Momma Mo Ani Nnye Wɔ Ahenni Anidaso No Mu!
“Momma mo ani nnye anidaso mu, ahohia mu montɔ mo bo ase.”—ROMAFO 12:12.
1. Dɛn nti na yebetumi anya anigye wɔ yɛne Yehowa ayɔnkofa mu, na Paulo hyɛɛ Kristofo nkuran sɛ wɔnyɛ dɛn?
“ANIGYE Nyankopɔn.” (1 Timoteo 1:11, New World Translation) Hwɛ sɛnea eyi ka Yehowa ho asɛm yiye! Dɛn ntia? Efisɛ ne nnwuma nyinaa de anigye kɛse brɛ no. Esiane sɛ Yehowa ne nneɛma pa ne nea ɛde anigye ba nyinaa Fibea nti, n’abɔde a wɔwɔ nyansa nyinaa betumi anya anigye wɔ wɔne no ayɔnkofa mu. Ɔkwan a ɛfata so no, ɔsomafo Paulo hyɛɛ Kristofo sɛ wɔnkyerɛ wɔn hokwan a ɛyɛ anigye a ɛne Yehowa Nyankopɔn a wonim no ho anisɔ, wɔmfa aseda mma wɔ N’abɔde mu akyɛde a ɛyɛ nwonwa nyinaa no ho, na wonnya adɔe no ho anigye. Paulo kyerɛwee sɛ: “Momma mo ani nnye Awurade mu daa! Meka no bio sɛ: Momma mo ani nnye!”—Filipifo 4:4; Dwom 104:31.
2. Anidaso bɛn na ɛde anigye kɛse ba, na wɔhyɛ Kristofo nkuran sɛ wɔnyɛ dɛn wɔ anidaso yi ho?
2 So Kristofo redi saa afotu a Paulo de mae no so? Nokwarem no, wɔredi so! Yesu Kristo honhom fam anuanom renya anuonyam anidaso a Onyankopɔn de ama wɔn no mu anigye. (Romafo 8:19-21; Filipifo 3:20, 21) Yiw, wonim sɛ wɔnam Kristo a wɔne no bɛsom wɔ ne soro Ahenni nniso no mu no so benya anidaso kɛse ma adesamma, ateasefo ne awufo nyinaa no mmamu mu kyɛfa. Hwɛ sɛnea wɔn ani begye hokwan a wɔanya sɛ wɔyɛ yɔnko adedifo a wɔsom sɛ ahene ne asɔfo no mu! (Adiyisɛm 20:6) Hwɛ anigye ara a wobenya bere a wɔboa adesamma anokwafo ma wodu pɛyɛ mu, na wɔboa ma wɔkyerɛ Paradise a wɔbɛsan de aba yɛn asase yi so no kwan no! Nokwarem no, Onyankopɔn nkoa nyinaa wɔ “daa nkwa anidaso [nnyinaso], nkwa a Onyankopɔn a onni atoro no de fi teteete hyɛɛ bɔ no.” (Tito 1:2) Esiane anidaso kɛse yi nti, ɔsomafo Paulo hyɛ Kristofo nyinaa nkuran sɛ: “Momma mo ani nnye anidaso mu.”—Romafo 12:12.a
Nokware Anigye—Komam Su
3, 4. (a) Dɛn na asɛm “ma w’ani nnye” no kyerɛ, na mpɛn dodow ahe na ɛsɛ sɛ Kristofo ani gye? (b) Dɛn ne nokware anigye, na egyina dɛn so?
3 “Ma w’ani nnye” kyerɛ sɛ wobɛte anigye nka na woada no adi; ɛnkyerɛ ahurusi a wubedi anaasɛ wo ho a wobɛma asɛpɛw wo bere nyinaa. Adeyɛ nsɛm a ɛne Hebri ne Hela nsɛm a wɔde di dwuma wɔ Bible no mu de gyina hɔ ma “ahosɛpɛw,” “ahurusidi,” ne “anigye” no da komam nkate ne ahosɛpɛw a wɔda no adi ma wohu nyinaa adi. Wɔhyɛ Kristofo nkuran sɛ “monkɔ so mma mo ani nnye,” “momma mo ani nnye daa.”—2 Korintofo 13:11, NW; 1 Tesalonikafo 5:16.
4 Nanso ɔkwan bɛn so na obi betumi ama n’ani agye daa? Ebetumi aba saa efisɛ nokware anigye yɛ komam su, su a ɛwɔ koma no mu tɔnn, ɛyɛ honhom fam su. (Deuteronomium 28:47; Mmebusɛm 15:13; 17:22) Ɛyɛ Onyankopɔn honhom aba a Paulo bɔɔ din wɔ ɔdɔ akyi pɛɛ. (Galatifo 5:22) Esiane sɛ ɛyɛ komam su nti, ennyina nneɛma a aniwa hu so, ennyina yɛn nuanom mpo so. Mmom, egyina Onyankopɔn honhom kronkron so. Ɛyɛ anigye a ɛwɔ koma no mu tɔnn a ɛne nim a wunim sɛ wowɔ nokware no, Ahenni no ho anidaso, na woreyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani no na ɛde ba. Enti, anigye nyɛ nipasu a wɔde wo yɛn kɛkɛ; ɛyɛ “nipasu foforo” no fã, su horow a ɛbom biako a ɛmaa Yesu Kristo daa nsow.—Efesofo 4:24, NW; Kolosefo 3:10.
5. Bere bɛn, na ɔkwan bɛn so na wobetumi ada anigye adi ma afoforo ahu?
5 Ɛwom sɛ anigye yɛ komam su de, nanso wobetumi ada no adi ma afoforo ahu wɔ bere bi mu. Dɛn ne anigye a ɛtɔ bere bi a, wɔda no adi ma afoforo hu no? Ebetumi ayɛ biribi te sɛ anim a ɛyɛ sereserew kosi anigye a wɔde huruhuruw so. (1 Ahene 1:40; Luke 1:44; Asomafo no Nnwuma 3:8; 6:15) Ɛnde, so eyi kyerɛ sɛ nnipa a wɔmpɛ kasa anaa wɔntaa nserew no nni anigye? Dabi! Ɛnyɛ kasa pii, ano a wɔyɛ no sereserew so na nokware anigye nam da adi. Tebea horow ma anigye da adi wɔ akwan horow so. Ɛnyɛ anigye nkutoo na ɛma yɛne afoforo bɔ wɔ biakoyɛ mu wɔ Ahenni Asa so, na mmom yɛn onuadɔ ne ɔdɔ nso.
6. Dɛn nti na Kristofo ani betumi agye daa bere a wohyia tebea bɔne mpo no?
6 Anigye a yenya daa no fã ne tra a ɛtra komam daa sɛ Kristoni komam nipasu foforo no. Eyi na etumi ma yɛn ani gye daa no. Nokwarem no, ɛtɔ mmere bi a ebia yɛbɛhaw wɔ biribi ho, anaa ebia yebehyia tebea bɔne ahorow. Nanso yebetumi akɔ so anya anigye wɔ yɛn komam. Na Kristofo a wodi kan no mu binom yɛ nkoa a wɔwɔ wuranom a ɛyɛ den sɛ wɔbɛsɔ wɔn ani. So na saa Kristofo no betumi anya anigye bere nyinaa? Yiw, esiane wɔn Ahenni anidaso no ne wɔn komam anigye nti.—Yohane 15:11; 16:24; 17:13.
7. (a) Dɛn na Yesu kae wɔ anigye a wobenya wɔ amanehunu mu no ho? (b) Dɛn na ɛboa yɛn ma yegyina mu wɔ amanehunu mu, na hena na ɔyɛɛ eyi ho nhwɛso a ɛsen biara?
7 Bere a ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Momma mo ani nnye anidaso mu” wiei pɛ, ɔde kaa ho sɛ: “Ahohia mu montɔ mo bo ase.” (Romafo 12:12) Yesu nso kaa anigye wɔ ɔtaa mu ho asɛm bere a ɔkae wɔ Mateo 5:11, 12 sɛ: “[Anigye] ne mo sɛ wɔyaw mo na wɔtaa mo . . . Momma mo ani nnye, na mo ho nsɛpɛw mo, na mo akatua sõ ɔsoro.” Ɛho nhia sɛ wɔda anigye ne ahosɛpɛw a wɔka ho asɛm wɔ ha no adi ma afoforo hu ankasa; ɛyɛ komam ahotɔ kɛse a obi wɔ sɛ ɔresɔ Yehowa ne Yesu Kristo ani bere a ogyina pintinn wɔ sɔhwɛ mu no. (Asomafo no Nnwuma 5:41) Nokwarem no, anigye na ɛboa yɛn ma yegyina mu wɔ amanehunu mu. (1 Tesalonikafo 1:6) Yesu yɛɛ eyi ho nhwɛso pa a ɛsen biara. Kyerɛwnsɛm no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Ɔhwɛɛ anigye a ɛda n’anim tɔɔ ne bo ase huu asɛndua ho amane.”—Hebrifo 12:2.
Anidaso no mu Anigye a Wubenya wɔ Ɔhaw Horow Nyinaa Akyi
8. Ɔhaw ahorow bɛn na Kristofo betumi ahyia, nanso dɛn nti na ɔhaw ahorow nsɛe Kristoni anigye?
8 Yehowa akoa a obi yɛ no mma ɔnne ne ho mfi ɔhaw ahorow ho. Obetumi ahyia abusua mu ɔhaw ahorow, sika fam ahokyere, ɔbɛyare anaa n’adɔfo bewu. Ɛwom sɛ nneɛma a ɛte sɛɛ betumi ama wadi awerɛhow de, nanso enyi nea yegyina so nya Ahenni anidaso no mu anigye, komam anigye a yɛwɔ no mfi hɔ.—1 Tesalonikafo 4:13.
9. Ɔhaw ahorow bɛn na Abraham hyiae, na yɛyɛ dɛn hu sɛ na ɔwɔ anigye wɔ ne komam?
9 Fa Abraham sɛ nhwɛso. Na ɛnyɛ bere nyinaa na asetra yɛ anigye ma no. Ohyiaa abusua mu ɔhaw ahorow. Na ne yefam Hagar, ne ne yere Sara ntumi mmɔ. Na wɔham. (Genesis 16:4, 5) Ismael dii Isak ho fɛw na ɔtaa no. (Genesis 21:8, 9; Galatifo 4:29) Awiei koraa no, Abraham yere a ɔdɔ no a ɔne Sara wui. (Genesis 23:2) Ɔhaw yi nyinaa akyi no, Abraham nyaa anigye wɔ Ahenni no Aseni, Abraham Aseni a asase so mmusua nyinaa nam no so benya nhyira horow no ho anidaso no ho. (Genesis 22:15-18) Esiane sɛ na ɔwɔ anigye wɔ ne komam nti, ofii ne kurow Ur mu wɔ bɛyɛ mfe ɔha akyi no, na ɔda so ara som Yehowa. Enti wɔakyerɛw afa ne ho sɛ: “Ɔtwɛn kurow a ɛwɔ nhyɛase a ne kyekyefo ne yɛfo ne Nyankopɔn.” Esiane Mesia Ahenni a ɛreba no mu gyidi a na Abraham wɔ nti, Awurade Yesu a na Onyankopɔn apaw no dedaw sɛ ɔnyɛ Ɔhene no tumi kae sɛ: “Abraham ho san no sɛ obehu me da; na ohui, na n’ani gyei.”—Hebrifo 11:10; Yohane 8:56.
10, 11. (a) Apereperedi bɛn na Kristofo wɔ, na ɔkwan bɛn so na woyi wɔn fi mu? (b) Dɛn na esi tumi a yentumi nko ntia yɛn bɔne honam wɔ ɔkwan a edi mu no so ananmu?
10 Sɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ no, yɛwɔ yɛn bɔne honam no nso a ɛsɛ sɛ yɛko tia, na saa aperepere a yebedi sɛ yɛbɛyɛ nea ɛteɛ no betumi ahaw adwene yiye. Nanso, yɛn mmerɛwyɛ a yɛko tia no nkyerɛ sɛ yenni anidaso. Paulo dii saa akameakamedi yi ho awerɛhow, na ɔkae sɛ: “Hena no obeyi me afi owu yi nipadua mu? Aseda mfa yɛn Awurade Yesu Kristo so nka Onyankopɔn!” (Romafo 7:24, 25) Enti, wɔagye yɛn denam Yesu Kristo ne agyede a ɔde mae no so.—Romafo 5:19-21.
11 Kristo agyede afɔrebɔ no si tumi a yentumi nni ako no wɔ ɔkwan a edi mu so no ananmu. Yebetumi anya agyede yi mu anigye efisɛ ɛma yetumi nya ahonim a wɔatew ho ne bɔne fafiri. Wɔ Hebrifo 9:14 no, Paulo kaa ‘Kristo mogya’ a ɛwɔ tumi a wɔde ‘bɛtew yɛn ahonim ho afi nnwuma funu mu’ ho asɛm. Enti, ɛnsɛ sɛ Kristofo ma afobu ne bɔne nkate haw wɔn ahonim. Eyi ne anidaso a yɛwɔ no yɛ tumi a ɛyɛ den a ɛbɛma yɛanya anigye a ɛyɛ ahomeka. (Dwom 103:8-14; Romafo 8:1, 2, 32) Yɛn anidaso no ho a yɛn nyinaa bedwen no bɛhyɛ yɛn nkuran ma yɛako adi nkonim.
Yɛn Anidaso no a Yɛbɛma Atra Yɛn Adwenem Yiye
12. Anidaso bɛn na Kristofo a wɔasra wɔn no betumi adwen ho?
12 Ɛho hia sɛ nkaefo a wɔasra wɔn ne nguan foforo no nyinaa ma wɔn “nkwagye anidaso” no tra wɔn adwenem, na wɔhyɛ no sɛ dade kyɛw a ɛma wɔn ahobammɔ. (1 Tesalonikafo 5:8) Kristofo a wɔasra wɔn no betumi adwen hokwan nwonwaso a wɔwɔ sɛ wobenya nkwa a owu nnim wɔ soro, wobehu Yehowa Nyankopɔn, na wɔne Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam ne asomafo no ne 144,000 no mufo afoforo a wokuraa wɔn mudi mu wɔ mfehaha a atwam no mu nyinaa ankasa abɔ no ho. Fekubɔ a ɛsom bo a enni kabea bɛn ara ni!
13. Wɔn a wɔasra wɔn a wɔda so ara wɔ asase so no te nka dɛn wɔ wɔn anidaso no ho?
13 Wɔn a wɔasra wɔn no mu kakraa bi a wɔda so ara wɔ asase so no te nka dɛn wɔ wɔn Ahenni anidaso no ho? Yebetumi de F. W. Franz, Ɔwɛn Aban Asafo no titrani a wɔbɔɔ no asu wɔ 1913 mu asɛm a ɔkae no aka no tiawa sɛ: “Yɛn anidaso no yɛ nokware, na ɛbɛbam koraa wɔ kuw ketewa 144,000 no muni biara a otwa to no so akodu baabi a ɛtra nea yesusuw no mpo. Yɛn a yɛyɛ nkaefo a na yɛte ase wɔ afe 1914, a yɛhwɛɛ kwan saa bere no sɛ yɛn nyinaa bɛkɔ soro no da so ara nim bo a yɛte nka sɛ saa anidaso no som no. Nanso pɛ a yɛpɛ sɛ yenya no mu yɛ den te sɛ kan no ara pɛ, na yɛrekyerɛ ho anisɔ kɛse bere tenten a ɛsɛ sɛ yɛtwɛn no. Ɛyɛ ade a ɛfata sɛ yɛtwɛn, sɛ ebegye mfirihyia ɔpepem biako mpo a. Mibu yɛn anidaso no sɛ ɛsom bo kɛse sen bere biara a atwam, na mempɛ sɛ ɛho anisɔ a mewɔ no fi me nsa. Kuw ketewaa no anidaso nso ma yenya awerɛhyem sɛ nea nguan foforo no mu nnipakuw kɛse no hwɛ kwan no bɛbam koraa ma atra sɛnea yesusuw, a ɛrenni huammɔ da. Enti na yekura mu pintinn kosi dɔn yi mu, na yɛbɛkɔ so akura mu akosi sɛ Onyankopɔn ankasa bɛda no adi sɛ wama ne ‘bɔhyɛ akɛseakɛse a ne bo yɛ den’ no abam ampa.”—2 Petro 1:4; Numeri 23:19; Romafo 5:5.
Paradise Anidaso no mu Anigye a Yenya Mprempren
14. Anidaso bɛn na ehia sɛ nnipakuw kɛse no ma ɛtra wɔn adwenem?
14 Gyidi a ɛma anigye a ɛte sɛɛ, a woyi adi kyerɛ no ma nguan foforo no mu nnipakuw kɛse no nya nneɛma atitiriw a wobegyina so anya anigye. (Adiyisɛm 7:15, 16) Ɛsɛ sɛ saafo no ma Harmagedon a wobetwa ho anidaso tra wɔn adwenem. Yiw, hwɛ kwan sɛ wubehu sɛ Onyankopɔn Ahenni no bu Yehowa Nyankopɔn amansan tumidi no bem na ɛtew n’anuonyam din no ho denam ahohiahia kɛse a ɛde bɛba abɛpra nsɛmmɔnedifo a Ɔbonsam yɛ wɔn nyame no afi asase so no so. Hwɛ anigye a ɛbɛyɛ sɛ wubenya nkwa wɔ saa ahohiahia kɛse no mu!—Daniel 2:44; Adiyisɛm 7:14.
15. (a) Ayaresa adwuma bɛn na Yesu yɛe bere a na ɔwɔ asase no, na dɛn ntia? (b) Dɛn na wɔn a wobetwa Harmagedon no behia wɔ akwahosan fam, na dɛn nti na nsonsonoe wɔ wɔne wɔn a wobenyan wɔn no de ntam?
15 Adiyisɛm 7:17 ka nnipakuw kɛse no ho asɛm sɛ: “Na Oguammaa . . no bɛyɛn wɔn, na ɔde wɔn akɔ nkwa nsuti ho, na Onyankopɔn bɛpopa nusu nyinaa afi wɔn aniwa mu.” Ɛwom sɛ nkɔmhyɛ yi anya honhom fam mmamu mprempren de, nanso wɔn a wobenya nkwa wɔ Harmagedon no behu ne mmamu ankasa. Ɔkwan bɛn so? Dɛn na Yesu yɛe bere a na ɔwɔ asase so no? Ɔsaa mpakye yare, ɔmaa mmubuafo nantewee, ɔmaa asotifo tee asɛm, na ɔmaa anifuraefo huu ade, ɔsaa kwata, dwɔkɔ ne “nyarewa ne ahoɔmmerɛw nyinaa.” (Mateo 9:35; 15:30, 31) So ɛnyɛ ɛno na Kristofo hia nnɛ? Nnipakuw kɛse no de wiase dedaw yi mu dɛmdi ne nyarewa bɛkɔ wiase foforo no mu. Dɛn na yɛhwɛ kwan sɛ Oguammaa no bɛyɛ wɔ ho? Nsonsonoe bɛda wɔn a wobenya nkwa wɔ Harmagedon mu ahiade ne wɔn a wobenyan wɔn no de ntam. Ebia wɔde nipadua a edi mu bɛsan abɔ wɔn a wobenyan wɔn no, nanso wɔrenyɛ nnipa a wɔyɛ pɛ. Esiane anwonwade a ɛne owusɔre no nti, ɛda adi sɛ ɛrenhia sɛ wɔfa anwonwa kwan so sa nyarewa bi a na wɔwɔ kan no. Nea ɛne eyi bɔ abira no, esiane wɔn osuahu a ɛda nsow a ɛne sɛ wobetwa Harmagedon nti, nnipakuw kɛse no mufo pii behia anwonwa kwan so ayaresa. Ebia Yesu ayaresa no atirimpɔw titiriw ne sɛ ɔbɛda anidaso a ɛyɛ anigye a ɛne sɛ ɛnyɛ nkwa nkutoo na nnipakuw kɛse no benya na mmom wɔbɛsa wɔn yare wɔ ɛno akyi nso adi ma ahyɛ wɔn nkuran.
16. (a) Bere bɛn na wɔn a wobetwa Harmagedon no benya anwonwa kwan so ayaresa? (b) Anidaso bɛn na yɛbɛkɔ so anya mu anigye wɔ Mfirihyia Apem no mu?
16 Ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ wɔn a wotwa Harmagedon no na wobenya anwonwa kwan so ayaresa a ɛte sɛɛ wɔ Harmagedon akyi pɛɛ, ansa na owusɔre no afi ase. (Yesaia 33:24; 35:5, 6; Adiyisɛm 21:4; fa toto Marko 5:25-29 ho.) Saa bere no nnipa bɛtow wɔn ahwehwɛniwa, anifuraefo poma, mpakye poma, mmubuafo nkongua, ɛse a wɔabɔ, mfiri a ɛboa ma wɔte asɛm ne nea ɛtete saa agu. Nneɛma a ɛbɛma wɔn ani agye bɛn ara ni! Hwɛ sɛnea ayaresa a Yesu bɛma wɔanya ntɛm ne wɔn a wobetwa Harmagedon no asɛyɛde sɛ asase foforo no nhyɛase hyia. Nyarewa a ebubu nnipa no befi hɔ na ama wɔn a wobenya nkwa yi de anigye kɛse akɔ wɔn anim, na wɔde ahopere ahwɛ Mfirihyia Apem a ɛda wɔn anim no dwumadi a ɛyɛ nwonwa, na nyarewa a ebia wiase dedaw no ama wɔanya no renka wɔn nto fam no kwan. Na wɔ Mfirihyia Apem no mu nyinaa no, wɔn ani begye wɔ anidaso a ɛne sɛ wɔanya ɔdesani pɛyɛ korakora wɔ saa mfirihyia apem no awiei no mu mu anigye.
17. Anigye bɛn na yebenya bere a yegu so reyɛ adwuma ma Paradise asan aba no?
17 Sɛ w’anidaso nen a, dwen anigye a ɛne Paradise a wɔbɛma asan aba asase so no mu kyɛfa a wubenya no ho. (Luka 23:42, 43) Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn a wobetwa Harmagedon no bɛboa ma wɔasiesie asase no so, na wɔnam saayɛ so anya baabi pa a wobenyan awufo no wɔ hɔ. Wɔde wɔn a wɔanyan wɔn afi owu mu, a yɛn ankasa adɔfo a wɔawuwu ka ho akwaaba ma besi ayiyɛ ananmu. Na susuw fekubɔ pa a yɛne mfehaha pii a atwam no mu mmarima ne mmea anokwafo benya no ho. Henanom titiriw na wopɛ sɛ wo ne wɔn bɛkasa? So ɛyɛ Habel, Henok Noa, Hiob, Abraham, Sara, Isak, Yakob, Josef, Mose, Yosua, Rahab, Debora, Simson, Dawid, Elia, Elisa, Yeremia, Hesekiel, Daniel, anaasɛ Yohane Suboni? Ɛnde saa anidaso a ɛyɛ anigye yi nso ka anidaso a wowɔ no ho. Wubetumi ne wɔn abɔ nkɔmmɔ, asua biribi afi wɔn hɔ, na wo ne wɔn abom ayɛ adwuma na moama asase mu no nyinaa adan paradise.
18. Anigye afoforo bɛn na yebetumi adwen ho?
18 Susuw aduan pa, nsu ne mframa a emu tew, ne asase no a wɔama ɛso nneɛma ayɛ pɛpɛɛpɛ te sɛ nea Yehowa bɔe sɛ ɛnyɛ no nso ho. Saa bere no asetra renyɛ pɛyɛ bi a wobenya kɛkɛ, na mmom anigyede a yɛde nnamyɛ benya mu kyɛfa ne wɔ ɔkwan a ntease wom so. Susuw wiase nyinaa nnipa abusua a nsɛmmɔnedi, ahopɛ, ninkutwe, ntɔkwaw nnim—onuayɛ a obiara sow honhom aba na ɔda no adi ho. Anigye bɛn ara ni!—Galatifo 5:22, 23.
Anidaso a Ɛma Asetra Yɛ Nea Ɛfata
19. (a) Bere bɛn na yebenya anigye a wɔka ho asɛm wɔ Romafo 12:12 no? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛremma asetra mu ɔhaw no mpia yɛn anidaso no nto nkyɛn?
19 Akwanhwɛ a anya mmamu nyɛ anidaso bio, enti anigye a Paulo de ho nkuranhyɛ mae wɔ Romafo 12:12 no yɛ nea yebenya nnɛ. (Romafo 8:24) Wo de susuw sɛnea daa nhyira horow a Onyankopɔn Ahenni no de bɛba no bɛma yɛanya saa anidaso no mu anigye mprempren no ho. Enti bɔ mmɔden sɛ woremma wiase a aporɔw mu asetra mu ɔhaw ahorow mpia wo anuonyam anidaso no nto nkyɛn. Mmrɛ na mpa abaw na amma wo werɛ amfi anidaso a ɛda w’anim no. (Hebrifo 12:3) Ɔkwan a Kristofo fa so a wobɛkwati no renni ɔhaw ahorow a wuhyia ho dwuma. Kae sɛ mprempren asetra mu ɔhaw ahorow nyinaa nti sɛ obi gyae Onyankopɔn som a, ɔbɛkɔ so ahyia saa ɔhaw ahorow no, nanso anidaso fi ne nsa ma enti anigye a obetumi anya wɔ anidaso a ɛyɛ nwonwa a ɛda yɛn anim no mu no bɔ no.
20. Nkɛntɛnso bɛn na Ahenni anidaso no nya wɔ wɔn a wogye tom no so, na dɛn ntia?
20 Yehowa nkurɔfo wɔ biribiara a ɛbɛma wɔanya asetra a anigye wom. Wɔn anidaso pa a ɛhyɛ ɛkuran no ma asetra yɛ nea ɛfata. Wɔn nkutoo mfa saa anigye anidaso no. Dabi, wɔwɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wɔbɛma afoforo anya bi. (2 Korintofo 3:12) Ne saa nti na wɔn a wogye Ahenni anidaso no tom no yɛ nnipa a wɔwɔ ahotoso, na wɔpɛ sɛ wɔhyɛ afoforo nkuran denam asɛmpa a efi Onyankopɔn hɔ a wɔbɛka akyerɛ wɔn no so no. Eyi ma wɔn a wogye nkrasɛm no tom no nya anidaso a ɛyɛ nwonwa a wɔde ama adesamma pɛn no wɔ wɔn asetra mu—Ahenni a ɛde Paradise bɛsan aba asase so ho anidaso no. Sɛ nkurɔfo annye antom a, yɛkɔ so ara nya anigye efisɛ yɛwɔ anidaso no. Wɔn a wontie no na wɔhwere biribi; ɛnyɛ yɛn.—2 Korintofo 4:3, 4.
21. Dɛn na abɛn, na ɛsɛ sɛ yebu yɛn anidaso no sɛ ɛsom bo dɛn?
21 Onyankopɔn bɔhyɛ ne sɛ: “Hwɛ, meyɛ ade nyinaa foforo.” (Adiyisɛm 21:5) Wiase foforo no ne ne nhyira horow a ɛyɛ anigye a ɛbɛtra hɔ daa no abɛn. Yɛn anidaso—asetra wɔ ɔsoro anaasɛ paradise asase so no—som bo; ɛsɛ sɛ yɛkɔ so kura mu. Wɔ nna a edi akyiri a emu yɛ den yi mu no, bu no sɛ “ɔkra sɛkyɛ a ɛntew na etim hɔ” sen bere biara a atwam. Esiane sɛ yɛn anidaso ase atim wɔ Yehowa, “daa ɔbotan—Ɔbotantim” no mu nti, akyinnye biara nni ho sɛ yɛwɔ ntease a emu yɛ den na anigye wom mprempren sɛ ‘yɛn ani begye anidaso’ a ɛda yɛn anim no ‘mu.’—Hebrifo 6:19; Yesaia 26:4, The Amplified Bible.
[Ase hɔ asɛm]
a Wɔ 1992 mu no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa de nea edi so yi bɛyɛ wɔn afe asɛm: “Momma mo ani nnye anidaso mu . . . munkura mpaebɔ mu ara.”—Romafo 12:12.
Ntimu Nsemmisa
◻ Dɛn na ɛyɛ adesamma anidaso kɛse?
◻ Dɛn ne nokware anigye?
◻ Bere bɛn na ebia wɔbɛsa wɔn a wobetwa Harmagedon no yare anwonwa kwan so?
◻ Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma asetra mu ɔhaw ahorow pia yɛn anidaso no to nkyɛn?
◻ Anigye ahorow bɛn na wohwɛ kwan wɔ wiase foforo no mu?
[Mfonini wɔ kratafa 9]
So wo koma ani rennye sɛ wubehu Yesu ayaresa no bi?
[Mfonini wɔ kratafa 10]
Wɔn a wɔrenya Ahenni no mu anigye no hyɛ afoforo nkuran denam wɔn anidaso no ho asɛm a wɔka kyerɛ wɔn no so