Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 6/15 kr. 3
  • Bible Nhoma a Ɛda Nsow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible Nhoma a Ɛda Nsow
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bible No​—So Efi Nyankopɔn Ampa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Hena na Ɔkyerɛw Bible No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Onyankopɔn Ma Yehu N’atirimpɔw Ahorow
    So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?
  • Bible​—‘Efi Onyankopɔn Honhom Mu’ Ampa?
    Nyan!—2017
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 6/15 kr. 3

Bible Nhoma a Ɛda Nsow

Wɔka sɛ ɛyɛ nhoma a wɔtɔ sen biara wɔ wiase, na ɛte saa pɛpɛɛpɛ. Wɔkenkan Bible no kyerɛ ho anisɔ sen nhoma foforo biara. Ebesi nnɛ no, wobu akontaa sɛ wɔde (Bible mũ no nyinaa anaa ne fã bi) ɔpepepem anan na ama wɔ kasa horow bɛboro 2,000 mu.

Nanso, nea ɛyɛ anigye sen Bible no a atrɛw no ne kyerɛ a ɛkyerɛ sɛ efi Nyankopɔn no. Kristoni somafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu.” (2 Timoteo 3:16) Dɛn na eyi kyerɛ? Nea asɛm “fi Nyankopɔn home mu” (Hela, the·oʹpneu·stos) kyerɛ ankasa ne “nea Onyankopɔn ahome.” Hela asɛmfua a ɛne no wɔ abusuabɔ, pneuʹma, no kyerɛ “honhom.” Enti, nea ɛrepɛ akyerɛ ne sɛ Onyankopɔn honhom kronkron na ɛkanyan nnipa a wɔkyerɛwee no, ɔhome guu wɔn so, sɛnea yɛbɛka no no, ma enti wotumi frɛɛ ade a efi mu bae awiei koraa no nokwarem sɛ Onyankopɔn Asɛm, ɛnyɛ onipa de. Nokwarem no, nnipa pii a wɔasua Bible no ho dwiriw wɔn wɔ sɛnea emu nsɛm no hyia, sɛnea nyansahu ho asɛm a ɛka yɛ nokware, nokwaredi a n’akyerɛwfo no de kyerɛw biribiara pɛpɛɛpɛ, ne nea ehia sen biara no, ne nkɔmhyɛ ahorow a enya mmamu, no ho—na eyinom nyinaa ama akenkanfo ɔpepem pii a wosusuw nsɛm ho no agye adi sɛ saa nhoma yi fi obi a ɔkorɔn sen nnipa hɔ.a

Nanso ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn kyerɛɛ Bible no kyerɛw kwan pɛpɛɛpɛ? Ebinom ka sɛ ɔno na ɔkaa biribiara a ɛwɔ Bible mu no ma wɔkyerɛwee. Afoforo ka sɛ adwene a ɛwɔ Bible mu no kɛkɛ na efi ne home mu, na ɛnyɛ nsɛmfua no. Nanso, nokwarem no, ɛnyɛ ɔkwan biako pɛ so na ɔnam ma wɔkyerɛwee, efisɛ Onyankopɔn “nam akwan horow so” kasa “kyerɛɛ agyanom, adiyifo no.” (Hebrifo 1:1, NW; fa toto 1 Korintofo 12:6 ho.) Wɔ asɛm a edi hɔ no mu no, yɛbɛhwehwɛ akwan horow a Onyankopɔn nam so kasa kyerɛɛ mmarima bɛyɛ 40 a wɔkyerɛw Bible no mu.

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛ wopɛ sɛ wunya nsɛm foforo a, hwɛ The Bible—God’s Word or Man’s? nhoma no a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii no nkratafa 53-4, ne 98-161.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena