Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 9/1 kr. 30-31
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Deɛ Ɛsɛ sɛ Wuhunu Fa Adwenemyareɛ Ho
    Nyan!—2014
  • Bere a Obi a Wodɔ No Anya Adwenemyare
    Nyan!—2004
  • “Honhom Mu Nsɛm” Ma Wɔn A Wɔwɔ Adwenemhaw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Adwene Mu Yare Atu Atese Wɔ Wiase Baabiara
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2023
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 9/1 kr. 30-31

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ Kristoni bɛkɔ akohu adwenem ɔyaresafo bi?

Amanneɛbɔ ahorow a efi nsase bi so kyerɛ sɛ nkate fam ne adwenem nyarewa anya nkɔanim wɔ “nna a edi akyiri” yi mu. (2 Timoteo 3:1) Kristofo yam hyehye wɔn kɛse bere a ɛka wɔn mfɛfo gyidifo no, nanso wogye tom sɛ ɛsɛ sɛ obiara si ho gyinae ma ne ho sɛ ebia ɔbɛhwehwɛ ne yare no ho ayaresa, na sɛ ɛte saa a, ɛsɛ sɛ ohu ayaresa ko.a “Obiara bɛsoa n’ankasa n’adesoa.” (Galatifo 6:5) Nnipa binom a na wɔnkyerɛ asetra mu nneɛma ho anigye koraa, wɔn a na wɔn adwene ho akã, wɔn a wɔanya adwenemhaw a emu yɛ den, wɔn a wɔwɔ adwene ne nneyɛe ho haw, wɔn a wodi wɔn ho dɛm, ne wɔn a wɔwɔ nneyɛe ho haw foforo a ɛhaw adwene atumi atra ase sɛnea ɛsɛ, bere a wonyaa ayaresafo mmoa a ɛfata no.

Wɔ mmeae bi no abɛyɛ ade a nkurɔfo taa yɛ sɛ wɔbɛkɔ akɔhwehwɛ ayaresa. Mpɛn pii no ɛyɛ a na ɔyarefo no nnyaa adwenemhaw a emu yɛ den, na mmom, ɛyɛ a na ɛyɛ den ma no sɛ obetumi agyina asetram tebea bi ano. Nanso, ɛyɛ Bible no na ɛde mmoa a etu mpɔn sen biara wɔ sɛnea wodi asetram haw ahorow a emu yɛ den ho dwuma ma. (Dwom 119:28, 143) Yehowa nam Bible so ma yɛn nyansa, ntease, ne nokware nimdeɛ—nneɛma a ɛhyɛ yɛn den wɔ adwene ne nkate fam. (Mmebusɛm 2:1-11; Hebrifo 13:6) Ɛtɔ mmere bi a esiane nipadua mu haw bi a emu yɛ den nti Onyankopɔn nokware asomfo tumi yɛ nneɛma bi a ntease nni mu. (Hiob 6:2, 3) Yakobo 5:13-16 hyɛ saafo no nkuran sɛ wonkohu mpanyimfo no nkogye mmoa ne afotu. Ebia na Kristoni bi yare wɔ honhom fam, anaa ebia tebea bi a entumi nsakra anaa adwennwen a emu yɛ den, anaa ebia te a ɔte nka sɛ wɔasisi no na ama wahaw. (Ɔsɛnkafo 7:7; Yesaia 32:2; 2 Korintofo 12:7-10) Onipa a ɔte saa betumi ahwehwɛ mmoa afi mpanyimfo hɔ, na ‘wɔasra no ngo’—kyerɛ sɛ, wofi ahokokwaw mu de Bible mu afotu a awerɛkyekye wom bɛma no—na ‘wɔabɔ no so mpae’ nso. Dɛn na ebefi mu aba? “Gyidi mpaebɔ begye ɔyarefo no nkwa na Awurade [Yehowa, NW] bɛma no so [obefi n’abasamtu anaa te a ɔte nka sɛ Onyankopɔn apow no no mu.]”

Nanso, sɛ ɛba sɛ onipa no adwenemhaw ne n’ani a atan no kɔ so ɛmfa ho mmoa a honhom fam nguanhwɛfo no fi ahokokwaw mu de ma no nyinaa akyi nso ɛ? Ebinom a wɔwɔ saa tebea yi mu apaw sɛ wɔbɛma wɔayɛ wɔn nipadua mu nhwehwɛmu yiye. (Fa toto Mmebusɛm 14:30; 16:24; 1 Korintofo 12:26 ho.) Ebia na nipadua mu haw bi na ɛde nkate mu anaa adwenemhaw no ba. Ɔhaw a ɛtete saa a wɔsa no ama nipa bi a na wɔyare wɔ nkate fam anya ahotɔ.b Sɛ wɔanhu nipadua mu haw biara a, ebia oduruyɛfo no bebisa hokwan de akamfo adwenem ɔyaresafo bi akyerɛ. Dɛn bio na ɛsɛ sɛ woyɛ? Sɛnea yɛaka no, eyi yɛ gyinae a ɛsɛ sɛ ankorankoro biara si ma ne ho. Ɛnsɛ sɛ afoforo kasa tia no anaa wobu no atɛn wɔ ho.—Romafo 14:4.

Nanso, ɛsɛ sɛ wɔda nyansa adi, na wɔhwɛ yiye sɛ wɔn werɛ remfi Bible nnyinasosɛm ahorow. (Mmebusɛm 3:21; Ɔsɛnkafo 12:13) Ɛdefa honam fam yare ho no, ayarefo hyia ayaresa ahorow a ɛsɛ sɛ wɔpaw mu bi, efi aborɔfo nnuru so kosi ayaresa ahorow te sɛ nea wɔmfa nnuru nni dwuma, nea wɔde mpaane wowɔ ɔyarefo, ne nea wɔma ɔyarefo no nnuru kakra bi de kanyan yare no so. Adwenem ayaresafo ahorow nso wɔ hɔ. Wɔn mu bi ne adwenemyare ho nhwehwɛmufo ne afoforo a ebia wɔhwehwɛ ɔyarefo ho nsɛm mu de bɔ mmɔden sɛ wobehu nea nti a ne nneyɛe taa sakra anaa odi yaw wɔ nkate mu no. Ebia nneyɛe mu ayaresafo bɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa ɔyarefo no ma wanya su foforo. Adwenem ayaresafo bi gye di sɛ ɛsɛ sɛ wɔde nnuru sa adwenem nyarewa mu dodow no ara.c Wɔbɔ amanneɛ sɛ, afoforo hyɛ aduan ne aduannuru ho nyansa.

Sɛ ayarefo ne wɔn mmusua resusuw saa nneɛma yi ho a, ɛsɛ sɛ wɔyɛ ahwɛyiye. (Mmebusɛm 14:15) Nea ehia titiriw no, Ɔbenfo Paul McHugh a ɔyɛ Adwenemyare ne Nneyɛe Ho Nyansahu Adwumayɛbea a ɛwɔ Johns Hopkins Aduruyɛ Ho Sukuupɔn mu kwankyerɛfo no kae sɛ, adwenem ayaresa “yɛ ayaresa a ɛho nimdeɛ kakraa bi pɛ na wɔanya. Ɛnna fam sɛ wubenya adanse bi de agyina ɛho nyansahyɛ ahorow akyi, titiriw bere a ɛfa nnipa asetra mu nneɛma a ɛnkɔ yiye a ɛkyere adwene sen biara—adwene ne nneyɛe—ho no.” Saa tebea yi ma nkurɔfo nya hokwan fa akwan horow so sisi afoforo, na ayaresa a wofi adwempa mu de ma mpo betumi apira asen sɛ ɛbɛsa yare no.

Ɛsɛ sɛ yɛka nso sɛ, bere a adwenem ayaresafo ne adwene ne nneyɛe ho animdefo wɔ adwuma no ho abodin nkrataa no, afoforo pii wɔ hɔ a wonni abodin krataa biara a wɔayɛ wɔn ho sɛ afotufo anaa ayaresafo a wɔnka wɔn hwee. Nnipa binom asɛe sika pii akohu nnipa a wɔmfata saa no.

Na wɔ adwenem ɔyaresafo a wɔatete no a ɔfata ho mpo no, nneɛma bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yesusuw ho. Sɛ yɛrepaw oduruyɛfo bi a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ hu sɛ ɔbɛkyerɛ obu ama yɛn adwene a egyina Bible so no anaa. Saa ara na ɛbɛyɛ nea asiane wom sɛ yɛbɛkɔ akohu adwenem ɔyaresafo bi a ommu yɛn som ne yɛn abrabɔ fam adwene a yekura no. Ɛmfa ho sɛ adwene ne nkate fam haw ahorow wɔ hɔ no, Kristofo pii rebɔ mmɔden denneennen sɛ wobenya “adwene a na Kristo Yesu wɔ no bi.” (Romafo 15:5, NW) Ɛfata sɛ saafo no ma obiara a obetumi anya wɔn nsusuwii anaa wɔn nneyɛe so tumi no suban ho asɛm hia wɔn. Ayaresafo binom bu anohyeto ahorow biara a Kyerɛwnsɛm mu gyidi ahorow de ba no sɛ ade a ɛho nhia ne ade a etumi sɛe adwene. Ebia na wɔpene nneyɛe bi a Bible kasa tia te sɛ wɔn a wokura bɔbeasu koro ntam nna so, anaasɛ wɔhyɛ awaresɛe mpo ho nkuran.

Saa adwenhorow yi ka nea ɔsomafo Paulo frɛɛ no “nimdeɛ a wɔboa frɛ no sa no akyinnyesɛm” no ho. (1 Timoteo 6:20) Wogye Kristo ho nokware no ho kyim, na wɔyɛ wiase yi “nyansapɛ ne nnaadaa hunu” no fã. (Kolosefo 2:8) Bible mu nokwasɛm yi da adi pefee sɛ: “Nyansa ne nhumu ne afotu bi nni hɔ a ɛne Awurade bedi asi.” (Mmebusɛm 21:30) Adwenem ayaresafo a wɔka sɛ ‘papa yɛ bɔne na bɔne yɛ papa’ no yɛ ‘fekubɔne.’ Sɛ́ anka wɔbɛboa asa wɔn a wɔahaw wɔ adwenem yare no, wɔbɛsɛe wɔn “bra pa.”—Yesaia 5:20; 1 Korintofo 15:33.

Enti ɛsɛ sɛ Kristoni bi a ɔte nka sɛ ɛho hia sɛ okohu adwenem ɔyaresafo bi no hwehwɛ abodin a ɔyaresafo no kura, ne suban, ne din a ɔwɔ, ne nea ebetumi afi ayaresa a ɔkamfo kyerɛ no mu aba no mu yiye. Sɛ Kristoni a wahaw no ankasa ntumi nyɛ eyi a, ebia adamfo bi a ɔbɛn no a ne ho akokwaw anaa obusuani bi betumi aboa no. Ebia Kristoni bi a n’adwene nsi no pi wɔ nyansa a ɛwɔ ayaresa bi mu ho no behu sɛ mfaso wɔ so sɛ ɔne asafo mu mpanyimfo no bɛkasa—ɛwom sɛ gyinaesi a etwa to no yɛ ɔno ankasa (anaa n’awofo asɛm, anaa ɛyɛ gyinae a okunu ne ɔyere bom si) de.d

Nyansahu betumi ayɛ pii nnɛ asen bere a atwam de atew amanehunu so. Nanso, nyarewa pii wɔ hɔ—nipaduam ne adwenem—a mprempren enni sabea, na ɛsɛ sɛ wogyina ano wɔ nneɛma nhyehyɛe yi mu. (Yakobo 5:11) Ansa na saa bere no bɛba no, “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no, mpanyimfo no, ne afoforo a wɔwɔ asafo no mu nyinaa da mmɔborohunu adi kyerɛ wɔn a wɔyare no, na wɔboa wɔn. Na Yehowa ankasa hyɛ wɔn den ma wogyina ano kosi sɛ anigye bere a yare nni hɔ bio no bɛba.—Mateo 24:45; Dwom 41:1-3; Yesaia 33:24.

[Ase hɔ nsɛm]

a Ɛtɔ mmere bi a wobetumi aka akyerɛ obi sɛ ɔmma wɔnyɛ n’adwenem nhwehwɛmu, bere a ebia wɔpɛ sɛ wɔfa no ma ɔyɛ adwumam panyin bi no. Sɛ́ obi bɛpene so ma wɔayɛ ne mu nhwehwɛ saa anaasɛ ɔnyɛ no yɛ ankorankoro gyinaesi, nanso ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ adwenem nhwehwɛmu nyɛ adwenem ayaresa.

b Hwɛ “Nkonim a Wodi wɔ Adwenemhaw Ho Akodi Mu,” a ɛwɔ March 1, 1990 Engiresi Ɔwɛn-Aban mu no.

c Ɛte sɛ nea nnuru a ɛfata tumi sa adwenem nyarewa bi. Nanso ɛsɛ sɛ wɔde ahwɛyiye de nnuru yi di dwuma wɔ nnuruyɛfo a wɔn ho akokwaw na wɔwɔ osuahu akwankyerɛ ase, esiane sɛ sɛ wɔannom nnuru no wɔ ɔkwampa so a, ɛde ɔhaw a emu yɛ den betumi aba akyiri yi.

d Hwɛ asɛm “Adwenemhaw—Bere a Ɛka Kristoni Bi” a ɛwɔ October 15, 1988, Engiresi Ɔwɛn-Aban mu no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena