Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 1/15 kr. 15-20
  • Nguanhwɛfo ne Nguan a Wɔwɔ Teokrase Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nguanhwɛfo ne Nguan a Wɔwɔ Teokrase Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akwan Bɛn so Na Yɛyɛ Teokrasefo Nnɛ?
  • Ɛnnɛyi Teokrase
  • Teokrase mu Mpanyimfo
  • Kristofo Honhom a Yɛde Bɛsom
  • Teokrase mu Nguan
  • Nguanhwɛfo ne Nguan Bom Yɛ Adwuma
  • Gyidi ho Adanse
  • Bata Teokrase Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Yehowa Di Tumi—Denam Teokrase So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Sɛnea Wɔahyehyɛ Nneɛma Wɔ Kristofo Asafo No Mu
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • “Monyɛn Onyankopɔn Nguankuw A Wɔhyɛ Mo Nsa No”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 1/15 kr. 15-20

Nguanhwɛfo ne Nguan a Wɔwɔ Teokrase Mu

“[Yehowa] ne yɛn Temmufo, [Yehowa] ne yɛn Mmarahyɛfo, [Yehowa] ne yɛn Hene, ɔno na obegye yɛn nkwa.”—YESAIA 33:22.

1. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ afeha a edi kan no mu Kristofo ne nnɛyi Kristofo wɔ teokrase nniso?

TEOKRASE kyerɛ Onyankopɔn nniso. Ɛhwehwɛ sɛ yegye Yehowa tumidi tom na yedi n’akwankyerɛ ne n’afotu akyi wɔ yɛn asetra mu gyinaesi nketewa ne akɛse mu. Ná afeha a edi kan Kristofo asafo no yɛ nokware teokrase asafo. Ná Kristofo a wɔwɔ hɔ saa bere no betumi afi nokwaredi mu aka sɛ: “[Yehowa] ne yɛn Temmufo, [Yehowa] ne yɛn Mmarahyɛfo, [Yehowa] ne yɛn Hene.” (Yesaia 33:22) Saa ara na Yehowa Nyankopɔn nnɛyi ahyehyɛde a nkaefo a wɔasra wɔn no na wodi anim no yɛ teokrase ahyehyɛde ankasa.

Akwan Bɛn so Na Yɛyɛ Teokrasefo Nnɛ?

2. Dɛn ne ɔkwan biako a Yehowa Adansefo fa so brɛ wɔn ho ase hyɛ Yehowa nniso ase?

2 Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Yehowa asase so ahyehyɛde no yɛ teokrase ahyehyɛde? Efisɛ wɔn a wɔwom no brɛ wɔn ho ase hyɛ Yehowa nniso ase ankasa. Na wodi Yesu Kristo, nea Yehowa de no asi so sɛ Ɔhene no, akwankyerɛ akyi. Sɛ́ nhwɛso no, Teokrase Sodifo Kɛse no de ahyɛde tẽẽ yi ma Yesu wɔ awiei bere no mu: “Tow wo kantankrankyi twitwa, efisɛ twa bere adu, na asase so nneɛma ahoa.” (Adiyisɛm 14:15) Yesu tie na ofi asase so otwa adwuma no ase. Kristofo nam nsi a wɔde ka asɛmpa no ne asuafo a wɔyɛ no so boa wɔn Hene no wɔ saa adwuma kɛse yi mu. (Mateo 28:19; Marko 13:10; Asomafo no Nnwuma 1:8) Wɔ eyi yɛ mu no, wɔyɛ Yehowa, Teokrase Sodifo Kɛse no mfɛfo adwumayɛfo.—1 Korintofo 3:9.

3. Ɔkwan bɛn so na Kristofo brɛ wɔn ho ase hyɛ teokrase ase wɔ abrabɔ ho nsɛm mu?

3 Kristofo brɛ wɔn ho ase hyɛ Onyankopɔn nniso ase wɔ abrabɔ fam nso. Yesu kae sɛ: “Nea ɔyɛ nea ɛyɛ nokware no ba hann no ho sɛ ne nnwuma mmɛda adi, efisɛ ɔyɛɛ no Onyankopɔn mu.” (Yohane 3:21) Ɛnnɛ, nkurɔfo kɔ so nya adwene ahorow wɔ abrabɔ gyinapɛn ho, nanso saa adwene a ɛsonsonoe yi nni Kristofo mu. Nea Yehowa se ɛyɛ ɔbrasɛe na wobu no ɔbrasɛe, na wɔkwati te sɛ ɔyare a ɛyɛ hu a etumi san! Afei nso wɔhwɛ wɔn mmusua tie wɔn awofo asɛm, na wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ tumi a ɛkorɔn no ase. (Efesofo 5:3-5, 22-33; 6:1-4; 1 Timoteo 5:8; Tito 3:1) Enti, wɔyɛ ade teokrase kwan so ma ɛne Onyankopɔn apɛde hyia.

4. Su a ɛnteɛ bɛn na Adam ne Hawa ne Saul daa no adi, na ɔkwan bɛn so na Kristofo da su a ɛyɛ soronko adi?

4 Esiane sɛ Adam ne Hawa pɛe sɛ wɔn ankasa si nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ ho gyinae nti na wɔhweree Paradise. Ná Yesu hwehwɛ nea ɛne eyi bɔ abira koraa. Ɔkae sɛ: “Menhwehwɛ nea m’ankasa mepɛ, na mmom nea ɔsomaa me no apɛde.” Ɛno ara na Kristofo hwehwɛ. (Yohane 5:30; Luka 22:42; Romafo 12:2; Hebrifo 10:7) Israel hene a odi kan Saul yɛɛ osetie maa Yehowa—nanso anni mũ. Eyi nti ɔpow no. Samuel ka kyerɛɛ no sɛ: “Osetie ye sen afɔre, na asoyɛ kyɛn adwennini srade.” (1 Samuel 15:22) So ɛyɛ teokrase kwan sɛ yebedi Yehowa apɛde akyi akosi baabi, sɛ ebia yɛbɛyere yɛn ho wɔ asɛnka ne adesuakɔ mu na yɛayɛ nea yɛpɛ wɔ abrabɔ anaa biribi foforo mu? Dabida! Yɛbɔ mmɔden sɛ ‘yebefi yɛn kra nyinaa mu ayɛ Onyankopɔn apɛde.’ (Efesofo 6:6; 1 Petro 4:1, 2) Yɛnte sɛ Saul, enti yɛbrɛ yɛn ho ase hyɛ Onyankopɔn nniso ase koraa.

Ɛnnɛyi Teokrase

5, 6. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ne adesamma di nnɛ, na dɛn na saa nhyehyɛe yi a yebedi akyi no de bɛba?

5 Tete mmere mu no, Yehowa nam ankorankoro te sɛ adiyifo, ahemfo, ne asomafo so dii tumi, na ɔdaa nokware ahorow adi. Ɛnte saa bio nnɛ; adiyifo ne asomafo a honhom nam wɔn so kasa biara nni hɔ. Mmom no, Yesu kae sɛ bere a ɔbɛba n’ahenni mu no, ɔbɛda akyidifo anokwafo kuw bi adi, “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” bi, na wama wadi nea ɔwɔ nyinaa so. (Mateo 24:45-47; Yesaia 43:10) Wɔdaa saa akoa no adi wɔ 1919 mu sɛ ɔne Kristofo a wɔasra wɔn no nkaefo. Efi saa bere no, ɛnam n’ananmusifo a ɛne Yehowa Adansefo Sodikuw no so adi asase so teokrase anim. Baa Boayikuw ahorow, ahwɛfo akwantufo, ne asafo mu mpanyimfo yɛ Sodikuw no ananmusifo wɔ wiase nyinaa.

6 Biako a yɛne teokrase ahyehyɛde no bɛyɛ no hia kɛse wɔ brɛ a yɛbrɛ yɛn ho ase hyɛ teokrase nniso ase no mu. Biako a yɛne no bɛyɛ saa no ma koroyɛ ba wiase nyinaa ‘onuayɛ no’ mu, na biribiara kɔ so wɔanowɔano. (1 Petro 2:17) Afei nso eyi sɔ Yehowa, a ‘ɔnyɛ sakasakayɛ Nyankopɔn, na mmom asomdwoe Nyankopɔn’ no ani.—1 Korintofo 14:33.

Teokrase mu Mpanyimfo

7. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ wɔnam teokrase kwan so na ɛpaw Kristofo mpanyimfo?

7 Mpanyimfo a wɔapaw wɔn nyinaa, a wɔn dibea mfa ho, du hwɛfodwuma ho ahwehwɛde ahorow a ɛwɔ Bible mu no ho. (1 Timoteo 3:1-7; Tito 1:5-9) Afei nso, nsɛm a Paulo ka kyerɛɛ Efesofo mpanyimfo no fa mpanyimfo nyinaa ho: “Monhwɛ mo ho ne nguankuw nyinaa a honhom kronkron de mo asisi wɔn so ahwɛfo sɛ monyɛn Onyankopɔn asafo . . . no yiye.” (Asomafo no Nnwuma 20:28) Yiw, honhom kronkron a efi Yehowa Nyankopɔn hɔ na ɛpaw mpanyimfo no. (Yohane 14:26) Wɔpaw wɔn wɔ teokrase kwan so. Afei nso, wɔyɛn Onyankopɔn nguankuw no. Nguankuw no yɛ Yehowa de, ɛnyɛ mpanyimfo no de. Onyankopɔn ahyehyɛde no yɛ teokrase ahyehyɛde.

8. Dɛn ne mpanyimfo nyinaa asɛyɛde nnɛ?

8 Wɔ krataa a ɔsomafo Paulo de kɔmaa Efesofo no mu no, ɔbobɔɔ asɛyɛde a mpanyimfo no nyinaa wɔ din sɛ: “Wama ebinom ayɛ asomafo, ebinom adiyifo, ebinom asɛmpakafo, ebinom ahwɛfo ne akyerɛkyerɛfo, na wɔasesɛw ahotefo no yiye ama ɔsom adwuma no, na Kristo nipadua no si akɔ so.” (Efesofo 4:11, 12) Bere a “Kristo nipadua no” nyinii no, na asomafo ne adiyifo biara nni hɔ bio. (Fa toto 1 Korintofo 13:8 ho.) Nanso mpanyimfo da so ara yɛ asɛmpaka, ɔhwɛ, ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma denneennen.—2 Timoteo 4:2; Tito 1:9.

9. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ mpanyimfo siesie wɔn ho na wɔatumi ayɛ Onyankopɔn apɛde wɔ asafo no mu?

9 Esiane sɛ teokrase yɛ Onyankopɔn nniso nti, mpanyimfo a wodi wɔn asɛyɛde ho dwuma yiye nim Onyankopɔn apɛde yiye. Wɔhyɛɛ Yosua sɛ ɔnkenkan Mmara no da biara. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo nso sua na wosusuw Kyerɛwnsɛm no ho daa na wɔma wɔn ani kũ nhoma ahorow a wɔde sua Bible a akoa nokwafo ne ɔbadwemma no tintim no ho yiye. (2 Timoteo 3:14, 15) Nea ɛka eyi ho ne Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no ne nhoma afoforo a ɛkyerɛ sɛnea wɔde Bible nnyinasosɛm di dwuma wɔ tebea pɔtee bi mu no.a Nanso, akwankyerɛ ahorow a wotintim no Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma horow mu a ɛho hia sɛ ɔpanyin hu akyi no, ɛsɛ sɛ ohu Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm a wɔde gyina so no nso yiye. Ɛno bɛma watumi de ntease ne tema adi Kyerɛwnsɛm mu akwankyerɛ so.—Fa toto Mika 6:8 ho.

Kristofo Honhom a Yɛde Bɛsom

10. Su a enye bɛn na ɛsɛ sɛ mpanyimfo hwɛ yiye wɔ ho, na wɔbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?

10 Ɔsomafo Paulo kyerɛw ne krataa a edi kan kɔmaa Korinto asafo no bɛyɛ afe 55 Y.B. mu. Nsɛnnennen a odii ho dwuma no biako ne nea ɛfa mmarima bi a na wɔhwehwɛ anuonyam wɔ asafo no mu ho no. Paulo kyerɛwee sɛ: “Moawie mee dedaw, moawie mo ho nya, moakwati yɛn adi ahene. Sɛ mudii ahene ampa a, anka eye, na yɛn nso ne mo adi bi.” (1 Korintofo 4:8) Wɔ afeha a edi kan no mu no, na Kristofo nyinaa wɔ anidaso sɛ wɔne Yesu bedi ade sɛ ahene ne asɔfo. (Adiyisɛm 20:4, 6) Nanso, ɛda adi sɛ Korintofo no bi werɛ fii sɛ ahene biara nni Kristofo teokrase no mu wɔ asase so. Sɛ́ anka Kristofo nguanhwɛfo bɛyɛ wɔn ade sɛ wiase yi ahene no, wonya ahobrɛase mmom, esu a ɛsɔ Yehowa ani.—Dwom 138:6; Luka 22:25-27.

11. (a) Wɔn a wɔyɛ ahobrɛase ho nhwɛso a ɛda nsow no bi ne henanom? (b) Dɛn ne adwene a ɛsɛ sɛ mpanyimfo ne Kristofo afoforo nyinaa nya wɔ wɔn ho?

11 So ahobrɛase yɛ mmerɛwyɛ? Ɛnte saa koraa! Wɔka Yehowa mpo ho asɛm sɛ ɔbrɛ ne ho ase. (Dwom 18:35) Israel ahemfo dii asraafo dɔm anim kɔɔ ako, na wodii ɔman no so wɔ Yehowa akwankyerɛ ase. Nanso, na ɛsɛ sɛ wɔn mu biara hwɛ yiye na “ne koma amma ne ho so ansen ne nuanom.” (Deuteronomium 17:20) Yesu a wɔanyan no no yɛ ɔsoro Hene. Nanso, bere a ɔwɔ asase so no, ɔhohoroo n’asuafo no nan ho. Ahobrɛase bɛn ara ni! Na bere a ɔrekyerɛ sɛ ɔpɛ sɛ n’asomafo no nso brɛ wɔn ho ase no, ɔkae sɛ: “Sɛ me, Awurade ne Kyerɛkyerɛfo no, mahohoro mo nan ho a, na ɛsɛ mo nso sɛ mohohoro mo ho mo ho anan ho.” (Yohane 13:14; Filipifo 2:5-8) Yehowa na ɛsɛ sɛ wɔde anuonyam ne ayeyi nyinaa ma no, ɛnyɛ onipa biara. (Adiyisɛm 4:11) Sɛ́ wɔyɛ mpanyimfo anaasɛ ɛnte saa no, ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa susuw wɔn ho ma ɛne Yesu nsɛm yi hyia: “Yɛyɛ nkoa a mfaso nni yɛn ho; yɛayɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ.” (Luka 17:10) Adwene foforo biara nyɛ teokrase adwene.

12. Dɛn nti na ɛho hia sɛ Kristofo mpanyimfo nya ɔdɔ?

12 Kristofo mpanyimfo nya ɔdɔ ka ahobrɛase ho. Ɔsomafo Yohane kyerɛɛ hia a ɔdɔ ho hia bere a ɔkaa eyi no: “Nea ɔnnɔ no nhuu Nyankopɔn ɛ, na Onyankopɔn ne dɔ.” (1 Yohane 4:8) Nnipa a wonni dɔ no nyɛ teokrasefo. Wonnim Yehowa. Bible no ka Onyankopɔn Ba no ho asɛm sɛ: “[Yesu a] ɔdɔɔ n’ankasa ne de a wɔwɔ wiase no, ɔdɔɔ wɔn kosii ase.” (Yohane 13:1) Bere a Yesu rekasa akyerɛ mmarima 11 a na wɔbɛyɛ Kristofo asafo no mu sodikuw no mufo no, ɔkae sɛ: “Eyi ne m’ahyɛde, sɛ monnodɔ mo ho sɛnea medɔɔ mo no.” (Yohane 15:12) Ɔdɔ na ɛhyɛ nokware Kristosom agyirae. Ɛtwetwe wɔn a wɔn koma abubu, wɔn a wodi awerɛhow, ne wɔn a wɔayɛ nkoa wɔ honhom mu a wɔhwehwɛ ahotɔ no kɛse. (Yesaia 61:1, 2; Yohane 13:35) Ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo yɛ nhwɛso pa wɔ ɔdɔ a wɔda no adi mu.

13. Ɛwom sɛ ɔhaw mu betumi ayɛ den nnɛ de, nanso ɔkwan bɛn so na ɔpanyin betumi ayɛ nkuranhyɛ ama afoforo wɔ tebea biara mu?

13 Ɛnnɛ, nkurɔfo taa srɛ mpanyimfo sɛ wɔmmoa wɔn ma wonni ɔhaw akɛse ho dwuma. Aware mu nsɛnnennen betumi akɔ akyiri na atra hɔ akyɛ. Mmofra wɔ nsɛnnennen a ebetumi ayɛ den sɛ mpanyimfo bɛte ase. Nkate fam nyarewa asete taa yɛ den. Ebia ɔpanyin a wɔde nsɛm a ɛte saa kɔdan no no renhu nea ɔnyɛ. Nanso ofi mpaebɔ mu de ne ho to Yehowa nyansa so, yɛ nhwehwɛmu wɔ Bible ne nhoma a akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no tintim mu, na ɔne nguan no di wɔ odwo ne ɔdɔ mu a, obetumi anya ahotoso sɛ ɔbɛyɛ nkuranhyɛ ama afoforo wɔ tebea a emu yɛ den sen biara mpo mu.

14, 15. Nsɛm a nkurɔfo aka bɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa de mpanyimfo a wɔyɛ nhwɛso pa pii ahyira ne nkurɔfo?

14 Yehowa de ‘nnipa mu akyɛde’ ahyira n’ahyehyɛde no kɛse. (Efesofo 4:8) Wɔ bere ne bere mu no, Ɔwɛn Aban Asafo no nsa ka nkrataa a ɛde anigye ba a edi adanse sɛ mpanyimfo ahobrɛasefo a wofi mmɔborohunu mu yɛn Onyankopɔn nguan no da ɔdɔ adi. Sɛ́ nhwɛso no, asafo mu panyin bi kyerɛw sɛ: “Menkae ɔmansin sohwɛfo nsrahwɛ biara a ɛkaa me saa anaa wɔda so ara ka ho asɛm wɔ asafo no mu sɛ eyi. Ɔmansin sohwɛfo no boaa me ma mihuu mfaso a ɛwɔ so sɛ menya adwempa bere a me ne anuanom redi no, na osii kamfo a yɛbɛkamfo anuanom so dua.”

15 Onuawa bi a na ɛsɛ sɛ ɔkɔ ayaresabea bi a ɛwɔ akyirikyiri kɔsa ne ho yare kyerɛw sɛ: “Hwɛ awerɛkyekye a ɛyɛe sɛ mihyiaa ɔpanyin bi wɔ ayaresabea a ɛmmɛm me kurom koraa saa anadwo a edi kan a na mahaw no! Ɔne anuanom afoforo traa me nkyɛn kyɛe. Wiasefo binom a na wonim me tebea no yiye mpo tee nka sɛ, sɛ ɛnyɛ saa anuanom a wɔwɔ ɔdɔ ne ahofama no awerɛkyekye, wɔn hwɛ, ne wɔn mpaebɔ a, anka minnya nkwa.” Onuawa foforo kyerɛw sɛ: “Mpanyimfo kuw no boasetɔ a wɔde maa me akwankyerɛ wɔ adwenemhaw a emu yɛ den a mihyiae no ho na ama mete ase nnɛ. . . . Ná onua bi ne ne yere nhu nea wɔnka nkyerɛ me. . . . Nanso nea ɛkaa me kɛse ne sɛ, ɛwom sɛ na wɔnte me tebea no ase yiye de, nanso na wofi ɔdɔ mu dwen me ho.”

16. Afotu bɛn na Petro de ma mpanyimfo?

16 Yiw, mpanyimfo pii de ɔsomafo Petro afotu yi redi dwuma: “Monyɛn Onyankopɔn nguankuw a wɔwɔ mo mu no. Monhwɛ wɔn so, ɛnyɛ ɔhyɛ so, na mmom ɔdɔ so, sɛnea Onyankopɔn pɛ; ɛnyɛ adifudepɛ nti, na mmom koma a ɛpɛ nti; ɛnyɛ sɛ wɔn a wodi asafotow no so bakoma, na mmom monyɛ nhwɛso mma nguankuw no.” (1 Petro 5:1-3) Hwɛ nhyira ara a saa teokrase mpanyimfo yi yɛ!

Teokrase mu Nguan

17. Bobɔ su horow a ɛsɛ sɛ asafo no mufo nyinaa nya no bi din.

17 Nanso, ɛnyɛ mpanyimfo nkutoo na wɔyɛ teokrase mufo. Sɛ ɛsɛ sɛ nguanhwɛfo yɛ teokrasefo a, saa ara nso na ɛsɛ sɛ nguan no yɛ teokrasefo. Akwan bɛn so? Ɛne sɛ, ɛsɛ sɛ nnyinasosɛm a ɛkyerɛ nguanhwɛfo no kwan no ara kyerɛ nguan no kwan. Ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa brɛ wɔn ho ase—ɛnyɛ mpanyimfo nko—na wɔanya Yehowa nhyira. (Yakobo 4:6) Ɛsɛ sɛ obiara nya ɔdɔ efisɛ sɛ yenni dɔ a, afɔre a yɛbɔ ma Yehowa no rensɔ n’ani. (1 Korintofo 13:1-3) Na ɛsɛ sɛ ‘Yehowa apɛde ho nokware nimdeɛ yɛ’ yɛn nyinaa “ma,” ɛnyɛ mpanyimfo no nko.—Kolosefo 1:9.

18. (a) Dɛn nti na nokware no ho nimdeɛ a ɛnkɔ akyiri nnɔɔso? (b) Ɔkwan bɛn so na nokware nimdeɛ betumi ayɛ yɛn nyinaa ma?

18 Mmofra ne mpanyin nyinaa taa hyia gyinaesi a ɛyɛ den bere a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛkɔ so adi nokware, a Satan wiase mu a wɔte mfa ho. Wiase no ntadehyɛ, ne nnwom, ne sini, ne ne nhoma ahorow sɔ ebinom honhom fam yiyedi hwɛ. Nokware no ho nimdeɛ a ɛnkɔ akyiri nnɔɔso sɛ ɛbɛma yɛagyina pintinn. Nea ɛbɛma yɛakɔ so adi nokware ne sɛ yebenya nokware nimdeɛ. Yehia nhumu ne nyansa a Onyankopɔn Asɛm no nkutoo na ebetumi de ama yɛn. (Mmebusɛm 2:1-5) Eyi hwehwɛ sɛ yɛyɛ adesua ho nhyehyɛe pa, susuw nea yesua no ho, na yɛde di dwuma. (Dwom 1:1-3; Adiyisɛm 1:3) Ná Paulo rekyerɛw akɔma Kristofo nyinaa, ɛnyɛ mpanyimfo nko, bere a ɔkaa eyi no: “Aduan a ɛyɛ den no fata wɔn a wɔanyin [honhom fam] a anem nti wɔn nkatede akokwaw papa ne bɔne mu yiyi ho.”—Hebrifo 5:14.

Nguanhwɛfo ne Nguan Bom Yɛ Adwuma

19, 20. Kyerɛwnsɛm mu afotu bɛn na ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ obiara ne mpanyimfo no yɛ biako, na dɛn ntia?

19 Awiei koraa no, ɛsɛ sɛ wɔka sɛ wɔn a wɔne mpanyimfo no yɛ biako no na wɔwɔ teokrase honhom ankasa. Paulo kyerɛw kɔmaa Timoteo sɛ: “Mpanyimfo a wɔhwɛ asafo no so yiye no, wɔmfa nidi mmɔho nni wɔn, ne titiriw no wɔn a wɔyɛ asɛnka ne kyerɛkyerɛ ho adwuma.” (1 Timoteo 5:17; 1 Petro 5:5, 6) Mpanyimfo adwuma no yɛ hokwan kɛse, nanso mpanyimfo dodow no ara wɔ mmusua, wɔyɛ honam fam nnwuma na wɔwɔ yerenom ne mma a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ wɔn. Ɛwom sɛ wɔde anigye som de, nanso sɛ asafo no boa wɔn, na wɔanyɛ katee dodo anhwehwɛ pii amfi wɔn hɔ a, wɔn som no yɛ mmerɛw na mfaso ba so kɛse.—Hebrifo 13:17.

20 Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Monkae mo mpanyimfo a wɔaka Onyankopɔn asɛm akyerɛ mo; monhwɛ wɔn abrabɔ awiei nsua wɔn gyidi.” (Hebrifo 13:7) Dabi, Paulo anhyɛ anuanom no nkuran sɛ wonni mpanyimfo no akyi. (1 Korintofo 1:12) Onipa akyidi nyɛ teokrase kwan. Nanso ɛda adi sɛ nyansa wom sɛ yebesuasua ɔpanyin a ɔyɛ n’ade teokrase kwan so a onya asɛmpaka adwuma no mu kyɛfa kɛse, kɔ adesua daa, na ɔne asafo no di wɔ ahobrɛase ne ɔdɔ mu no gyidi a emu yɛ den no.

Gyidi ho Adanse

21. Ɔkwan bɛn so na Kristofo da gyidi a emu yɛ den te sɛ Mose de no adi?

21 Nokwarem no, teokrase ahyehyɛde a ɛwɔ hɔ wɔ adesamma abakɔsɛm mu bere bɔne yi mu no di adanse sɛ Teokrase Sodifo Kɛse no wɔ tumi. (Yesaia 2:2-5) Edi adanse nso sɛ Kristofo mmarima, mmea, ne mmofra a wohyia da biara da asetra mu nsɛnnennen nanso wɔmma wɔn werɛ mfi da sɛ Yehowa ne wɔn Sodifo no wɔ gyidi. Sɛnea ɔnokwafo Mose ‘kɔɔ so gyinaa pintinn sɛnea ohu nea wonhu no no,’ saa ara na Kristofo wɔ gyidi a emu yɛ den a ɛte saa. (Hebrifo 11:27) Wɔanya hokwan sɛ wɔwɔ teokrase mu, na wɔda Yehowa ase da biara. (Dwom 100:4, 5) Bere a wohu ogye tumi a Yehowa wɔ no, wɔde anigye ka sɛ: “[Yehowa] ne yɛn Temmufo, [Yehowa] ne yɛn Mmarahyɛfo, [Yehowa] ne yɛn Hene, ɔno na obegye yɛn nkwa.”—Yesaia 33:22.

[Ase hɔ asɛm]

a Nhoma a ɛtete saa no bi ne “Pay Attention to Yourselves and to All the Flock,” a ekura Kyerɛwnsɛm mu akwankyerɛ a wɔde ma asafo mu ahwɛfo anaa mpanyimfo a wɔapaw wɔn no.

Dɛn na Bible no Kyerɛ?

◻ Ɔkwan bɛn so na Kristofo brɛ wɔn ho ase hyɛ teokrase ase?

◻ Ɔkwan bɛn so na wɔahyehyɛ teokrase nnɛ?

◻ Akwan bɛn so na ɛsɛ sɛ mpanyimfo siesie wɔn ho na ama wɔadi wɔn asɛyɛde ho dwuma?

◻ Kristofo su horow bɛn na ehia sɛ mpanyimfo nya na wɔda no adi?

◻ Wɔ teokrase mu no, abusuabɔ bɛn na ɛsɛ sɛ ɛda nguan no ne nguanhwɛfo no ntam?

[Kratafa 16 mfonini]

Esiane sɛ Adam ne Hawa pɛe sɛ wɔn ankasa si nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ ho gyinae nti na wɔhweree Paradise

[Kratafa 18 mfonini]

Sɛ ɔpanyin ne nguan no di wɔ ahobrɛase ne ɔdɔ mu a, ɔbɛyɛ nkuranhyɛ ama afoforo daa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena