Bible No Adwene
Bɔne a Wɔde Firi na Wɔnkae Bio—Ɛbɛyɛ Dɛn Ayɛ Yiye?
“MEDE WƆN AMUMƆYƐ MEFIRI, NA WƆN BƆNE NSO, MERENKAE BIO.”—YEREMIA 31:34.
SAA nsɛm no a odiyifo Yeremia yɛɛ ho kyerɛwtohɔ no da biribi soronko adi wɔ Yehowa mmɔborohunu ho: Sɛ ɔde bɔne firi a, ɔnkae. (Yesaia 43:25) Bible no ka bio sɛ: “Sɛnea [Yehowa] de akyɛ mo no, sɛnea mo nso monyɛ ne no.” (Kolosefo 3:13) Enti sɛ́ Kristofo no, ɛsɛ sɛ yesuasua Yehowa fafiri no.
Nanso, nsemmisa bi a ɛho hia bi sɔre. Sɛ Yehowa de firi a, ɔnkae yɛn bɔne no bio koraa ampa? Na sɛ yɛde bɔne firi a, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi a ɛkyerɛ sɛ yentumi nkae bio koraa? Yebetumi aka sɛ sɛ yɛamma yɛn werɛ amfi wɔ saa kwan no so a, na yɛmfa mfirii ankasa?
Sɛnea Yehowa De Firi
Nea ɛka bɔne fafiri ho ne menasepɔw a woyi fi hɔ. Sɛ Yehowa de firi a, ɔyɛ saa korakora.a Odwontofo Dawid kyerɛwee sɛ: ‘Yehowa renham nkosi daapem, na ɔrennya yɛn ho menasepɔw nkosi daa. Sɛ apuei ne atɔe ntam ware no, sɛ wama yɛne yɛn mmarato ntam aware ne no. Sɛ agya yam hyehye no mma ho no, sɛ Yehowa yam yɛ no wɔn a wosuro no ho ne no.’—Dwom 103:9, 12, 13.
Wɔakyerɛkyerɛ sɛnea Onyankopɔn fafiri di mũ mu bio wɔ Asomafo no Nnwuma 3:19: “Enti monsakra mo adwene, na monnan mo ho, na wɔapopa mo bɔne.” Asɛmfua “wɔapopa” no fi Hela adeyɛ asɛm (e·xa·leiʹpho) a ɛkyerɛ “yi fi hɔ” mu. (Hwɛ Adiyisɛm 7:17; 21:4.) The New International Dictionary of New Testament Theology kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Adwene a ɛda adi yiye sɛ adeyɛ asɛm no da no adi wɔ ha ne ebia baabi foforo no kyerɛ kokwaw a wɔkokwaw ɔhweaa kyerɛwpon so ma wɔsan de di dwuma bio ([fa toto] ‘dua kyerɛwpon so a wɔpopa koraa [ho]’).” Sɛ yenu yɛn ho wɔ yɛn bɔne ho a, Yehowa popa kyerɛwtohɔ no koraa. Ɛno kyerɛ sɛ ɔnkae yɛn bɔne bio? Ma yensusuw Bible mu nhwɛso bi ho.
Bere a Ɔhene Dawid ne Bat-Seba sɛee aware na akyiri yi ɔnam nhyehyɛe a ɔyɛ maa wokum ne kunu so bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛkata so no, Yehowa somaa odiyifo Natan ma ɔkɔkaa Dawid anim. (2 Samuel 11:1-17; 12:1-12) Dɛn na efii mu bae? Dawid nuu ne ho ne komam, na Yehowa de firii no. (2 Samuel 12:13; Dwom 32:1-5) Yehowa werɛ fii Dawid bɔne no? Dabida! Akyiri yi Bible akyerɛwfo Gad ne Natan kyerɛw asɛm no nyinaa wɔ nhoma a ɛne 2 Samuel (a wowiee ne kyerɛw bɛyɛ 1040 A.Y.B.) mu bere tiaa bi ansa na Dawid rewu.
Enti Dawid bɔne ho kyerɛwtohɔ no, anaa ɛho nkae—ne n’ahonu ne Yehowa fafiri a edii akyiri ho kyerɛwtohɔ—da so wɔ hɔ besi nnɛ, na Bible akenkanfo anya mu mfaso. (Romafo 15:4; 1 Korintofo 10:11) Nokwarem no, esiane sɛ “[Yehowa] asɛm [sɛnea ɛwɔ Bible mu no] de, ɛte hɔ daa” nti, werɛ remfi Dawid bɔne ho kyerɛwtohɔ no da!—1 Petro 1:25.
Ɛnde, ɔkwan bɛn so na yebetumi aka sɛ sɛ yefi komam nu yɛn ho wɔ yɛn bɔne ho a Yehowa popa koraa? Yɛbɛyɛ dɛn atumi ate Yehowa nsɛm yi: “Mede wɔn amumɔyɛ mefiri, na wɔn bɔne nso, merenkae bio” no ase?—Yeremia 31:34.
Sɛnea Yehowa Nkae Bio
Hebri adeyɛ asɛm a wɔaka no sɛ ‘Mɛkae’ (a ɛne za·kharʹ a ɛwɔ kabea foforo mu) no nkyerɛ sɛ wɔbɛkae nneɛma a atwam ara kwa. Sɛnea Theological Wordbook of the Old Testament kyerɛ no, ebetumi akyerɛ “bɔ din, fa to gua, ka, bɔ no dawuru, frɛ, tim ka, bɔ sobo, pae mu ka.” Theological Dictionary of the Old Testament de ka ho sɛ: “Nokwarem no, mpɛn pii na [za·kharʹ] kyerɛ adeyɛ bi anaasɛ wɔde bata adeyɛ nsɛm ho.” Enti, sɛ Yehowa ka wɔ ne nkurɔfo mmaratofo no ho sɛ ‘ɔbɛkae wɔn amumɔyɛ’ a, na ɔkyerɛ sɛ ɔbɛyɛ ade atia wɔn esiane ahonu a wɔannya nti. (Yeremia 14:10) Nea ɛne eyi bɔ abira no, sɛ Yehowa ka sɛ, “Wɔn bɔne nso, merenkae bio” a, na ɔrema yɛn awerɛhyem sɛ sɛ onya de yɛn bɔne firi yɛn a, ɔnsan nkɔfa mmɛbɔ yɛn sobo, mmu yɛn fɔ, anaa ɔntwe yɛn aso wɔ ho.
Yehowa nam odiyifo Hesekiel so kyerɛkyerɛɛ ntease a ɛwɔ firi a ɔde bɔne firi na ɔnkae bio no mu: “Na ɔbɔnefo nso, sɛ ɔsan fi ne bɔne a wayɛ nyinaa mu, na odi m’ahyɛde nyinaa so yɛ atemmude ne atreneede a, nkwa na obenya, ɔrenwu. Ne mmarato ade a ɔyɛe nyinaa, wɔrenkae mma no bio; ne trenee a wayɛ no mu na obenya nkwa.” (Hesekiel 18:21, 22; 33:14-16) Yiw, sɛ Yehowa de firi ɔbɔnefo a onu ne ho a, ɔpopa koraa ma ne werɛ fi a ntease a ɛwom ne sɛ ɔnyɛ ade ntia onii no wɔ saa bɔne no ho daakye bi.—Romafo 4:7, 8.
Esiane sɛ yɛnyɛ pɛ nti, yentumi mfa mfiri wɔ ɔkwan a edi mũ so sɛnea Yehowa yɛ no; n’adwene ne n’akwan korɔn sen yɛn de koraa. (Yesaia 55:8, 9) Ɛnde, sɛ afoforo yɛ yɛn bɔne a, ɛhe na wɔhwɛ kwan sɛ yebetumi de afiri a yɛnkae bio akodu?
Sɛnea Yebetumi De Afiri a Yɛnkae Bio
Efesofo 4:32 hyɛ yɛn nkuran sɛ: “Momfa mfirifiri mo ho.” Sɛnea nsɛm asekyerɛ nhoma kyerɛwfo W. E. Vine kyerɛ no, nea Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “momfa mfirifiri” (kha·riʹzo·mai) kyerɛ ne “sɛ́ wɔbɛdom obi a asɛm biara nni akyi.” Sɛ bɔne a wɔyɛ tia yɛn no yɛ nketenkete a, ebia ɛnyɛ den mma yɛn sɛ yɛde befiri. Sɛ yɛkae sɛ yɛn nso yɛnyɛ pɛ a, ɛma yetumi nya afoforo sintɔ ahorow ho koma. (Kolosefo 3:13) Sɛ yɛde firi a, yeyi menasepɔw fi hɔ, na ebia yɛne onii a wafom yɛn no ntam abusuabɔ nsɛe nkɔ akyiri. Bere a bere kɔ so no, ebia yɛn werɛ befi mfomso ketewa a ɛte saa no.
Nanso, sɛ bɔne a afoforo yɛ tia yɛn no yɛ nea anibere wom, na epira yɛn kɛse nso ɛ? Wɔ nsɛm bi a ɛkɔ akyiri te sɛ mogyafra, mmonnaato, ne mmɔden a wɔbɔ sɛ wobekum obi mu no, ebia nneɛma pii ho behia ansa na wɔatumi de afiri. Eyi betumi aba saa titiriw bere a nea wayɛ mfomso no nnye bɔne no ntom, nkyerɛ ahonu, na ɔmpa ho kyɛw no.b (Mmebusɛm 28:13) Yehowa ankasa mfa abɔnefo a wonnu wɔn ho a wɔsen wɔn kɔn bɔne mfiri wɔn. (Hebrifo 6:4-6; 10:26) Sɛ ɛyaw no mu yɛ den a, ebia yentumi nyi nea asi no mfi yɛn tirim koraa. Nanso, awerɛhyem a wɔama yɛanya sɛ ‘yɛrenkae kan nneɛma no na ɛremma koma mu bio’ wɔ wiase foforo a ɛreba no mu no betumi ama yɛanya awerɛkyekye. (Yesaia 65:17; Adiyisɛm 21:4) Biribiara a yɛbɛkae saa bere no rempira yɛn anaa ɛremma yɛnte yaw kɛse te sɛ nea ebia yɛte seesei no.
Wɔ nsɛm foforo mu no, ebia ɛho behia sɛ yebedi kan ayɛ biribi de asiesie asɛm no, sɛ ebia yɛne nea wafom yɛn no bɛkasa, ansa na yɛatumi de afiri no. (Efesofo 4:26) Yɛnam saa kwan yi so betumi asiesie biribiara a yɛnte yɛn ho ase wɔ ho biara, de kyɛwpa a ɛfata ama, na yɛada fafiri adi. Na kae a yɛnkae bio no nso ɛ? Ebia yɛrentumi nyi nea ɔyɛe no mfi yɛn adwenem koraa da, nanso yɛn werɛ betumi afi a nea ɛkyerɛ ne sɛ yɛrennya nea wafom yɛn no ho menasepɔw anaasɛ yɛrensan nkɔfa asɛm no mma bio daakye bi. Yɛrenni ho nseku, anaasɛ yɛne nea wafom yɛn no nyɛ aka. Nanso, ebia ebegye bere kakra na yɛne nea wafom yɛn no ntam abusuabɔ atumi ayɛ yiye, na ebia yɛrentumi mmɛn no pii te sɛ kan no.
Susuw nhwɛso bi ho hwɛ: Fa no sɛ woka wo kokoam asɛm bi a ehia wo yiye kyerɛ w’adamfo bi a wowɔ ne mu ahotoso, na akyiri yi wubehu sɛ wakeka akyerɛ afoforo, ma ahyɛ wo aniwu anaasɛ apira wo. Wokɔ ne nkyɛn ne no kosusuw ho, na onu ne ho kɛse; ɔpa kyɛw na ɔsrɛ bɔne fafiri. Bere a wote ne kyɛwpa a efi komam no, ɛka wo koma ma wode kyɛ no. Wo werɛ befi nea asi no ntɛm ara? Mpɛn pii no ɛmma saa; akyinnye biara nni ho sɛ wobɛyɛ ahwɛyiye paa wɔ wo kokoam asɛm a wobɛka akyerɛ no daakye ho. Nanso wode firi no; wonkɔ so ne no nka ho asɛm. Wunnya ne ho menasepɔw, na saa ara na wunni ho nseku nkyerɛ afoforo. Ebia worempɛ sɛ wobɛbɛn no pii sɛnea na woyɛ kan no, nanso woda so dɔ no sɛ wo nua Kristoni.—Fa toto Mmebusɛm 20:19 ho.
Nanso, ɛmfa ho mmɔden a woabɔ sɛ wubesiesie nsɛm no nyinaa akyi no, sɛ ɛkɔba sɛ nea wafom no nnye ne mfomso ntom mpa ho kyɛw nso ɛ? Wubetumi de afiri no denam menasepɔw a wunnya so? Bɔne a yɛde firi afoforo no nkyerɛ sɛ yɛhyɛ nea wɔayɛ no ho nkuran anaasɛ yɛbrɛ no ase. Menasepɔw yɛ adesoa kɛse; ebetumi agye yɛn adwene, asɛe yɛn asomdwoe. Sɛ yɛhwɛ kwan sɛ wɔde kyɛwpa bi bɛma yɛn na sɛ amma saa a, ebetumi abu yɛn aba mu kɛse. Sɛ ɛba saa a, na yɛama nea wafom yɛn no adi yɛn nkate horow so. Enti, ehia sɛ yɛde firi afoforo, anaa yeyi menasepɔw biara fi yɛn mu, a ɛnyɛ wɔn yiyedi nko nti na yɛyɛ saa na mmom yɛn ankasa nso de bi, sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya asomdwoe wɔ yɛn asetra mu.
Ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛde befiri afoforo bere nyinaa. Nanso sɛ wɔda nokware ahonu adi a, yebetumi abɔ mmɔden asuasua Yehowa fafiri no. Sɛ ɔde firi abɔnefo a wɔanu wɔn ho a, oyi wɔn ho menasepɔw fi ne mu—ɔpopa koraa na ɔnkae a nea ɛkyerɛ ne sɛ ɔnyɛ ade ntia wɔn wɔ saa bɔne no ho daakye. Yɛn nso yebetumi ayere yɛn ho ayi menasepɔw no afi yɛn mu bere a nea wafom no nu ne ho no. Nanso, ebetumi aba sɛ nsɛm bi wɔ hɔ a ɛnyɛ nhyɛ mpo sɛ yɛde befiri. Ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ obi a wɔne no adi nsɛm wɔ ɔkwan a ɛnteɛ anaa atirimɔden so kɛse sɛ ɔmfa mfiri ɔbɔnefo a onnu ne ho. (Fa toto Dwom 139:21, 22 ho.) Nanso nsɛm pii mu na sɛ afoforo yɛ bɔne tia yɛn a yebetumi de afiri wɔn, a nea ɛkyerɛ ne sɛ yebeyi menasepɔw afi yɛn mu, na yɛn werɛ betumi afi a nea ɛkyerɛ ne sɛ yɛmfa nyɛ asɛm ntia yɛn nua no daakye bi.
[Ase hɔ nsɛm]
a Hwɛ asɛm a ɛne “Bible no Adwene: Onyankopɔn Fafiri Di Mũ Dɛn?” a epuee February 8, 1994, Nyan! mu wɔ nkratafa 27-28 no.
b Insight on the Scriptures, Po 1, kratafa 862, ka sɛ: “Wɔnhwehwɛ sɛ Kristofo de wɔn a wɔhyɛ da yɛ bɔne kɛse na wonnu wɔn ho no bɔne befiri wɔn. Saafo no bɛyɛ Onyankopɔn atamfo.”—Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii.
[Kratafa 9 mfonini]
Yosef ne ne nuanom