Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g85 1/8 kr. 9-12
  • Wubetumi Ayɛ Ɔkenkanfo Pa!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wubetumi Ayɛ Ɔkenkanfo Pa!
  • Nyan!—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ade a Wɔkan No Ntɛmntɛm
  • Hwɛ a Wubedi Kan Ahwɛ Mu​—Nea Ɛma Wotumi Kenkan Ade Yiye
  • Ma W’adwene Nni Akenkan No Akyi!
  • Kae a Wobɛkaakae Nsɛm Ara Bɛboa Wo Ma Woakae
  • Bata Akenkan Ho
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • W’akenkan a Wobɛma Anya Nkɔso —Wubetumi Ayɛ!
    Nyan!—1986
  • Bible a Yɛbɛkenkan no Daa so Mfaso
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • So W’ani Gye Akenkan Ho?
    Nyan!—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1985
g85 1/8 kr. 9-12

Wubetumi Ayɛ Ɔkenkanfo Pa!

OBIARA nni hɔ a n’ani begye afiri a ɛwɔ gear biako pɛ a ɛyɛ adwuma ho. Sɛ ɛba sɛ kar bi wɔ gear a ɛmma entumi ntu mmirika ntɛmntɛm nkutoo a, ɛrentumi nguan wɔ ɔkwan a ɛda fam so. Sɛ ɛwɔ gear a ɛma etu mmirika ntɛmntɛm nkutoo a, ɛrentumi mforo mmepɔw a ano yɛ den. Sɛ wobɛyɛ ɔkenkanfo pa a, wo nso wuhia sɛ wutumi “sesa gear ahorow.”

Worenkenkan Bible anaa nhoma a wɔfrɛ no Shakespeare no ahoɔhare so te sɛ nea wobɛkenkan atesɛm krataa anaa mmofra anansesɛm nhoma no, so ɛnte saa? Nanso ebia wokenkan ade de gye w’ani ara kwa a wonhaw wo ho wɔ kenkan a wobɛkenkan no ntɛmntɛm ho. Sɛ saa na asɛm no te a, wobetumi de wo ato “Kwasida ofirikafo” a faako a ɔrekɔ anaa bere ko a obedu mfa ne ho no ho.

Ebia afiri a wɔka wɔ saa kwan yi so no bɛyɛ anigye, nanso ɛnyɛ nna nyinaa na ɛyɛ Kwasida. Na ɛnyɛ nneɛma a yɛkenkan nyinaa na yɛde gye yɛn ani. Ebia ebi yɛ nea yɛde sua ade, de bue yɛn adwenem anaa ɛyɛ yɛn adwuma a yɛyɛ no fã. Sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrensɛe bere no, ɛsɛ sɛ yetumi sesa “gear ahorow.” Momma yɛmfa “gear a ɛma afiri tumi tu mmirika ntɛmntɛm” no mfi ase.

Ade a Wɔkan No Ntɛmntɛm

Ade a wɔkan no ntɛmntɛm ne sɛ wubehu aba a ɛwɔ asɛm no mu, bere a worenkenkan nsɛmfua biara no. Wode w’aniwa fa nsɛm a ɛwɔ kratafa no mu so ntɛmntɛm, bere a wugyina wɔ mmeae horow bi hwehwɛ nsɛm atitiriw a ɛwɔ mu no.

Nanso ade a wobɛkenkan no ntɛmntɛm ankasa remma wunhu sɛnea nhoma no mu dɛ te, sɛnea ɛkanyan nkate, na ɛremma wunnya nhoma a eye mu anigye. Wobɛhwere nneɛma pii. Saa ara nso na ɛrenka w’adwenem, efisɛ adwene no rennya kwan nsusuw asɛm no ho. Nanso nsɛm a wɔakyerɛw no mu pii nyɛ nea ɛho wɔ mfaso kɛse biara na ɛho nhia sɛ wokae. Sɛ nhwɛso no, adwumawura bi betumi anya nnɔnhwerew pii adapɛn biara denam kenkan a ɔbɛkenkan ade ntɛmntɛm no so.

So ade a wobɛkenkan no ntɛmntɛm ho sukuu a wobɛkɔ no bɛboa ma woakenkan ade sɛnea ɛsɛ? Ɛdenam kɔ a wɔkɔɔ ho sukuu so no, nkurɔfo atumi akenkan ade ntɛmntɛm bɛyɛ mpɛn abien anaa abiɛsa sen sɛnea anka wotumi kenkan no, na ebinom ka sɛ wɔkenkan nsɛmfua apem wɔ simma biako mu. Wosua sɛnea wɔkenkan nsɛmfua akuwakuw ne ɔkasasin ahorow (ɛnyɛ nsɛmfua mmiako mmiako) na wɔntaa nhu “ɛno,” “bi,” “ne,” “sɛ” ne nsɛmfua nketewa afoforo a ɛtete saa no. Nanso sɛ obi ka sɛ ɔkenkan nsɛmfua mpempem pii wɔ simma biako mu a, na ɛyɛ nea ɔbɔ tra nsɛm pii.

Eyi ma yɛkae Columbia Sukuupɔn mu ɔkyerɛkyerɛfo bi a ɔkyerɛ akenkan no osuahu a wɔbɔɔ ho amanneɛ wɔ nsɛmma nhoma a wɔfrɛ no Across the Board mu no. Ɔkyerɛw nsɛm guu krataa bi so de yɛ “wɔn a wɔkenkan ade ntɛmntɛm” a wɔn dodow bɛyɛ adan biako ma no sɔhwɛ. Nea ɛyɛ nwonwa no, wokenkanee nsɛmfua bɛyɛ 6,000 a ɛwɔ ne sɔhwɛ no mu no wɔ simma biako mu. Sɛnea ɛbɛyɛ a obehu sɛ woate nea wɔakenkan no ase no, aka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnsan nkenkan bio na wɔ ɛno akyi no wɔnsan nkenkan bio. Ahoɔhare a na wɔde kenkan no ano brɛɛ ase beduu nsɛmfua 1,700 wɔ simma biako mu​—ɛda so ara yɛ nwonwa. Afei ɔkyerɛkyerɛfo no kaa asɛm a ɛwɔ ho no kyerɛe: Ná ntease biara nni nea wɔakenkan no mu, ɛyɛ nsɛm bi ara kwa a efi nsɛmma nhoma ahorow mu.

Asuade a ɛwom? Mfa “ade a wɔkenkan no ntɛmntɛm nyɛ wo su.” Sɛnea Mortimer Adler kyerɛwee no: “Ade a wokenkan no ntɛmntɛm yɛ adeyɛ a enni mu; ɛyɛ nea ɛsom bo, sɛ nea wokenkan no nyɛ nea ɛsom bo ahe biara a.”

Hwɛ a Wubedi Kan Ahwɛ Mu​—Nea Ɛma Wotumi Kenkan Ade Yiye

Ɔkwan bi wɔ hɔ a ɛma te a wote nea wokenkan no ase ne ka a ɛka wo tirim no nya nkɔso bere a wode ɔkwan ahorow a wɔfa so kenkan ade ntɛmntɛm di dwuma no. Ɛno ne hwɛ a wubedi kan ahwɛ mu.

Obiara a okyinkyin asase bi so hwɛ sɛnea ɛso te no nim sɛ gyina a obegyina baabi a ɛkorɔn de ahwɛ asase no ne asase mfonini ahorow a wɔbɛhwɛ mu ansa na watu kwan aka asasesin bi a onnim so so no yɛ nyansa kwan. Saa ara nso na akenkanfo a ohu “sɛnea n’asase” no so te denam ade a akenkan no ntɛmntɛm so, de n’aniwa bedi dwuma wɔ akwan pa so de ahu nsɛntitiriw na nsɛmfua pii no amma nea woadu so no anyera no.

Wobɛyɛ dɛn ayɛ eyi, sɛ asɛm no yɛ nea wɔakyerɛkyerɛ mu yiye a? Ɛsɛ sɛ hwɛ a wubedi kan ahwɛ mu no gye simma biako anaa abien, nanso ɛbɛyɛ bere a wode adi dwuma yiye.

Afei momma yɛnnan nkɔ ade a wɔde boasetɔ kenkan a ɛyɛ “gear a ɛmma afiri ntu mmirika ntɛmntɛm” no so, sɛ yɛbɛka no saa a.

Ma W’adwene Nni Akenkan No Akyi!

The Art of Book Reading ka sɛ, akwan a eye sen biara a ɛbɛma woakae nea wokenkan no ne sɛ wubenya nea wokenkan no mu ntease na woahu ɔkwan a ɔkyerɛwfo no fa so da ne nsɛm adi no. Akyinnye biara nni ho sɛ di a wubetumi adi akwan a akyerɛwfo no fa so da ne nsɛm adi akyi no bɛboa ma woate ase. Nea ebefi mu aba ne sɛ, emu ntease no bɛboa ma aka w’adwenem.

Sua sɛnea wubehu nsɛm atitiriw wɔ nsɛm afoforo ne nkyerɛkyerɛmu ahorow mu. Hwehwɛ nsɛm a ɛda nsɛntitiriw a ɛwom adi a wohu wɔ nkyekyem pii mu no. Sɛnea akenkan ho abenfo biako ka no, ɛrenkyɛ biara wubetumi “ahu nsɛntitiriw no te sɛ nea woahyɛ da ama nsɛntitiriw a ɛwɔ kratafa no mu no ada adi.” Bio nso, sua sɛnea wubedi kan asusuw nea edi ho a wobɛkenkan no ho na ka nea woakenkan dedaw no mu nsɛntitiriw no bom biako. Ne tiawa ne sɛ, yɛ obi a n’adwene di akenkan no akyi!

Sɛ wode akwan a wode di dwuma a wɔato din asemmisa no di dwuma a, eyi bɛboa wo ma woadi kan asusuw nea ebedi hɔ a wobɛkenkan no ho na ama te a wobɛte ase no ayɛ kɛse. Wɔyɛ eyi dɛn?

Mpɛn pii no wode asɛmti ne nsɛmti nketewaa no kyekyɛ nhoma a emu nsɛm yɛ nokware no mu. Bere a woadu asɛmti foforo biara so no, dan asɛm no asemmisa. Afei bere a wokenkan no, hwehwɛ mmuae no.

Sɛ wo nsemmisa ahorow no yɛ nea emu dɔ a, nsɛntitiriw no mu pii bɛda adi wɔ wo mmuae no mu. Na sɛ wode w’adwene si nsɛntitiriw no so kɛse a, wobɛkae nkyerɛkyerɛ mu no sen sɛ wubebu nsɛm no nyinaa sɛ ɛho hia pɛ.

Afei nso, pɛ a wopɛ sɛ wobɛkae no bɛma woanya nkɔso wɔ w’akenkan no mu. Sɛ nhwɛso no, adesuafo a wonim sɛ wɔbɛsɔ wɔn ahwɛ wɔ nea wɔkenkan ho no de pii sie sen wɔn a wonim sɛ wɔreyɛ wɔn saa no. Nea, ɛne eyi hyia no, gear foforo wɔ hɔ a wubetumi adan akɔ so a ɛbɛma ade a wutumi kenkan no yiye no anya nkɔso. Ɛte sɛ gear a ɛma afiri kɔ n’akyi no.

Kae a Wobɛkaakae Nsɛm Ara Bɛboa Wo Ma Woakae

Sɛ wobɛkae nea woakenkan no a, pii ho hia sen te a wobɛte ase. Ɛho hia sɛ “wosan wo akyi” na wode w’adwene si nsɛntitiriw a woakenkan no so. So eyi kyerɛ sɛ wobɛsan akenkan asɛm no bio? Ɛtɔ bere bi a. Nanso ɔkwan pa bi wɔ hɔ​—ɛne kae a wobɛkaakae ntɛm ara.

Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkyerɛ mpɔn a etu no, wɔka kyerɛɛ adesuafo kuw bi sɛ wɔnkaakae asɛm no ntɛm ara bere a wɔakenkan awie no akyi. Nnafua ason akyi no, wotumi kaee nea wɔasua no mu ɔha biara mu 83. Nanso bere a wɔka kyerɛɛ kuw foforo sɛ wɔnkaakae asɛm no nea edi kan wɔ da koro akyi bere a wɔakenkan no, wɔkaee emu ɔha biara mu 45 wɔ nnafua ason akyi. Asɛm no awiei ne dɛn? Ɛyɛ nea eye sen biara sɛ wubetĩ nea woakenkan no mu ntɛm ara bere a woakenkan awiei no akyi anaa wɔ bere a worekenkan no mu mpo.

Wɔ nhwehwɛmu foforo mu no, kɔlege bi ɔkyerɛkyerɛfo daa no adi sɛ simma biako a wode betĩ mu no bɛma nea wode asie no ayɛ mmɔho. Ɛno nyɛ mmɔdenbɔ a mfaso nni so, ɛnte saa?

Nyansahyɛ afoforo ni. Kae adwene horow a ɛwom na ɛnyɛ nsɛmfua. Yɛ nsɛntitiriw no ho kyerɛwtohɔ tiawa. Na tĩ asɛm no mu wɔ bere ne bere mu sen sɛ wobɛbɔ mmɔden sɛ wubesua ne nyinaa wɔ bere koro mu.

Nokwarem no, ɛnyɛ biribiara a wokenkan na ɛho hia sɛ wokae. Wɔaka no yiye sɛ: “Nhoma ahorow bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ woka hwɛ, afoforo wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ womene na kakraa bi na ɛwɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wowe na woma ɛyam.” Sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya pii afi nhoma a wɔkenkan mu no, yɛ nyiyimu. Nya nhoma a emu nsɛm mu dɔ ho akɔnnɔ ka akenkan a wode gye w’ani ho. Ne titiriw no, ma Bible no nya afã titiriw wɔ wo akenkan a woyɛ no bere nyinaa no mu.

Akwan horow a wobɛfa so atumi akenkan ade yiye pii wɔ hɔ ma wo. Sua a wubesua eyinom gye mmɔdenbɔ kakra. Ɛho behia sɛ wusua. Nanso wubetumi ayɛ ɔkenkanfo pa!

[Kratafa 12 akontaabu pon]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)

AHE NA WOKAE?

DODOW A WODE SIE

Bere a woatĩ mu ntɛm ara

Bere a woatĩ mu wɔ da koro akyi

Bere a woanyɛ ntimu biara wom

100%

80%

60%

40%

20%

0%

NNA

1

7

14

21

[Kratafa 9 mfoni]

Bere a pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wokenkan nnansa yi no, woyɛ dɛn di eyinom nyinaa ho dwuma? Nyansahyɛ ahorow bi ni

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena