Henanom Ne Onyankopɔn Asomfo Nnɛ?
“Yɛsomaa Timoteo a ɔyɛ yɛn nua ne Nyankopɔn somfo wɔ Kristo asɛmpa mu.”—1 TESALONIKAFO 3:1, 2.
1, 2. (a) So ɛte sɛ nea wɔn a wɔka sɛ wɔyɛ Onyankopɔn asomfo nyinaa yɛ wɔn som adwuma no yiye? (2 Korintofo 11:13-15) (b) Dɛn nti na ɛho hia sɛ wotumi hu Onyankopɔn nokware asomfo nnɛ? (2 Korintofo 5:18)
NNANSA YI, wɔ Mfinimfini Amerika no, nyamesom mu asɔfo boa ma wɔyɛɛ nhyehyɛe tuu aban bi gui. Wɔ Akyirikyiri Apueifam no, ɔsɔfo dii nkurɔfo bi anim kohintaw kum nnipa baanu. Wɔ Asia keseefam no, asɔfo boaboaa apaafo a wonni asase ano de sɔre tiaa “nhyɛsofo” no.
2 Saa mmarima yi nyinaa kyerɛe sɛ wɔyɛ asomfo Kristofo, nanso so ɛyɛ nokware? So eyi ne ade a ɛsɛ sɛ Onyankopɔn somfo yɛ anaa? Eyi yɛ asemmisa a ɛho hia esiane sɛ ɛnam Onyankopɔn nokware asomfo dwumadi so titiriw na nkurɔfo hu no na wonya daa nkwa hokwan nti. (1 Korintofo 3:5; Yohane 17:3) Ɛho hia sɛ yetumi hu wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn asomfo ankasa. Nanso yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu? Bible no nkutoo na ebetumi aboa yɛn.
Bible Mu “Asomfo”
3. (a) Akwan horow a wɔnam so de Hela asɛmfua di·aʹko·nos di dwuma no mu bi ne nea ɛwɔ he? (b) Dɛn ne ɔsom adwuma a ɛkorɔn sen biara?
3 Nea edi kan koraa no, dɛn ne ɔsomfo sɛnea Bible kyerɛ no? Wɔ mfitiase kasa a wɔde kyerɛw Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu no, asɛmfua a wɔde gyina hɔ ma “ɔsomfo” ne di·aʹko·nos. Ɛwom sɛ nkurɔfo kura adwenhorow wɔ mfitiase asɛmfua yi ho de, nanso asekyerɛ no yɛ nea wonim no yiye. Nea ɛkyerɛ ankasa ne, “akoa.” Wɔ Nsɛmpa no mu n di·aʹko·nos ne nsɛm afoforo a ɛka ho no yɛ nea wɔtaa de di dwuma de ka obi a ɔresom wɔn a wɔtete adidii ase ho asɛm. (Luka 4:39; Yohane 2:5, 9) Nanso, wɔ Hela kasa a na wɔka no Yesu bere so no mu no, na asɛmfua no taa wɔ ntease a ɛkorɔn sen saa. Wɔ nhoma afoforo a ɛnyɛ Bible mu no, na wɔde asɛmfua no ka asɔre mpanyimfo ho asɛm, na wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no a wodii kan kyerɛɛ ase kɔɔ Hela kasa mu no mu no, wɔde dii dwuma de kaa Persia hene Ahasweros mpiafo ne n’asomfo ho asɛm. (Ester 1:10; 6:3, Septuagint Version) Nanso, ɔsom a ɛkorɔn sen biara a ɔdesani betumi anya mu kyɛfa ne ɔsom a wɔde ma Yehowa, Ɔsorosoroni Nyankopɔn no.
4. Onyankopɔn somfo ankasa bu ne ho dɛn?
4 Esiane sɛ Onyankopɔn somfo a obi bɛyɛ no yɛ hokwan kɛse nti, obi a ɔyɛ ɔsomfo ankasa no bu ne ho dɛn? Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ ahantan anaasɛ ɔte nka sɛ ne ho hia dodo. Nokwarem no, onnye adɛfɛdɛfɛ abodin akɛse te sɛ “Holy Father” (“Agya Kronkron”) anaasɛ “Reverend” (“Onuonyamfo”) nto ne ho so. (Mateo 23:8-12) Mmom no, Yesu kyerɛe sɛ nokware Kristoni a ɔyɛ ɔsomfo bɛbrɛ ne ho ase. Ɔkae sɛ: “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ mo mu kɛse no, ɔnyɛ mo somfo, na obiara a ɔpɛ sɛ odi mo kan no, ɔnyɛ mo akoa.”—Mateo 20:26, 27.
5. Hena ahyɛde so na Onyankopɔn asomfo di, na henanom na wonya wɔn som adwuma no ho mfaso?
5 Ɔsomfo tie ne wura ahyɛde. Nanso, saa yɛ mu no, n’adwuma no ho betumi aba obi foforo mfaso. Sɛ nhwɛso no, sɛ ne wura no nya ahɔho a, ɔsomfo no tie ne wura denam nneɛma a ehia ahɔho no ho dwuma a odi so. Asomfo a wɔyɛ Kristofo, esiane sɛ wɔyɛ “Onyankopɔn asomfo” ne “Kristo asomfo” nti, wotie ahyɛde a Onyankopɔn nam ne Ba, Yesu Kristo so de mae no. (2 Korintofo 6:4; 11:23) Nanso nnipa afoforo nya adwuma a wɔyɛ no ho mfaso. Sɛ nhwɛso no, ná Paulo yɛ ɔsomfo “ma amanaman mufo.” (Efesofo 3:1-7) Ne som adwuma no de nhyira pii brɛɛ wɔn a wogye toom no. Na ɛhyɛɛ Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo a na ɔredi wɔn ahyɛde so no anuonyam.
Nyamesom Mu Ɔsomfo a Ɔsõ Sen Biara
6. (a) Hena ne nyamesom mu ɔsomfo a ɔsõ sen biara? (b) Hena ahyɛde so na odii, na henanom na ɔsomee?
6 Nanso dɛn na ɛsɛ sɛ ɔsomfo yɛ ankasa? Yebetumi abua eyi denam nyamesom mu ɔsomfo a ɔsõ sen biara a watra ase pɛn a ɔne Yesu Kristo no dwumadi ho a yebesusuw no so. Yesu kae sɛ: “Onipa ba no amma sɛ wɔnsom no, na ɔbɛsomee, na ɔde ne kra ayɛ agyede ama nnipa pii.” (Mateo 20:28) Sɛ́ ɔsomfo no, hena ahyɛde so na Yesu dii? Hena na ɔsom no? Na, wɔ ɔkwan bɛn so? Yesu dii ne soro Agya no ahyɛde so. (Yohane 8:28) Na, mfiase no, ɔsom Yudafo no nkutoo. (Romafo 15:8) Nanso, awiei koraa no, na ne som adwuma no ho bɛba nnipa koma pafo nyinaa mfaso.—Yohane 3:16
7. (a) Sɛ́ ɔsomfo no, dɛn na Yesu yɛe? (Marko 1:38) (b) Dɛn na Yesu anyɛ?
7 Dɛn na Yesu yɛe sɛ́ ɔsomfo? Ade biako a ɔyɛe ne sɛ ɔtwee ne ho fii amansɛmdi ho. Anyɛ yiye koraa no onyaa hokwan mprenu sɛ anka ɔde ne ho bɛhyɛ amammuisɛm mu, nanso ɔpowee. (Marko 12:13-17; Yohane 6:15) Dɛn ntia? Efisɛ na ne som adwuma no korɔn sen amansɛmdi, na na ɛho mfaso horow, a daa nkwa ka ho no, sõ sen nea ebefi amammui kwan so adeyɛ mu aba no koraa. Afei nso, Onyankopɔn somfo rentumi nyɛ wiase yi somfo. (Mateo 6:24) Enti, Yesu anyɛ ‘wiase no fã.’ (Yohane 17:14; Yakobo 4:4) ‘Ne saa nti, nea Yesu yɛe ne sɛ ɔkaa asɛmpa na ɔkyerɛkyerɛe. Ɔdaa Onyankopɔn din adi baguam. Ɔka kyerɛe sɛ Onyankopɔn ahenni no ne adesamma anidaso koro pɛ. Ɔkyerɛkyerɛɛ n’asuafo no abrabɔ pa a Onyankopɔn hwehwɛ no na ɔtetee wɔn ma wɔadi n’akyi wɔ ɔsom adwuma no mu. Awiei koraa no, ɔde ne nkwa bɔɔ afɔre maa adesamma de wiee ne som adwuma no.—Mateo 4:17; 5:27-32; 20:28; Yohane 17:3-6.
8. Dɛn nti na nnɛyi Onyankopɔn asomfo pɛɛpɛɛ Yesu som adwuma no mu yiye?
8 Yesu yɛ nhwɛso a ɛsɛ sɛ obiara ‘di n’anammɔn akyi.’ (1 Petro 2:21) Wɔn a wosuasua Yesu Kristo som adwuma no yiye no nkutoo na wobetumi afrɛ wɔn ho Onyankopɔn asomfo nokware mu nnɛ. Sɛ yɛpɛɛpɛɛ asomfo Kristofo dwumadi wɔ mfe a edii Yesu wu akyi no mu no mu a, yebehu nea eyi kyerɛ.
ɔsomfo Kristoni
9. Ɔkwan bɛn na Yesu ne Paulo nam so fatae sɛ asomfo?
9 Nea edi kan no, ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn akoa nam so fatae sɛ ɔsomfo saa bere no? Ɛnnɛ, asomfo a wɔwɔ Kristoman mu no fã kɛse no ara nya adansedi nkrataa fi asɔfo sukuu anaa sukuupɔn bi mu a ɛkyerɛ wɔn dibea. Eyinom ne nea wogyina so fata. Nanso, ná Yesu nni abodin krataa biara a ɛte saa. Ná ɔyɛ ɔsomfo a ɔfata efisɛ Onyankopɔn sraa no sɛ ɔnyɛ saa. (Luka 4:18, 19) Saa ara na ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Yɛn fata a yɛfata no fi Nyankopɔn mu. Ɔno na wama yɛafata ayɛ apam foforo asomfo.” (2 Korintofo 3:5, 6) Enti, Onyankopɔn na ɔma n’asomfo bɛyɛ wɔn a wɔfata. Ɔkwan bɛn so?
10. Ɔkwan bɛn so na Timoteo nam nyaa ne mfitiase nkyerɛkyerɛ ma ɔbɛyɛɛ ɔsomfo?
10 Susuw Timoteo a na ɔyɛ “Onyankopɔn somfo wɔ Kristo asɛmpa mu” no nhwɛso no ho. (1 Tesalonikafo 3:2) Paulo kyerɛw no sɛ: “Na wo de, tra nea woasua na woahu mu nokware no mu. Wunim onii ko a wusuae ne nkyɛn no, na wufi wo mmofraase nim nkyerɛwee kronkron no a ebetumi ama woahu nyansa afa Kristo Yesu mu gyidi so akɔ nkwagye mu.”—2 Timoteo 3:14, 15; hwɛ nkyekyem 16 ne 17 nso.
11. Henanom na wɔboaa Timoteo ma ɔfata maa ɔsom adwuma no?
11 So eyi kyerɛ sɛ Timoteo kenkan Bible no ara kwa na ɔnam so bɛyɛɛ ɔsomfo anaa? Dabi. Nea edi kan no, asomfo afoforo boaa no ‘ma ogye dii.’ Henanom ne saa nkurɔfo yi? Esiane sɛ na ‘ofi ne mmofraase’ nim Kyerɛwnsɛm no nti, ɛda adi sɛ anyɛ yiye koraa no onyaa mfitiase nkyerɛkyerɛ fii ne maame ne ne nena nkyɛn, esiane sɛ ɛda adi sɛ n’agya nyɛ gyidini nti. (2 Timoteo 1:5) Bio nso, bere a edi kan a Paulo hyiaa Timoteo no, na “anuanom a wɔwɔ Listra ne Ikonion no bɔ no din pa” dedaw. (Asomafo no Nnwuma 16:2) Enti na nkitaho a ɔne mfɛfo Kristofo di wɔ asafo horow yi mu no ama ne gyidi mu ayɛ den kɛse. Afei nso, saa bere no na anuanom a wɔn ho akokwaw, titiriw Kristofo asafo no sodikuw a na ɛwɔ Yerusalem no, taa kyerɛw nkrataa kɔma asafo horow no de hyɛ wɔn gyidi den. Na ahwɛfo akwantufo nam wɔn nsrahwɛ ahorow so hyɛɛ wɔn den.—Hebrifo 10:23; Asomafo no Nnwuma 15:22-32; 1 Petro 1:1.
12. Bere bɛn na Timoteo bɛyɛɛ ɔsomfo, na eyi akyi no ɔkwan bɛn so na ɔnam nyaa nkɔso bere nyinaa?
12 Eduu baabi no Timoteo gyidi a na ɔnam adesua ne fekubɔ so ama emu ayɛ den no kaa no ma ogyee asubɔ de yɛɛ n’ahosohyira ma Onyankopɔn ho sɛnkyerɛnne, sɛ ɔde ne nkwa nna a aka no bɛsom No. (Mateo 28:19, 20; Hebrifo 10:5-9) Ɛyɛ nea ntease wom sɛ saa bere no ɔbɛyɛɛ Onyankopɔn somfo. Nanso ne nkɔso no ansõ hɔ ara. Ne som adwuma mu mmɔdenbɔ kɔɔ anim denam honhom mu akyɛde soronko a onyae ne nkyerɛkyerɛ ne ntetee a ɔsomafo Paulo de maa no no so. Na Timoteo nyaa nkɔso ara denam adesua ne fekuw a ɔne Kristofo afoforo bɔe no so. (1 Timoteo 4:14; 2 Timoteo 2:2) Enti, na Ti.moteo yɛ ‘asɛmpa no ho somfo.’ Ne saa nti, dɛn na ɔyɛe?
13. Na Timoteo som adwuma mu asɛyɛde ahorow ne dɛn?
13 Ná ɔwɔ asɛyɛde atitiriw, esiane sɛ na ɔyɛ Paulo hokafo wɔ n’akwantu no mu nti. Sɛ́ ɔpanyin no, Timoteo bɔɔ mmɔden wɔ ne mfɛfo Kristofo a ɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn ahyɛ wɔn den mu. Ná eyi yɛ ne som adwuma no fã. (1 Timoteo 4:6) Nanso na ne som adwuma no fã titiriw, sɛnea na ɛte wɔ Yesu fam no, ne asɛmpa a ɔbɛka akyerɛ no. (Mateo 4:23) Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ Timoteo sɛ: “Na wo de, ma w’ani nna hɔ ade nyinaa mu, mia w’ani hu amane, yɛ ɔsɛmpakafo adwuma, wie wo som no koraa.”—2 Timoteo 4:5.
14. Ɔkwan bɛn so na Kyerɛwnsɛm no kyerɛ abusuabɔ a ɛda gyidi ne asɛnka adwuma no ntam?
14 Nanso, Timoteo ne Paulo akyi no, ná henanom na ɛsɛ sɛ wonya Kristofo som adwuma no mu kyɛfa? So na ɛyɛ mpanyimfo no anaa ananmusifo akwantufo atitiriw no nkutoo? Dabi. Ɔsomafo Paulo daa no adi sɛ gyidi a ɛsɛ sɛ ɛyɛ ade a Kristofo nyinaa wɔ no na ɛkanyan obi ma ɔka asɛmpa no. Ɔkae sɛ: “Koma na wɔde gye di kɔ trenee mu, na ano na wɔde pae mu ka kɔ nkwagye mu.”—Romafo 10:10.
15, 16. Ná henanom na ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wonya Kristofo som adwuma no mu kyɛfa, na dɛn nti na wubua saa?
15 So eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ nokware Kristofo gyidi no yɛ asomfo Kristofo, na wonya kyɛfa wɔ asɛmpaka adwuma no mu anaa? Yiw. Paulo kaa n’asɛm no kyerɛɛ asafo a ɛwɔ Roma no nyinaa, ɛnyɛ mpanyimfo no nko. (Romafo 1:1, 7) Ná ɛsɛ sɛ asafo a ɛwɔ Efeso no nyinaa ‘de asomdwoe asɛmpa no ho ahodaso hyehyɛ wɔn anan.’ (Efesofo 6:15; 1:1) Na ná ɛsɛ sɛ wɔn a wɔtee krataa a wɔkyerɛw kɔmaa Hebrifo no mu nsɛm no nyinaa ‘sõ anidaso asɛm a wɔka kyerɛ no mu pintinn.’ (Hebrifo 10:23) Kae nso sɛ, Pentekoste da no, ‘obiara, mmarima ne mmea boom kaa “Onyankopɔn ade kɛse” ho asɛm wɔ baguam.—Asomafo no Nnwuma 2:1-21; 1:14.
16 Afei, nso, bere tiaa bi ansa na ɔreforo akɔ soro no, na Yesu aka akyerɛ n’akyidifo sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu, na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.” (Mateo 28:19, 20) Wɔn a wogyee asɛm no toom wɔ aman horow no nyinaa mu no, na ɛnsɛ sɛ wɔbɛyɛ atiefo ara kwa. Ná ɛsɛ sɛ wɔyɛ asuafo na wɔyɛ nea eyi hwehwɛ nyinaa.—Luka 10:1; 14:27, 33; Yohane 13:35; 15:8; Asomafo no Nnwuma 1:8.
Onyankopɔn Asomfo Nnɛ
17. Nneɛma a ɛho hia a ɛka Kristofo som adwuma no ho no binom ne nea ɛwɔ he? (Mateo 22:37-39)
17 Ɛde besi ha no, yɛahu sɛ nokware Kristoni somfo kwati amansɛmdi na ɔtwe ne ho fi wiase no ho. Ɔbrɛ ne ho ase na okura abrabɔ pa a Yesu kyerɛɛ n’akyidifo no mu. Ɔyɛ Onyankopɔn somfo, na osuasua Kristo. Enti, ɛnsɛ sɛ odi n’ankasa ne nsusuwii akyi anaasɛ ɛnsɛ sɛ ɔbrɛ aniberesɛm a nokware no yɛ no ase na ayɛ mmerɛw ama afoforo sɛ wobegye atom. Nanso, ne som adwuma no ho wɔ mfaso ma mfɛfo nnipa, wɔn a wogye di ne wɔn a wonnye nni nyinaa.—Mateo 20:28; 26:39; 1 Petro 4:8-10.
18. Henanom ne Onyankopɔn nokware asomfo nnɛ, na dɛn nti na wubua saa?
18 Sɛnea na ɛte wɔ Yesu ne Timoteo fam no, nnɛyi Kristoni som adwuma a ɛho hia ne asɛnka adwuma no. Dɛn na ɔka? Wiɛ, nkwagye da so gyina Yesu afɔrebɔ no so. Na wɔn a wɔpɛ sɛ wonya nkwa no, ɛsɛ sɛ wɔbɔ Yehowa din. (Asomafo no Nnwuma 4:12; Romafo 10:13) Afei nso, ahenni no da so ara yɛ adesamma a wɔrehu amane no anidaso koro pɛ. Enti, Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ: “Na wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 24:14) Onyankopɔn nokware asomfo ne wɔn a wɔma saa nkɔmhyɛ yi ba mu na wɔkyerɛkyerɛ nokware ahorow yi. Na henanom na wɔreyɛ adwuma a Onyankopɔn de ama yi? Ɛyɛ Yehowa Adansefo nkutoo.—Yesaia 43:10-12.
19. Nneɛma ahorow bɛn na egye na obi abɛyɛ Onyankopɔn somfo nnɛ?
19 Ɔkwan bɛn so na obi nam fata sɛ ɔsomfo? Ɛyɛ ɔkwan koro no ara a Timoteo faa so no: Ɛdenam Onyankopɔn atirimpɔw ahorow mu gyidi a emu yɛ den a obi benya denam Bible adesua so so; ɛdenam saa gyidi no a ɔbɛma emu akɔ so ayɛ den denam Kristofo afoforo a ɔne wɔn bɛbɔ fekuw so; ɛdenam nsu mu asubɔ a obegye de ayɛ ne ho so a ohyira ma Onyankopɔn tẽe wɔ mpaebɔ mu sɛ ɔbɛsom no fi saa bere no ho sɛnkyerɛnne no so; ne ɛdenam akwankyerɛ ne nkyerɛkyerɛ a obegye afi Kristofo asafo no Sodikuw no nkyɛn no so. (Hebrifo 10:23-25; Mateo 24:45-47) Henanom na wonya ɔsom adwuma yi mu kyɛfa? Wɔn a wɔwɔ nokware gyidi a emu yɛ den a egyina nimdeɛ a edi mu so wɔ Onyankopɔn atirimpɔw ahorow mu no nyinaa. Ɔsom adwuma no mu kyɛfa a yebenya sɛ Yehowa adansefo Kristofo no di nokware a saa gyidi no yɛ no ho adanse.—Yakobo 2:17.
20, 21. (a) Esiane Kristoman som adwuma no mu sintɔ ahorow bɛn nti na eye sɛ Onyankopɔn apaw asomfo nnɛ? (b) Wɔn som adwuma no mu atrɛw dɛn?
20 Wɔ nna a edi akyiri yi mu no, Kristoman mu asomfo pii reka “asetra yi ho nsɛm,’” wɔde wɔn ho rehyehyɛ amansɛmdi mu, na wɔregye wɔ a Onyankopɔn wɔ hɔ ne hia a Bible ho hia no ho akyinnye. Na Kristoman mu asɔremma no nso nkyerɛ anigye biara wɔ dwuma a wobedi sɛ asomfo no ho. Enti, yɛda Onyankopɔn ase sɛ wapaw asomfo a wɔda ne din adi kyerɛ adesamma na wɔboa nnipa koma pafo ma wosua nokware ahorow a ɛho hia a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm Bible no mu no. Asomfo a wɔte saa bɛboro ɔpepem abien wɔ wiase nyinaa, na ɛdenam Onyankopɔn mmoa so no wɔresom adesamma nyinaa.
21 Nanso ɔkwan bɛn na obi betumi afa so akyerɛ sɛ ɔyɛ wɔn mu biako. Adesua a edi so no bɛkyerɛkyerɛ eyi mu yiye.
Dɛn na kyerɛw nsɛm a edidi so no ka kyerɛ yɛn wɔ Kristofo som adwuma no ho?
[Kratafa 11 mfoni]
So eyi no ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo yɛ?
[Kratafa 12 mfoni]
Ɔsom adwuma no betumi oyɛ nea nkyerɛkyerɛ wɔ asafo no mu ko ho
[Kratafa 13 mfoni]
Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ nokware gyidi nyinaa yɛ adwuma sɛ asomfo Kristofo