Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lff adesua 2
  • Bible Ma Yenya Anidaso

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible Ma Yenya Anidaso
  • Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • SUA PII KA HO
  • NEA YƐASUA
  • YƐ NHWEHWƐMU
  • Bible Ma Yenya Anidaso
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Fi Bible Mu Nkɔmmɔ Ase
  • Afe 2023 Yi, Anidaso Wɔ Hɔ Ma Wo—Dɛn Na Bible Ka?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Afe 2024—Akyea Nso Emmui, Anidaso Wɔ Hɔ—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Ɛhe na Wubetumi Anya Anidaso Ankasa?
    Nyan!—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
lff adesua 2
Adesua 2. Owia atɔ hwiit afuw kɛse bi so.

ADESUA 02

Bible Ma Yenya Anidaso

Nea Yɛaprente
Nea Yɛaprente
Nea Yɛaprente

Wokɔ wiase baabiara a, wubehu sɛ nnipa rehu amane. Wei ma wodi awerɛhow, ɛma adwinnwen hyɛ wɔn so, na ɛma wodi yaw paa. Wo nso, woahyia ɔhaw bi ama woate nka saa pɛn? Yɛreka yi, ebia yare bi reteetee wo, anaa wo ho nipa bi awu ama woredi awerɛhow. Sɛ saa a, ebia wubebisa sɛ, ‘Enti sei ara na asetena bɛyɛ?’ Wuhu nea Bible aka wɔ asɛm yi ho a, w’ani begye paa.

1. Ɔkwan bɛn so na Bible ma yenya anidaso?

Ɛwom, Bible ma yehu nea enti a ɔhaw abu so wɔ wiase, nanso ɛsan ma yehu sɛ asɛmpa bi wɔ hɔ. Ɛne sɛ, ɔhaw a yɛrefa mu no, ne nyinaa befi hɔ nnansa yi ara. Bɔhyɛ ahorow a ɛwɔ Bible mu no betumi ama woanya “daakye ne anidaso.” (Kenkan Yeremia 29:11, 12.) Bɔhyɛ ahorow no boa yɛn ma yetumi gyina yɛn haw ano, na ɛmma yenni awerɛhow mmoro so. Afei nso, ɛma yenya anidaso sɛ daakye papa bi da hɔ retwɛn yɛn.

2. Sɛn na Bible ka sɛ asetena bɛyɛ daakye?

Bible ka sɛ bere bi bɛba a ‘owu befi hɔ, na awerɛhow ne osu ne yaw nso befi hɔ.’ (Kenkan Adiyisɛm 21:4.) Ɔhaw bi te sɛ ohia, ntɛnkyea, yare, ne owu a ɛma asetena fono yɛn nnɛ no, ne nyinaa befi hɔ. Bible ahyɛ bɔ sɛ nnipa betumi atena ase daa wɔ Paradise wɔ asaase so, na wɔn ani agye afebɔɔ.

3. Wobɛyɛ dɛn ahu sɛ nea Bible aka nyinaa bɛbam?

Nnipa pii nyae a anka wɔn anidaso aba mu. Nanso sɛ wɔn anidaso no bɛba mu oo, ɛremma mu oo, wɔrentumi nkyerɛ. Bɔhyɛ a ɛwɔ Bible mu no de, wotɔ wo bo ase ‘hwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu yiye’ a, wubetumi agye adi paa sɛ ɛbɛba mu. (Asomafo Nnwuma 17:11) Sɛ wusua Bible no a, ɛnyɛ obi na ɔbɛka akyerɛ wo sɛ nea Bible aka afa daakye ho no yɛ nokware.

SUA PII KA HO

Asetena pa a Bible ahyɛ bɔ sɛ ɛbɛba daakye no, susuw bi ho hwɛ. Hwɛ sɛnea anidaso a ɛwɔ Bible mu no reboa nnipa pii nnɛ.

Mfoni ahorow: Ɛma yehu ɔhaw a nnipa refa mu nnɛ, ne asetena pa a Bible ahyɛ bɔ sɛ yebenya daakye. Nnipa a wɔwɔ mfoni a ɛwɔ soro hɔ no mu no, wɔn ara nso na wɔwɔ nea ɛwɔ ase hɔ no mu.

4. Bible ka sɛ yebetumi atena ase daa, na ɔhaw ne amanehunu nyinaa befi hɔ

Bɔhyɛ ahorow a ɛwɔ Bible mu no bi na ɛwɔ ase hɔ no. Emu nea ɛwɔ he na w’ani gye ho paa? Adɛn nti na woreka saa?

Wohwɛ bɔhyɛ biara a, wubehu sɛ kyerɛwnsɛm bi hyɛ ano. Monkenkan kyerɛwnsɛm no. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Wohwɛ a, sɛn na kyerɛwnsɛm yi betumi aboa wo? W’abusuafo ne wo nnamfo nso, sɛn na ebetumi aboa wɔn?

Fa w’ani bu sɛ wote wiase bi mu.

SAA WIASE NO MU NO . . .

SAA WIASE NO MU NO . . .

  • amanehunu, nkwakoraabɔ, mmerewabɔ, anaa owu nni hɔ.​—Yesaia 25:8.

  • obiara hu sɛ wɔanyan n’adɔfo a wɔawuwu abɛtena asaase so bio.​—Yohane 5:28, 29.

  • obiara nyare anaa obiara nni hɔ a wadi dɛm.​—Yesaia 33:24; 35:5, 6.

  • obiara wɔ apɔwmuden, na ne ho ayɛ den te sɛ aberante anaa ababaa.​—Hiob 33:25.

  • obiara nsisi ne yɔnko.​—Yesaia 32:16, 17.

  • obiara nya nea ɔpɛ di mee, onya dan pa da mu, na ɔyɛ adwuma a ɛda ne koma so.​—Dwom 72:16; Yesaia 65:21, 22.

  • obiara nni hɔ a ɔko nti ɔrehu amane.​—Dwom 46:9.

  • obiara asom adwo no.​—Dwom 37:11.

  • obiara nkae ɔhaw ne abɛbrɛsɛ a ɔfaa mu no bio.​—Yesaia 65:17.

  • obiara anya asetena pa, n’ani agye, na ɔrenwu da.​—Dwom 37:29.

Abofra bi a ɔyare ho atɔ no, na ne maame abam no. Akwakoraa bi adan aberante, na ɔrepia ne wheelbarrow a atosode gu mu. Mmofra bi a na kan no ɔkɔm de wɔn, na wɔhyɛ wɔn de wɔn yɛ adwumaden no, seesei wɔredua ade, na wɔrebɔ bɔɔl. Maame bi a bere bi na wayɛ mmɔbɔmmɔbɔ no, seesei de, n’ani agye a ɔresereserew.

5. Bɔhyɛ a ɛwɔ Bible mu no betumi ama yɛanya anidaso

Sɛ nnipa pii hu ɔhaw a atwa wɔn ho ahyia a, etumi ma wɔn abam bu anaa ɛhyɛ wɔn abufuw mpo. Ebinom de asi wɔn ani so sɛ wɔbɛko ayi ɔhaw no afi hɔ. Nanso hwɛ sɛnea anidaso a ɛwɔ Bible mu no reboa nnipa pii nnɛ. Monhwɛ VIDEO no. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho.

VIDEO: Ná Mepɛ Sɛ Meko Tia Ntɛnkyea (4:07)

Mfoni ahorow: Mfoni bi a ɛwɔ Video a yɛato din ‘Ná Mepɛ Sɛ Meko Tia Ntɛnkyea’ no mu. 1. Wei yɛ bere a na Rafika yɛ ababaa a na ɔne ne kuromfo retetew asaawa. 2. Da a edi kan a Rafika kɔɔ Yehowa Adansefo Mantam nhyiam bi ase no, ohui sɛ nnipa a wofi aman horow so abom te faako, na wei maa n’ani gyei paa.
  • Video no mu no, dɛn na na ɛrekɔ so a na Rafika ani nnye ho?

  • Ɛwom sɛ ɔhaw no amfi hɔ de, nanso Bible no boaa no sɛn?

Sɛ yɛn abam bu anaa yɛrefa ɔhaw mu a, anidaso a ɛwɔ Bible mu no betumi aboa yɛn ama yɛagyina ano. Monkenkan Mmebusɛm 17:22 ne Romafo 12:12. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Anidaso a ɛwɔ Bible mu no, wohwɛ a ebetumi aboa wo wɔ w’asetena mu? Adɛn nti na woreka saa?

EBINOM KA SƐ: “Bɔhyɛ a ɛwɔ Bible mu no yɛ anansesɛm.”

  • Wohwɛ a, adɛn nti na ɛho hia sɛ wohwehwɛ nokware a ɛwɔ asɛm yi mu?

NEA YƐASUA

Bible ahyɛ bɔ sɛ daakye, asetena bɛyɛ dɛ. Saa anidaso yi boa yɛn ma yetumi gyina yɛn haw ahorow ano.

Ntimu

  • Sɛ obi wɔ anidaso a, ɛboa no sɛn?

  • Dɛn na Bible ka fa daakye ho?

  • Sɛ yɛwɔ anidaso sɛ yebenya asetena pa daakye a, ɛbɛboa yɛn sɛn nnɛ?

Fa Wei Si W’ani So

YƐ NHWEHWƐMU

Wuhyia ɔhaw a, hwɛ sɛnea anidaso betumi aboa wo.

“Anidaso—Etumi Ka Yɛn Asetra?” (Nyan!, May 8, 2004)

Wɔn a yare koankɔ bi abɛtena wɔn so no, hwɛ sɛnea anidaso betumi aboa wɔn.

“Mewɔ Yareɛ Koankorɔ Bi—Bible Bɛtumi Aboa Me Anaa?” (Ɛwɔ jw.org)

Sɛ worehwɛ nnwom ho video no a, fa w’ani bu sɛ wo ne w’abusuafo te Paradise a Bible ahyɛ ho bɔ no mu a moregye mo ani.

Fa W’ani Bu! (3:37)

Owura bi de sii n’ani so denneennen sɛ ɔbɛsesa wiase. Nanso bere a ohuu nea Bible aka afa daakye ho no, ɔsesaa n’adwene. Kenkan ne ho asɛm na hwɛ nea enti a ɔyɛɛ saa.

“Mente Nka Bio sɛ Ɛsɛ sɛ Mesesa Wiase” (Ɔwɛn-Aban, July 1, 2013)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena