamma abusua dodow no ara a wonnim Nyankopɔn ho so dua no mu. (Fa toto 2 Korintofo 6:14-17; Efesofo 4:18; 2 Petro 2:20 ho.) Enti nokware Kristofo fi nyansa mu po nneyɛe, kasa, ne abrabɔ a ɛne Yehowa trenee akwan nhyia, te sɛ ahonyade ne edin a wiase no hwehwɛ, ne anigyede a wɔde wɔn ho behyem fee no. (1 Yohane 2:15-17) Wɔsan twe wɔn ho fi wiase no ho denam wɔn ho a wɔmfa nhyɛ ɔko ne amammuisɛm mu no so.

Yesu Kristo kae sɛ n’asuafo ‘renyɛ wiase no fã.’ Nanso ɔbɔɔ Onyankopɔn mpae nso sɛ: “Mensrɛ sɛ: Yi wɔn fi wiase, na mmom sɛ: Yi wɔn fi ɔbɔne no ho sie!” (Yohane 17:14-16) Ɛda adi pefee sɛ, na Yesu mpɛ sɛ n’asuafo bɛyɛ nkurɔfo a wɔmpɛ nnipa, a wɔpo wɔn a wɔnyɛ Kristofo no nkitahodi biara. Nokwarem no, Kristoni ho a ɔbɛtew no remma ontumi nni ahyɛde a ɛne sɛ ɔnka asɛm no na ɔnkyerɛkyerɛ wɔ “gua so ne afi mu” no ho dwuma.—Asomafo no Nnwuma 20:20; Mateo 5:16; 1 Korintofo 5:9, 10.

Afotu a ɛne sɛ Kristofo nkɔ so nyi wɔn ho mfi wiase nkekae mu no mma wonnya nnyinaso biara a ɛbɛma wɔasusuw sɛ wɔkorɔn sen afoforo. Wɔn a wosuro Yehowa no kyi “ahokyerɛ.” (Mmebusɛm 8:13) Galatifo 6:3 ka sɛ “sɛ obi bu ne ho sɛ ɔyɛ biribi, na ɔnyɛ hwee a, ɔdaadaa ne ho.” Wɔn a wɔte nka sɛ wɔkorɔn no daadaa wɔn ho efisɛ ‘yɛn nyinaa ayɛ bɔne, na Onyankopɔn anuonyam abɔ yɛn.’—Romafo 3:23.

‘Ntwiri Obi’

Wɔ Yesu bere so no, na nkurɔfo bi wɔ hɔ a wobu obiara a onni wɔn nyamesom akuw a atew ne ho mu no animtiaa. Ná eyinom mu bi ne Farisifo no. Ná wonim Mose Mmara no ne Yudafo atetesɛm no mu yiye. (Mateo 15:1, 2; 23:2) Wɔde anigye ne ahwɛyiye dii ɔsom mu amanne pii akyi. Farisifo no yɛɛ wɔn ade te sɛ nea wɔkorɔn sen afoforo esiane wɔn nhomanim ne ɔsom mu dibea kɛkɛ a wɔwɔ nti. Wɔdaa wɔn ho a wɔyɛ no kronkron ne animtiaa a wobu afoforo adi denam eyi a wɔkae so: “Nkurɔfokuw yi a wonnim mmara no, wɔadome wɔn!”—Yohane 7:49.

Ná Farisifo no wɔ animtiaabu asɛm bi a wɔde di dwuma ma wɔn a wɔnyɛ Farisifo no. Mfiase no, na wɔde Hebri asɛmfua ʽam ha·ʼaʹrets di dwuma ɔkwampa so ma kuw no mufo a wonni dibea no. Nanso bere kɔɔ so no, Yudafo nyamesom akannifo a wɔyɛ ahantan no sesaa adwene a ɛwɔ ʽam ha·ʼaʹrets akyi no bɛyɛɛ no nea wɔde bu animtiaa. Kuw afoforo, a wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo ka ho, de nsɛm te sɛ “abosonsomfo” adi dwuma animtiaabu kwan so de aka nkurɔfo a wɔne wɔn nni ɔsom mu gyidi koro no ho asɛm.

Nanso, afeha a edi kan mu Kristofo no buu wɔn a na wɔnyɛ Kristofo no dɛn? Wotuu Yesu asuafo no fo sɛ wɔne wɔn a wɔnyɛ agyidifo no nni wɔ “odwo” ne “obu a emu dɔ” mu. (2 Timoteo 2:25; 1 Petro 3:15, NW) Ɔsomafo Paulo yɛɛ nhwɛso fɛfɛ wɔ eyi mu. Ná wotumi bɛn no, na ɔnyɛ ahantan. Sɛ́ anka ɔbɛma ne ho so asen afoforo no, ɔbrɛɛ ne ho ase hyɛɛ wɔn den. (1 Korintofo 9:22, 23) Wɔ Paulo krataa a efi honhom mu a ɔde kɔmaa Tito mu no, ɔde afotu ma sɛ ‘yenntwiri obi, yɛnnyɛ atutupɛfo, yɛnnwo bɛtɛɛ, na yenyi odwo nyinaa adi nkyerɛ nnipa nyinaa.’—Tito 3:2.

Wɔ Bible mu no, ɛtɔ da bi a, wɔde asɛm “obi a onnye nni” no di dwuma de ka wɔn a wɔnyɛ Kristofo ho asɛm. Nanso, adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ na wɔhyɛ da de asɛm “obi a onnye nni” no di dwuma ma wɔn anaasɛ na ɛyɛ edin a ɛda wɔn so. Nokwarem no, na wɔmfa nni dwuma mmu wɔn a wɔnyɛ Kristofo no animtiaa, efisɛ na eyi ne Bible nnyinasosɛm nhyia. (Mmebusɛm 24:9) Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo kwati sɛ wɔbɛyɛ ketee anaa ahantan akyerɛ wɔn a wonnye nni no. Wosusuw sɛ ɛnkyerɛ obu sɛ wɔde animtiaabu nsɛm bedi dwuma ama abusuafo anaa afipamfo a wɔnyɛ Adansefo no. Wotie Bible afotu a ɛka sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ Awurade akoa dwo ma nnipa nyinaa’ no.—2 Timoteo 2:24.

‘Yɛ Nnipa Nyinaa Yiye’

Ɛho hia sɛ yehu asiane a ɛwɔ wiase no a yɛne no bɛbɔ no mu, titiriw wɔn a wommu Onyankopɔn gyinapɛn ahorow koraa no. (Fa toto 1 Korintofo 15:33 ho.) Nanso, sɛ Bible tu fo sɛ “yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye” a, asɛmfua “nnipa nyinaa” no fa wɔn a wonni Kristofo gyidi no nso ho. (Galatifo 6:10) Ɛda adi sɛ, wɔ tebea horow bi mu no, afeha a edi kan no mu Kristofo ne wɔn a wonnye nni too nsa didii. (1 Korintofo 10:27) Enti ɛnnɛ, Kristofo ne wɔn a wonnye nni no di wɔ ɔkwan a ɛkari pɛ so, na wobu wɔn sɛ wɔn mfɛfo nnipa.—Mateo 22:39.

Ɛbɛyɛ mfomso sɛ yebesusuw sɛ obi ho ntew anaa ne bra asɛe esiane sɛ onnim Bible mu nokware ahorow ara kwa nti. Tebea ne nnipa gu ahorow. Enti, ɛsɛ sɛ Kristoni biara si baabi a ɔne wɔn a wonnye nni benya nkitahodi akodu no ho gyinae. Nanso, ɛbɛyɛ nea ɛho nhia na ennyina Kyerɛwnsɛm so sɛ Kristoni bɛtew ne ho ankasa te sɛ nea anchoritefo no yɛe no anaasɛ ɔbɛte nka sɛ ɔkorɔn te sɛ nea Farisifo no yɛe no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena