Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 6/8 kr. 22-24
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wudi W’abufuw So?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wudi W’abufuw So?
  • Nyan!—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bere a Nnipa a Wɔnyɛ Pɛ Bo Fuw
  • Kristofo Wɔ Akontaabu
  • Dɛn Na Bible Ka Fa Abufuw Ho?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Bere Nyinaa na Ɛyɛ Mfomso sɛ Obi Bo Befuw Anaa?
    Nyan!—1994
  • Mɛyɛ Dɛn Adi Me Bo A Efuw No So?
    Nyan!—1987
  • Abufuw​—Ɛyɛ Dɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1997
g97 6/8 kr. 22-24

Bible No Adwene

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wudi W’abufuw So?

ANYƐ mfiase pa. John teɛɛ n’ayeforo, Ginger sɛ: “Seesei a meyɛ ɔpanyin wɔ fie ha no, worenka akyi mfa nhyɛ me aniwu.”a Ɔteɛteɛɛm guu ne so bɛyɛ simma 45 hyɛɛ no sɛ ɔnkɔ so ntra akongua no mu. Atɛnnidi bɛyɛɛ ade a ɛkɔɔ so wɔ wɔn aware no mu. Awerɛhosɛm ne sɛ, John abufuw no mu bɛyɛɛ den. Na ɔkeka apon hwem, bobɔ gyaade pon so, na ɔde kar tu mmirika kɛse de ne nsa pempem sitia no so, na ɔnam saayɛ so de afoforo nkwa to asiane mu.

Awerɛhosɛm ne sɛ, sɛnea wunim no yiye no, mpɛn pii na nneyɛe a ɛte saa kɔ so. So na ɔbarima yi abufuw no fata, anaasɛ di na na ontumi nni so? So abufuw nyinaa nteɛ? Bere bɛn na abufuw yɛ nea agye nsam? Bere bɛn na ɛyɛ nea ɛkɔ akyiri dodo?

Abufuw a wotumi di so betumi ayɛ nea ɛteɛ. Sɛ nhwɛso no, Onyankopɔn bo fuw tete nkurow, Sodom ne Gomora a na emufo bra asɛe no. (Genesis 19:24) Dɛn ntia? Efisɛ nkurow no mufo de wɔn ho hyɛɛ basabasayɛ ne nna mu ɔbrasɛe a ɛmfata a na agye din wɔ mpɔtam hɔ no mu. Sɛ nhwɛso no, bere a abɔfo a wɔsomaa wɔn no kɔsraa ɔtreneeni Lot no, mmofra ne mpanyin a na wɔyɛ basabasayɛfo pɛe sɛ wɔto Lot ahɔho no mmonnaa. Na ɛfata sɛ Yehowa Nyankopɔn bo fuwii wɔ wɔn brasɛe no ho.—Genesis 18:20; 19:4, 5, 9.

Te sɛ N’agya no, onipa a ɔyɛ pɛ, Yesu Kristo bo fuwii mmere bi. Na wɔhwehwɛ sɛ Yerusalem asɔrefie no yɛ beae titiriw a Onyankopɔn nkurɔfo a wɔapaw wɔn som. Na ɛsɛ sɛ ɛyɛ “asɔrefi,” baabi a na ankorankoro betumi de wɔn afɔrebɔde ne ayɛyɛde akɔma Onyankopɔn, ne baabi a na wobetumi akyerɛkyerɛ wɔn n’akwan, na wɔde wɔn bɔne afiri wɔn. Sɛnea yɛbɛka no no, asɔrefie hɔ na na wɔne Yehowa di nkitaho. Mmom no, nyamesom akannifo a na wɔwɔ Yesu bere so no danee asɔrefie no “aguadi fi” ne “adwowtwafo tu.” (Mateo 21:12, 13; Yohane 2:14-17) Wɔn ankasa nyaa mmoa a wɔtɔn ma wɔde bɔ afɔre no so mfaso. Nokwarem no, na wɔredidi nguan no ho. Enti, na Onyankopɔn Ba no di bem koraa bere a ɔpam saa asisifo no fii N’agya fie no. Ná ntease wom sɛ Yesu bo afuw!

Bere a Nnipa a Wɔnyɛ Pɛ Bo Fuw

Ɛtɔ mmere bi a nnipa a wɔnyɛ pɛ nso bo betumi afuw ma afata. Susuw nea ɛtoo Mose no ho. Ná wogyee Israel man fii Misraim anwonwakwan so nkyɛe. Ná Yehowa nam anwonwakwan so akyerɛ ne tumi wɔ Misraim atoro anyame so denam ɔhaw ahorow du a ɔde baa Misrifo so no so. Afei ɔnam Po Kɔkɔɔ no mu a ɔma ɛpaee so bɔɔ kwan maa Israelfo no guanee. Bere bi akyi no, wokoduu Sinai Bepɔw ase, baabi a wɔhyehyɛɛ wɔn sɛ ɔman. Bere a na Mose redi dwuma sɛ ntamgyinafo no, ɔkɔɔ bepɔw no so kogyee Onyankopɔn mmara. Yehowa de Mmara Nsɛm Du no a na wɔde “Onyankopɔn nsateaa” akyerɛw agu abopon a Onyankopɔn ankasa ayɛ wɔ bepɔw no so so, kaa mmara foforo a aka nyinaa ho maa Mose. Nanso, bere a Mose sianee no, dɛn na ohui? Na nkurɔfo no resom sika nantwi ba honi! Hwɛ sɛnea wɔn werɛ fii ade ntɛm! Adapɛn kakraa bi na na atwam. Ɛfata sɛ “Mose bo fuwii.” Obubuu abopon no, na ofii ase sɛee nantwi ba honi no.—Exodus 31:18; 32:16, 19, 20.

Bere bi akyi, bere a nkurɔfo no nwiinwii wɔ nsu a na wonnya nnom ho no, Mose antumi anni n’abufuw so. Abufuw mu no, ɔhweree odwo anaa abodwokyɛre a na wonim no yiye sɛ ɔwɔ no. Eyi ma ɔyɛɛ mfomso bi a anibere wom. Sɛ́ anka Mose bɛhyɛ Yehowa anuonyam sɛ Israel Mafo no, ɔkasae abufuw so kyerɛɛ nkurɔfo no twee adwene sii ɔne ne nua Aaron so. Enti, Onyankopɔn hui sɛ ɛfata sɛ ɔteɛ Mose so. Na ɔremma ɔnhyɛn bɔhyɛ asase no so. Wɔ asɛm a esii wɔ Meriba no akyi no, wɔanka Mose ho asɛm bio sɛ ne bo fuwii. Ɛda adi sɛ, osuaa biribi fii mu.—Numeri 20:1-12; Deuteronomium 34:4; Dwom 106:32, 33.

Enti, ɛsono Onyankopɔn na ɛsono onipa. Yehowa tumi ‘di n’abufuw so,’ na ɛfata sɛ wɔka ne ho asɛm sɛ “n’abodwo kyɛ,” efisɛ ɔdɔ na ɛyɛ ne su titiriw, na ɛnyɛ abufuw. N’abufuw teɛ bere nyinaa, ɛfata bere nyinaa, odi so bere nyinaa. (Exodus 34:6; Yesaia 48:9; 1 Yohane 4:8) Ná onipa a ɔyɛ pɛ Yesu Kristo, tumi di n’abufuw a ɔda no adi no so bere nyinaa; wɔkaa ne ho asɛm sɛ ‘odwo.’ (Mateo 11:29) Ɔkwan foforo so no, ɛyɛɛ den maa nnipa a wɔnyɛ pɛ, agyidifo te sɛ Mose mpo sɛ wobedi wɔn abufuw so.

Afei nso, nnipa ntaa nsusuw nea etumi fi mu ba ho. Sɛ obi anni n’abufuw so a, ebetumi de ɔhaw ahorow aba ne so. Sɛ nhwɛso no, sɛ okunu bi bo fuw ne yere araa ma ofua kuturuku bɔ ɔfasu mu ma etu tokuru a, dɛn na ebefi mu aba? Ɔsɛe agyapade. Obetumi apira ne nsa. Nanso nea ɛsen saa no, n’abufuhyew no bɛka ɔdɔ ne obu a ne yere wɔ ma no no dɛn? Wobetumi asiesie ɔfasu no wɔ nna kakraa bi mu, na ne nsa no betumi atɔ no wɔ adapɛn kakraa bi akyi; nanso bere tenten ahe na ebegye ma ne yere anya ne mu ahotoso ne obu bio?

Nokwarem no, nnipa a wɔanni wɔn abufuw so ma wohyiaa ɔhaw ho nhwɛso pii wɔ Bible mu. Susuw kakraa bi pɛ ho. Bere a Kain kum ne nua Habel no, wɔpamoo no. Simeon ne Lewi agya domee wɔn wɔ Sekem mmarima a wokunkum wɔn no ho. Yehowa maa kwata yɛɛ Usia bere a Usia bo fuw asɔfo a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛteɛ no no. Bere a Yona “bo fuwii” no, Yehowa kaa n’anim. Wɔn mu biara amfa ne ho anni wɔ wɔn abufuw no ho.—Genesis 4:5, 8-16; 34:25-30; 49:5-7; 2 Beresosɛm 26:19; Yona 4:1-11.

Kristofo Wɔ Akontaabu

Saa ara na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ bu sɛnea wɔyɛ wɔn ade wɔ Onyankopɔn ho, ne ɔkwan bi so no, wɔn mfɛfo gyidifo fam ho akontaa. Yebetumi ahu eyi yiye wɔ sɛnea Bible no de Hela nsɛmfua a ɛkyerɛ abufuw di dwuma no mu. Nsɛmfua abien a wɔtaa de di dwuma kɛse no mu biako ne or·geʹ. Wɔtaa kyerɛ ase “abufuw,” na ɛkyerɛ nim a obi nim biribi na ɔtaa susuw ho mpo a adwene no ne sɛ obedi so were. Enti, Paulo hyɛɛ Romafo Kristofo nkuran sɛ: “Adɔfo, munnnidi mo ho were, na mmom munnyaw mma [Onyankopɔn] abufuw [or·geʹ]! Na wɔakyerɛw sɛ: Me na aweredi wɔ me, me ara metua ka, Awurade [Yehowa, NW] na ɔka saa.” Sɛ́ anka wobenya wɔn nuanom ho menasepɔw no, wɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ ‘wɔmfa papa nni bɔne so nnim!’—Romafo 12:19, 21.

Asɛmfua foforo a wɔtaa de di dwuma ne thy·mosʹ. Asɛmfua no “ankasa kyerɛ mframa, nsu, asase, mmoa, anaa nnipa a ɛrepere kutukutu.” Enti, wɔka asɛmfua no ho asɛm akwan pii so sɛ “abufuw a wɔtaa da no adi,” “abohuru,” anaa “abufuhyew, a ɛhaw asomdwoe, na ɛde basabasayɛ ne dadwen ba fie ne ɔmanfo mu.” Te sɛ ogya bepɔw a etumi pae a ɛmmɔ nkae na epuw nsõ a ɛyɛ hyew, abo, mmoseaa a ebetumi apira nkurɔfo adi wɔn dɛm akunkum wɔn no, saa ara na ɔbarima anaa ɔbea a ontumi nni n’abufuw so te. Wɔde thy·mosʹ dodow kabea di dwuma wɔ Galatifo 5:20, baabi a Paulo bɔ “abufuw” din ka “ɔhonam nnwuma” (nkyekyem 19) te sɛ aguamammɔ, ahohwi, ne asabow ho no. Akyinnye biara nni ho sɛ, John suban—a yɛkaa ho asɛm mfiase no—kyerɛ sɛnea “abufuw” te ankasa.

Enti, ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Kristofo asafo no bu ankorankoro bi a wɔwom a wɔkɔ so yɛ afoforo anaa wɔn agyapade basabasa no? Abufuhyew sɛe ade na ɛtaa de basabasayɛ ba. Ɛnde, ntease pa bi nti na Yesu kae sɛ: “Mise mo sɛ obiara a ne bo fuw ne nua no bedi atemmu mu fɔ.” (Mateo 5:21, 22) Wotu okununom fo sɛ: “Monnɔ mo yerenom, na monnhyɛ wɔn ahometew.” Obi a ɔyɛ “obufufafo” mfata sɛ asafo mu ɔhwɛfo. Enti, ɛnsɛ sɛ asafo no suasua ankorankoro a wontumi nni wɔn abufuw so no. (Kolosefo 3:19; Tito 1:7; 1 Timoteo 2:8) Nokwarem no, bere a wɔasusuw obi a ɔfa abufuhyew suban, ne nneyɛe, ne sɛnea wapira afoforo ho awie no, wobetumi atu no afi asafo no mu—ɛyɛ aniberesɛm ampa.

So John a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no, tumi dii ne nkate so akyiri yi? So otumi dii ahoɔhare a ɔde sian kɔ ɔsɛe mu no so? Awerɛhosɛm ne sɛ, nteɛteɛm no kowiee asunsum ne apiapia mu. Nsateaa a ɔde teɛɛ afoforo so no kowiee nsateaa no a ɔde piraa afoforo yayaaya mu. John hwɛɛ yiye sɛ ɔremmɔ ne yere no baabi a obepira ma afoforo ahu no ntɛm, ma enti ɔbɔɔ mmɔden kataa ne nneyɛe no so. Nanso awiei koraa no, otutuu ne nan wowɔɔ no, bobɔɔ no akuturuku, twetwee ne ti nhwi, ne nea ɛsen saa. Seesei Ginger ne John atetew mu.

Na anka ɛnsɛ sɛ eyi ba. Nnipa pii a na wɔte saa atumi adi wɔn abufuw so. Enti hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yesuasua Yesu Kristo nhwɛso a ɛyɛ pɛ no. Abufuhyew annye ne nsam biako mpo da. Ná n’abufuw teɛ bere nyinaa; annye ne nsam da. Ɛyɛ nea nyansa wom sɛ Paulo tuu yɛn nyinaa fo sɛ: “Mo bo mfuw, na monnyɛ bɔne! Mommma owia nnkɔtɔ mo abufuw so.” (Efesofo 4:26) Bere a yefi ahobrɛase mu gye tom sɛ yɛyɛ nnipa a yɛwɔ sintɔ ahorow, na yebetwa nea yegu so aba no, yɛwɔ ntease pa nti a ɛsɛ sɛ yedi yɛn abufuw so.

[Ase hɔ asɛm]

a Wɔasesa edin ahorow no.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 22]

Saulo Bɔ Mmɔden sɛ Obekum Dawid/The Doré Bible Illustrations/Dover Publications, Inc.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena