1985 “Mudi Mu Kurafo” Nhyiam
Bere a Satan nneɛma nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ mprempren no kɔ so sɛe no, wɔbɛkɔ so ara asɔ Kristo nokware akyidifo mudi mu a wokura no ahwɛ. Satan nam akwan horow so abɔ mmɔden mpɛn pii sɛ ɔbɛma Yehowa asomfo agyae wɔn mudi mu a ebi yɛ nea ɔnam anifere kwan so na ebi nso yɛ nea ɔde ba tẽe. Nnipa te sɛ Hiob ne Dawid kuraa wɔn mudi mu, na Yehowa ahwɛ ma wɔakora wɔn nokwaredi ho kyerɛwtohɔ no so na ayɛ nkuranhyɛ ama yɛn. (1 Ah. 9:4; Hiob 27:5; Rom. 15:4) Te sɛ nea ɔyɛ maa nnipa anokwafo a wɔtraa ase tete no, Yehowa de ne honhom kronkron no ma wɔn a wokura wɔn mudi mu nnɛ no nso.
Afe 1985 “Mudi Mu Kurafo” Nhyiam no de nsɛm ahorow a ɛbɛboa yɛn wɔ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛagyina pintinn no ho bɛma yɛn. Mudi mu kura hwehwɛ sɛ yebedi nokware ama Yehowa wɔ ne trenee mmara ne nnyinasosɛm ahorow ho akosi ase koraa wɔ bere nyinaa mu, a ɛnyɛ bere a yɛwɔ bere pa mu nko. Egye gyidi kɛse wɔ Yehowa mu ne ho a wɔde to ne honhom kronkron a ɔde ma no so. Afei de yɛrehwɛ ɔmantam nhyiam no kwan, faako a yebenya nkuranhyɛ ne afotu a ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so akura yɛn mudi mu no.—Dw. 26:1, 11.
KƆ NNANAN NO NYINAA: So woayɛ nhyehyɛe sɛ wobɛkɔ nnanan no nyinaa? Efi bere a wobefi ase Yawda awia 1:30 kosi mpaebɔ a wɔde bewie wɔ Kwasida awia no so no, wɔbɛda nsɛm ahorow a ɛho hia titiriw ma yɛn honhom mu yiyedi adi. Mma dwumadi no biako pɛ mpo mpa wo ti so, ɛwom sɛ ebia eyi behia sɛ wode nneɛma ahorow bi bɔ afɔre de. Sɛ wobɔ mmɔden ankasa sɛ wobɛkɔ, na woyɛ nsakrae ahorow biara a ɛho hia a, Yehowa behyira wo.
Yɛhyɛ wo nkuran sɛ bra ntɛm da biara na woatumi atra ase ansa na dwumadi no afi ase? Eyi bɛma woanya hokwan ne anuanom mmarima ne mmea a wofi mmeae afoforo anya Kristo fekubɔ mu anigye. Ɛbɛma woanya kyɛfa nso wɔ dwom a wɔto de yi Yehowa ayɛ ne mpaebɔ a wɔde bue no mu. Wɔn a wɔte bɛn wo no ani begye esiane sɛ woanka akyi na woanyɛ nneɛma a ɛbɛtwetwe wɔn adwene nti. Ɛsɛ sɛ Kristofo dɔ ne afoforo ho a wosusuw a obu ma Yehowa ne honhom mu nneɛma a ɔde rema no ka ho ka yɛn ma yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛba ntɛm.
Wɔ krataa a na ɛhyɛ May Yɛn Ahenni Som no mu a ɛfa Nhyiam no ho no mu no, yɛhyɛɛ dodow biara a wobetumi a wofi ɔman yi anáfo fam no nkuran sɛ wɔnkɔ Bolgatanga nhyiam no bi. So wobɛka abusua a wɔbom biako a wofi ɔman yi mu nyinaa a wobehyiam wɔ hɔ no ho? Sɛ wo nsɛm tebea bɛma wo kwan a, ɛnde bɔ mmɔden ara kɔ Bolgatanga nhyiam no bi. Tebea soronko a ɛwɔ hɔ no bɛma wo ani agye kɛse. Sɛ wonyɛɛ saa dedaw a, ɛnde kyerɛw kɔma Nhyiam Boayikuw a ɛwɔ Bolgatanga no ntɛm ara, sɛ woabɔ wo tirim sɛ wobɛkɔ hɔ a.
TIE NA SUA: Yesu tuu n’akyidifo no fo sɛ, “Monhwɛ yiye sɛnea mote no fa.” (Luka 8:18) , Ohui sɛ ɛnam di a yɛde nea yesua no di dwuma so nkutoo na yebetumi anya nkɔso wɔ ɔsom a edi mũ a yɛde ma Yehowa no mu. Wɔhyɛ da yɛ ɔmantam nhyiam dwumadi no ho nhyehyɛe afe biara na wɔde adi Onyankopɔn nkurɔfo ahiade ho dwuma. Sɛ yɛyɛ aso tie afotu a wɔde ma wɔ nhyiam dwumadi no mu no a, ɛnyɛ hyɛ nko na ɛbɛhyɛ yɛn nkuran ma yɛayɛ den wɔ honhom mu, na mmom yɛn nsa bɛka akwankyerɛ foforo a efi Yehowa hɔ a ɔde ama denam ‘n’akoa nokwafo ne ɔbadwemma’ no so. (Mateo 24:45-47) Sɛ yɛbɛkɔ so ayɛ den wɔ honhom mu wɔ ɔkwan a ɛne teokrase akwankyerɛ hyia so a, eyi ho hia.
Dɛn ne nneɛma ahorow bi a wubetumi ayɛ na ama woayɛ aso atie dwumadi no? Ade a ɛho hia kɛse biako ne sɛ wobɛda sɛnea ɛsɛ anadwo biara sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya ahoɔden anɔpa no na woatumi ama w’ani ada hɔ da mũ no nyinaa Sɛ yɛma ɛtra yɛn adwene mu sɛ yɛn atirimpɔw titiriw nti a yɛwɔ nhyiam kurow no mu ne sɛ yɛbɛkɔ nhyiam no ase na yɛanya dwumadi no mu mfaso a, ɛbɛboa yɛn ma yɛakari pɛ wɔ nea yɛyɛ anwummere no mu.
Ɔkwan foforo a yɛbɛfa so ama yɛn ani ada hɔ na yɛanya dwumadi no mu mfaso kɛse ne sɛ yɛbɛyɛ kyerɛwtohɔ ntiantia ahorow. Ada adi sɛ eyi boa kɛse ma wutie nea wɔreka wɔ asɛnka agua so no. Sɛ bere a woretie ɔkasa ahorow no, wohwehwɛ emu nsɛntitiriw no na wokyerɛw to hɔ a, ɛbɛboa wo ma saa nsɛm yi aka w’adwene mu na woatumi akae. Ebinom ahu sɛ eye sɛ wɔbɛyɛ kyerɛwtohɔ ahorow wɔ saa kwan yi so a ɛne sɛ wɔbɛkyerɛw emu nsɛntitiriw no na wɔahyehyɛ nsɛm afoforo a ɛboa no wɔ nsɛntitiriw no ase. Kae sɛ wɔ ɔmantam nhyiam no akyi no, wobetĩ dwumadi no mu wɔ mo asafo no Ɔsom Nhyiam ase. Bere a woreyɛ kyerɛwtohɔ ahorow no, hyɛ nneɛma ahorow a wobɛpɛ sɛ woka ho asɛm bere a moreyɛ saa ntĩmu no agyirae.
Ade foforo a ɛbɛboa ma asɛm a wɔaka no pii aka mo tirim ne sɛ mubetĩ dwumadi no mu bere a nna no mu biara aba awiei no. Wo ne w’abusua anaa afoforo nsusuw dwumadi no fã biara ho. Eyi bɛma nsɛntitiriw no aka mo adwene mu kɛse. (Asɛm a ɛwɔ January 8, 1985 Nyan! no kratafa 9 no betumi aboa wo ma woakaakae nsɛm a wɔbɛka wɔ nhyiam no ase no.)
Ebia kyerɛwtohɔ a wɔbɛyɛ yi bɛyɛ den kakra ama mmofra, nanso wobetumi ahyɛ wɔn nkuran ma wɔabue kyerɛw nsɛm biara a wɔbɛbɔ din, na ebia wɔahyɛ no agyirae mpo. Ansa na dwumadi no befi ase no, awofo ne wɔn mma betumi ahwɛ dwumadi ho nhyehyɛe no so ahu nea ɛwɔ hɔ saa bere no sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu nea wɔrebɛka ho asɛm. Sɛ mmofra nim sɛ wɔde wɔn bɛka dwumadi no mu ntĩmu a wɔyɛ ho na wɔabisa wɔn nea wosuae saa da no a, wɔbɛyɛ aso atie nea wɔreka wɔ dwumadi no mu no mpɛn pii.
KRISTOFO ABRABƆ: Wonim Yehowa nkurɔfo wɔ wiase nyinaa esiane wɔn abrabɔ pa nti. Wɔ 1984 ɔmantam nhyiam no akyi no, yɛtee nsɛm ahorow a ɛyɛ anigye kɛse a ɛfa yɛn nuanom abrabɔ ho. Sɛ nhwɛso no, wɔ nhyiam a wɔyɛe wɔ Cape Coast no akyi no, boayikuw bi a ɛhwɛ Cape Coast Sukuupɔn no fã bi a wɔfrɛ no Casely-Hayford Hall a ɛyɛ faako a nhyiamfo no bi kɔdae so no kyerɛw krataa brɛɛ Asafo ti no bɛkamfoo yɛn ne wɔn a wɔkɔsoɛɛ hɔ no wɔ yɛn “ahotew gyinapɛn a ɛkorɔn” no ho. Wɔkae sɛ: “Ɛwom sɛ ná mo dwumadi ho nhyehyɛe wɔ saa bere no mu yɛ nea adagyew nnim koraa, na ɛyɛ nokware sɛ nnɔnhwerew kakraa bi na mudii wɔ Asa no ankasa so de, nanso ɛnyɛ nea yɛanhu mmɔden a obiara, a abofra ketewaa a ɔwom mpo ka ho, bɔe sɛ wɔbɛma ɛhɔ atew no. Yɛreka akyerɛ mo sɛ, yɛn ani agye ho kɛse.” Nea wɔde twaa to ne sɛ, “Yɛresi so dua akyerɛ mo sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi biara de ahyɛ Bagua a ɛhwɛ Asa Ahorow no so no nkuran ma wɔde hɔ ama mo bere biara a mopɛ sɛ moba bio, na yɛhyɛ mo bɔ sɛ yebesuasua mo nhwɛso no kosi sɛ mobɛba bio. Yebegye mo bere biara a mobɛba.”
Nsɛm afoforo a yɛn nsa aka afi afoforo nkyɛn ne eyi: “Yɛn ani agye mo nkurɔfo no ho ankasa. Mmofra no yɛ wɔn ade pɛpɛɛpɛ.” “Wɔyɛ nnipa a wɔn ho yɛ fɛ.” “Biribiara kɔ so fɛfɛɛfɛ afe biara. Ɔhaw biara nni hɔ.”
Nsɛm a ɛte sɛɛ a wɔka nyɛ yɛn nwonwa, efisɛ ‘dodɔ a wɔbɛdodɔ wɔn ho wɔn ho’ ne ‘wɔn yɔnko a wɔbɛdɔ no sɛ wɔn ho’ yɛ agyirahyɛde a ɛda nokware Kristofo adi.—Yoh. 13:35; Mat. 22:39.
Nanso, nkɔso ho hia ara wɔ eyi mu. Yɛate nsɛm afoforo a ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ nea ebinom nhwɛ wɔn abrabɔ yiye wɔ mmeae a wɔkɔsoɛ no. Mmofra binom nneyɛe wɔ nhyiam ase ne mmeae a wɔkɔsoɛe no yɛ nea ɛhaw adwene; Osuahu ada no adi sɛ ɔhaw ahorow a ɛsɔre wɔ mmofra a wɔyɛ basabasa no fam no fi wɔn awofonom anaa mpanyimfo a wɔrehwɛ wɔn no ani a wɔmma enkũ wɔn ho no titiriw.
Yehowa Adansefo de wɔn mma ba nhyiam ahorow ase sɛnea ɛbɛyɛ a “Yehowa bɛkyerɛkyerɛ wɔn” na ama ‘wɔahu nkyerɛwee kronkron no fi mmofraase.’ (Yes. 54:13, NW; 2 Tim. 3:15) Bere a mmofra tra ase na wotie dwumadi no nkutoo na eyi betumi aba saa. Ɛsɛ sɛ mmusua horow bom tra ase bere a dwumadi rekɔ so mmom sen sɛ wɔbɛma wɔn mma kwan na wɔne mmofra afoforo abom atra. Saa na ɛsɛ sɛ ɛba wɔ dwumadi no nyinaa mu a bere a wɔyɛ drama ahorow no ka ho. Sɛ mmofra atu wɔn ho ama de reboa adwumayɛ wɔ nhyiam no ase a, ɛsɛ sɛ awofo yɛ nhyehyɛe ma wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi agyae bere a dwumadi no rekɔ so no na ama wɔatie na wɔasua.
Ade foforo nso a ɛho hia sɛ awofo ma wɔn ani kũ wɔn mma ho wom no fa ahotew wɔ nhyiam no ase ne mmeae a wɔkɔsoɛ no ho. Sɛ awofo amma wɔn ani ankũ wɔn mma ho a, wɔsɛe baabi a wɔayɛ wɔ nhyiam no ase a wogya anan wɔ hɔ no, na wɔ nhyiam binom ase no wogyaa wɔn anan wɔ nwura no mu nyinaa. Eyi ne kyerɛw nsɛm nhyia na asɛyɛde kɛse da awofo a wɔnhwɛ wɔn mma yiye anaasɛ wɔntete wɔn wɔ eyi mu no so wɔ Yehowa anim.
Yehowa daa ahotew ho hia a ehia no wɔ ne nkurɔfo mu no adi bere a ɔka kyerɛɛ Israelfo no sɛ ɛsɛ sɛ wonya mmeae ahorow bi wɔ nsra no akyi a wobetumi akɔ hɔ a wokura ɔsosɔw, na sɛ wowie a, wɔde akata nea afi wɔn mu no so no. “Efisɛ [Yehowa] wo Nyankopɔn nam wo nsra mu enti ma wo nsra mu nyɛ kronkron, na wanhu wo mu aniwude bi, na wannan amfi w’akyi.”—Deut. 23:12-14.
Sɛ na Yehowa hwehwɛ eyi wɔ ne nkurɔfo a wɔwɔ hɔ tete no ho bere a na wodi atutra no a, ɛda adi sɛ ɔbɛhwehwɛ eyi afi yɛn hɔ nnɛ nso. Ɛyɛ aniberesɛm, na yɛsrɛ sɛ nhyiam boayifo a wɔwɔ nhyiam ahorow no nyinaa ase nhwɛ sɛ wɔbɛma wɔanya beae a ɛte saa a ɛyɛ nea eye a ɛhɔ kɔ nyɛ den. Yɛsrɛ bio sɛ mpanyimfo a wɔwɔ asafo biara mu mma ahotew ho asɛm yi ntra obiara adwene mu ansa na wɔakɔ nhyiam no. Yegye di sɛ ɛrenyɛ nea ɛho hia wɔ nhyiam no biara ase sɛ wɔde nkaebɔ bɛma wɔ asɛnka agua no so a ɛfa asɛm yi ho bio, na eyi ne nea etwa to a yɛreka ho asɛm wɔ Yɛn Ahenni Som mu. Momma yɛn nyinaa nna yɛn ho adi sɛ ‘yɛasiesie yɛn ho sɛ yebetie.—Yak. 3:17, NW.
Afei sɛ yɛsan ba aso a yɛbɛyɛ atie dwumadi no so a, wɔabɔ amanneɛ sɛ nnipa binom wɔ hɔ a ɛwom sɛ wɔte atiefo no mu de, nanso wɔbɔ nkɔmmɔ anaasɛ wɔyɛ nneɛma a ɛtwetwe afoforo adwene mmom sen sɛ wɔbɛyɛ aso atie dwumadi no. Yehu mmofra nso a wɔba bɛyɛ asɛnka agua no anim ma bere a wɔreyɛ drama ahorow no na ɛno hyɛ afoforo nso ma wɔsɔre gyina hɔ anaasɛ wɔtwe wɔn kɔn mu fa afoforo mmati so sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu drama no. Ɛsɛ sɛ obu ma Yehowa ne ne pon a watow no ne yɛn nuanom ho a yesusuw ka yɛn ma yɛde atɛmpa di dwuma wɔ eyinom mu. Wɔ ha bio nso, ɛsɛ sɛ awofo boa ma yedi ɔhaw a ɛne mmofra a wɔyɛ asɛnka agua no anim hɔ ma no so denam wɔn ani a wɔbɛma akũ wɔn ho no so. Beae a eye sen biara ma wɔn ne wɔn awofonom nkyɛn a wɔbɛtra na wɔatie na wɔasua. Ɛsɛ sɛ anuanom a wɔhwɛ apatabɔ ho nsɛm so wɔ nhyiam ahorow no nyinaa ase hyehyɛ nkongua no wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma obiara atumi ahu asɛnka agua no so yiye bere a ɔte hɔ a onsiw afoforo anim. Nea etwa to no, ɛnsɛ sɛ obiara kokyinkyin anaasɛ ɔne afoforo kɔ mmeae ahorow bere a dwumadi no rekɔ so.—Dw. 34:11; Ɔsɛnk. 3:1, 7b.
Ade foforo nso a ɛho hia sɛ yɛn mu binom hwɛ no yiye ne yɛn ntade ne yɛn ahosiesie. Sɛ yɛkɔ nhyiam a, yɛbom yi Yehowa ayɛ wɔ ne “fi” na ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho sɛnea ɛsɛ. Ɛsɛ sɛ yɛn ntade ne yɛn ahosiesie ne gyinapɛn a ɛkorɔn a wɔde asi hɔ ama Onyankopɔn asomfo no hyia na ɛnsɛ sɛ yɛma nokwasɛm a ɛyɛ sɛ beae a wɔreyɛ nhyiam no yɛ faako a wɔbɔ bɔɔl anaa wɔyɛ biribi a ɛte saa no nya yɛn so nkɛntɛnso. Sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya nsɛm afoforo a ɛfa ntadehyɛ ne ahosiesie ho no, yɛsrɛ wo hwɛ Nhyehyɛe a Wɔayɛ ma Yɛde Awie Yɛn Som Adwuma nhoma no kratafa 130 nkyekyem 2 ne 131 nkyekyem 1 ne kyerɛw nsɛm a ɛka ho no.
ƆKWAN A WOGYAW TO HƆ MA OBI:
Yenni ɔhaw biara wɔ eyi mu. Nanso yɛpɛ sɛ yɛka eyi: Sɛ wotra ase a, mfa nnwom nhoma, Bible anaa bag nto wo nkyɛn wɔ akongua no so. Sɛ woyɛ saa a, ebia afoforo a wɔpɛ baabi atra no besusuw sɛ saa akongua no yɛ afoforo de na wɔremma hɔ. Awiei koraa no, ebia obiara rentra saa akongua a ɛwɔ wo nkyɛn no so. Sɛ ɛho hia sɛ wugyaw kwan bi to hɔ ma obi ampa a, yɛsrɛ wo kae akwankyerɛ ahorow yi na di akyi: WƆN A WUBETUMI AGYAW KWAN ATO HO AMA WƆN NKUTOO NE W’ABUSUA MUFO ANKASA NE OBI A EBIA ƆKA WO HO WO WO KAR MU. Sɛ wopɛ sɛ wo ne afoforo tra bere a nhyiam no rekɔ so a, mubetumi ayɛ nhyehyɛe ahyia wɔ nhyiam no ase na moapaw faako a mobɛtra wɔ bere koro no ara mu.
ASƐNKA ADWUMA HO NHYEHYƐE: Asɛnka adwuma mu kyɛfa a yebenya yɛ yɛn som no fã titiriw. Mma hokwan a ɛbɛma woanya anigye kɛse wɔ nhyiam no ase yi mpa wo ti so na ka asɛmpa no kyerɛ afoforo. Wɔayɛ nhyehyɛe a ɛbɛma Fida dwumadi no aba awiei 3:00 p.m. Hwɛ sɛ wobɛyɛ asasesin ho nhyehyɛe ansa na Fida awia dwumadi no afi ase. Ɛbɛyɛ nea eye nso sɛ nea odi kuw no anim no behu kwan a ɛkɔ asasesin no mu bere a ne nsa aka asasesin no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrensɛe bere sɛnea ɛnsɛ Fida awia no. Yɛsrɛ wo, fa nsɛmma nhoma foforo a aba a wode bɛkɔ asɛnka wɔ nhyiam no ase fi w’asafo mu bra. Ɛsɛ sɛ asɛnka adwuma so ahwɛfo hyɛ kyɛfa a wobenya wɔ nhyiam no fã yi mu ho nkuran sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu sɛ nnipa dodow a wɔde wɔn ho hyɛ Fida awia asɛnka adwuma mu wɔ nhyiam ase no anya nkɔso.
NHYIAM ASE ADWUMAYƐ: Adwumayɛ ho hia wɔ nhyiam akɛse ase, na nnipa pii a wobetu wɔn ho ama nso ho hia. Nea ɔhwɛ nhyiam ho nsɛm so wɔ mo asafo mu no nsa bɛka amanneɛbɔ afi nhyiam a ɛbɛn no ase a wɔakyerɛ dwumadibea ahorow a ebehia wɔn a wɔde wɔn ho bɛma ayɛ adwuma wɔ hɔ na ɔbɛma asafo no ate eyi. Wubetumi ayɛ adwuma wɔ nhyiam no ase denam ɔno so. Ɛsɛ sɛ abofra a onnii mfe 16 a ɔyɛ adwuma no ne n’awofo anaa ɔpanyin foforo yɛ saa bere nyinaa. Yɛhyɛ awofo nkuran sɛ, sɛ ebetumi a, wɔne wɔn mma mmom nyɛ adwuma wɔ nhyiam ase.
Bere a nhyiam no rekɔ so no ebia wobehia adwumayɛfo afoforo. Ebia wubetumi aboa denam dwumadibea a ɛhwɛ ho nsɛm so no a wobɛkɔ bere a woadu nhyiam no ase no so. Anuanom a wɔwɔ hɔ no bɛkyerɛ wo mmoa a wohia no. Wɔn ani bɛsɔ adwuma a wubefi wo pɛ mu ayɛ no kɛse, na ɛbɛboa ma nhyiam no dwumadi no akɔ so.—Aso. 20:35.
ADUAN: Yɛreyɛ nhyehyɛe titiriw a ɛbɛma wɔadi yɛn honam fam ahiade ho dwuma. Wɔbɛyɛ aduan ne anonne ho nhyehyɛe te sɛ nea wɔyɛ wɔ ɔmantam nhyiam ase nnansa yi mfe no mu no. Yɛn ani sɔ mmɔden a wɔn a wɔyɛ adwumaden de som yɛn no bɔ no ankasa.
Nanso yɛbɛpɛ sɛ yesi ade biako so dua: Wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ saa dwumadibea yi no nni hokwan sɛ wobedi nnuan ahorow a ɛwɔ hɔ no bi kwa. Wɔyɛ nnipa a wɔde wɔn ho ama te sɛ nnipa a wɔyɛ adwuma wɔ dwumadi ahorow a ɛhwɛ ahotew, nhoma, nneɛma a ɛyera ma wohu ne nea ɛkeka ho nsɛm so no. Wɔmma adwumayɛfo afoforo yi aduan kwa, na saa ara na ɛsɛ sɛ ɛba wɔ wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ dwumadibea ha yi no fam. Boa a mobɛboa, ne mo nokwaredi wɔ eyi mu yɛ nea ani sɔ kɛse.—Luka 16:10.
Nhyiam tekit no biako bɛyɛ ¢20 a wɔakyekyɛm du. Wubetumi atɔ tekit dodow biara a wuhia wɔ nhyiam a wobɛkɔ no ase. Esiane amanade ho nsɛnnennen ne ɔhaw ahorow nti, yɛremfa nhyiam tekit mmana asafo ahorow no mfi Baa Dwumadibea ha, enti yɛsrɛ mo, monnnkra. Montwɛn nko si sɛ mubedu nhyiam kurow no mu na moatɔ nea muhia. Sɛnea ɛte bere a atwam no, yɛde tekit no bɛtɔ aduan nkutoo. Enti tɔ tekit dodow a wohwɛ kwan sɛ wode bɛtɔ aduan no.
Hwɛ hokwan ara a ɛbɛyɛ sɛ wobɛkɔ 1985 “Mudi Mu Kurafo” Nhyiam no! Dwumadi no bɛhyɛ yɛn den ma yɛakɔ so asom yɛn Nyankopɔn, Yehowa no, nokwaredi mu a Satan ntua ahorow a ɔkɔ so de ba no mfa ho. Wobɛpɛ sɛ wobɔ mmɔden biara a wubetumi sɛ wobɛka ɔpepem pii a wɔbɛba ase da biara no ho. Ɛmmra sɛ yɛbɛka asɛm a Dawid kae yi: “Bu me atɛn, O Yehowa, na me de me mudi mu na manantew,” na “me de, mɛnantew me mudi mu.”—Dw. 26:1, 11, NW.
[Kratafa 6 adaka]
Ɔmantam Nhyiam Nkaebɔ
DABERE: Yɛsrɛ mo, mommoa mma adan ho dwumadibea no adwuma nkɔ sɔ pɛpɛɛpɛ denam ɔdan a wɔde bɛma mo no mu a mobɛtra no so. Eyi remma nkyereso ne ɔhaw mma wɔ mmeae afoforo a ebia wosusuw sɛ ɛhɔ ye no. Mommɔ mmɔden sɛ mubedu hɔ ntɛm sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi akyerɛ mo kwan akɔ faako a mobɛda no awia, ansa na nhyiam no afi ase. Kyerɛ wo dabere no ho anisɔ na kae sɛ wobɛma wo abrabɔ ayɛ adansedi.—1 Pet. 2:12; 1 Kor. 4:9b.
ASUBƆ: Wɔbɛma asubɔ kasa no Memeneda anɔpa wɔ mmeae horow no nyinaa. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ wɔn ahosohyira ho sɛnkyerɛnne denam nsu mu asubɔ so no yɛ wɔn a wɔne wɔn asafo mu mpanyimfo asusuw nsemmisa ahorow no ho dedaw ansa na nhyiam bere no adu, Ɛsɛ sɛ obiara a wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛbɔ asu no de ntade ne mpopaho a ɛfata a ɔde bɛyɛ saa ba.
DWUMADI NHYEHYƐE MMERE: Ɛyɛ nea nyansa wom, na ɛkyerɛ anisɔ nso sɛ yɛbɛtra ase bere a dwumadi no afi ase. Ɛno bɛyɛ Yawda 1:30., na wobefi ase 9:00 a.m. efi Fida kosi Kwasida wɔ nhyiam no nyinaa ase. Yɛda su pa ahorow a ɛte saa ara adi bere a yemfi nhyiam no ase ansa na wɔapɔn no. Dwom ne mpaebɔ a wɔde wie Yawda no bɛba so 5:10 p.m. Yɛde Fida awia besi hɔ de ayɛ asɛnka adwuma titiriw bere a yɛde dwom ne mpaebɔ apɔn wɔ 3:00 p.m. akyi no. Memeneda dwom ne mpaebɔ a wɔde wie no bɛba so 4:50 p.m na Kwasida nso yɛ 4:00 p.m.
AKWAMPAEFO ADANSEDI KRATASIN: Ɛho hia sɛ daa akwampaefo, akwampaefo atitiriw ne ahwɛfo akwantufo de wɔn Watchtower Identification and Assignment kratasin (S-202) no ba nhyiam no. Wɔn a ebedu bere a wɔkɔ ɔmantam nhyiam no na wɔanya asram asia wom no benya tekit a ɛyɛ ¢300 bere a wɔde wɔn adansedi kratasin no akyerɛ wɔ saa nhyiam biako pɛ no nkutoo ase no. Wɔmma akwampaefo kwan sɛ wɔbɛtɔn nhyiam tekit ahorow yi. Ɛsɛ sɛ wɔsan de tekit dodow biara a wɔamfa antɔ aduan no kɔ dwumadibea a ɛhwɛ sika ho nsɛm so no wɔ nhyiam no awiei. Ɛsɛ sɛ akwampaefo hwɛ wɔn adansedi kratasin no so yiye te sɛ sika. Sɛ ɛyera a morentumi nnya bi wɔ nhyiam no ase. Akwampaefo nsa betumi aka nhoma foforo biara a wobeyi adi no bi kwa na wɔatɔ nhoma wɔ akwampaefo bo so wɔ faako a wɔtɔn nhoma no bere a wɔde wɔn adansedi kratasin akyerɛ no. Wɔn a wɔwɔ Betel nsa betumi aka bi saa ara bere a wɔde wɔn Betel adansedi kratasin akyerɛ no.
ADE A WƆDE BƆ KOKO SO: Wɔde eyi ma yɛn sɛ nea yɛnam so bɔ nhyiam no dawuru na afei nso ɛboa ma yehu yɛn nuanom mmarima ne mmea a wɔaba no. Esiane eyi nti, yɛsrɛ mo, mommɔ mo ade a wɔde bɔ koko so a wɔahyɛ da ayɛ no wɔ mo nhyiam no ase ne afei bere a moreba ne bere a morekɔ fie. Ɛnyɛ sɛ eyi yɛ ɔkwan pa a wɔnam so hu yɛn nko, na mmom mpɛn pii ɛbɛyɛ adansedi fɛfɛ bere a yɛretu kwan no. Ɛsɛ sɛ mo nsa ka eyi denam mo asafo no so, efisɛ morennya bi wɔ nhyiam no ase. Krataa no biako yɛ ¢1, na kotoku a wɔde hyem no nso biako yɛ ¢4. (Yɛnam krataa a yɛkyerɛw no SH May 1, 1985 no so ka kyerɛɛ asafo ahorow no sɛ wɔnkra krataa ne ne kotoku no. Enti ebia saa bere yi de mo nsa aka mo de, sɛ ɛnte saa a, ɛnde mommebisa wɔ Baa Dwumadibea ha ntɛm ara.)
AKWANTU: Ɛsɛ sɛ asafo ahorow yɛ lɔre a ɛde wɔn bɛkɔ nhyiam no na ɛde wɔn aba ho nhyehyɛe a edi mũ mprempren. Monhwɛ sɛ lɔre a mobɛyɛ ho nhyehyɛe no ye na ofirikafo no nso yɛ obi a wotumi de ho to no so. Eyinom na ɛsɛ sɛ mudi kan susuw ho, na ɛnyɛ ne bo a ɛyɛ mmerɛw no titiriw. Ankorankoro pii de wɔn ankasa mfiri bɛkɔ. Sɛ ɛyɛ nea kwan wom a, ɛbɛyɛ nea ɛkyerɛ Kristofo ayamye sɛ wobɛfa obi wɔ asafo no mu. Wɔ ɔkwan foforo so no, esiane pɛtrol ne kar ho nneɛma bo a akɔ soro no nti, ebia wɔn a afoforo fa wɔn tra wɔn kar mu no bɛpɛ sɛ anyɛ yiye koraa no wotua biribi kakra. Ɛyɛ yɛn Kristofo su horow no fã sɛ yebefi yɛn pɛ mu ayɛ saa.
KƆKƆBƆ: Ɛmfa ho sɛ ɛhe na wode wo kar besi no, ɛsɛ sɛ wototo n’apon no mu bere nyinaa na nnyaw biribi wom a wohu. Sɛ ebetumi a, fa wo nneɛma hyɛ faako a wɔde nneɛma hyɛ wɔ mu no. Afei nso monhwɛ yiye wɔ akorɔnfo ne atotobotomfo a wɔpɛ mmeae a nnipa pii ahyiam no ho. Nea ɛka eyi ho nso ne sɛ, ɛnsɛ sɛ mugyaw biribi a ɛsom bo to nkongua so wɔ apata no ase a obi nhwɛ so.