“Ɛsɛ Sɛ Ɔhwɛfo Nya . . . Ahosodi”
“Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo nya . . . ahosodi.”—TITO 1:7, 8, New World Translation.
1, 2. Ahosodi ho nhwɛso bɛn na William of Orange yɛe, na mfaso bɛn na efii mu bae?
ABAKƆSƐM de nkate a wɔhyɛ so ho nhwɛso titiriw a ɛsen biara ma. Wɔ afeha a ɛto so 16 mfinimfini mu hɔ no, na Netherlands hene ba William of Orange ne France Hene Henry II rekɔ ahayɔ. Ɔhene no daa nhyehyɛe a ɔne Spain hene ayɛ sɛ wɔbɛtɔre France ne Netherlands Protestantfo nyinaa—nokwarem no, wɔn a wɔwɔ Kristoman mu nyinaa no ase adi kyerɛɛ no. Na Ɔhene Henry anya adwene sɛ abofra William yɛ Katolekni amapa te sɛ ɔno ankasa, ma enti ɔkaa atirisopam no ho asɛm nyinaa kyerɛɛ no. Nea William tee no maa ne ho dwiriw no yiye efisɛ na ne nnamfo paa pii yɛ Protestantfo, nanso wanna ne nkate adi; mmom no ɔkyerɛɛ nea ɔhene no ka kyerɛɛ no nyinaa ho anigye kɛse.
2 Nanso, William yɛɛ ho biribi ntɛm ara, ofii ase yɛɛ nhyehyɛe a ɔde bɛsɛe atirisopam no, na awiei koraa no, ɛmaa Netherlands nyaa ahofadi fii Spain Katolekfo tumi ase. Esiane sɛ William tumi daa ahosodi adi bere a odii kan tee atirisopam no ho asɛm nti, wɔbɛfrɛɛ no sɛ “William a Omua N’ano.” William of Orange dii nkonim kɛse ma enti wɔka kyerɛ yɛn sɛ: “Ɔne Dutch kwasafoman no ahofadi ne ne kɛseyɛ farebae.”
3. Sɛ Kristofo mpanyimfo da ahosodi adi a, henanom na wonya mu mfaso?
3 William a Omua N’ano ahosodi no nti, ɔne ne manfo nyaa mfaso kɛse. Ntotoho kwan so no, ɛsɛ sɛ Kristofo mpanyimfo anaasɛ ahwɛfo da honhom kronkron no aba a ɛne ahosodi adi nnɛ. (Galatifo 5:22, 23) Sɛ woyi su yi adi kyerɛ a, wɔn ankasa ne asafo no nya mu mfaso. Nanso, sɛ wɔanna ahosodi adi a, ebetumi asɛe ade kɛse.
Ahosodi—Su a Wɔhwehwɛ wɔ Mpanyimfo Ho
4. Ɔsomafo Paulo afotu bɛn na esi sɛnea ehia sɛ mpanyimfo da ahosodi adi no so dua?
4 Paulo a na n’ankasa yɛ ɔpanyin no huu sɛnea ahosodi ho hia. Bere a ɔretu mpanyimfo a na wofi Efeso aba ne kyɛn fo no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monhwɛ mo ho ne nguankuw [no] nyinaa.” Na hia a ehia sɛ wɔda ahosodi adi, na wɔhwɛ wɔn abrabɔ yiye no ka nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔyɛ no ho. Paulo rekyerɛw Timoteo no, ɔkaa asɛnkoro no ara se: “Ma w’ani mmra wo ho ne kyerɛ no so.” Afotu a ɛte sɛɛ no kyerɛ sɛ na Paulo nim su a ebinom wɔ sɛ wɔde wɔn adwene besi ka a wɔbɛka nea afoforo nyɛ akyerɛ wɔn no so kɛse mmom sen sɛ wɔbɛyɛ nea wɔka kyerɛ afoforo sɛ wɔnyɛ no. Enti, odii kan sii sɛnea ehia sɛ wɔhwɛ wɔn ho no so dua.—Asomafo no Nnwuma 20:28; 1 Timoteo 4:16.
5. Ɔkwan bɛn na wɔfa so paw Kristofo mpanyimfo, na ɛhe na wɔakyerɛw wɔn ahwehwɛde ahorow no ho asɛm wɔ Kyerɛwnsɛm no mu?
5 Wɔ mfe no mu no, Kyerɛwnsɛm no mu asɛyɛde ma mpanyimfo no ada adi pefee nkakrankakra. Ɛnnɛ, yehu sɛ mpanyinni yɛ dibea a wɔde ma obi. Yehowa Adansefo Sodikuw no anaa ananmusifo na wɔpaw mpanyimfo no. Saa kuw no nso gyina “akoa nokwafo ne ɔbadwemma no” ananmu. (Mateo 24:45-47) Ɔsomafo Paulo de ahwehwɛde a ɛma obi fata sɛ Kristoni hwɛfo, anaasɛ ɔpanyin no ama wɔ 1 Timoteo 3:1-7 ne Tito 1:5-9 titiriw.
6, 7. Mpanyimfo ahwehwɛde pɔtee bɛn na ehia ahosodi?
6 Paulo ka wɔ 1 Timoteo 3:2, 3 sɛ ɛnsɛ sɛ ɔhwɛfo yɛ ade tra so. Eyi ne hia a ehia sɛ ɔhwɛfo yɛ n’ade pɛpɛɛpɛ no hwehwɛ sɛ ɔda ahosodi adi. Ɔbarima a ɔfata sɛ ɔyɛ ɔhwɛfo no nyɛ ɔmaanefo ne ntɔkwawpɛfo. Eyi nso hwehwɛ sɛ ɔpanyin da ahosodi adi. Afei nso, nea ɛbɛyɛ na ɔpanyin renyɛ ɔsadweam, a ɔpɛ nsa pii no, ɛsɛ sɛ ɔda ahosodi adi.
7 Wɔ Tito 1:7, 8 no, Paulo hyɛ da ka sɛ ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo nya ahosodi. Nanso, hwɛ sɛnea ahwehwɛde afoforo pii a wɔabobɔ din wɔ nkyekyem yi mu no fa ahosodi ho. Sɛ nhwɛso no, ɛnsɛ sɛ wonya ɔhwɛfo ho asɛm bi ka, yiw, ɔyɛ obi a ne ho nni asɛm. Ɛda adi sɛ ɔpanyin bi rentumi nnu saa ahwehwɛde no ho gye sɛ ɔda ahosodi adi.
Ɔne Afoforo Nsɛnnii
8. Su horow a mpanyimfo a wɔde afotu ma hia bɛn na esi sɛnea ahosodi ho hia so dua?
8 Bio nso, ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo nya boasetɔ ne abodwokyɛre wɔ ɔne ne mfɛfo gyidifo nsɛnnii mu, na eyi hwehwɛ sɛ onya ahosodi. Sɛ nhwɛso no, yɛkenkan wɔ Galatifo 6:1 sɛ: “Anuanom, sɛ mfomso bi bɛto obi nso a, mo a moyɛ honhom mufo [mpanyimfo no titiriw] no, monteɛ nea ɔte saa no so odwo honhom mu, nanso hwɛ wo ho, na wɔansɔ wo nso anhwɛ.” Sɛ obeyi odwo su adi akyerɛ a, egye ahosodi. Esiane eyi nti, egye ahosodi nso na obi ahwɛ ne ho so. Saa ara nso na ahosodi ho hia yiye bere a obi a wahaw kɔ ɔpanyin bi nkyɛn sɛ okogye mmoa no. Adwene a ebia ɔpanyin no kura wɔ onipa no ho mfa ho, ɛsɛ sɛ oyi ayamye, boasetɔ ne ntease adi. Sɛ anka ɔpanyin no de ntɛmpɛ betu no fo no, ɛsɛ sɛ onya ɔpɛ sɛ obetie onipa no na ɔma ɔka nea ɛte sɛ nea ɛhaw no ankasa no.
9. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo ma afotu bɛn tra wɔn adwenem bere a wɔne anuanom a wɔwɔ adwenemhaw di no?
9 Ne titiriw sɛ ɔne nnipa a wɔanya adwenemhaw redi a, afotu a ɛwɔ Yakobo 1:19 yi fata: “Me nuanom adɔfo, munim eyi. Ma nnipa nyinaa nyɛ ntɛm ntie, nyɛ nyaa nkasa, na wɔnyɛ nyaa mfa abufuw.” Yiw, ne titiriw no sɛ obi bo fuw ɔpanyin bi a, ɛsɛ sɛ ɔhwɛ yiye na ɔno nso bo amfuw no. Egye ahosodi na wɔamfa abufusɛm ammua abufusɛm, wɔamfa ‘bɔne antua bɔne so ka.’ (Romafo 12:17) Sɛ wobua no saa ara a, ɛma tebea a asɛe no sɛe kɛse mmom. Enti wɔ ha nso no, Onyankopɔn Asɛm de afotu pa ma mpanyimfo, na ɛkae wɔn sɛ “mmuae bɔkɔɔ sianka anibere.”—Mmebusɛm 15:1.
Ahosodi wɔ Mpanyimfo Nhyiam Ase ne Bere a Wodi Nsɛm
10, 11. Dɛn na asi wɔ mpanyimfo nhyiam ase, na ɛkyerɛ sɛ ahosodi ho hia wɔ mmere a ɛte sɛɛ mu dɛn?
10 Baabi foforo a ehia sɛ Kristofo ahwɛfo hwɛ yiye na wɔada ahosodi adi ne mpanyimfo nhyiam ase. Ɛtɔ da bi a, sɛ wɔde boasetɔ bɛkasa ama nokware ne atɛntrenee no gye ahosodi kɛse. Egye ahosodi nso na ɔpanyin ammɔ mmɔden sɛ ɔbɛma n’ano ayɛ den wɔ nsɛm a wosusuw ho mu. Sɛ ɔpanyin bi kura su a ɛte sɛɛ a, ɛbɛyɛ ayamye sɛ ɔpanyin foforo betu no fo.—Fa toto 3 Yohane 9 ho.
11 Afei nso, wɔ mpanyimfo nhyiam ase no, ebia ɔpanyin bi a ɔpere ne ho yɛ ade betumi ama ne nkate adi no so, na wakasa denneennen mpo. Hwɛ sɛnea nneyɛe a ɛte sɛɛ da ahosodi kɛse a onni adi! Ɛma ɔhwere ade mmom. Ɔkwan foforo so no, dodow a obi hwere ahosodi no, mpɛn dodow no ara na ɔsɛe n’asɛm denam nkate a ɔma ebunkam ntease so no so. Ɔkwan foforo so no, mpɛn dodow a obi bo fuw no, mpɛn dodow no ara na ɔtaa haw ne mfɛfo mpanyimfo anaasɛ ɔsɔre tia wɔn mpo. Afei nso, sɛ mpanyimfo anhwɛ yiye a, wɔn adwene a enhyia koraa no betumi de mpaapaemu aba wɔn ntam. Eyi pira wɔn ankasa ne asafo no.—Fa toto Asomafo no Nnwuma 15:36-40 ho.
12. Tebea horow bɛn na sɛ mpanyimfo redi ho dwuma a, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ yiye sɛ wɔbɛda ahosodi adi?
12 Mpanyimfo hia ahosodi kɛse nso na wɔanyɛ nyiyim anaasɛ wɔamfa wɔn tumi anni dwuma wɔ ɔkwammɔne so. Ɛyɛ mmerɛw kɛse sɛ wɔbɛma sɔhwɛ adi wɔn so nim, sɛ wɔbɛma nea nnipa a wɔnyɛ pɛ dwen na wɔka anaasɛ wɔyɛ anya wɔn so nkɛntɛnso! Mpɛn pii no, mpanyimfo ntumi nyɛ ade prɛko bere a wɔn ba biako anaa wɔn busuani bi di fɔ wɔ abrabɔ bɔne bi ho no. Egye ahosodi wɔ tebea a ɛte sɛɛ mu na wɔamma honam fam abusuabɔ ansiw nea ɛteɛ a wɔbɛyɛ no kwan.—Deuteronomium 10:17.
13. Dɛn nti mpanyimfo hia ahosodi titiriw wɔ nsɛm a wodi mu?
13 Tebea foforo a ahosodi hia yiye wom nso ne bere a wɔredi asɛm. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo da ahosodi kɛse adi na amma nkate annya wɔn so nkɛntɛnso kɛse. Ɛnsɛ sɛ wɔma osu dan wɔn adwene ntɛm ara. Bere koro no ara mu no, ɛsɛ sɛ ɔpanyin hwɛ yiye na ne bo amfuw bere a wɔbɔ no sobo, na ebia wɔka nsɛm to no so, te sɛ nea ebetumi aba bere a wɔredi awaefo ho dwuma no. Paulo nsɛm no fata wɔ ha yiye: “Ɛnsɛ Awurade akoa bi sɛ ɔko, na mmom ɛsɛ sɛ odwo ma nnipa nyinaa.” Egye ahosodi na wayi odwo adi akyerɛ bere a wɔkasa tia no no. Paulo toaa so kyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ “Awurade akoa” ‘brɛ ne bo ase bɔne ho, na ɔde odwo kasa kyerɛ wɔn a wɔne no di asi’ no. Egye ahosodi kɛse na obi ayi odwo adi akyerɛ na wadi ne ho so bere a odi ɔsɔretia ho dwuma no.—2 Timoteo 2:24, 25.
Ahosodi wɔ Mmea Ho
14. Afotu pa bɛn na ehia sɛ mpanyimfo di so bere a wodi mmea ho dwuma no?
14 Sɛ mpanyimfo di mmea ho dwuma a, ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani da hɔ yiye. Ɛnyɛ papa sɛ ɔpanyin bi nkutoo bɛkɔ akɔsra onuawa bi. Ɛsɛ sɛ ɔpanyin no ma ɔpanyin foforo anaasɛ asafo mu ɔsomfo bi ka ne ho kɔ. Ebia Paulo huu ɔhaw yi nti, otuu Timoteo fo sɛ: ‘Tu mmea mpanyin fo sɛ ɛnanom, mmabaa sɛ nuabeanom, wɔ ahotew nyinaa mu.’ (1 Timoteo 5:1, 2) Wɔahu mpanyimfo binom sɛ wɔde wɔn nsa to onuawa bi mmati te sɛ nea agya bi yɛ ne ba. Nanso wobetumi adaadaa wɔn ho, efisɛ ɔbarima ne ɔbea ntam ayɔnkofa mmom na ebetumi akanyan adeyɛ a ɛte sɛɛ na ɛnyɛ Kristofo onuadɔ a ɛho tew.—Fa toto 1 Korintofo 7:1 ho.
15. Ɔkwan bɛn so na asɛm bi a esii si ahohorabɔ a ebetumi aba Yehowa din so, bere a ɔpanyin annya ahosodi no so dua?
15 Hwɛ sɛnea wɔaka nokware no ho asɛmmɔne esiane sɛ mpanyimfo binom antumi anna ahosodi adi bere a wodi asafo no mu anuawanom ho dwuma no nti! Mfe kakraa bi a atwam ni no, wotuu ɔpanyin bi efisɛ ɔne Kristoni onuawa bi a ne kunu nyɛ Ɔdansefo sɛee aware. Saa anadwofa no a wɔde amanneɛbɔ mae sɛ wɔatu ɔpanyin no, ɔbea no kunu a ne bo afuw de otuo baa Ahenni Asa no so na ɔtow nnipa baanu a wɔayɛ bɔne no. Wankum wɔn mu biara, na wogyee otuo no fii ne nsam ntɛm ara, nanso ade kyee no atesɛm krataa bi a agye din tintim asɛm a ɛne ‘otuotow wɔ asɔredan bi mu’ wɔ anim. Hwɛ ahohorabɔ araa a ahosodi a saa ɔpanyin no anna no adi no de baa asafo no ne Yehowa din so!
Ahosodi wɔ Mmeae Afoforo
16. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mpanyimfo hwɛ yiye sɛ wɔbɛda ahosodi adi bere a wɔrema baguam ɔkasa no?
16 Ahosodi ho hia kɛse nso bere a ɔpanyin bi rema baguam ɔkasa no. Ɛsɛ sɛ baguam ɔkasafo yɛ ahotoso ne akokoduru a wɔda no adi ho nhwɛso. Ebinom bɔ mmɔden sɛ wobeyi wɔn atiefo aseresɛm denam nsɛnkwaa a woyi so. Eyi betumi ama wɔasɔ wɔn atiefo ani mmom. Nokwarem no, sɔhwɛ a obi ma edi no so nim no kyerɛ sɛ onni ahosodi. Wobetumi aka mpo sɛ bere so a wonni bere a wɔma ɔkasa no da ahosodi a wonni ne ahosiesie a ɛfata a wɔanyɛ adi.
17, 18. Dwuma bɛn na ahosodi di wɔ kari a ɔpanyin bɛkari pɛ wɔ n’asɛyɛde ahorow mu?
17 Ɛsɛ sɛ ɔpanyin a ɔyɛ adwuma dennen biara tumi di adwumaden a ɛne sɛnea ɔbɛkari pɛ wɔ nneɛma ahorow a egye ne bere ne n’ahoɔden mu no ho dwuma. Egye ahosodi na wakari pɛ wɔ nneɛma no nyinaa yɛ mu. Mpanyimfo binom ama nea asafo no hwehwɛ ho asɛm ahia wɔn araa ma wɔabu wɔn ani agu wɔn mmusua so. Enti, bere a onuawa bi kaa sɛnea ɔpanyin bi bɛsraa no hwɛe ho asɛm kyerɛɛ saa ɔpanyin no yere no, ne yere no kae sɛ: “Minyae anka wabɛsra me ahwɛ bere bi!”—1 Timoteo 3:2, 4, 5.
18 Ɔpanyin hia ahosodi nso na ama wakari pɛ wɔ bere a ɔde yɛ kokoam adesua ne nea ɔde kɔ asɛnka anaasɛ ɔde srasra nguan no hwɛ no mu. Esiane sɛ onipa koma yɛ ɔdaadaafo nti, ɛyɛ mmerɛw kɛse sɛ ɔpanyin bi de bere pii bɛyɛ nea ohu sɛ n’ani gye ho no sen sɛnea anka ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Sɛ n’ani gye nhoma ho a, obetumi de bere pii ayɛ kokoam adesua sen sɛnea ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Sɛ ohu sɛ afie afie som adwuma no yɛ den a, ebia ɔde nguan no a ɔbɛsrasra wɔn no bɛyɛ anoyi de abu n’ani agu so.
19. Asɛyɛde bɛn na mpanyimfo wɔ a esi sɛnea ahosodi ho hia no so dua?
19 Asɛyɛde a ɔpanyin wɔ sɛ ɔbɛkora kokoam nsɛm so nso hwehwɛ sɛ ɔma n’ani da hɔ sɛ ɔbɛda ahosodi adi. Afotu a ɛfata wɔ ha ni: “Nyi obi ahintasɛm adi.” (Mmebusɛm 25:9) Osuahu kyerɛ sɛ ebia eyi bɛyɛ ahwehwɛde a mpanyimfo bu so kɛse no mu biako. Sɛ ɔpanyin wɔ ɔyere nyansafo a ɔdɔ no a nkitahodi pa wɔ wɔn ntam a, ebia su a obenya ne sɛ ɔne no besusuw kokoam nsɛm ho anaasɛ ɔbɛka ho asɛm akyerɛ no. Nanso, eyi mfata na nyansa nnim koraa. Nea edi kan no, ɛsɛe ahotoso. Honhom fam anuanom ba mpanyimfo nkyɛn bɛka wɔn kokoam nsɛm kyerɛ wɔn, efisɛ wɔwɔ ahosoto sɛ wɔbɛkora so yiye. Kokoam nsɛm a obi ka kyerɛ ne yere no nye, nyansa nnim, ɛnkyerɛ ɔdɔ nso, efisɛ eyi de adesoa a ɛho nhia to ne yere no so.—Mmebusɛm 10:19; 11:13.
20. Dɛn nti na ɛho hia kɛse sɛ mpanyimfo da ahosodi adi?
20 Akyinnye biara nni ho sɛ yehia ahosodi kɛse, ne titiriw no mpanyimfo no! Esiane sɛ wɔde hokwan a ɛne Yehowa nkurɔfo a wobedi wɔn anim kan ahyɛ wɔn nsa nti, wobebu akontaa kɛse. Esiane sɛ wɔama wɔn pii nti, wɔbɛhwehwɛ pii afi wɔn hɔ. (Luka 12:48; 16:10; fa toto Yakobo 3:1 ho.) Ɛyɛ mpanyimfo asɛyɛde ne adwuma sɛ wɔbɛyɛ nhwɛso pa ama afoforo. Nea ɛsen saa no, mpanyimfo a wɔapaw wɔn no betumi ayɛ nneɛma pa anaasɛ wɔapira afoforo pii asen afoforo, na ɛtaa fi ahosodi a ebia wɔda no adi anaa wɔnna no adi no. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Paulo kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo nya . . . ahosodi.”
So Wokae?
◻ Mpanyimfo ho ahwehwɛde bɛn na ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔda ahosodi adi?
◻ Dɛn nti na mpanyimfo hia ahosodi bere a wɔne wɔn mfɛfo gyidifo di no?
◻ Ɛsɛ sɛ wɔda ahosodi adi dɛn wɔ mpanyimfo nhyiam ase?
◻ Ade a ne yɛ yɛ den bɛn na sɛnea ehia sɛ mpanyimfo kora kokoam nsɛm so de ba?
[Mfonini wɔ kratafa 20]
Ahosodi a wɔbɛda no adi ho hia wɔ mpanyimfo nhyiam ase
[Mfonini wɔ kratafa 23]
Ɛsɛ sɛ Kristofo mpanyimfo da ahosodi adi na wɔkora kokoam nsɛm so