Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 2/1 kr. 9-13
  • ‘Sɛɛ Na Onyankopɔn Dɔɔ Yɛn’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Sɛɛ Na Onyankopɔn Dɔɔ Yɛn’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Onyankopɔn Ne Dɔ”
  • Dɛn Nti na Ɔde Agyede Mae?
  • Na Ɛbo no Yɛ Den Dɛn?
  • Nea Ɛma Ɛyɛ Yiye
  • Agyede No—Onyankopɔn Akyɛde a Ɛsen Biara
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Onyankopɔn Akyɛde a Ɛso Paa ne Agyede No
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Kristo Agyede—Onyankopɔn Nkwagye Kwan
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Yehowa Atirimpɔw Bɛbam!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 2/1 kr. 9-13

‘Sɛɛ Na Onyankopɔn Dɔɔ Yɛn’

“Adɔfo, sɛ Onyankopɔn dɔɔ yɛn sɛɛ a, ɛnde ɛsɛ yɛn nso sɛ yɛdodɔ yɛn ho yɛn ho.”—1 YOHANE 4:11.

1. Wɔ March 23, bere a owia akɔtɔ no, dɛn nti na nnipa ɔpepem pii behyiam wɔ Ahenni Asa ahorow so ne nhyiambea foforo wɔ wiase nyinaa?

AKYINNYE biara nni ho sɛ bere a owia akɔtɔ wɔ Kwasida, March 23, 1997 no, nnipa bɛboro 13,000,000 behyiam wɔ Ahenni Asa ahorow so ne mmeae foforo a Yehowa Adansefo yɛ wɔn nhyiam no. Dɛn ntia? Esiane ɔdɔ kɛse a ɛsen biara a Onyankopɔn ayi no adi akyerɛ adesamma a aka wɔn koma nti. Yesu Kristo twee adwene sii Onyankopɔn dɔ kɛse a ɛda adi no so kae sɛ: “Sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.”—Yohane 3:16.

2. Nsɛm bɛn na mfaso wɔ so a yɛn nyinaa betumi abisa yɛn ho wɔ nea yɛreyɛ wɔ Onyankopɔn dɔ ho?

2 Bere a yesusuw ɔdɔ a Onyankopɔn ayi no adi ho no, ɛyɛ papa sɛ yebisa yɛn ho sɛ, ‘So m’ani sɔ nea Onyankopɔn ayɛ no ankasa? So sɛnea mede me nkwa redi dwuma no di anisɔ a ɛte saa ho adanse?’

“Onyankopɔn Ne Dɔ”

3. (a) Dɛn nti na ɔdɔ a Onyankopɔn yi no adi nyɛ biribi soronko wɔ ne fam? (b) Ɔkwan bɛn so na tumi ne nyansa da adi wɔ n’adebɔ nnwuma mu?

3 Ɔdɔ ankasa a Onyankopɔn yi no adi no nyɛ biribi soronko wɔ ne fam, efisɛ “Onyankopɔn ne dɔ.” (1 Yohane 4:8) Ɔdɔ ne ne su titiriw. Bere a na ɔresiesie asase ama nnipa abɛtra so no, mmepɔw a ɔma ɛmemaa ne ho so ne nsu a ɔboaboaa ano yɛɛ no atare ne ɛpo no yɛ tumi a ɔde dii dwuma anwonwakwan so. (Genesis 1:9, 10) Bere a Onyankopɔn maa nsu ne mframa dii kyinhyia, bere a ɔyɛɛ mmoawammoawa a wɔn dodow nni ano ne afifide ahorow a ɛdan asase mu nnuru a ɛyɛ nsunsu ma ɛbɛyɛ biribi a nnipa betumi adi na ama wɔatra ase, bere a ɔyɛɛ nipaduam bere nhyehyɛe ma ɛne okyinnsoromma a ɛne Asase so nna ne asram hyiae no, eyi daa nyansa kɛse adi. (Dwom 104:24; Yeremia 10:12) Nanso, nea ɛda nsow kɛse koraa wɔ abɔde a aniwa hu mu ne Onyankopɔn dɔ a ɛda adi no.

4. Wɔ abɔde a aniwa hu mu no, Onyankopɔn dɔ ho adanse bɛn na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa hu na yɛkyerɛ ho anisɔ?

4 Yɛn dodom ka Onyankopɔn dɔ ho asɛm kyerɛ yɛn bere a yɛka aduaba bi a abere a ɛyɛ dɛ a ɛda adi sɛ wɔanyɛ sɛ ɛnwowaw yɛn kɛkɛ na mmom sɛ ɛmma yɛn ani nnye nso mu no. Yɛn aniwa hu eyi ho adanse pefee wɔ owitɔe a ɛyɛ nwonwa, wim a nsoromma ahyɛ hɔ ma wɔ anadwo a ewim tew, nhwiren ahorow a ne yɛbea ne ne kɔla gu ahorow, mmoa mma agodie, ne nnamfo a wɔde anigye serew ho. Yɛn hwene te, bere a yɛhome fefɛw bere mu nhwiren hua a ɛyɛ huam no. Yɛn aso te, bere a yetie aworoeɛ nnyigyei, nnomaa su, ne adɔfo nne no. Yɛte, bere a yɛn dɔfo bi yɛ yɛn atuu ɔdɔ mu no. Wɔama mmoa bi tumi a wɔde hu ade, te nnyigyei, anaa wɔte nneɛma hua a nnipa ntumi nte. Nanso nnipa a wɔyɛɛ wɔn Onyankopɔn suban so no tumi hu Onyankopɔn dɔ wɔ ɔkwan bi a aboa biara ntumi nhu so.—Genesis 1:27.

5. Ɔkwan bɛn so na Yehowa yii ɔdɔ kɛse adi kyerɛɛ Adam ne Hawa?

5 Bere a Yehowa Nyankopɔn bɔɔ nnipa a wodi kan, Adam ne Hawa no, ɔde nneɛma a ɛda ne dɔ adi twaa wɔn ho hyiae. Ná wayɛ turo bi a ɛyɛ paradise, na ɔmaa nnua ahorow nyinaa bi fifii mu. Ɔbɔɔ asubɔnten a ebegugu so nsu, na ɔde nnomaa ne mmoa a wɔn ho yɛ fɛ hyɛɛ mu ma. Ɔde eyinom nyinaa maa Adam ne Hawa sɛ wɔn fie. (Genesis 2:8-10, 19) Yehowa ne wɔn dii sɛ ne mma, sɛ n’amansan abusua no fã. (Luka 3:38) Bere a nnipa baanu a wodi kan yi soro Agya de Eden mae sɛ nhwɛsode no, ɔde adwuma a abotɔyam wom a ɛne sɛ wɔbɛma Paradise atrɛw akɔ okyinnsoromma no so nyinaa sii wɔn anim. Na wɔn asefo bɛhyɛ asase no so nyinaa ma.—Genesis 1:28.

6. (a) Wote nka dɛn wɔ atuatew kwan a Adam ne Hawa faa so no ho? (b) Dɛn na ɛbɛkyerɛ sɛ yɛasua biribi afi nea ɛkɔɔ so wɔ Eden no mu, na yɛanya mfaso afi saa nimdeɛ no mu?

6 Nanso, bere tiaa bi akyi no, Adam ne Hawa hyiaa osetie ne nokwaredi ho sɔhwɛ. Nea edi kan no, obiako ankyerɛ anisɔ wɔ ɔdɔ a na wɔayi no adi akyerɛ wɔn no ho, na afei ɔfoforo no nso yɛɛ saa ara. Ná nea wɔyɛe no yɛ nwonwa. Ná wonni anoyi biara! Ne saa nti, wɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ sɛee, na ɔpamoo wɔn fii n’abusua mu tuu wɔn fii Eden. Yɛn a yɛte ase nnɛ no da so ara te nea wɔn bɔne no de bae no nka. (Genesis 2:16, 17; 3:1-6, 16-19, 24; Romafo 5:12) Nanso yɛasua biribi afi nea esii no mu? Ɔkwan bɛn so na yɛreyɛ Onyankopɔn dɔ no ho ade? So gyinae ahorow a yesi no da biara da kyerɛ sɛ yɛn ani sɔ ne dɔ no?—1 Yohane 5:3.

7. Ɛmfa ho nea Adam ne Hawa yɛe no, ɔkwan bɛn so na Yehowa yii ɔdɔ adi kyerɛɛ wɔn asefo?

7 Anisɔ a yɛn honam fam awofo a wodi kan ankyerɛ koraa wɔ nea na Onyankopɔn ayɛ ama wɔn nyinaa ho no mpo anka Onyankopɔn ankasa dɔ anhyɛ. Esiane ahummɔbɔ a na Onyankopɔn wɔ ma nnipa a na wonnya nwoo wɔn—a yɛn a yɛte ase nnɛ ka ho—nti, ɔmaa Adam ne Hawa nyaa abusua ansa na wɔrewu. (Genesis 5:1-5; Mateo 5:44, 45) Sɛ wanyɛ saa a, anka wɔanwo yɛn mu biara. Yehowa nam n’apɛde a ɔdaa no adi nkakrankakra no so nso maa Adam asefo a na wɔbɛkyerɛ gyidi nyinaa no nyaa nea wobegyina so anya anidaso. (Genesis 3:15; 22:18; Yesaia 9:6, 7) Nea ɛka ne nhyehyɛe ho ne ɔkwan a nnipa a wofi aman nyinaa mu betumi afa so asan anya nea Adam hweree, a ɛne, asetra a ɛyɛ pɛ a Onyankopɔn amansan abusua mufo a wɔwɔ n’anim dom benya no. Ɔnam agyede a ɔde mae so na ɛyɛɛ eyi.

Dɛn Nti na Ɔde Agyede Mae?

8. Dɛn nti na Onyankopɔn antumi anhyɛ mmara kɛkɛ sɛ ɛwom sɛ na ɛsɛ sɛ Adam ne Hawa wu de, nanso ɛnsɛ sɛ wɔn asefo a wɔyɛ osetie no mu biara wu?

8 So na ɛho hia ankasa sɛ ɔde nnipa nkwa na etua agyede bo no? So anka na Onyankopɔn ntumi nhyɛ mmara bi kɛkɛ sɛ ɛwom sɛ ɛsɛ sɛ Adam ne Hawa wu wɔ wɔn atuatew no ho de, nanso wɔn asefo a wɔbɛyɛ osetie ama Onyankopɔn no nyinaa de wobetumi atra ase daa? Wɔ onipa a ɔnhwɛ ade nkɔ akyiri fam de, ɛno betumi ayɛ te sɛ nea ntease wom. Nanso, Yehowa ‘dɔ asɛntrenee ne atemmu.’ (Dwom 33:5) Adam ne Hawa bɛyɛɛ abɔnefo no akyi na wɔwoe; enti mmofra no mu biara nni hɔ a wɔwoo no a na ɔyɛ pɛ. (Dwom 51:5) Wɔn nyinaa nyaa apɛgyade bi a ɛne bɔne, na bɔne akatua ne owu. Sɛ Yehowa buu n’ani guu eyi so a, anka nhwɛso bɛn na ɛno bɛyɛ ama n’amansan abusua no mufo? Na ɔrentumi mmu n’ani ngu n’ankasa trenee gyinapɛn ahorow so. Ɔkyerɛɛ obu maa atɛntrenee ahwehwɛde ahorow. Obiara ntumi nnyina biribiara so nnya ɔkwan a Onyankopɔn faa so dii nneɛma ho dwuma no ho mfomso bi da.—Romafo 3:21-23.

9. Sɛnea Onyankopɔn atɛntrenee gyinapɛn kyerɛ no, na agyede bɛn na wohia?

9 Ɛnde, ɔkwan bɛn so na wobenya biribi a ɛfata agyina so agye Adam asefo a wobefi ɔdɔ mu ayɛ osetie ama Yehowa no? Sɛ na onipa a ɔyɛ pɛ wu afɔrebɔ wu, sɛnea atɛntrenee hwehwɛ no a na saa nkwa a ɛyɛ pɛ no betumi apopa wɔn a wofi gyidi mu begye agyede no atom no bɔne. Esiane sɛ onipa biako, Adam, bɔne na ɛmaa adesamma abusua nyinaa bɛyɛɛ abɔnefo nti, onipa foforo a ɔyɛ pɛ mogya a wobehwie agu, a ne nyinaa bo yɛ pɛ no na ebetumi ama atɛntrenee nsenia no akari pɛ. (1 Timoteo 2:5, 6) Nanso ɛhe na na wobetumi anya onipa a ɔte saa?

Na Ɛbo no Yɛ Den Dɛn?

10. Dɛn nti na Adam asefo antumi amfa agyede a wohia no amma?

10 Wɔ ɔdebɔneyɛfo Adam asefo mu no, na obiara nni hɔ a obetumi de nea wohia no ama na ama wɔatumi atɔ nkwa anidaso ahorow a na Adam ahwere no. “Onua rentumi nnye onipa da, ɔremma Onyankopɔn ne mpatade; (na wɔn kra gye bo yɛ den, na ɛma ogyaw hɔ koraa,) sɛ ɔntra ase ara daa, na wanhu ɔdamoa.” (Dwom 49:7-9) Sɛ́ anka Yehowa begyaw adesamma a wonni anidaso biara no, ɔno ankasa fi mmɔborohunu mu yɛɛ nsiesiei.

11. Ɔkwan bɛn so na Yehowa nam de ɔdesani nkwa a ɛyɛ pɛ a na wohia de ayɛ agyede a ɛfata no mae?

11 Yehowa ansoma ɔbɔfo bi amma asase so sɛ ɔmfa ne nipadua mmɛto hɔ nyɛ te sɛ nea wawu na wakɔ so atra ase sɛ honhom. Mmom no, ɛdenam anwonwade bi a Onyankopɔn, Ɔbɔadeɛ no, nkutoo na na obetumi ayɛ so no, oyii ɔsoro ba bi nkwa tumi ne ne nipasu kɔhyɛɛ ɔbea bi, Maria, Heli a ofi Yuda abusua mu babea awotwaa mu. Onyankopɔn adeyɛ tumi, ne honhom kronkron, bɔɔ abofra no nyin ho ban wɔ ne na awotwaa mu, na wɔwoo no sɛ onipa a ɔyɛ pɛ. (Luka 1:35; 1 Petro 2:22) Afei oyi na na ɔwɔ agyede bo a na wohia de adi Onyankopɔn atɛntrenee ahwehwɛde ahorow ho dwuma koraa no.—Hebrifo 10:5.

12. (a) Ntease bɛn mu na Yesu yɛ Onyankopɔn ‘Ba a ɔwoo no koro’? (b) Ɔkwan bɛn so na onii a Onyankopɔn somaa no ma ɔde agyede no bɛmae no si Ne dɔ a ɔwɔ ma yɛn no so dua?

12 Yehowa mma ɔpepem pii a wɔwɔ soro no mu hena na ɔde dwumadi yi hyɛɛ ne nsa? Ɔde hyɛɛ nea wɔaka ne ho asɛm wɔ Kyerɛwnsɛm mu sɛ ‘ɔba a ɔwoo no koro’ no nsa. (1 Yohane 4:9) Ɛnyɛ bere a wɔwoo no sɛ onipa no na wɔkaa asɛm yi faa ne ho na mmom nea na ɔyɛ wɔ soro ansa na wɔrewo no no. Ɔno nkutoo na Yehowa ankasa bɔɔ no a onipa foforo biara mmoa nka ho. Ɔne abɔde nyinaa Abakan. Ɔno na Onyankopɔn de no dii dwuma ma ɔyɛɛ abɔde foforo nyinaa. Abɔfo no yɛ Onyankopɔn mma, sɛnea na Adam yɛ Onyankopɔn ba no. Nanso wɔka Yesu ho asɛm sɛ ɔwɔ ‘anuonyam sɛ agya no ba a ɔwoo no koro.’ Wɔka sɛ ɔda “agya no kokom.” (Yohane 1:14, 18) Ɔne Agya no ntam abusuabɔ yɛ nea emu yɛ den, na ahotoso ne ɔdɔ wom. Ɔwɔ ɔdɔ a N’agya wɔ ma adesamma no bi. Mmebusɛm 8:30, 31, NW ka sɛnea N’agya te nka wɔ Ɔba yi ho, ne sɛnea Ɔba no te nka wɔ adesamma ho no ho asɛm sɛ: “Mebɛyɛɛ obi a n’ani [Yehowa] gye me ho titiriw daa daa, m’ani gye n’anim bere nyinaa, . . . na nneɛma a m’ani [Yesu, Yehowa Dwumayɛni Panyin, nyansa nhwɛso] gye ho wɔ nnipa mma mu.” Ɛyɛ Ɔba a ɔsom bo yi na Onyankopɔn somaa no asase so ma ɔde agyede no bɛmae. Enti, hwɛ sɛnea ntease wɔ Yesu asɛm yi mu: “Sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae”!—Yohane 3:16.

13, 14. Dɛn na ɛsɛ sɛ Bible kyerɛwtohɔ a ɛfa mmɔden a Abraham bɔe sɛ ɔde Isak bɛbɔ afɔre ho no boa yɛn ma yenya ho anisɔ wɔ nea Yehowa yɛe no ho? (1 Yohane 4:10)

13 Sɛnea ɛbɛboa yɛn ma yɛate nea ɛno kyerɛ ase wɔ kwan bi so no, bere tenten ansa na Yesu reba asase so no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham bɛyɛ mfe 3,890 a atwam ni sɛ: “Fa wo ba, wo ba koro a wodɔ no, Isak, kɔ Moria asase so, na fa no kɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ hɔ, wɔ mmepɔw no mu biako a mɛkyerɛ wo so.” (Genesis 22:1, 2) Abraham tiei wɔ gyidi mu. Fa no sɛ wone Abraham. Sɛ na ɛyɛ wo ba, wo ba koro a wodɔ no yiye ɛ? Anka wobɛte nka dɛn, bere a wutwitwa gya a wode bɛbɔ ɔhyew afɔre no, de nna pii twa kwantenten kɔ Moria asase so, na wode wo ba no to afɔremuka no so no?

14 Dɛn nti na ɔwofo a ɔwɔ ayamhyehye nya nkate a ɛte saa? Genesis 1:27 ka sɛ Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ Ne suban so. Ɔdɔ ne ayamhyehye a yɛwɔ no yɛ Yehowa ankasa dɔ ne n’ayamhyehye ho nhwɛso ketewaa bi pɛ. Wɔ Abraham asɛm no mu no, Onyankopɔn de ne ho gyee mu ma enti wamfa Isak ammɔ afɔre ankasa. (Genesis 22:12, 13; Hebrifo 11:17-19) Nanso, wɔ Yehowa ankasa asɛm no mu no, ɛwom sɛ na agyede a na ɔde rema no bo yɛ den ma n’ankasa ne ne Ba no de, nanso wantwe ansan. Na ɛnyɛ asɛyɛde bi a Onyankopɔn wɔ nti na ɔyɛɛ saa, na mmom na ɛyɛ ayamye soronko bi a ɔreda no adi. So yɛkyerɛ ho anisɔ kosi ase?—Hebrifo 2:9.

Nea Ɛma Ɛyɛ Yiye

15. Ɔkwan bɛn so na agyede no anya asetra so tumi wɔ mprempren nneɛma nhyehyɛe yi mu mpo?

15 Saa nsiesiei a ɔdɔ wom yi a Onyankopɔn yɛe no anya wɔn a wogye tom wɔ gyidi mu no asetra so tumi kɛse. Kan no esiane bɔne nti na wɔmmɛn Onyankopɔn. Sɛnea N’asɛm ka no, na wɔyɛ ‘atamfo esiane sɛ na wɔn adwene wɔ nnwuma bɔne so nti.’ (Kolosefo 1:21-23) Nanso ‘wɔnam ne ba no wu so apata wɔne Onyankopɔn ntam.’ (Romafo 5:8-10) Bere a wɔasesa wɔn asetra, na wɔagye Onyankopɔn bɔne fafiri a ɔde ma wɔn a wɔkyerɛ Kristo afɔrebɔ no mu gyidi atom no, wɔama wɔanya ahonim pa.—Hebrifo 9:14; 1 Petro 3:21.

16. Nhyira horow bɛn na wɔde ama kuw ketewa no esiane gyidi a wɔakyerɛ wɔ agyede no mu nti?

16 Yehowa ama saafo no mu kakraa bi, kuw ketewa bi, ɔdom a ɛkyɛn so sɛ wɔnkɔka ne Ba no ho wɔ ɔsoro Ahenni mu, a botae no ne sɛ wobedi Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw ma asase no ho dwuma. (Luka 12:32) Woyii eyinom fii ‘mmusua ne ɔkasa ne nkurɔfo ne aman nyinaa mu sɛ wɔnkɔyɛ ahemman ne asɔfo mma yɛn Nyankopɔn, na wobedi asase so ahene.’ (Adiyisɛm 5:9, 10) Ɔsomafo Paulo kyerɛw eyinom ho asɛm sɛ: “Moanya abagye honhom a ɛno mu na yɛteɛm sɛ: Abba, agya! Honhom no ara ne yɛn honhom di adanse sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma. Na yɛyɛ mma a, yɛyɛ adedifo nso, Onyankopɔn adedifo ne Kristo yɔnkodifo, nanso gye sɛ yɛne no hu amane ansa na wɔahyɛ yɛn ne no anuonyam bi.” (Romafo 8:15-17; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Sɛ Onyankopɔn gye wɔn sɛ ne mma a, ɔma wonya abusuabɔ a anisɔ wom a Adam yeraa no no; nanso wɔbɛma saa mma yi hokwan afoforo a ɛyɛ ɔsoro adwuma—biribi a Adam annya ho kwan da. Ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔsomafo Yohane kae sɛ: “Monhwɛ ɔdɔ ko a agya no de akyɛ yɛn, sɛ wɔmfrɛ yɛn Nyankopɔn mma”! (1 Yohane 3:1) Ɛnyɛ ɔdɔ a egyina nnyinasosɛm so (a·gaʹpe) nko na Onyankopɔn yi no adi kyerɛ wɔn, na mmom onuadɔ (phi·liʹa), a ɛyɛ su a ɛwɔ nnamfo pa ntam no nso.—Yohane 16:27.

17. (a) Hokwan bɛn na wɔde ma wɔn a wɔkyerɛ agyede no mu gyidi nyinaa? (b) Dɛn na “Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi” no bɛkyerɛ ama wɔn?

17 Wɔ afoforo nso fam no—wɔn a wɔkyerɛ Onyankopɔn nsiesiei a ofi ayamye mu nam Yesu Kristo so ayɛ ama nkwagye no mu gyidi nyinaa—Yehowa bue hokwan a ɛbɛma wɔanya abusuabɔ a ɛsom bo a Adam yeraa no no ma wɔn. Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Abɔde no [adesamma a wofi Adam mu] ani gyina retwɛn Onyankopɔn mma ahoyi [a ɛkyerɛ sɛ, wɔretwɛn bere a ɛbɛda adi pefee sɛ Onyankopɔn mma a wɔne Kristo bedi ade wɔ soro Ahenni mu no yɛ ade pa ma adesamma no]. Na wɔde abɔde no ahyɛ ade hunu ase, [wɔwoo wɔn wɔ bɔne mu a na owu na ɛda hɔ ma wɔn, na na ɔkwan biara nni hɔ a wɔbɛfa so atumi agye wɔn ho] ɛnyɛ n’ankasa na ɛpɛ, na mmom nea ɔde hyɛɛ ase no ntia, anidaso [a Onyankopɔn de ama] mu, sɛ abɔde no ankasa nso bɛfa ne ho adi afi ɔsom a ɛsom porɔwee no mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi mu.” (Romafo 8:19-21) Dɛn na saa ahofadi no bɛkyerɛ? Ɛbɛkyerɛ sɛ wɔagye wɔn afi bɔne ne owu nkoayɛ mu. Wobenya adwene ne nipaduam pɛyɛ, Paradise sɛ wɔn fie, ne daa nkwa a wobenya wɔn pɛyɛ no wom na wɔada wɔn anisɔ adi ama Yehowa, nokware Nyankopɔn koro no. Na ɛyɛɛ dɛn na eyinom nyinaa tumi yɛɛ yiye? Denam Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro no agyede afɔrebɔ no so.

18. Dɛn na yɛbɛyɛ wɔ March 23, bere a owia akɔtɔ no, na dɛn ntia?

18 Yesu de ne wu ho Nkaedi no sii hɔ wɔ Nisan 14, 33 Y.B. mu, wɔ Yerusalem abansoro bi so. Ne wu no ho nkae a wodi no afe afe no abɛyɛ ade titiriw wɔ nokware Kristofo nyinaa asetra mu. Yesu ankasa hyɛe sɛ: “Monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae.” (Luka 22:19) Wɔbɛyɛ 1997 Nkaedi no wɔ March 23, bere a owia akɔtɔ (a ɛyɛ bere a Nisan 14 fi ase no). Saa da no, biribiara nni hɔ a ɛho betumi ahia asen Nkaedi afahyɛ yi ase a wobɛkɔ.

Wubebua Dɛn?

◻ Akwan bɛn so na Onyankopɔn ayi ɔdɔ kɛse adi akyerɛ adesamma?

◻ Dɛn nti na na wohia ɔdesani nkwa a ɛyɛ pɛ na wɔde agye Adam asefo?

◻ Bo a ɛyɛ den bɛn na Yehowa tuae de agyede no mae?

◻ Dɛn na agyede no ma ɛyɛ yiye?

[Kratafa 10 mfonini]

Onyankopɔn de ne Ba a ɔwoo no koro no mae

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena