Dɛn Na Ɛrekɔ So Wɔ Nungua?
Nungua abɛyɛ nea ɛkyerɛ biribi titiriw ma Yehowa Adansefo wɔ asase so nyinaa. Wɔ yɛn a yɛwɔ Ghana fam titiriw no, ɛkyerɛ biribi kɛse. Dɛn ntia? Nungua na wɔresi baa dwumadibea dan foforo no. Bere a wɔnnyɛ eyi ho oyikyerɛ biara na ɛkame ayɛ sɛ ɔmanfo nhu no, wɔresi ɔdan kɛse wɔ beae a pii frɛ no “The Point,” a ɛwɔ faako a polisifo no gyina wɔ Tema kwan so wɔ Nungua no. Bɛyɛ bere bi ni a yefii ase yɛɛ ho adwuma. Anya nkɔso akodu he?
Sɛnea mobɛkae wɔ Krataa a na ɛhyɛ December Yɛn Ahenno Som, mu no mu no, ɛyɛ Kwasida, March 27, 1983 na wofii adwuma ase ankasa wɔ beae a yɛresi ɔdan no. Saa bere no na anuanom baawɔtwe pɛ na wɔyɛ adwuma daa wɔ hɔ. Ná yenni nnwinnade ne mfiri ahorow biara. Nanso na yɛasi gyinae akokoduru so sɛ yɛn ankasa besi dan no sen sɛ yɛbɛma wiaseni ɔdansifo bi asi ama yɛn. Na mpo, wɔ Mfirihyia Apem no mu no wiasefo adansifo biara nni hɔ a wobesisi adan ama yɛn wɔ adwuma kɛse a yɛbɛyɛ no mu. Enti ɛsɛ sɛ yɛn nso yenya ho osuahu no bi wɔ ha mprempren.
Bere a yenyaa nkurɔfo afiri a wɔde tutu fam no, yetumi tutuu mmeae a wɔbɛto fapem no pii. Akyiri yi yenyaa afiri a wɔde dɔn dɔte dedaw bi, afiri ketewa bi a wɔde soa dɔte ne nnwinnade afoforo kakra bi. Ɛnnɛ de asɛm no yɛ soronko koraa. Yɛwɔ adwumayɛfo 98 a wɔyɛ adwuma daa a wɔn a wɔatu wɔn ho ama fi asafo ahorow mu a wɔbɛka yɛn ho adapɛn awiei no nka ho.
Ɛnnɛ yɛwɔ adwumayɛbea ma dua adwumfo a nnɛyi mfiri ahorow wɔ hɔ. Yɛn nuanom a wɔwɔ Amerika na wɔde eyinom bɛkyɛɛ yɛn. Yɛwɔ lɔre a ɛsoa dɔte biako nso a anuanom a wɔwɔ Germany no na ɛde brɛɛ yɛn. Nnansa yi ara, onua bi a ofi Ghana ha a ɔyɛ adwuma wɔ faako a wɔresi dan no de afiri a wɔde yɛ nnade ho adwuma fɛm yɛn.
DƐN NA YƐAYƐ?
Nneɛma anya nkɔso pii wɔ ɔdan no ho. Ɛde besi bere a yɛrekyerɛw yi no, tintimbea, office ahorow ne Ahenni Asa no adu baabi a wɔde nkankyee bɔ so. Nokwarem no, wɔde nnua agu Ahenni Asa ne office ahorow no so dedaw. Wɔrekokwaw tintimbea adan no mu. Wɔreto burnt bricks no afa afasu no ho. Faako a wɔbɛtra no de, wɔato ne fapem no awie afei. Wɔafi ase reto n’adum ahorow no. Sɛnea muhu wɔ mfonini a ɛka ho no mu no, yɛayɛ pii.
Ɛho ɔhaw ahorow no ne nea ɛwɔ he? Nea edi kan ne nneɛma ahorow a ɛho yɛ na wɔ Ghana ha no. Sɛ nhwɛso no, bere bi bae a na yennya nsu koraa asram pii. Yedii eyi so denam abura kɛse bi a emu dɔ a yetui a ɛma yenyaa nsu pii no so. Nanso, enkosi bere a yɛtoo nsu no na ɛkame ayɛ sɛ yentumi nyɛ adwuma biara. Mprempren de nsu ho nyɛ na. Nanso, sɛ wɔsan to nsu no mu bio a, yɛn abura kɛse no wɔ hɔ bere nyinaa a yebetumi anya nsu afi mu.
Ɛwom sɛ adwumakuw a ɛyɛ semɛnte no aboa yɛn de, nanso na ɛsɛ sɛ yɛkɔtɔ bi wɔ Togo de ka nea yenya wɔ ɔman yi mu no ho. Saa ara na ɛte wɔ ɔman ho nnade ahorow no nso ho. Ɛtɔ bere bi a yennya abo a wɔapaapae a yɛde bɛhyɛ concrete mpo ntɔ efisɛ wɔn a wɔyɛ ho adwuma no nni nea ɛdɔɔso esiane petrol a wonnya, wɔn mfiri a asɛe anaa biribi foforo nti. Eyi nyinaa akyi no, yɛde anisɔ kɛse ka sɛ, ɛnam Yehowa mmoa so no, wɔn a wɔhwɛ adwuma no so no atumi adi nneɛma ho dwuma ma enti adwuma no anka hɔ ankasa.
NNEƐMA A YƐDE ADI DWUMA
Sɛnea ɛbɛyɛ a wubehu nneɛma a yɛde adi dwuma wɔ ɔdan no ho no, susuw nea edidi so yi ho: Ɛde besi bere a yɛrekyerɛw yi no, yɛatɔ semɛnte a ne dodow boro bag 15,000! Yɛahyɛ concrete a ɛbɛyɛ sɛ basafa 2,000 dedaw. Ɛdefa semɛnte ntayaa ho de, yɛatɔ mmiako mmiako bɛyɛ 44,000 a yɛato emu fã kɛse no ara dedaw. Afei nso yɛatɔ Odum ntaboo bɛyɛ 5,000 ne Wawa ntaboo bɛyɛ 6,000. Eyinom mu pii fi anuanom a wɔyɛ nnua ho adwuma nkyɛn wɔ Kumasi.
Yɛn nuanom a wɔwɔ amannɔne akyerɛ yɛn adwuma no ho anigye kɛse. Pii akyerɛ sɛ wɔbɛpɛ sɛ wɔba ha sɛ nnipa a wɔatu wɔn ho ama na wɔabɛboa yɛn ma yɛasi ɔdan no. Nea ɛyɛ awerɛhow no, ɛkame ayɛ sɛ ɔman yi mu mmara a ɛfa ahɔho ho no mma eyi ntumi nyɛ yiye. Nanso yɛwɔ anidaso sɛ wɔbɛma kwan ma anuanom baasa a wɔwɔ ɔdansi ho nimdeɛ kɛse afi amannɔne aba abɛboa. Eyinom bɛba abɛka anuanom baanu a wofi amannɔne a wɔwɔ ha dedaw no ho. Yɛsrɛ mo, momfa eyi nka Yehowa mpae a mobɔ no ho.
Yɛaka lɔre ne nwinnade ne mfiri ahorow a anuanom a wɔwɔ Germany de aba no ho asɛm. Ɛdefa ɔdan no so bɔ ho no, anuanom a wɔwɔ United States no abrɛ yɛn nkankyee atenten bi a eye sen biara a ebetumi abɔ ɔdan a ne tenten ne ne trɛw yɛ anammɔn 30,400 so. Wɔde nkyerewa 6,000 a wɔde bɛbobɔ nkankyee no nnua no mu kaa ho bae.
Ɛdefa faako a wɔbɛtra no ho no, aluminium mfɛnsere 118 a nhwehwɛ abien abien na ɛhyehyem ne apon 36 yɛ nea anuanom a wɔwɔ England no na ɛde bɛba. Wɔde anyinam ahoɔden ho nneɛma a wobehia wɔ ɔdan no ho nyinaa nso rebrɛ yɛn. Wɔ eyi akyi no, wɔde bricks 194,000 abrɛ yɛn dedaw. Wɔde ade bi a wɔfrɛ no styrofoam bɛhyɛ bricks ne semɛnte ntayaa no ntam a eyi bɛma ɔdan no mu hyew ne nwini ho dwumadi nyɛ den na ɛmmɔ ka pii nso.
Nea ɛka nea ɛwɔ atifi hɔ no ho no, ɛsɛ sɛ yɛtɔ ɔdan ho mfɛnsere nnade 240 ne ne nhwehwɛ bɛyɛ 3,000 fi Togo, a sika no fi ntoboa a anuanom a wɔwɔ France ne Togo ayi no mu. Nneɛma afoforo nso wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛtɔ fi hɔ.
Nneɛma a yɛtɔ fi amannɔne no bi wɔ hɔ a yentua ho sika foforo (duty) biara, na yehu sɛ ɛyɛ Yehowa mmoa ho adanse sɛ Ghana Aban nso ahu yɛn mmɔbɔ sɛ ɔrennye yɛn sika (tax) biara mpɛn pii bere a yɛde yɛn dan no ho nneɛma ba no.
EGYE NTƐMPƐ!
Wɔ nea yɛaka yi mu no, wubetumi ahu sɛ yɛayɛ pii dedaw. Nanso adwuma no fã kɛse da so ara da yɛn anim, na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa de ntɛmpɛ kɛse yɛ adwuma no na ama yɛawie. Ghana Baa Dwumadibea no wɔ ɔhaw ahorow pii a kyere a nneɛma akyere so wɔ faako a yɛwɔ mprempren no na ama aba saa. Ɔhaw no ano aduru koro pɛ ne sɛ yebewie Betel foforo no si wɔ bere tiaa mu na yɛatu akɔ hɔ. Esiane Yehowa nhyira ne yɛn nuanom a wɔwɔ amannɔne no ayamye nti, mprempren yɛwɔ nneɛma a yɛde bɛyɛ adwuma no. Enti yɛreyɛ adwumaden wɔ botae no ho a ɛne sɛ yebewie biribiara ma wɔde Asafo ti no dwumadi akɔ Nungua ebedu 1985 awiei. Eyi ma bere a yedii kan hyɛe no so tew bɛyɛ afe biako! So yebetumi ayɛ?
Ɛyɛ adwuma kɛse paa. Yɛrentumi mfa yɛn ankasa ahoɔden nyɛ. Nanso, ɛnam Yehowa mmoa ne ne nhyira so no, yɛreyɛ adwumaden wɔ saa botae no ho. Pii gyina yɛn mu biara sɛ ankorankoro so. So wuhu no saa? Sɛ yebetumi awie wɔ bere a yɛahyɛ no mu a, na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa hu sɛ Betel foforo no ho adwumayɛ no gye ntɛmpɛ.
DƐN NA WOREYƐ DE ABOA?
Yɛn nuanom a wɔwɔ amannɔne fi ayamye kɛse mu de amannɔne sika a yebehia na yɛde awie adwuma no ama. Biribiara a yɛrentumi ntɔ wɔ ha no, ɛyɛ wɔn pɛ sɛ wɔbɛtɔ na wɔde amana yɛn, esiane sɛ wɔn ani gye yɛn a yɛwɔ ha ne adwuma no ho nti. Nanso dɛn na yɛn ankasa reyɛ de aboa wɔ sika fam wɔ ho?
Efi September, 1982, bere a ɛkame ayɛ sɛ yewiee ɛho nhyehyɛe sɛ yebefi ase ato fapem no, kosi December, 1984, a ɛyɛ asram 28 no, kyerɛwtohɔ ahorow kyerɛ sɛ ntoboa a Asafo ti no nsa kae a wɔahyɛ da akyerɛ sɛ ɛyɛ Betel foforo no ho ntoboa nyinaa yɛ ¢768,137.46. Bere koro no ara mu no, ntoboa a yɛn nsa ka fii anuanom hɔ a wɔahyɛ da akyerɛ sɛ wɔmfa mmoa Ahenni adwuma no, te sɛ ebia akwampaefo atitiriw ne asɛmpatrɛwfo dwumadi, Betel fie dwumadi, nhoma ahorow tintim ne ne kyekyɛ ne nea ɛkeka ho no dodow yɛ ¢799,598.86. N’abien nyinaa nkabom yɛ ¢1,567,736.82.
Yɛpɛ sɛ yɛde aseda kɛse ma wɔ sika fam mmoa a afi anuanom nkyɛn wɔ Ghana aba no ho. Yɛn ani sɔ yɛn nuanom ayamye no, titiriw bere a yesusuw nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔ ebinom a wɔde ntoboa mae fam no, nea wɔde mae no yɛ ‘wɔn asetrade a wɔwɔ nyinaa’ no ho no. Sɛnea Yehowa hyɛɛ bɔ wɔ okunafo a ɔhwɛɛ Elia asɛm no mu no, yegye di sɛ wɔ wɔn fam nso “asikresiam kuruwa no so renhuan, na ngo pɔre no so rentew.”—Luka 21:1-4; 1 Ah. 17:14.
Ɛkã koma ampa sɛ wobehu sɛ ntoboa a ɛkɔ anim ara yiye fi mmofra nkumaa mpo hɔ no. Osuahu ahorow a ɛyɛ anigye wɔ hɔ a ɛfa mmofra a wɔtɔn wɔn nyɛmmoa, wɔboaboa sika a wɔde ma wɔn ano anaa wɔn ankasa bɔ mmɔden nya sika na wɔde eyi ma sɛ ntoboa wɔ Betel foforo a wɔresi no ho no. Ɛda adi sɛ mmofra yi mu pii wɔ awofo a wɔhyɛ wɔn nkuran, awofo a wohu asɛyɛde a yɛn mu biara wɔ sɛ yɛbɛboa sika fam wɔ ofie no si ho kɛse no. Adeyɛ yi ma yɛn koma ani gye ankasa.
SO YEBETUMI AYƐ PII?
Nanso, sɛ yɛhwɛ Ghana nyinaa a, ɛma yebisa sɛ: So eyi ne nea yɛwɔ “nyinaa” ankasa wɔ sika fam a yebetumi de aboa ma wɔde asi Betel foforo no? So ntoboa yi ara ne nea yebetumi ayi ankasa?
Nokwasɛm ankasa no ne sɛ bere a yɛnnka amannɔne sika a ɛka ho ho asɛm no, sika dodow a yɛada no adi wo atifi hɔ no nyɛ nea ɛbɛso ɛho adwuma no wɔ asram abien mu wɔ ka a yɛbɔ wɔ ho wɔ yɛn ha sika mu no mu.! Na egyee yɛn asram 28 ansa na yɛrenya ɛno! Ɛda adi sɛ bere a yɛwɔ adawurubɔfo a wɔboro 27,000 no, yebetumi ayi ntoboa a ɛboro saa na yɛde asi ɔdan ahyɛ Yehowa anuonyam! Enti yebetumi abisa sɛ:
So yɛn ani sɔ ɔdan no ankasa? So yehu asɛyɛde a yɛn mu biara wɔ sɛ ɔbɛboa ma wɔasi ɔdan a ɛbɛyɛ honhom mu nhyira kɛse no ankasa? Sɛ́ ankorankoro no, so wuhu sɛ wowɔ asɛyɛde sɛ ɛsɛ sɛ woboa ma wosi ɔdan no? Mpɛn ahe na woka ɔdansi adwuma no ho asɛm wɔ Yehowa mpae a wobɔ no mu? Ampa, Yehowa ne ne nkurɔfo reyɛ adwuma na ɔrehyira adwuma no so. Nanso ɛnsɛ sɛ yebu eyi sɛ ɛnyɛ asɛnhia. So wosrɛ ne mmoa? Na so wode aseda ma no wɔ nea yɛatumi ayɛ abesi saa bere yi no ho?
Nea asafo binom ayɛ ne sɛ wɔabɔ wɔn tirim sɛ wɔde sika pɔtee bi bɛmana Asafo ti no ɔsram biara wɔ baa dwumadibea foforo no si ho. Eyi akyi no, wɔwɔ ntoboa adaka titiriw a wɔakyerɛw ho “BETEL FOFORO ADWUMA.” So mo asafo no wɔ ntoboa adaka a ɛte saa ma Betel foforo no si ho ntoboa? So wɔde ntoboa a wonya wɔ adaka yi mu no mana Asafo ti no ɔsram biara? So wɔkenkan ɛho aseda nkrataa no kyerɛ anuanom?
Na tirimbɔ a ɛne sɛ wɔde sika bɛmana Asafo ti no ɔsram biara ma wɔde ayɛ adwuma no nso ɛ? So mo asafo no wɔ bi? Wɔn a wɔwɔ bi no hu sɛ ɛho hia sɛ wɔhwehwɛ mu efi bere kɔ bere mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛma sika no akɔ soro esiane nneɛma bo a ɛkɔ so yɛ den no nti. Sɛ mowɔ bi a, so ɛho hia sɛ mohwehwɛ mu hwɛ?
YƐN NYINAA BETUMI ABOA
Ebinom a wɔwɔ sika wɔ sikakorabea akyerɛ mu akyerɛ sikakorabeafo no sɛ wɔmfa sika dodow bi nkɔma Asafo ti no ɔsram biara na wɔmfa nyɛ ɔdansi adwuma no. Wɔne wɔn sikakorabeafo no ayɛ eyi ho nhyehyɛe sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremmu wɔn ani ngu eyi so. So yebetumi aka eyi ho asɛm akyerɛ afoforo pii?
Nanso ɛho nhia ankasa sɛ wunya sika wɔ sikakorabea ansa na woatumi ayɛ nhyehyɛe bi a ɛte sɛɛ. Anuanom mmarima ne mmea a ebinom nni pii mpo bɔ wɔn tirim sɛ́ ankorankoro anaa abusua sɛ wɔde sika dodow bi, ɛmfa ho sɛnea ɛyɛ ketewa, bɛmana Asafo ti no daa ɔsram na wɔde ayɛ adwuma no. Na wɔyɛ saa bere nyinaa sɛnea wɔabɔ wɔn tirim no. Yɛn ani sɔ eyi nso kɛse.
Sika kakraa bi na wɔde ma bere nyinaa adwumayɛfo te sɛ akwampaefo atitiriw, Betelfo ne wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ Betel foforo no ho no ɔsram biara. Nanso da koro bi Ɔdansi Boayikuw no nsa kaa krataa a emu nsɛm yɛ anigye bi fii ɔdan no ho adwumayɛfo no biako hɔ a ne fã bi ka sɛ:
‘“Onipa ɔnokwafo nhyira bɛdɔɔso,’ saa na Ɔhene Salomo onyansafo no kyerɛwee wɔ Mmebusɛm 28:20. . . . Sɛ́ ɛyɛ nea mɛtra ha bere tiaa bi anaa mfe pii no, Betel foforo no ho adwuma a mereyɛ no ayɛ nhyira kɛse ama me fi Yehowa hɔ. Ɛyɛ hokwan a manya sɛ menya nkɔso sɛ honhom muni, . . . na m’asetra mu anigye ne osuahu redɔɔso. . . . Esiane eyi nti mahwɛ me ho ahyia sɛ ebia metumi atɔn agyapade bi a mewɔ na mede sika no ama sɛ ntoboa ma wɔde asi ɔdan a yɛresi ama Yehowa wɔ Ghana yi, nanso minni biribiara a ɛte saa. . . . .
“Enti, sɛnea Yehowa ahyira me no, mede me sika kakra a wɔde ma me no mu fã rema sɛ ntoboa asram asia de aboa ɔdansi adwuma no.”
Hwɛ sɛnea eyi yɛ nneɛma ho a wosusuw, hwɛ sɛnea ɛhyɛ nkuran!
Betel odwumayeni biako nso pɛe sɛ ɔde sika boa adwuma no. Ná onni sika no bi. Nanso na onim sɛ bere dodow a ɔda so wɔ Betel no de, baabi a ɔbɛda ne n’aduan de, Yehowa bɛma ne nsa aka da biara. Enti ɔkyerɛw Asafo ti no sɛ wɔmfa sika kakraa a wɔde ma no ɔsram biara no nyinaa nto hɔ asram anan na wɔmfa mmoa ɔdansi adwuma no.
Betelni foforo kyerɛw Asafo ti no sɛ wɔntew sika kakra a wɔde ma no ɔsram biara no so bɛyɛ 15% mfa mmoa ɔdansi adwuma no nkosi bere tenten bi. Afoforo a akwampaefo atitiriw ka ho de bere tenten aboaboa wɔn sika ano asan de abɛbɔ Asafo ti no bosea a mfɛntom biara nni ho sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya sika de asi ɔdan no.
Ampa, wɔ eyi mu no ebia na sika no nyɛ nea ɛdɔɔso. Nanso ahokeka no yɛ nea ɛso na ɛda nea yegye di adi a ɛne sɛ, obiara, ɛmfa ho sɛ sika ahe na onya no, betumi ayi ntoboa de aboa ɔdansi adwuma no. Ɛno ne asɛm no. Na yɛn nyinaa betumi akae yɛn ho yɛn ho ma yɛayɛ eyi a yɛde obu a ɛfata ma Kyerɛwsɛm mu nnyinasosɛm ahorow a ɛwom no na ɛbɛyɛ saa.—1 Kor. 16:2; 2 Kor. 9:5-8; 1 Be. 29:14.
AHIADE AFOFORO
Wɔ sika fam ntoboa akyi no, akwan afoforo bɛn so na wubetumi aboa ma adwuma no akɔ so ntɛm?
Ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛbɛka sɛ nsa a na yɛto frɛ Accra/Tema asafo ahorow ma wɔbɛyɛ adwuma adapɛn awiei a esiane nneɛma ahorow nti yegyaee kakra no yɛ nea yɛasan afi ase bio. Mprempren yɛto nsa frɛ asafo ahorow abien anaa abiɛsa ma wɔbɛboa dapɛn awiei biara. Na wɔyɛ adwuma yiye. Yesi so dua wɔ ha bio sɛ ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔba bɛyɛ adwuma no de mmofra nkumaa ka wɔn ho ba, efisɛ ɛyɛ nea asiane wom sɛ mmofra bɛnantenantew adwumayɛbea ha. Mmofra a wɔanyinyin kakra a wɔne wɔn awofonom betumi ayɛ adwuma no betumi aba. Afei nso, sɛ wɔn a wɔreba no yɛ nhyehyɛe de wɔn awia aduan fi fie ba sɛnea ebinom yɛ bere a wɔrekɔ nhyiam no a, ɛbɛboa ma yɛn aduannoa ho nsɛnnennen a ɛwɔ ha no ano abrɛ ase.
Mprempren de ɛte sɛ nea adwumayɛfo 98 a wɔwɔ ha no nkutoo ne wɔn a yɛanya dabere ne ade ama wɔn. Yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛbɛtrɛw mu sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi afa wɔn a wɔbɛyɛ adwuma daa kakra aka ho. Nanso, wɔn a wɔatu wɔn ho ama a wobetumi de adapɛn awiei anaa wɔn akwamma bere abɛyɛ adwuma no betumi ayɛ saa bere nyinaa. Wɔn a yɛrehwehwɛ wɔn titiriw mprempren ne wɔn a wɔde wɔn ho bɛma a wɔyɛ dua adwumfo a wɔbɛboa ma wɔayɛ nkongua, nnaka ne nneɛma afoforo. Yehia afoforo nso a wobetu wɔn ho ama a wonim nnwuma ahorow te sɛ adanto, ɔdorobɛn mu nsu ho adwumayɛ, wɔn a wɔfrɛ wɔn tile setters, steel benders anyinam nkanea ho adwumayɛfo, ne nea ɛkeka ho.
Yɛhyɛ nyansa sɛ adwumfo a wɔte sɛɛ nyinaa a wɔbɛpɛ sɛ wotu wɔn ho ma de boa no mfa wɔn din mma Ɔdansi Boayikuw no. Wɔn mu pii de wɔn Akwammisa nkrataa abrɛ yɛn dedaw. Ɔdansi Boayikuw no ne wɔn a wɔte sɛɛ bedi nkitaho ahu sɛ ebia wobetumi de wɔn ho ama abɛboa ne bere ko a ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa. Afoforo a wɔnhyehyɛɛ ɛho Akwammisa nkrataa no nsa betumi aka bi afi wɔn asafo mu ɔkyerɛwfo no anaa Asafo ti no hɔ na wɔnam mpanyimfo kuw no so de aba. Ɛno akyi no Ɔdansi Boayikuw no ne wɔn bedi nkitaho na wɔahu bere a wɔn ho behia.
Dabere a ɛwɔ ha no sua. Nanso yebetumi ayɛ nsiesiei wɔ faako a wɔresi dan no ama adwumfo a wɔbɛba no. Wɔ ɔkwan foforo so no sɛ ebinom ankasa wɔ dabere wɔ Accra/Tema, anaa wɔn ankasa betumi ayɛ bi ho nhyehyɛe a, ɛno bɛyɛ nea eye ma yɛn. Yɛbɛyɛ nhyehyɛe a ɛfa wɔn anɔpa biara aba adwuma na yɛasan de wɔn akɔ bere a wɔapɔn.
DƐN BIO?
Dɛn bio na wubetumi ayɛ aboa? Pii. Sɛ nhwɛso no, ɛtɔ bere bi a yennya abo a wɔde gu concrete ne anhwea mpo. Bere foforo nso wɔ hɔ a yɛn nsa tumi ka abo ne anhwea a yɛpɛ no nyinaa. Nanso lɔre a ɛsoa dɔte biako pɛ na yɛwɔ, na ebetumi asɛe nso. Sɛ anuanom a wɔwɔ lɔre a wɔde soa dɔte anaa mfiri a ɛte saa no bi a wɔbɛpɛ sɛ wɔde ma yɛn ma yɛde yɛ adwuma dakoro anaa nnanu no bɛma yɛate a!
Ɛrenkyɛ na yɛafi ase asiesie asase no ani. Eyi kyerɛ sɛ dɔte a enye pii wɔ hɔ a wobeyi afi hɔ. Yebehia mfiri a etu dɔte ne nea ɛsoa no bi kɛse. Eyi bi a yɛbɛkɔ akɔfa atua ho ka no bɛma ɔdan no bo ka no akɔ soro. So wowɔ mfiri yi bi? So wubetumi de ama yɛn dakoro anaa nnanu? Ma yɛn aso nte. Eyi yɛ hokwan fɛfɛ a woanya a wode biribi bɛma de aboa ɔdansi adwuma no.
Dɔte a atwa Betel foforo no ho ahyia no nye. Eyi kyerɛ sɛ dɔte a eye ho hia na ama wɔatumi adua nnua ne nhwiren ne ade a ɛbɛma ɛhɔ ayɛ fɛ. So dɔte pa a ɛte saa bi wɔ faako a wowɔ no? Ma yɛnte.
Ɛnyɛ nnua ne nhwiren a ɛbɛma ɛhɔ ayɛ fɛ nko na yɛpɛ sɛ yedua na mmom yɛpɛ sɛ yedua nnuadewa ne nnuaba ahorow nso te sɛ Eden. Yɛpɛ kube a wodua anaa nea afifi a wobetumi atu asan adua. Yɛpɛ mango, paya ne akutu aba, titiriw agriculture de no. Na dua a wɔfrɛ no Indian Almond (ebinom frɛ no Ateaa) , Whistling Pine (ebinom frɛ no buronya dua) , Royal Palm (ɛte sɛ Nkresia) ne nea ɛtete saa no nso ɛ? So wubetumi aboa yɛn ma yɛanya n’aba?
Yɛrema mo aso ate eyi mprempren efisɛ yɛpɛ sɛ yefi ase dua no ntɛm ara wɔ osutɔ bere a ebefi ase ɔsram yi mu baabi no mu.
Pii wɔ hɔ a wubetumi ayɛ de aboa. Ebia wowɔ biribi a yensusuw ho a ɛho bɛba mfaso ama yɛn. Ebetumi ayɛ dua bi, afiri bi, adwinnade bi anaa biribi foforo bi. Yɛsrɛ wo ma yɛnte. Yebetumi aka saa ara wɔ nnuan a wɔde bɛboa no ho. Mpɛn pii yɛn nsa ka aburow, asɛ, ne nea ɛkeka ho nkotoku ahorow. Yɛn ani sɔ ne nyinaa. Yɛsrɛ wo hu sɛ bayerɛ anaa ɔde biako anaa borɔde anaa kwadu siaw mpo yɛ nea ani sɔ.
ƐFA WO HO
Nneɛma pii akɔ so na ɛda so ara rekɔ so wɔ Nungua. Ɛfa wo ho sɛ Yehowa Ɔdansefo a wahyira ne ho so. Yɛpɛ sɛ wokyerɛ fa a ɛfa wo ho yi denam ɔdansi adwuma no a wobɛboa wɔ akwan horow pii a wɔakyerɛ wɔ atifi ha no so.
Mprempren de ɛkame ayɛ sɛ ɔmanfo nhu ɔdan no yiye. Nnipa kakraa bi na wonim nea ɛrekɔ so wɔ dɔte siw a wohu wɔ kwan no ho no akyi. Awiei koraa no sɛ yewie ɔdan no na anim da hɔ a ɔmanfo hu a, yegye di sɛ ɛbɛka wɔn a wonnye nni mpo ma wɔayi Yehowa ayɛ wɔ “anwonwade” a ɛne ɔdan soronko a ɛte sɛɛ a yɛasi wɔ nnɛ berem Ghana no ho.
Mprempren mpo, wiasefo binom a wɔakɔ faako a yɛresi ɔdan no hu sɛ sɛnea adwuma no di mũ no yɛ nwonwa. Wɔn mu biako bisaa faako a wɔtetee adwumayɛfo no. Onua bi kyerɛkyerɛɛ mu sɛ wɔtetee wɔn wɔ Ghana. Onua no de kaa ho sɛ: “Nsonsonoe a ɛwom ne sɛ wɔyɛ Yehowa Adansefo, na wofi wɔn kra nyinaa mu yɛ adwuma efisɛ wɔyɛ adwuma ma Yehowa.” Aban panyin foforo a ɔbaa hɔ kaa adwuma a wɔyɛ no ho asɛm sɛ “emfi wiase yi mu.”
Aban adwumayɛfo a wɔhwɛ adansi ho nsɛm so ntaa mma ha. Bere a wɔbaa ha da koro bi no, onua a ɔhwɛ adwuma no so no bisaa wɔn nea enti a wɔmmaa hɔ bere tenten no. Nea mmuae a wɔmmae no kyerɛ ne sɛ: ‘Yenim nea ɛrekɔ so. Yɛn ho nhia kɛse wɔ ha. Enti na yɛmma no.’ Na efi saa bere no wɔmmae bio!
So woahu ɔdan no nnansa yi? Yɛhyɛ wo nkuran sɛ bere foforo a wobɛba Accra no, fa ka wo nhyehyɛe ho na kɔhwɛ faako a wɔresi ɔdan no. Anuanom no reyɛ nhyehyɛe a ɛbɛma wɔde ahɔho a wɔte sɛɛ nyinaa akyinkyin hɔ. Ɛnyɛ sɛ yɛreboaboa yɛn ho, yebetumi aka akyerɛ wo sɛ adwuma a ɛrekɔ so wɔ hɔ a wubehu no yɛ nea ebia wunhuu bi saa da wɔ Ghana. Ɛyɛ ɔdan a ɛyɛ fɛ a obiara a ɔsom Yehowa betumi de ahoahoa ne ho. Yegye di nso sɛ ɛbɛkanyan wo koma ma woakamfo Yehowa te sɛ nea Ɔhene Dawid yɛe wɔ ntoboa a wonyae wɔ asɔrefi no si ho no:
“Wo [Yehowa] na kɛseyɛ ne mmaninyɛ ne anuonyam ne nimdi ne aseda wɔ wo, . . . Wo, [Yehowa], na ahenni wɔ wo, . . . na afei yɛn Nyankopɔn, yɛn de yeyi w’anuonyam din no ayɛ.”—1 Be. 29:11-13.
[Kratafa 3 mfoni]
Wɔde nnua a wɔde nkankyee bɛbɔ so no gu ɔdan no so na womiamia mu wɔ soro hɔ a, wɔretwɛn sɛ wɔbɛbɔ so sɛnea muhu yi
[Kratafa 4 mfoni]
“. . . Agyinatufo pii mu na ebegyina.” (Mmeb. 15:22) Anuanom a wɔrehwɛ adwuma no so no hwɛ ɛho “plan” no mu bere biara na wosusuw ho sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu sɛ nea eye no na wɔreyɛ no
[Kratafa 6 mfoni]
Abantofo a wɔn ho akokwaw reyɛ adwuma. Nea afi mu aba? “Bricks” afasu a edi mu a ɛremma yɛmmɔ ka ntɔ “paint” (hwɛ mfonini a ɛwɔ atifi hɔ no)