So Bible Kasa Tia Kyakyatow?
SINI ne TV so dwumadi ahorow taa ma kyakyatow yɛ te sɛ biribi a nnipa a wɔn ho yɛ fɛ, wɔwɔ sika, na wɔn ani abue de gyigye wɔn ani wɔ kyakyatow adan mu. Ɛwom, wɔn a wɔhwɛ no mmu no sɛ biribi a ɛkɔ so ankasa.
Nanso, nea ɛte ankasa ne sɛ, loto a wotwa, nkyia a woto wɔ agumadi mu, ne Intanɛt so kyakyatow twetwe nnipa a wɔn ani gye kyakyatow ho no te sɛ nea ɛkɔ so wɔ kyakyatow adan mu no ara pɛ. Internet Gambling nhoma no ka sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ kyakyatow yɛ subammɔne bi a ɛtrɛw ntɛmntɛm.” Sɛ nhwɛso no, ɛnnɛ sopaatow abɛyɛ agodi titiriw wɔ television ne Intanɛt so. Sɛnea atesɛm krataa bi kyerɛ no, animdefo bu akontaa sɛ, wɔ United States no, nnipa dodow a wɔde sopaa to kyakya no abu abɔ ho wɔ afe biako ne fã pɛ ntam.
Wɔaka kyakyatow ho asɛm sɛ ɛyɛ sika a obi de bɛto nkyia bere a onnim nea ebefi mu aba. Nnipa pii susuw sɛ, mpɛn dodow a sika no yɛ nea ɔretow kyakya no dea, na kyakyatow nkaa ne hɔ no, mfomso biara nni mu. Nokwasɛm ni New Catholic Encyclopedia ka sɛ, “Sɛ obi tumi di n’asɛyɛde ho dwuma a, ɛnde mfomso biara nni ho sɛ ɔbɛtow kyakya.” Nanso, Bible mu baabiara nni hɔ a, ɛkyerɛ saa. Ɛnde na ɛsɛ sɛ Kristoni bu saa asɛm yi dɛn? So Bible pene kyakyatow so anaa ɛmpene so?
Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ, Bible no mmɔ kyakyatow din pɔtẽẽ. Nanso eyi nkyerɛ sɛ ɛho akwankyerɛ biara nni hɔ. Sɛ́ anka Bible no bɛhyɛ mmara wɔ nneyɛe anaa tebea biara ho no, ɛhyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛnkɔ so nhu Yehowa apɛde.’ (Efesofo 5:17) Sɛnea Bible ho ɔbenfo E. W. Bullinger kyerɛ no, nea Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “nhu” kyerɛ ne sɛ, “wode w’adwene bɛboaboa asɛm bi afã horow ano, wubenya biribi ho nimdeɛ na woasusuw ho.” Enti Kristoni betumi ahu Onyankopɔn apɛde wɔ asɛm yi ho, denam Bible mu asɛm ne nnyinasosɛm a ɛfa kyakyatow ho a ɔbɛboaboa ano asusuw ho no so. Bere a worekenkan kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so wɔ asɛm a edi hɔ no mu no, wubetumi abisa wo ho sɛ: ‘So kyakyatow ne kyerɛw nsɛm no hyia? Dɛn na Onyankopɔn Asɛm ma yehu fa n’apɛde ho wɔ asɛm yi mu?’
Akraye Ho Nnaadaasɛm
Esiane sɛ kyakyatow yɛ nkyia a wɔto anaa akraye mu gyidi—tumi nwonwaso bi a wɔkyerɛ sɛ edi nsɛm a esisi so—nti, ɛwɔ nkɛntɛnso kɛse titiriw bere a wɔde sika ato so no. Sɛ nhwɛso no wɔpaw nɔma a ɛbɛto wɔ loto tekiti so; gyidihunu nti, wɔn a wɔto kyakya a wɔfrɛ no mah-jongg no abara sɛ ɛnsɛ sɛ wɔka nsɛm bi; na wɔn a wɔde osikyi to kyakya no huw mframa gu osikyi no so ansa na wɔatow. Dɛn nti na wɔyɛ saa? Wɔn a wɔtow kyakya no gye di sɛ anyɛ yiye koraa no akraye betumi anya nea ebefi mu aba no so nkɛntɛnso.
So asiane biara nnim sɛ obi de n’ani bɛto akraye so? Nnipa binom a na wɔwɔ tete Israel no tee nka saa. Ná wosusuw sɛ akraye betumi ama wɔadi yiye. Yehowa Nyankopɔn tee nka dɛn wɔ asɛm no ho? Onyankopɔn nam ne diyifo Yesaia so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Moagyaw Yehowa, na mo werɛ afi me bepɔw kronkron no. Motow pon ma Akraye nyame na mohyɛ afrasa ma Nkrabea nyame.” (Yesaia 65:11) Wɔ Onyankopɔn ani so no, akraye a obi begye adi no te sɛ abosonsom na ɛne nokware som nhyia. Ɛda ahotoso a wonya wɔ tumi bi a wɔde adwene bu sɛ ɛwɔ hɔ so sen nokware Nyankopɔn no. Biribiara nni hɔ a ɛsɛ sɛ ɛma yegye di sɛ Onyankopɔn asesa n’adwene.
Sɛnea Wodi Kyakya
Sɛ́ ebia obi bɛto nkyia wɔ Intanɛt so, obetwa loto, ɔbɛto agumadi bi ho nkyia, anaa ɔbɛtow kyakya wɔ kyakyatow dan mu no, wɔn a wɔtow kyakya no taa bu wɔn ani gu faako a sika a wɔrepere sɛ wobenya no fi ba no so. Kyakyatow yɛ soronko koraa wɔ aguadi anaa adetɔ a mmara ma kwan ho, efisɛ nea ɔtow kyakya no pɛ sɛ odi sika a kyakyatowfo a aka no ahwere no.a Canada Dwumadibea a Ɛhwɛ Adeyɛ a Ɛka Obi Hɔ ne Adwenemyare So no ka sɛ: “Nnipa mpempem sika a wɔde tow kyakya no na obiakofo di de nya ne ho!” Bible nnyinasosɛm bɛn na ebetumi aboa Kristoni ma wate sɛnea Onyankopɔn te nka wɔ asɛm yi ho no ase?
Mmara Nsɛm Du a wɔde maa Israelfo no mu nea etwa to no ka sɛ: “Mma w’ani mmmere wo yɔnko yere, n’akoa anaa n’afenaa, ne nantwi anaa n’afurum. Mma w’ani mmmere wo yɔnko biribiara.” (Exodus 20:17) Na wo yɔnko nneɛma—honam fam nneɛma, n’ahonyade, ne ne sika a w’ani bɛbere—no yɛ bɔne a emu yɛ duru, na wɔde kaa ne yere a wobɛma w’ani abere no ho. Mfe pii akyi no, ɔsomafo Paulo tĩĩ ahyɛde yi mu maa Kristofo sɛ: “Mma w’ani mmmere ade.” (Romafo 7:7) So Kristoni a ɔpɛ sɛ onya nea obi ahwere no betumi aka sɛ n’ani mmere ade?
Sɛnkyerɛwfo J. Phillip Vogel kyerɛwee sɛ: “Sɛ ebia wɔn a wɔtow kyakya no gye anaa wonnye ntom no, ansa na wobɛtow kyakya no, wɔde nea wɔwɔ nyinaa tow, ɛmfa ho sɛ wobedi anaa wonni.” Kyakyatowfo a wɔte saa no nya adwene sɛ wɔbɛtow biako pɛ na wɔadi sika kɛse. Eyi ne Bible mu afotu yi bɔ abira, ɛka sɛ, ɛsɛ sɛ Kristoni yɛ ‘adwumaden, de ne nsa yɛ adwuma pa, na ama wanya biribi a ɔde bɛma nea ahia no.’ (Efesofo 4:28) Ɔsomafo Paulo sii so dua sɛ: “Obiara a ɔmpɛ sɛ ɔyɛ adwuma no, mma onnnidi nso.” Ɔde kaa ho sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ wodi aduan a wɔn ankasa abrɛ anya.’ (2 Tesalonikafo 3:10, 12) Nanso, so yebetumi aka sɛ kyakyatow yɛ adwuma pa?
Ɛwom sɛ ɛnyɛ mmerɛw sɛ obi bɛtow kyakya adi de, nanso sɛ odi koraa a, sika biara a obenya no nyɛ nea n’ankasa abrɛ anya. Wɔ kyakyatow mu no, obi de sika to nkyia a onnim nea obenya afi mu pɔtẽẽ, na mmom ɔhwɛ kwan sɛ ɛnyɛ dɛn ara a ne ti bɛyɛ yiye ma wanya ne ho. Ne tiaatwa mu no, nea ɔtow kyakya no pɛ sɛ onya biribi a wannyɛ ho adwuma biara. Nanso nokware Kristofo de, wotu wɔn fo sɛ wɔnyɛ adwumaden ansa na wɔanya sika. Ɔhene Solomon onyansafo no kyerɛwee sɛ: “Onipa wɔ hɔ yi, biribi pa bi nni hɔ mma no sɛ obedidi na wanom na wama ne kra ahu adepa, ne brɛ mu.” Ɔde kaa ho sɛ “Eyi nso mahu, na minim sɛ efi Onyankopɔn nsam.” (Ɔsɛnkafo 2:24) Nokwarem no, ɛnsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo de wɔn ani to nsusuwii hunu so, na saa ara na ɛnsɛ sɛ wɔfa ɔkwan tiaa bi so nya sika ntɛmtɛm, mmom ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ anigye ne nhyira fi Onyankopɔn hɔ.
“Afiri” a Ɛsɛ sɛ Yɛkwati
Sɛ nea ɔtow kyakya no di sika bi a, ɛnyɛ sika a obenya no ho anigye nko na ɛsɛ sɛ osusuw, na mmom ɛsɛ sɛ osusuw ɔhaw a ebetumi afi kyakyatow mu aba daakye no nso ho. Mmebusɛm 20:21 ka sɛ: “Agyapade a wɔde anibere nya no, n’awiei renyɛ nhyira.” Nnipa a wodi loto anaa wodi kyakya ahorow no pii adi yaw, efisɛ ahonyade a wonyae no amfa anigye biara ammrɛ wɔn. Hwɛ sɛnea ɛfata sɛ yetie Bible afotu a ɛne sɛ ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ani to ‘ahonyade a enni nnyinaso so, na mmom ɛsɛ sɛ yɛde to Onyankopɔn a ɔma yɛn ade nyinaa ma ebu so ma yɛn ani gye no so.’—1 Timoteo 6:17.
Ade foforo wɔ kyakyatow ho a enye koraa. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Wɔn a wɔn ani bere sɛ wɔbɛyɛ adefo no hwe sɔhwɛ ne afiri ne nkwasea akɔnnɔ a ɛyɛ hu bebree mu, na ɛno na ɛde nnipa kɔ ɔsɛe pasaa mu.” (1 Timoteo 6:9) Nea enti a wosum afiri ne sɛ ebeyi obi. Nnipa pii a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔde sika kakraa bi bɛto nkyia anaasɛ wɔresɔ kyakyatow ahwɛ kakra no atɔ saa afiri no mu ma wontumi nyi wɔn ho mfi mu. Asɛe ebinom nnwuma, apira wɔn adɔfo, na asɛe wɔn mmusua.
Bere a woasusuw kyerɛw nsɛm pii a ɛfa kyakyatow ho no, so woahu Onyankopɔn apɛde wɔ asɛm no ho? Ɔsomafo Paulo hyɛɛ ne mfɛfo Kristofo nkuran sɛ: “Mommfa wiase nhyehyɛe yi su, na mmom munnya adwensakra mfa nyɛ mo ho foforo, na moasɔ ahwɛ ahu Onyankopɔn pɛ a eye na ɛsɔ ani na edi mũ.” (Romafo 12:2) Onyankopɔn apɛde na ɛsɛ sɛ ɛkyerɛ Kristoni asetena kwan na ɛnyɛ nea nnipa dodow no ara susuw. Sɛ́ “anigye Nyankopɔn no,” Yehowa pɛ sɛ yɛn ani gye, na yɛde yɛn ho fi ɔhaw a efi kyakyatow mu ba no ho.—1 Timoteo 1:11.—w11-E 03/1.
[Ase hɔ asɛm]
a October 8, 2000, Awake!, a Yehowa Adansefo tintimii no kratafa 25 kosi 27 no akyerɛkyerɛ sɛnea sika a wɔde hyɛ aguadi mu no yɛ soronko wɔ kyakyatow ho no mu.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 23]
Onyankopɔn asomfo yɛ adwuma pa de nya sika
[Adaka wɔ kratafa 22]
Anigye a Wonya Fi Kyakya a Wodi Mu
So kyakya a obi taa tow no betumi aka ne hɔ? Bere a Adwenem Yaresafo Hans Breiter yɛɛ nhwehwɛmu wɔ sɛnea wɔn a wɔtow kyakya yɛ wɔn ade bere a wɔadi anaa wɔanni ho no, ɔkae sɛ, “sɛ wodi kyakya no a, etumi kanyan wɔn ma wɔyɛ wɔn ade te sɛ nea sɛ wɔde nnubɔne refa paane mu awɔ obi a nnubɔnenom aka ne hɔ a, ɔyɛ no ara pɛ.”
[Mfonini wɔ kratafa 22]
Hena sika na wɔn a wɔtow kyakya no hwɛ kwan sɛ wobedi?