Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g82 9/8 kr. 16
  • Ade A Wosua “Fi Mmofraase”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ade A Wosua “Fi Mmofraase”
  • Nyan!—1982
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Apiapia A Ɛma Wonya Ɔbenfo
    Nyan!—1987
  • Awofo​—Munnu Mo Ba Komam Fi Ne Mmofraase
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Tete Wo Ba No Sɛ Wɔ Ɔkwan Pa So—Na Yɛ Saa Fi Mmofraase!
    Nyan!—1987
  • Bere a Wofi Ase Nya Su Horow​—Bere a Wohia Mo Mmoa a Ɛsen Biara no Titiriw
    Nyan!—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1982
g82 9/8 kr. 16

Ade A Wosua “Fi Mmofraase”

NKOKOAA a wɔbɛkyerɛ wɔn biribi a emu dɔ yɛ ade a nnipa pii nsusuw ho. Nanso wɔn a wɔyɛ nhwehwɛmu ahorow ne akyerɛkyerɛfo rehu sɛ tumi a wɔde sua ade no fi ase fi mmofraase pɛɛ. Abofra a onya nkyerɛkyerɛ a ɛte saa fi mmofraase no taa yɛ ade wɔ sukuu mu akyiri yi. Nneɛma a ɛyɛ den te sɛ ɔkasa ne nkontaa yɛ nea wobetumi akyerɛ mmofra ansa na wɔafi sukuu ase.

Masaru Ibuka a ofii Sony Corporation ase wɔ Japan no huu eyi ho adanse ankasa ma ɔde ne ho hyɛɛ mmofra a wɔkyerɛ wɔn ade mu denneennen. The United Press International mu amanneɛbɔ bi kyerɛ sɛ na wahu “ade a ɛyɛ nwonwa a efi Dr. [Shinichi] Suzuki kwan a ɔnam so kyerɛ mmofra nkumaa sɛnea wɔbɔ sanku mu ba no.”

Sɛnea Ibuka kyerɛ no, mfe abiɛsa a edi kan no ne bere a “wo ba adwene tumi kyere ade sen biara,” “sen sɛnea yɛasusuw pɛn.” United Press International amanneɛbɔ no kɔɔ so kae sɛ: “Ɛyɛ mmofraase bere a amemene nkwa mmoaa no renyin no na na adwene no nso renyin. Sɛ abofra sua ade bere a n’adwene renyin a, dekode no ka n’adwene mu yiye. Ibuka te nka mpo sɛ anidaso wɔ hɔ sɛ mmofra a wɔn adwene ntumi nnyin yiye no betumi anya nkɔso “sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn yiye fi mmofraase a.”

Canadani nhwehwɛmufo Dr. William Fowler se “ɛyɛ ampa sɛ bere a ɛsɛ sɛ yefi ase kyerɛkyerɛ ne mfe abiɛsa a edi kan no mu; mmofra a wɔadi asram asia mpo betumi afi ase asua de.”

Wobɛyɛ dɛn atumi afi ase akyerɛ nkokoaa ade? Ɛdenam ade a wobɛkenkan akyerɛ wɔn no so, ebia adansedi mu osuahu bi. “Ɛno ma ɔwofo no bɛyɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ne ho hia sen biara,” eyi ne asɛm a ɔkyerɛkyerɛfo bi a ɔwɔ Toronto kae.

Mmofra a wofi ase de nhoma kyerɛkyerɛ wɔn ntɛm no, ɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔn ankasa bɛyɛ akenkanfo. Ebinom ahu akenkan ansa na wɔrefi sukuu ase, na ebinom mpo huu akenkan ansa na wɔredi mfe abien!

Nanso ɛnsɛ sɛ awofo “hyɛ” abofra dodo esiane sɛ wɔpɛ sɛ ɔyɛ “abofra a onim ade sen biara wɔ kurom hɔ” nti. Nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ara ne sɛ yɛkanyan abofra no adwene ma osua ade sɛnea ne mmɔdenbɔ te.

Sɛ́ wobesua ade afi “mmofraase” no nyɛ Bible akenkanfo nwonwa. Wɔkyerɛwee wɔ ɔsomafo Paulo asɛmpatrɛw adwuma mu hokafo Timoteo ho sɛ “wufi wo mmofraase nim nkyerɛwee kronkron no.” (2 Timoteo 3:15) Saa nso na awofo Kristofo pii wɔ hɔ nnɛ a wonim sɛ mmofra betumi atie Bible mu nsɛm a wɔkenkan kyerɛ wɔn fi mmofraase na wɔama mmuae bere a wobisa wɔn nea wɔkenkanee no. Sɛnea mmofra tumi kyere nsɛm no yɛ nwonwa, bere a wɔn ankasa nnya nhuu akenkan mpo no.

Enti, bio no, Bible no ada ne ho adi sɛ nea ɛka no yɛ nokware bere a anka wobegye ho akyinnye no. Ɛda adi sɛ mmofra nkumaa a yɛbɛkyerɛ wɔn ade ne ade a ɛho wɔ mfaso na nyansa wom a ɛsɛ sɛ yɛyɛ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena