Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 2/1 kr. 8-13
  • Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ di Nkonim

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ di Nkonim
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nyansa a Wɔhwehwɛ
  • Yehowa Ɔkyerɛkyerɛ Nhoma Kɛse No
  • Ntease a Ɛba Nkakrankakra
  • Wɔba Onyankopɔn Hann a Ɛyɛ Nwonwa no Mu
  • Som Honhom ne Nokware Mu
  • Edi Sɔhwɛ ne Wiase So Nkonim
  • Nya Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ mu Mfaso
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ Nya Nnipa so Tumi Kɛse
    Yɛn Ahenni Som—1994
  • Nhyiam Horow a Ɛyɛ Anigye Kanyan Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ” Ɔmantam Nhyiam Horow
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 2/1 kr. 8-13

Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ di Nkonim

“W’aniwa behu wo Kyerɛkyerɛfo Kunini no. Na w’aso nso bɛte w’akyi asɛm bi sɛ: ‘Eyi ne kwan no. Monnantew so.’”—YESAIA 30:20, 21, New World Translation.

1. Dɛn nti na frɛ a yɛbɛfrɛ Yehowa afotu ɔsoro nkyerɛkyerɛ no fata?

YEHOWA NYANKOPƆN ne nkyerɛkyerɛ a eye sen biara a obiara betumi anya Fibea. Sɛ ɔnam n’Asɛm Kronkron no so titiriw kasa na yetie a, ɔbɛyɛ yɛn Kyerɛkyerɛfo Kunini. (Yesaia 30:20) Hebri Bible kyerɛwsɛm no frɛ no “Ɔsorosoroni no” nso. (Dwom 50:1, NW) Enti, Yehowa afotu yɛ ɔsoro nkyerɛkyerɛ.

2. Ɔkwan bɛn so na ɛyɛ nokware sɛ Onyankopɔn nkutoo na ɔyɛ onyansafo?

2 Wiase no de ne nhomasuabea ahorow pii no hoahoa ne ho, nanso emu biako mpo nni hɔ a ɛde ɔsoro nkyerɛkyerɛ ma. Sɛ wode nyansa a wiase no aboaboa ano wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no toto ɔsoro nkyerɛkyerɛ a egyina Yehowa nyansa a enni ano no ho a, ɛyɛ ketewaa bi. Romafo 16:27 se Onyankopɔn nkutoo na ɔyɛ onyansafo, na eyi yɛ nokware, kyerɛ sɛ Yehowa nkutoo na ne nyansa nni ano.

3. Dɛn nti na Yesu Kristo yɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ɔsen biara a watra asase so pɛn?

3 Onyankopɔn Ba, Yesu Kristo, yɛ nyansa ho nhwɛso, na ɔno ne ɔkyerɛkyerɛfo a ɔsen biara a watra asase so pɛn. Eyi nyɛ nwonwa! Ná Yehowa de mfe mpempem pii ayɛ ne Kyerɛkyerɛfo wɔ ɔsoro. Nokwarem no, ɔsoro nkyerɛkyerɛ fii ase bere a Onyankopɔn fii ase kyerɛkyerɛɛ n’abɔde a odi kan, ne Ba a ɔwoo no koro no. Ɛno nti na Yesu tumi kae sɛ: “Sɛnea agya no kyerɛkyerɛ me no, ɛno ara na meka.” (Yohane 8:28; Mmebusɛm 8:22, 30) Kristo ankasa nsɛm a wɔakyerɛw no Bible mu no ma yenya ɔsoro nkyerɛkyerɛ ho nimdeɛ pii. Bere a Kristofo a wɔasra wɔn no kyerɛkyerɛ nea Yesu akyerɛ no, na wɔreyɛ osetie ama wɔn Kyerɛkyerɛfo Kunini a ne pɛ ne sɛ wɔbɛfa asafo no so ada “Onyankopɔn nyansa ahorow bebree” adi no.—Efesofo 3:10, 11; 5:1; Luka 6:40.

Nyansa a Wɔhwehwɛ

4. Dɛn na wɔaka wɔ nea amemene no tumi yɛ ho?

4 Nyansa a efi ɔsoro nkyerɛkyerɛ mu a yebenya no hwehwɛ sɛ yɛde adwene a Onyankopɔn de ama yɛn no bedi dwuma kɛse. Eyi betumi ayɛ yiye efisɛ onipa adwene no betumi ayɛ nneɛma pii. Nhoma a wɔato din The Incredible Machine no se: “Sɛ wɔde kɔmputa ahorow a ɛyɛ nwonwa sen biara a yebetumi asusuw ho toto onipa amemene a ɛkame ayɛ sɛ wontumi nte ase nwie na etumi di dwuma wɔ tebea biara mu no ho a, ɛnsɛ hwee koraa—eyi nyinaa te saa esiane tumi nwonwaso a adwene no wɔ a ɛde pɛɛpɛɛ nneɛma nketenkete mu no nti. . . . Nsɛnkyerɛnnede ɔpepem pii a etwam wɔ amemene no mu bere biara no kura nsɛm huhaa. Ɛde nea ɛkɔ so wɔ wo nipadua no mu ne akyi ho nsɛm ma: nea ɛfa wo nansoa a ɛyɛ wo yaw, anaa aduan bi hua, anaa adamfo bi asɛm a ɛyɛ serew ho. Bere a nsɛnkyerɛnnede afoforo di nsɛm ho dwuma no, ɛde nkate, nneɛma a wokae, nsusuwii, ne nhyehyɛe ahorow bi a ɛma wusi gyinae ba. Ntɛm ara, sɛnkyerɛnnede a efi amemene no mu ka nea ɛsɛ sɛ wo nipadua no afã horow no yɛ kyerɛ: wosow wo nansoa, di aduan no, serew, anaa ebia ma mmuae a ɛyɛ serew bi. Bere koro no ara na w’amemene no rehwɛ sɛnea wo home, wo mogya, ɔhyew a ɛwɔ wo mu ne sɛnea nneɛma afoforo a ɛho hia reyɛ adwuma bere a wunnim. Ɛde ahyɛde ahorow a ɛma wo nipadua no yɛ adwuma pɛpɛɛpɛ a nneɛma a atwa wo ho ahyia a ɛkɔ so sakra no mfa ho ma. Esiesie ne ho nso ma daakye ahiade.”—Kratafa 326.

5. Sɛnea Kyerɛwnsɛm no kyerɛ no, dɛn ne nyansa?

5 Ɛwom sɛ onipa amemene no tumi yɛ nneɛma a ɛyɛ nwonwa de, nanso ɔkwan bɛn so na yebetumi afa de adwene no adi dwuma ɔkwan a eye sen biara so? Ɛnyɛ yɛn ho a yɛde bɛhyɛ kasa, abakɔsɛm, nyansahu, anaa ɔsom ahorow ho adesua a ɛyɛ den mu nkutoo so na yɛnam bɛyɛ saa. Dwuma titiriw a ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene di ne sɛ yɛde benya ɔsoro nkyerɛkyerɛ. Ɛno nkuto na ɛma yenya nokware nyansa. Nanso dɛn ne nokware nyansa? Wɔ Kyerɛwnsɛm no mu no, nyansa twe adwene si atɛmpa a egyina nokware nimdeɛ ne ntease ankasa so. Nyansa ma yetumi de nimdeɛ ne ntease di ɔhaw ahorow ho dwuma yiye, yɛkwati asiane ahorow, tu afoforo fo, na yedu botae horow ho. Nea ɛyɛ anigye no, Bible no kyerɛ nea ɛbɔ nyansa abira a ɛne agyimisɛm, nkwaseasɛm, ne adammɔ—su horow a yɛbɛpɛ sɛ yɛkwati ɔkwan biara so.—Deuteronomium 32:6; Mmebusɛm 11:29; Ɔsɛnkafo 6:8.

Yehowa Ɔkyerɛkyerɛ Nhoma Kɛse No

6. Sɛ yebetumi ada nokware nyansa adi a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde di dwuma?

6 Wiase nyansa pii atwa yɛn ho ahyia. (1 Korintofo 3:18, 19) Yiw, sukuu ne nhomakorabea ahorow a ɛwɔ nhoma ɔpepem pii ayɛ wiase yi mu ma! Emu pii yɛ nhoma a ɛde kasa, akontaabu, nyansahu, ne nneɛma afoforo ho nkyerɛkyerɛ ma. Nanso Ɔkyerɛkyerɛfo Kunini no de nhoma a ɛsen nhoma afoforo nyinaa ama—n’Asɛm a efi honhom mu a ɛne Bible no. (2 Timoteo 3:16, 17) Ɛnyɛ bere a ɛka nsɛm a ɛfa abakɔsɛm, asase, ne afifide ho nko na ɛyɛ nokware, na mmom bere a ɛka daakye ho asɛm nso. Bio nso, ɛboa yɛn ma yenya asetra a anigye ne mfaso kɛse wom mprempren. Nokwarem no, sɛnea ɛho hia sɛ adesuafo a wɔwɔ wiase sukuu mu de wɔn nhoma horow di dwuma no, saa ara na ɛsɛ sɛ yehu Onyankopɔn Nhoma kɛse no mu nsɛm yiye na ama yɛada nokware nyansa adi sɛ wɔn a “[Yehowa] akyerɛkyerɛ wɔn.”—Yohane 6:45.

7. Dɛn nti na wobɛka sɛ Bible mu nsɛm a obi nim kɛkɛ no ara nnɔɔso?

7 Nanso, nsonsonoe da Bible mu nsɛm a obi nim kɛkɛ ne nokware nyansa ne ɔsoro nkyerɛkyerɛ a wɔde di dwuma no ntam. Nhwɛso bi ni: Afeha a ɛto so 17 Y.B. mu no, Katolekni bi a wɔfrɛ no Cornelius van der Steen pɛe sɛ ɔbɛyɛ Jesuitni nanso esiane sɛ na ɔyɛ tiaa dodo nti, wɔannye no. Manfred Barthel ka wɔ ne nhoma The Jesuits—History & Legend of the Society of Jesus mu sɛ: “Bagua no ka kyerɛɛ van der Steen sɛ wɔasiesie wɔn ho sɛ wobeyi tiaa a ɔyɛ ho asɛm no afi mu sɛ wasiesie ne ho sɛ ɔbɛkyere Bible mũ no mu nsɛm nyinaa agu ne tirim a. Sɛ van der Steen anni abisade a ɛtra so sɛɛ yi so a, anka ɛho renhia sɛ wɔka asɛm yi.” Hwɛ mmɔdenbɔ ara a egyee no ma ɔde kyeree Bible mũ no nyinaa guu ne tirim! Nanso, akyinnye biara nni ho sɛ, mfaso kɛse wɔ so sɛ obi bɛte Onyankopɔn asɛm ase sen sɛ ɔbɛkyere agu ne tirim kɛkɛ.

8. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛanya ɔsoro nkyerɛkyerɛ mu mfaso na yɛada nokware nyansa adi?

8 Sɛ yebenya ɔsoro nkyerɛkyerɛ mu mfaso kɛse na yɛada nokware nyansa adi a, ɛsɛ sɛ yenya Kyerɛwnsɛm no mu nokware nimdeɛ. Bio nso, ɛsɛ sɛ yɛma Yehowa honhom kronkron anaa n’adeyɛ tumi no kyerɛ yɛn kwan. Eyi bɛma yɛasua nokware ahorow a ɛyɛ “Onyankopɔn ade a emu dɔ no.” (1 Korintofo 2:10) Enti, momma yɛmmɔ mmɔden nsua Nhoma kɛse a Yehowa nam so kyerɛkyerɛ yɛn no na yɛmmɔ mpae nsrɛ n’akwankyerɛ a honhom kronkron de ma no. Nea ɛne Mmebusɛm 2:1-6 hyia no, momma yɛnyɛ aso mma nyansa, na yɛnkom yɛn koma mma nhumu, na yensu mfrɛ ntease. Ɛho hia sɛ yɛyɛ eyi te sɛ nea yɛrebɔre ahwehwɛ akorade a ahintaw, efisɛ saayɛ so nkutoo na ‘yebehu Yehowa suro, na yɛahu Onyankopɔn nimdeɛ.’ Ɔsoro nkyerɛkyerɛ nkonimdi ne emu mfaso horow bi a yebesusuw ho no bɛma nyansa a Onyankopɔn de ma no ho anisɔ a yɛwɔ no ayɛ kɛse.

Ntease a Ɛba Nkakrankakra

9, 10. Dɛn na Onyankopɔn kae sɛnea wɔakyerɛw wɔ Genesis 3:15 no, na dɛn ne saa nsɛm no mu ntease a ɛfata?

9 Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ di nkonim denam Kyerɛwnsɛm mu ntease a ɛde ma Yehowa nkurɔfo nkakrankakra no so. Sɛ́ nhwɛso no, yɛahu sɛ ɛyɛ Satan Ɔbonsam na ɔnam ɔwɔ so kasae wɔ Eden, na odii atoro kae sɛ Onyankopɔn asɛm a ese, sɛ wodi aduaba a wɔabara no a asotwe a ɛbɛba wɔn so ne owu no yɛ nnaadaa. Nanso, yehu sɛ Yehowa Nyankopɔn so asoɔden de owu aba adesamma abusua no so. (Genesis 3:1-6; Romafo 5:12) Nanso eyi mpo akyi no, Onyankopɔn maa adesamma nyaa anidaso bere a ɔkaa eyi kyerɛɛ ɔwɔ a ɔne Satan no: “Na mede ɔtan mɛto wo ne ɔbea no ntam, ɛne w’asefo ne n’asefo ntam. Ɔno na ɔbɛbɔ wo ti, na wo nso woaka ne nantin.”—Genesis 3:15.

10 Ná ahintasɛm bi wɔ asɛm no mu, na wɔnam ɔsoro nkyerɛkyerɛ so asan mu nkakrankakra. Yehowa akyerɛkyerɛ ne nkurɔfo sɛ Bible no asɛmti titiriw ne Yehowa tumidi a wobebu no bem denam Aseni no, Abraham ne Dawid aseni a ɔwɔ Ahenni nniso hokwan wɔ mmara kwan so no so. (Genesis 22:15-18; 2 Samuel 7:12, 13; Hesekiel 21:25-27) Yɛn Kyerɛkyerɛfo Kunini no akyerɛkyerɛ yɛn sɛ Yesu Kristo ne “ɔbea” a ɛne Onyankopɔn amansan ahyehyɛde no Aseni titiriw. (Galatifo 3:16) Ɛmfa ho sɔhwɛ biara a Satan de baa Yesu so no, okuraa ne mudi mu—de kosii owu mu mpo, a ɛno ne Aseni no nantin a wɔkae no. Yɛahu nso sɛ Ahenni mfɛfo adedifo 144,000 a wofi adesamma mu ne Kristo benya kyɛfa wɔ Satan, “ɔwɔ dedaw” no ti a wɔbɛbɔ mu. (Adiyisɛm 14:1-4; 20:2; Romafo 16:20; Galatifo 3:29; Efesofo 3:4-6) Hwɛ sɛnea yɛn ani sɔ Onyankopɔn Asɛm mu nimdeɛ a ɛte sɛɛ!

Wɔba Onyankopɔn Hann a Ɛyɛ Nwonwa no Mu

11. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ ɔsoro nkyerɛkyerɛ nam nkurɔfo a ɛde wɔn ba honhom fam hann mu no so di nkonim?

11 Ɔsoro nkyerɛkyerɛ di nkonim denam nkurɔfo a ɛde wɔn ba honhom mu hann mu no so. Kristofo a wɔasra wɔn no anya 1 Petro 2:9 mmamu mu kyɛfa: “Mo de, moyɛ abusua a wɔapaw wɔn, ahene asɔfokuw, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ne de, sɛ monka nea ɔfrɛɛ mo fii esum mu baa ne hann a ɛyɛ nwonwa mu no mmaninyɛ nkyerɛ.” Wɔn a wonya hann a Onyankopɔn de ma no mu anigye nnɛ nso ne “nnipakuw kɛse” a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ paradise asase so no. (Adiyisɛm 7:9; Luka 23:43) Bere a Onyankopɔn kyerɛkyerɛ ne nkurɔfo no, Mmebusɛm 4:18 bɛyɛ nokware sɛ: “Treneefo kwan te sɛ owia hann, ɛkɔ so hyerɛn kodu awia ketee.” Nneɛma a yɛkɔ so sua no nkakrankakra yi ma ɔsoro nkyerɛkyerɛ ho ntease a yɛwɔ no mu da hɔ te sɛ nea sukuufo nya nkɔso esiane mmoa a ɛfata a ɔkyerɛkyerɛfo de ma wɔn bere a wosua kasa mmara, abakɔsɛm, anaa biribi foforo ho ade no.

12, 13. Nkyerɛkyerɛ mu asiane ahorow bɛn na ɔsoro nkyerɛkyerɛ abɔ Yehowa nkurɔfo ho ban afi ho?

12 Nkonim foforo a ɔsoro nkyerɛkyerɛ di nso ne sɛ ɛbɔ ahobrɛasefo asoɔmmerɛwfo ho ban wɔ ‘ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ’ ho. (1 Timoteo 4:1) Nea ɛne eyi bɔ abira no, hwɛ Kristoman! Wɔ 1878 mu no, Roman Katolek sɔfo John Henry Newman kyerɛwee sɛ: “Bere a na wogye di saa bere no sɛ Kristoman wɔ tumi a ɛde bɛko atia bɔne nkekae na asakra adaemonesɛm mu nneɛma ne nneyɛe de adi dwuma wɔ asɛmpa no ka mu no, . . . na Asɔre no sodifo asiesie wɔn ho fi bere tenten sɛ, sɛ hokwan no ba a, wobegye, wobesusua, anaa wɔbɛpene ɔmanfo no nneyɛe ne amanne ahorow ne nhomasuafo kuw no nyansapɛ no nso so.” Newman de kaa ho sɛ nneɛma te sɛ nhyira nsu [holy water], asɔfo ntade akɛse, ne ahoni “nyinaa fi abosonsom mu, na wɔnam gye a wogye baa Asɔre no mu so tew ho.” Nokwarem no, Onyankopɔn nkurɔfo ani sɔ sɛ ɔsoro nkyerɛkyerɛ bɔ wɔn ho ban fi ɔwae a ɛte saa ho. Edi adaemonesɛm nyinaa so.—Asomafo no Nnwuma 19:20.

13 Ɔsoro nkyerɛkyerɛ di nyamesom mu atosɛm so nkonim wɔ ɔkwan biara so. Sɛ́ nhwɛso no, sɛ́ nnipa a Onyankopɔn akyerɛkyerɛ yɛn no, yennye Baasakoro nni na mmom yegye tom sɛ Yehowa ne Ɔsorosoroni no, Yesu yɛ ne Ba, na honhom kronkron no yɛ Onyankopɔn adeyɛ tumi. Yensuro hellgya, efisɛ yenim sɛ hell a Bible ka ho asɛm no ne adesamma adamoa. Na bere a atoro nyamesomfo ka sɛ onipa kra nwu da no, yɛn de yenim sɛ awufo nnim biribiara. Yebetumi aka nokware ahorow a yɛnam ɔsoro nkyerɛkyerɛ so anya no pii ho asɛm. Hwɛ nhyira ara a ɛyɛ sɛ yɛbɛde yɛn ho afi honhom mu nkoayɛ ma Babilon Kɛse, wiase atoro som ahemman no ho!—Yohane 8:31, 32; Adiyisɛm 18:2, 4, 5.

14. Dɛn nti na Onyankopɔn asomfo betumi akɔ so anantew honhom fam hann mu?

14 Esiane sɛ ɔsoro nkyerɛkyerɛ di nyamesom mu atosɛm so nkonim nti, ɛma Onyankopɔn nkurɔfo kɔ so nantew honhom mu hann mu. Sɛnea yɛbɛka no no, wɔte asɛm bi wɔ wɔn akyi sɛ: ‘Eyi ne kwan no. Monnantew so.’ (Yesaia 30:21) Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ bɔ n’asomfo ho ban fi atoro nsusuwii nso ho. Bere a na “atoro asomafo” de mpaapaemu reba Kristofo asafo no mu wɔ tete Korinto no, ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Yɛn sa a yɛkɔ no akode nyɛ ɔhonam mu de, na mmom ɛyɛ den Onyankopɔn anim sɛ yɛde beburuw aban akɛse, na yɛaburuw adwene ne ade biara a ɛkorɔn a wɔama so ne Nyankopɔn nimdeɛ di asi, na yɛafa adwene nyinaa nnommum de ahyɛ Kristo asoɔmmerɛw ase.” (2 Korintofo 10:4, 5; 11:13-15) Woburuw adwenhorow a ɛbɔ ɔsoro nkyerɛkyerɛ abira no denam afotu a wɔde ma wɔ odwo mu wɔ asafo no mu, ne afei asɛmpa no a yɛka kyerɛ wɔn a wɔwɔ akyiri no so.—2 Timoteo 2:24-26.

Som Honhom ne Nokware Mu

15, 16. Dɛn na Yehowa a yɛbɛsom no honhom ne nokware mu no kyerɛ?

15 Bere a Ahenni asɛnka adwuma no nya nkɔso no, ɔsoro nkyerɛkyerɛ di nkonim wɔ ahobrɛasefo a ɛkyerɛ wɔn sɛnea wɔsom Onyankopɔn wɔ “honhom ne nokware mu” no mu. Yesu ka kyerɛɛ Samariani bea bi wɔ Yakob asubura a ɛbɛn Sikar kurow no ho sɛ obetumi ama no nsu a ɛma wonya daa nkwa. Ɔreka Samariafo no ho asɛm no, ɔde kaa ho sɛ: “Mosɔre nea munnim; . . . bere no reba, na adu, sɛ nokware asɔrefo bɛsɔre agya no honhom ne nokware mu, na wɔn a wɔsɔre saa no nso na agya no rehwehwɛ.” (Yohane 4:7-15, 21-23) Afei Yesu daa ne ho adi sɛ ɔne Mesia no.

16 Nanso yɛbɛyɛ dɛn atumi asom Onyankopɔn wɔ honhom mu? Denam ɔsom kronn a efi anisɔ koma a Onyankopɔn ho dɔ ayɛ no ma mu, na egyina n’Asɛm mu nokware nimdeɛ so a yɛde bɛma no so. Yebetumi asom no nokware mu denam nyamesom mu atosɛm a yɛbɛpow na yɛayɛ ɔsoro apɛde a wɔada no adi wɔ Yehowa ɔkyerɛkyerɛ Nhoma kɛse no mu no so.

Edi Sɔhwɛ ne Wiase So Nkonim

17. Ɔkwan bɛn so na wubetumi akyerɛ sɛ ɔsoro nkyerɛkyerɛ aboa Yehowa asomfo ma wɔagyina sɔhwɛ ahorow ano?

17 Ɔsoro nkyerɛkyerɛ di nkonim mpɛn pii bere a Onyankopɔn nkurɔfo hyia ɔtaa no. Susuw eyi ho: Bere a Wiase Ko II fii ase wɔ September, 1939 mu no, na Yehowa asomfo hia Nhoma kɛse a ɔde kyerɛkyerɛ no mu ntease titiriw bi. Nea ɛboae kɛse ne November 1, 1939 Engiresi Ɔwɛn-Aban no mu nsɛm bi a ɛde ɔsoro nkyerɛkyerɛ maa pefee wɔ afã biara a Kristofo nni ho asɛm ho no. (Yohane 17:16) Saa ara na 1960 mfe no mfiase mu hɔ no, Ɔwɛn-Aban mu nsɛm a ɛfa ahobrɛase a anohyeto wom ma aban ‘atumfo a wɔkorɔn’ ho no boaa Onyankopɔn asomfo ma wodii ɔsoro nkyerɛkyerɛ akyi bere a na basabasayɛ rekɔ so no.—Romafo 13:1-7; Asomafo no Nnwuma 5:29.

18. Wɔn a wɔdaa wɔn ho adi sɛ wɔyɛ Kristofo wɔ afeha a ɛto so abien ne abiɛsa Y.B. mu no buu anigyede a ɛmfata dɛn, na mmoa bɛn na ɔsoro nkyerɛkyerɛ de ma wɔ eyi ho nnɛ?

18 Ɔsoro nkyerɛkyerɛ boa yɛn nso ma yedi sɔhwɛ ahorow te sɛ nnaadaa a ɛma yɛhwehwɛ anigyede a ɛmfata no so. Hyɛ nea wɔn a wɔdaa wɔn ho adi sɛ wɔyɛ Kristofo, a wɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so abien ne abiɛsa Yɛn Bere yi mu kae no nsow. Tertullian kyerɛwee sɛ: “Yɛne agodibea no adammɔsɛm, n’aniwude, ne n’awudisɛm no nni biribiara yɛ wɔ kasa, hwɛ a yɛbɛhwɛ, anaa tie a yebetie mu.” Nhoma kyerɛwfo foforo bi a ɔtraa ase saa bere no bisae sɛ: “Dɛn na nokware Kristoni ne saa nneɛma yi wɔ yɛ, efisɛ ɔrempɛ sɛ osusuw adebɔne mpo ho? Dɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔma n’ani gye akɔnnɔ bɔne mu nneyɛe ho?” Ɛwom sɛ nhoma akyerɛwfo yi traa ase wɔ afeha a edi kan mu Kristofo no akyi mfe bi de, nanso wɔkasa tiaa anigyede a ɛmfata. Ɛnnɛ, ɔsoro nkyerɛkyerɛ ma yɛn nyansa ma yɛde pow anigyede a afide, ɔbrasɛe ne basabasayɛ wom.

19. Ɔkwan bɛn so na ɔsoro nkyerɛkyerɛ boa yɛn ma yedi wiase no so nkonim?

19 Ɔsoro nkyerɛkyerɛ akyi a yedi no ma yetumi di wiase no ankasa so nkonim. Yiw, Ɔkyerɛkyerɛfo Kunini no nkyerɛkyerɛ a yɛde di dwuma no ma yedi wiase a ɛda Satan tumi mu yi nkɛntɛnso bɔne no so nkonim. (2 Korintofo 4:4; 1 Yohane 5:19) Efesofo 2:1-3 se Onyankopɔn ama yɛn a na anka yɛyɛ awufo wɔ mfomso ne nnebɔne mu bere a yɛnantewee sɛnea wim tumi no panyin te no aba nkwa mu. Yɛda Yehowa ase sɛ ɔsoro nkyerɛkyerɛ boa yɛn ma yedi wiase no akɔnnɔ ahorow ne honhom a efi ne tamfo ne yɛn tamfo—ɔdaadaafo kɛse, Satan Ɔbonsam—hɔ no so nkonim!

20. Nsemmisa bɛn na ɛfata sɛ yesusuw ho kɔ akyiri?

20 Ɛnde, ɛda adi pefee sɛ ɔsoro nkyerɛkyerɛ di nkonim wɔ akwan pii so. Nokwarem no, ɛrentumi nyɛ yiye sɛ yɛbɛbobɔ ne nkonimdi ahorow no nyinaa din. Ɛka nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa. Nanso dɛn na ɛreyɛ ama wo? Ɔsoro nkyerɛkyerɛ reka w’asetra dɛn?

Dɛn na Woasua?

◻ Yebetumi akyerɛ nokware nyansa ase dɛn?

◻ Dɛn na Onyankopɔn ada no adi nkakrankakra wɔ Genesis 3:15 ho?

◻ Ɔkwan bɛn so na ɔsoro nkyerɛkyerɛ adi nkonim wɔ honhom mu nneɛma ho?

◻ Dɛn na Onyankopɔn a yɛbɛsom no honhom ne nokware mu no kyerɛ?

◻ Ɔkwan bɛn so na ɔsoro nkyerɛkyerɛ aboa Yehowa asomfo ama wɔadi sɔhwɛ ahorow ne wiase no so nkonim?

[Kratafa 10 mfonini ahorow]

Yesu kuraa ne mudi mu kosii owu mu—a ɛkyerɛ Aseni no nantin a wɔkae

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena