Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/95 kr. 3-4
  • Mo Asafo no Ahenni Asa Fata?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mo Asafo no Ahenni Asa Fata?
  • Yɛn Ahenni Som—1995
Yɛn Ahenni Som—1995
km 5/95 kr. 3-4

Mo Asafo no Ahenni Asa Fata?

1 Hyia a yehyiam gye nkyerɛkyerɛ fi yɛn Kyerɛkyerɛfo Kunini, Yehowa, hɔ no, ayɛ nokware som mu ade titiriw. Yehowa ka kyerɛɛ ne diyifo Mose sɛ: “Boaboa ɔman no ano ma me, na memma wontie me nsɛm a wonsua mfa nsuro me, nna a wɔde te ase, asase so nyinaa, na wɔmfa nkyerɛ wɔn mma.” (Deut. 4:10) Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔakɔ so anya ɔkyerɛkyerɛ no, Yehowa hyɛe sɛ wonsi ntamadan a ɛbɛyɛ beae a wɔde nokware som bɛma wɔ hɔ wɔ Israel man mu. Wɔtoo nsa frɛɛ obiara sɛ ɔmfa honam fam nneɛma a ɔwɔ no bi nyi ntoboa na wɔde atua ɔdan no si ho ka.

2 Nkurɔfo no boaa yiye. Nea efi mu bae: Wonyaa ntoboa bebree a na ɛdɔɔso sen nea na wohia no koraa. Ɛda adi sɛ wɔn a na wɔn koma pɛ no na woyii ntoboa no. Kyerɛwtohɔ no bɔ yɛn amanneɛ sɛ wɔn ‘koma kanyan wɔn,’ wɔn “koma kaa wɔn.” Yiw, ntoboa a woyi de boaa ntamadan no si no kyerɛɛ Yehowa mu gyidi a na wɔwɔ, na ɛdaa koma pa a wɔwɔ ne mmoa a wɔde ma wɔ nokware som ho adi.—Ex. 35:20-29; 36:4-7.

3 Saara na nnɛ, Yehowa nkurɔfo de anigye fi wɔn pɛ mu yi ntoboa de sisi nhyiambea ahorow de siesie hɔ na wɔboa nokware som. Hwɛ nhyira ara a ɛyɛ sɛ yehu sɛ nnipa pii rebɛka yɛn ho ma yɛasom wɔ ‘Yehowa bepɔw so, efisɛ wɔn nso pɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛ wɔn na wɔnantew n’akwan so.’ (Yes. 2:3) Enti Ahenni Asa ahorow di dwuma titiriw wɔ nkɔso a nokware som nya mu, efisɛ ɛhɔ ne mmeae titiriw a Yehowa nkurɔfo hyiam gye nkyerɛkyerɛ fi Ne hɔ.

4 Nea Yehia no Gye Ntɛmpɛ: Ɛyɛ abotɔyam sɛ yehu sɛ Yehowa rehyira yɛn adwuma no so wɔ yɛn man yi mu ne wiase nyinaa. Yehowa akɔ so ayɛ adwuma no ‘ntɛm’ ma nkɔanim aba. Wɔ Ghana no, yɛde asafo ahorow 722 na efii 1995 ɔsom afe no ase, nea ɛboro afe a etwaam no de so 49. Akyinnye biara nni ho sɛ bere a asafo ahorow redɔɔso yi, Ahenni Asa pii ho hia.

5 Nanso, Ahenni Asa a wosi wɔ ɔman yi mu no sua sen asafo afoforo a wɔtew no. Ahenni Asa pii wɔ hɔ a asafo bɛboro biako na wohyiam wɔ so. Wɔ nkurow akɛse mu no, asafo ahorow bɛyɛ anum anaa asia na wohyiam wɔ Ahenni Asa biako so. Mmeae kakraa bi wɔ hɔ mpo a asafo ahorow no nni beae a wohyiam a wobetumi aka sɛ ɛyɛ wɔn ankasa de. Nokwarem no, hia a yehia Ahenni Asa pii de adi mprempren ne daakye nkɔso ho dwuma no yɛ ɔhaw a yehyia wɔ ɔman no nyinaa mu a ehia sɛ yesusuw ho anibere so.

6 Ntayaa (Tiles) a Wɔde Kuru Dan: Wɔ ɔman yi mu no, ade biako a ne bo yɛ den paa wɔ Ahenni Asa si ho ne ɛso kuru. Enti, sɛnea ɛbɛyɛ na ka no so atew na Ahenni Asa si anya nkɔso no, Asafo ti no ama wɔyɛ ntayaa a wɔde kuru dan wɔ Betel. Sɛ wode ntayaa toto nneɛma afoforo a wɔde kuru dan ho a, wuhu sɛ ne bo yɛ mmerɛw. Ɛkyɛ, na ɔhyew ntumi mfa mu, na ɛma asa no so yɛ nwini wɔ yɛn wim tebea a ɛyɛ hyew no mu.

7 Mubetumi atɔ ntayaa no bi tẽẽ, na Asafo ti no lɔre de akɔ beae a moresi asa no. Ɛwom sɛ na asafo ahorow bi a wɔn ani gye ho sɛ wɔde ntayaa bekuru wɔn asa ahorow no nni sika de, nanso wobisaa bosea fii Asafo Ti Ahenni Asa Foto no mu. Bere a wɔpenee so sɛ wɔbɛma wɔn bosea no, wɔmaa wɔn ntayaa mmom sen sɛ anka wɔbɛma wɔn sika. Eyi ama ayɛ mmerɛw ama anuanom no sɛ wobekuru wɔn asa no na wɔayɛ wɔn nhyiam horow, bere a wogu so reyɛ adwumaden de awie nea aka no.

8 Sɛ asafo ahorow a ɛwɔ nkurow akɛse mu no bɛfata ama ntayaa a wɔde kuru dan ho bosea no a, ɛsɛ sɛ wonya asase ho krataa (indenture) bi a wɔde ahyɛ mmara mu a ɛkyerɛ sɛ asase no yɛ wɔn de koraa ampa, adansi ho nhyehyɛe a wɔapene so ne tumi krataa a ɛma wɔn kwan sɛ wonsi dan no. Ɛsɛ sɛ asafo ahorow a ɛwɔ nkuraase a ebia ɛyɛ den ma wɔn sɛ wobenya adansi ho nhyehyɛe a wɔapene so ne tumi krataa a ɛma wɔn kwan sɛ wonsi dan no nya krataa a ɛhɔ hene de ne din ahyɛ ase anaa wadi ho adanse na ɔmantam no mmarahyɛ bagua (district assembly) no de wɔn agyiraehyɛde atim so.

9 Ɛsɛ sɛ asafo ahorow a ebia wɔn ani begye ho sɛ wɔde ntayaa bekuru wɔn Ahenni Asa no ma Asafo ti no aso te, bere a wɔreyɛ adu beae a wobekuru so no. Sɛ wɔka ɔkwan a wɔbɛfa so anya ntayaa no ho asɛm wie a, Asafo ti no adansi adwumayɛfo no mu biako bɛba beae a wɔresi Asa no abɛkyerɛ sɛnea wɔde nnua begugu so ansa na wɔn nsa aka ntayaa no.

10 Sika a Yɛde Bɛboa: Mo asafo no wɔ n’ankasa Ahenni Asa? Ɛhɔ yɛ mã boro so bere nyinaa, na moreyɛ nhyehyɛe sɛ mobɛtrɛw mu anaasɛ mubesi foforo koraa? Ɛho hia sɛ yefi ayamye mu boa nhyehyɛe biara a ɛte saa sɛnea Israel man no nso yɛe no. Sɛ́ ebia asafo bi besi gyinae sɛ ɛde ntayaa anaa nneɛma foforo bekuru asa no, nea ehia titiriw ne sɛ yebenya koma a ɛpɛ a ɛbɛkanyan yɛn ma yɛde yɛn ho ne yɛn nneɛma ama de aboa Ahenni Asa no si ne ne siesie. Ebinom ahu sɛ ɛboa sɛ wobedi nhwɛso a ɛwɔ 1 Korintofo 16:2 no akyi na bere biara wɔayi sika bi ato hɔ sɛ wɔde bɛboa Ahenni Asa si adwuma no. Afoforo a wobetumi aboa asafo no denam boseabɔ so no abɔ mmɔden de sika bi a wonhia no mprempren abɔ bosea, na eyi aboa kɛse esiane nneɛma bo a ɛkɔ soro kɛse no nti.

11 Wɔ mmeae a asafo ahorow pii hyiam wɔ ­Ahenni Asa biako so no, ɛsɛ sɛ foforo a wobesi no yɛ obiara ahiasɛm. Ɛnsɛ sɛ ɛba sɛ asafo biako a ɔwɔ asa susuw sɛ asa foforo a wobenya no yɛ asafo ahorow a aka no asɛm. Wɔn nyinaa mmoa ho behia kɛse na wɔasi foforo. Ɛnyɛ Ahenni ho asɛmpaka no mu nko na Yehowa nkurɔfo reyɛ pii nnɛ, na mmom wɔreyɛ pii nso wɔ mmeae pa a wobenya asom mu. Ahenni Asa ho hia seesei sen bere biara. Wobɛyɛ w’afam de de adi ahiade no ho dwuma?—Fa toto Malaki 3:10 ho.

[Kratafa 4 adaka]

AHENNI ASA AHOROW BI A WƆDE NTAYAA AKURU

Kwashieman North

Sempe Manprobi

Sogakorpe

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena