“Monyɛ Nnipa A Wɔwɔ Ayɛ”
“Na Kristo asomdwoe nni panyin mo koma mu . . . Na monyɛ nnipa a wɔwɔ ayɛ.”—KOLOSEFO 3:15.
1. Dɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo hwɛ yiye wɔ ho wɔ bonniayɛ wiase yi mu?
AFEHA 20 a ahaw yi adu baabi a nnipa pii werɛ afi sɛnea wɔbɛyɛ nnipa a wɔwɔ ayɛ. Bere a mfe retwam no wɔntaa nte anisɔ nsɛm “mesrɛ wo” ne “meda wo ase” ahe biara. Bonniayɛ abɛyɛ “wim,” pɛsɛmenkominya honhom a edi wiase yi mufo so no fã. (Efesofo 2:1, 2) Ɛwom sɛ Kristofo nyɛ “wiase no fã” de, nanso ɛsɛ sɛ wɔtra wiase no mu bere tenten a mprempren nneɛma nhyehyɛe yi wɔ hɔ no. (Yohane 17:11, 16, NW) Enti, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ yiye na amma wɔannya bonniayɛ honhom yi bi na wɔn aseda a wɔde ma so anhuan.
2. (a) Akwan horow a Yehowa nkoa betumi afa so de aseda ama no no bi ne nea ɛwɔ he? (b) Dɛn na wɔhwehwɛ sen ano a wɔde bɛda ase ara kwa?
2 Mpɛn pii no wobetumi akyerɛ Onyankopɔn papayɛ ho anisɔ wɔ nkɔmmɔ a wɔne wɔn mfɛfo gyidifo bɔ no mu. Ebia Kristofo a wɔahyira wɔn ho so no mu dodow no ara da wɔn soro Agya, Yehowa, no ase wɔ ne papayɛ ho mpɛn pii da biara na wɔyɛ saa wɔ wɔn ankasa mpaebɔ mu. Wɔde aseda ma nso wɔ asafo mpaebɔ ahorow mu ne bere a wɔtow Ahenni nnwom wɔ Kristofo nhyiam horow ase no. Ampa, ɛyɛ mmerɛw kɛse se wɔbɛka nsɛm de ada ase. Nanso, ɔsomafo Paulo hyɛɛ anuanom a na wɔwɔ Kolose no nkuran sɛ mma wɔnka ara kwa sɛ wɔda ase, na mmom wɔnkyerɛ anaa wɔnna no adi sɛ wɔyɛ nnipa a wɔwɔ ayɛ wɔ wɔn da biara asetra mu. Ɔkyerɛwee sɛ: “Na Kristofo asomdwoe nni panyin mo koma mu, ɛno mu nso na wɔafrɛ mo aba, nipadua biako mu; na monyɛ nnipa a wɔwɔ ayɛ.”—Kolosefo 3:15.
Nneɛma Pii Nti a Ɛsɛ sɛ Yɛde Aseda Ma
3. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa da Onyankopɔn ase?
3 Obiara a ɔte ase no wɔ nneɛma pii a obegyina so de aseda ama. Nea edi ne nyinaa kan ne nkwa mu ankasa a ɔwɔ, efisɛ biribiara a yɛwɔ anaasɛ yɛayɛ ho nhyehyɛe no dan yɛ nea mfaso nni so mpofirim sɛ yɛhwere yɛn nkwa a. Odwontofo Dawid hyɛɛ adesamma nyinaa sɛ wɔnkae sɛ “wo [Yehowa Nyankopɔn] nkyɛn na nkwa nsuti wɔ.” (Dwom 36:9) Ɔsomafo Paulo maa Atenefo kaee saa nokware koro no ara bere a na ɔrekasa wɔ Areopago no. (Asomafo no Nnwuma 17:28) Yiw, nkwa mu a yɛwɔ ara kwa no yɛ nea ɛdɔɔso a yebegyina so de aseda ama. Na anisɔ a yɛwɔ no kɔ so yɛ kɛse bere a yɛkae tumi ahorow a Onyankopɔn de ama yɛn no—sɛnea yetumi ka nneɛma hwɛ na yɛte ne dɛ, sɛnea yetumi so nneɛma mu, sɛnea yɛte nneɛma hua, sɛnea yetumi hu ade ne asɛm a yetumi tie ho nkate—sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi anya asetra mu anigye na yɛahu sɛnea abɔde a atwa yɛn ho ahyia no yɛ fɛ.
4. Dɛn na ɛbɛbɔ yɛn ho ban na yɛammu asetra mu nhyira horow no adewa?
4 Nanso, nnipa pii bu nneɛma pa yi adewa. Ɛyɛ bere a nkate bi te sɛ bere a wonhu ade anaasɛ wontumi nte asɛm no nkutoo na nnipa pii hu nhyira horow a wɔantumi anhu bere a wɔwɔ akwahosan pa no. Ɛho hia sɛ Kristofo a wɔahyira wɔn so no hwɛ yiye bere nyinaa na amma wɔankɔyɛ nnipa a wonni anisɔ. Ɛsɛ sɛ wɔyere wɔn ho sɛ wobekura aseda su koro no a odwontofo no daa no adi no bere a ɔkaa eyi no mu: “[Yehowa], me Nyankopɔn, w’anwonwade ne w’adwene, woama adɔɔso ama yɛn, wɔrentumi mfa biribi nto wo ho; anka mɛka na makasa ho, ɛdɔɔso sen sɛ wobetumi akan.”—Dwom 40:5.
5. Wɔ nhyira afoforo a Israel nya fii Yehowa hɔ nyinaa akyi no, aniwude bɛn na wɔyɛe?
5 Dwom a ɛto so 106 kaa nneɛma a ɛyɛ nwonwa a Yehowa yɛ maa ne nkurɔfo, Israel no boom de yɛ anwensɛm. Sɛnea Onyankopɔn ne wɔn dii no ka nnepa ne asetra mu nhyira horow a ɔde ma adesamma nyinaa no ho. Nanso wɔ mfaso horow yi nyinaa akyi no, odwontofo no da no adi sɛ Israelfo ankɔ so ankyerɛ anisɔ wɔ nhyira soronko a wonyae no ho. Nkyekyem 13 ka sɛ: “Wɔn werɛ fii ne nneyɛe ntɛm, wɔantwɛn n’agyinatu.” Dabi, na ɛnyɛ bere a ɛretwam no na ɛmaa wɔn aseda no brɛ ase nkakrankakra ma enti wɔ mfe du du bi akyi no na wɔnkae nea na Onyankopɔn ayɛ ama wɔn no bio. Mmom no wɔn werɛ fii ntɛm ara—anwonwade atitiriw a Yehowa yɛ maa wɔn wɔ Po Kɔkɔɔ no mu no wɔ adapɛn bi ntam. (Exodus 16:1-3) Awerɛhosɛm ne sɛ nsɛm a esisii akyiri yi kyerɛe sɛ bonniayɛ bɛyɛɛ wɔn su daa wɔ wɔn asetra mu.
Ɔkwan a Wɔbɛfa so De Aseda Ama
6. Dɛn nti na ntotoso du du a wɔhwehwɛ no amma wɔn ho ankyere wɔn?
6 Yehowa kyerɛkyerɛ akwan pɔtee abiɛsa a na ɛsɛ sɛ Israefo fa so kyerɛ anisɔ a eye wɔ ne papayɛ ho no mu fefeefe. Na biako ne sɛ wobedi ntotoso du du ahyɛde no so denam nnɔbae ne ayɛmmoa nyinaa mu ntotoso du du a wɔde bɛma Yehowa no so. (Leviticus 27:30-32) Na eyi remma wɔn ho nkyere wɔn efisɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ owia, asase a ɛma nnɔbae no, osu, ne sɛnea nneɛma nyin a ɛyɛ nwonwa no. Enti, na ntotoso du du a wɔde bɛma asɔfo a wɔwɔ Yehowa trabea hɔ no yɛ aseda a wɔde ma Yehowa ankasa wɔ ɔkwan pa so.
7. (a) Na nsonsonoe titiriw bɛn na ɛwɔ ntotoso du du ne ntoboa ahorow a woyi ma Yehowa no mu? (b) Dɛn na eyi maa Israelfo no kwan ma wotumi daa no adi wɔ wɔn ankasa ho?
7 Na ade foforo a wɔhwehwɛ ne ntoboa a wobeyi ama Onyankopɔn a sɛnea Israelni biara koma ka no na ɛkyerɛ sika dodow a oyi no. Ɛwom sɛ wɔankyerɛ dodow pɔtee bi de, nanso na ɛsɛ sɛ ntoboa no yɛ aba a edi kan—awi, bobesa, ne nguan nhwi a edi kan. (Numeri 15:17-21; Deuteronomium 18:4) Afei nso, Yehowa hyɛe sɛ ɛnsɛ sɛ ne nkurɔfo ‘twentwɛn sɛ wɔde biribi bɛma’ na ɛsɛ sɛ wɔde “wɔn aba a edi kan mu adekan a eye sen biara” ma. (Exodus 22:29; 23:19, NW) Eyi maa Israelfo no nyaa hokwan ahorow a wɔbɛfa so de aseda ama Yehowa wɔ ɔkwan pa so. Wɔnam ntoboa dodow a wɔde ma no so betumi akyerɛ sɛnea aseda a wɔde ma no no mu dɔ te. So obobe kasiaw pɛ na wɔde bɛma? Anaasɛ adɔe koma bɛka wɔn ma wɔde kɛntɛn biako ama? Ɛdenam saayɛ so no onipa anaasɛ abusua biara betumi de aseda ama a wɔanhyɛ wɔn.
8. (a) Mfaso abien bɛn na mpɛpɛwadi nhyehyɛe no de mae? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔn a na mpɛpɛwadi nhyehyɛe no fa wɔn ho nyinaa no betumi ayi ayamye adi akyerɛ na wɔde aseda ama?
8 Ɔkwan pɔtee a ɛto so abiɛsa a wɔbɛfa so de aseda ama no fa Onyankopɔn nsiesiei ma mpɛpɛwadi ho. Na ɛsɛ sɛ wogyaw nnɔbae no bi a wɔantwa ma ahiafo wɔ otwa bere mu. Na ɛnyɛ ayamhyehye ne ahiafo ho a wosusuw nko na eyi kyerɛ na mmom ɛhwɛe nso sɛ wɔrenkɔ so nni aduan a wɔasrɛsrɛ a na ɛnhwehwɛ mmɔdenbɔ biara wɔ wɔn fam no. (Leviticus 19:9, 10) Wɔankyerɛ dodow a na ɛsɛ sɛ wogyaw ma ahiafo. Nanso sɛ Israelfo akuafo da ayamye honhom adi denam aba no bebree a wobegyaw wɔ wɔn mfuw nhanoa no so na wɔnam saayɛ so ayi ɔdom adi akyerɛ ahiafo no a, na wɔrehyɛ Onyankopɔn anuonyam. (Mmebusɛm 14:31) Wogyaw maa wɔn sɛ wonsi gyinae sɛ ebia wobegyaw nnɔbae kakraa bi wɔ nhanoa anaasɛ pii a wontwa. Nanso Onyankopɔn de ayamye ho akwankyerɛ a emu yɛ den mae denam ahyɛde a ɔde mae sɛ ɛsɛ sɛ wogyaw afiafi a ɛbɛka afuw no mu ne aba biara a ɛbɛka dua anaasɛ obobe so no ma mpɛpɛwadifo no so. (Deuteronomium 24:19-22) Afei nso, mpɛpɛwadifo no nso betumi ada aseda a ɛsɛ sɛ wɔde ma Yehowa wɔ nsiesiei yi ho no adi denam mpɛpɛw a wodii no mu abupɛn du mu biako a wɔde bɛkɔ baabi a wɔsom no wɔ hɔ no so.
Ayamye Koma
9. Dɛn nti na wɔn a wɔdaa pɛsɛmenkominya su adi no dii wɔn ho awu ankasa?
9 Sɛ na Israelfo no ma ntoboa bebree a, Yehowa nhyira ba wɔn afi so. (Fa toto Hesekiel 44:30; Malaki 3:10 ho.) Nanso, wɔ nnɔbae bebree a na wonya akyi no, na wɔntaa nyi ntoboa. Afei Onyankopɔn nam ahene anaasɛ adiyifo so de nkaebɔ ahorow mae na ama wɔasan de aseda ama. Nokwarem no, na Israelfo pɛsɛmenkominyafo no ne wɔn a nneɛma bɔɔ wɔn efisɛ na Yehowa rentumi nhyira wɔn a wɔmfa ne som ho ntoboa anaasɛ nea ɛsɛ sɛ wɔde ma ahiafo mma no.
10. (a) Nneɛma a ɛyɛ anigye bɛn na efii Ɔhene Hesekia nkaebɔ ahorow no mu bae? (b) So saa tebea horow yi traa hɔ kyɛe?
10 Wɔ bere bi mu no, ɔhene Hesekia nkaebɔ ahorow no ma wodii nnafua 14 afahyɛ a ɛyɛ anigye wɔ Yerusalem. Wɔsan hyɛɛ ɔman no den wɔ honhom mu. Nea edi kan no, wɔsɛee ahonisom ho nneɛma a aka nyinaa na afei “wɔde beguu hɔ akuwakuw. . . . Ɛnna Hesekia ne mmapɔmma no bae behuu akuwakuw no, na wohyiraa [Yehowa] ne ne man Israel.” (2 Beresosɛm 30:1, 21-23; 31:1, 6-8) Nanso nea ɛyɛ awerɛhow no, wɔ kanyan a wɔkanyan wɔn wɔ bere ne bere mu akyi no, ɔman no san dan boanniayɛfo. Awiei koraa no, Onyankopɔn boasetɔ to twae, na ɔmaa kwan ma wɔbɛfaa ne man nnommum kɔɔ Babilon. Wɔsɛee wɔn kurow no ne wɔn asɔrefi fɛfɛ no. (2 Beresosɛm 36:17-21) Akyiri yi wɔ wɔn sanba akyi no, tebea horow no san bɛyɛɛ aniberesɛm ara yiye ma enti Yehowa de Yudafo no nsam a ɛyɛ den no toto ne nneɛma a wowia ho!—Malaki 3:8.
11. Nnyinasosɛm bɛn na sɛ wosua fi Israel abakɔsɛm mu a, ɛho betumi aba Kristofo a wɔte ase nnɛ no ho mfaso?
11 Nnyinasosɛm bɛn na yebetumi asua afi Israelfo abakɔsɛm a ɛnkɔ tee no mu? Eni: Bere tenten a na aseda wɔ wɔn komam no, wɔde anigye daa eyi adi denam “akuwakuw” a wɔde maa Yehowa no so. Nanso bere a wɔn werɛ fii sɛ wɔde aseda bɛma anaasɛ ano brɛɛ ase koraa no, wogyaee honam nneɛma a wofi anigye mu de ma no koraa. So Kristofo a wɔahyira wɔn ho so a wɔwɔ hɔ no betumi ayi su bɔne a ɛte saa adi? Yiw, efisɛ yɛda so ara tɔ sin sɛ nnipa. Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ Onyankopɔn kyerɛw sɛnea ɔne Israel dii ho asɛm sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn a yɛte nneɛma nhyehyɛe yi awiei no betumi asua biribi afi mu na yɛanya mu mfaso!—Romafo 15:4; 1 Korintofo 10:11.
12. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ wɔ gyinabea bi a ɛte sɛ Israelfo de no ara pɛ? (b) Nsɛm bɛn na ɛho hia sɛ yebisa?
12 Te sɛ Israelfo no, Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no wɔ nneɛma pii a wobegyina so de aseda ama. Yɛn nso yenya nhyira horow pii sen nea yɛn mfɛfo nnipa nya. Nokwarem no, yenim Yehowa atirimpɔw ahorow ho nsɛm pii sen sɛnea na Israelfo no nim. Yɛahu sɛnea Onyankopɔn fii ne pɛ mu de ne Ba bɔɔ afɔre, na yenim nhyira horow a eyi de bɛbrɛ wɔn a wɔsɔ Onyankopɔn ani no. Na nnɛ yɛanya hokwan sɛ yɛwɔ honhom mu paradise, efisɛ fi 1919 no, Yehowa ayɛ honhom mu trabea fɛfɛ bi ama ne nkurɔfo. Yiw, Yehowa Adansefo wɔ nneɛma pii a wobegyina so de aseda ama. Enti ɛho hia sɛ yebisa sɛ: Yɛn aseda a yɛde ma Onyankopɔn no mu dɔ du he? Na ɔkwan bɛn so na yɛbɛda yɛn ho adi sɛ yɛyɛ nnipa a wɔwɔ ayɛ wɔ afeha 20 yi mu?
Nnɛyi Nsusuwso Ahorow
13, 14. Ɛwom sɛ Kristofo nni Mose Mmara no ase de, nanso so wobetumi anya nsusuwso bi afi ntotoso du du mmara no mu?
13 Kristofo nni Mose Mmara a ɛkyerɛ sɛnea wɔde aseda bɛma Onyankopɔn no ase. (Galatifo 3:24, 25) Yɛn ayeyi “afɔre” ma Yehowa no ne “anofafa a ɛbɔ n’abodin no aba.” (Hebrifo 13:15) Ɛnde na eyi yɛ ɔkwan titiriw biako a Kristofo a wɔahyira wɔn ho so no betumi afa so de aseda ama Onyankopɔn. Nanso yebetumi anya nsusuwso ahorow a ɛyɛ anigye wɔ mmara a ɛfa ntotoso du du, ntoboa ne mpɛpɛwadi ho no mu.
14 Na ntotoso du du no kyerɛ abupɛn du mu biako a wɔde ma—na wɔrentumi nyɛ nea wɔpɛ wɔ eyi mu. Saa ara nso na nnɛ ahyɛde ahorow pɔtee da Yehowa nkoa nyinaa so a wonni hokwan sɛ wɔyɛ nea wɔpɛ wɔ ho. Ɛsɛ sɛ yehyiam daa, yɛka Yehowa Ahenni no ho asɛmpa wɔ baguam na yɛboa afoforo ma wɔbɛyɛ Kristo asuafo.—Hebrifo 10:24, 25; Mateo 24:14; 28:19, 20.
15. Nneɛma a ɛkyerɛ sɛ obi wɔ ayamye koma wɔ nnɛ bere yi mu bɛn na ɛne nea wɔdaa no adi denam ntoboa ne mpɛpɛwadi nhyehyɛe horow a na ɛwɔ tete Israel so no sɛ?
15 Kae ntoboa ahorow ne mpɛpɛwadi nhyehyɛe ahorow no nso. Wɔankyerɛ dodow pɔtee bi a na ɛsɛ wɔde ma. Saa ara nso na Kyerɛwnsɛm no ankyerɛ bere dodow pɔtee bi a ɛsɛ sɛ Yehowa Ɔdansefo biara de yɛ ɔsom kronn adwuma no. Wɔagyaw bere dodow a wɔde besua Onyankopɔn Asɛm na wɔde aka asɛm akyerɛ afoforo no ama ayamye koma a pɛsɛmenkominya nnim no sɛ enni ho dwuma. Saa ara nso na honam fam ntoboa a ɛbɛma Ahenni no nneɛma anya nkɔso no yɛ nea wɔagyaw ama obiara koma sɛ ɛnkyerɛ. Sɛnea aseda no mu dɔ no na ɛbɛkyerɛ sɛ ebia Onyankopɔn nkoa no mu biako a ɔwɔ hɔ nnɛ no de “akuwakuw” bɛba anaasɛ ɔde kakraa bi ara kwa bɛba. (2 Beresosɛm 31:6) Nanso, sɛnea na ɛte wɔ Israel asɛm no mu no, dodow a obi de aseda kɛse ma no, dodow no ara na onya nhyira a ɛdɔɔso pii fi Onyankopɔn hɔ.
Akwan Horow a Wɔbɛfa So de Aseda Ama
16-18. Akwan pɔtee bɛn so na Kristofo a wɔahyira wɔn ho so betumi akyerɛ sɛ wɔwɔ ayɛ?
16 Akwan a ɛyɛ tee kɛse a wɔnam so de aseda ma Yehowa no mu biako ne sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ bere nyinaa som adwuma no mu. So aseda a wɔde ma no yɛ kɛse araa ama ɛbɛma wo koma kɔn adɔ sɛ wobɛyɛ ɛno? Wɔahu no yiye sɛ ɛho hia sɛ ɛsɛ sɛ ɔkwampaefo a otumi yɛ akwampae adwuma no di kan nya ɔpɛ sɛ ɔbɛsom sɛ ɔkwampaefo na afei onya tebea horow a eye. Sɛ aseda a ɔde ma no mu yɛ den a, ɛma ɔpɛ a a ɛbɛma wasom Onyankopɔn yiye no ba ne koma a ɛwɔ anisɔ no mu. So saa na wote nka anaa? Sɛ wo mprempren nsɛm tebea mma wuntumi nnya bere nyinaa som adwuma no mu kyɛfa a, ɛho nhia sɛ eyi kum akwampae honhom no. Wubetumi afi koma nyinaa mu aboa akwampaefo no na woahyɛ wɔn nkuran.
17 Sɛ wuntumi nyɛ ɔkwampaefo mprempren a, so wubetumi ayɛ akwampaefo ɔboafo wɔ bere ne bere mu? Mmere titiriw bi wɔ afe biara mu a Kristofo asafo no de nkuranhyɛ ma sɛ wɔmmɔ mmɔden kɛse wɔ asɛnka adwuma no mu nsen nea wɔyɛ daa. Sɛ nhwɛso no, ahohuru bere mu asram no ye ma nnipa pii, na wɔ October mu no nsɛmma nhomakra ɔsatu no ma wonya dwumadi foforo. Ɛdefa bere a ɛdɔɔso a wɔde bɛyɛ ɔsom kronn adwuma no ho no, nnyinasosɛm no yɛ nokware sɛ obi a ɔwɔ ayɛ no fi ayamye mu de nneɛma ma.
18 Ɔkwan pɔtee foforo a wɔbɛfa so de aseda ama ne sɛ wɔbɛboa teokrase adansi adwuma a ɛrekɔ so wɔ wiase nyinaa no. Wɔ nsase pii so no, wɔresisi Ahenni Asa afoforo na wɔretrɛw afoforo mu efisɛ nnipa no nkɔ Asa no so. Wɔresisi Nhyiam Asa afoforo na wɔretrɛw Betel afie ne ne dwumadibea ahorow mu. Hwɛ ɔkwan pa a yɛnam so de aseda ma Yehowa—yɛn ahoɔden ne sika a yɛde ma ma wɔde yɛ adansi nnwuma yi!
Okunafo Hiani no Nhwɛso Pa No
19. Dɛn na w’ani gye ho yiye wɔ okunafo hiani a na ɔwɔ asɔrefi hɔ no ho?
19 Bible mu nhwɛso a wonim no yiye a ɛfa ayɛ a wɔwɔ denam ayamye mu a wofi de honam fam nneɛma ma so ho no ne okunafo a Yesu kaa ne ho asɛm no. (Luka 21:1-4) Ɛbɛyɛ sɛ na onim sɛ ne sika pa abien a esua no renyɛ biribi kɛse biara wɔ asɔrefi no ne wɔn a wɔsom wɔ hɔ no honam fam yiyedi ho. Nanso wanhwɛ asɔrefi no ne asɔfo a wɔsom wɔ hɔ no ansusuw sɛ: ‘Wɔte yiye sen me na wɔwɔ adan a eye sen me fi kyɛkyɛwa no.’ Ampa, na wɔasiesie asɔrefi no mu yiye na na emu yɛ fɛ. ‘Na wɔde abo fɛfɛ ne adekyɛde ahyehyɛ no.’ (Luka 21:5) Nanso ɛno ansiw ɔbaa kunafo no kwan wɔ ntoboa a obeyi no mu. Ɔpɛe sɛ ɔde aseda ma Yehowa na ɛnyɛ mmarima a na wɔsom wɔ asɔrefi hɔ no.
20. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayi su pa a ɛte sɛ nea okunafo hiani no daa no adi no bi adi?
20 Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ sua biribi fi nhwɛso yi mu. Te sɛ ɔbea kunafo no, wonim sɛ wɔde wɔn ntoboa ahorow, nea ɛso ne nea esua no ma Onyankopɔn. Wɔnam hu a wohu sɛ wɔahyehyɛ Yehowa asase so ahyehyɛde no yiye araa ma obiara rentumi nnya ho mfaso wɔ sika fam no so nya awerɛhyem. Wosisi Asafo ti adan ahorow no sɛnea ɛbɛyɛ a ebesiesie wɔn a wɔyɛ adwumaden no ma wɔatumi ayɛ pii wɔ Bible ne Bible mmoa nhoma ahorow ne Ahenni no ho nneɛma a wodi ho dwuma no mu. Eyi ne sika a wɔde ma sɛ ntoboa a television so asɛnkafo binom adi a wɔkaa ho asɛm nnansa yi ara bɔ abira.
Aseda ho Nkae Ahorow ho Wɔ Mfaso
21, 22. Tumi bɛn na ɛsɛ sɛ nkae ahorow a wofi ayamye mu de ma a ɛbɛma yɛakyerɛ sɛ yɛyɛ nnipa a wɔwɔ ayɛ no nya wɔ yɛn anisɔ koma no so?
21 Na ɛho hia sɛ wɔde nkae ma Israelfo no bere nyinaa wɔ adwuma a wɔbɛyɛ ama Yehowa no ho, ne titiriw no hia a na ɛho hia sɛ woyi aseda honhom adi no. Mpɛn pii sɛ wɔtwe wɔn adwene ba nsɛm yi so a, wɔsan kanyan aseda wɔ wɔn komam na eyi maa wɔyɛɛ nea ɛsen nsɛm ara kwa a wɔka de kyerɛ anisɔ no. Na wonya ɔpɛ sɛ wɔde nnɔbae “akuwakuw” bɛma Yehowa na wɔde adi dwuma wɔ baabi a wɔsom no.
22 Enti ɛmmra sɛ nnɛyi “Onyankopɔn Israel” no mufo ne wɔn ahokafo “nnipakuw kɛse” no bɛte nka saa ara bere nyinaa. (Galatifo 6:16; Adiyisɛm 7:9) Ɛmmra sɛ wɔn aseda koma no bɛka wɔn ma wɔde ayeyi “akuwakuw” ama Yehowa. Ɛno na wobetumi aka ampa sɛ: “Yeyi yɛn ho adi sɛ yɛwɔ ayɛ ma yɛn Nyankopɔn, [Yehowa], ɔdɛɛfoɔ a ɔdɔ yɛn no.”
So Wokae
◻ Dɛn nti na ɛho hia sɛ Kristofo hwɛ baabi a wɔde aseda ma kodu no bere nyinaa?
◻ Dɛn nti na Yehowa nkurɔfo wɔ nneɛma afoforo a ɛsɛ sɛ wogyina so de aseda ma?
◻ Akwan pɔtee bɛn so na na Israelfo no betumi de aseda ama Yehowa?
◻ Te sɛ Israelfo no, nneɛma pɔtee bɛn na yebetumi ayɛ de aseda ama?
◻ Dɛn na yebetumi asua afi okunafo hiani a na ɔwɔ asɔrefi hɔ no hɔ?
[Mfonini wɔ kratafa 21]
Israelfo no nam ntotoso du du ne aba a edi kan a wɔde ma ne nsiesiei a wɔyɛ maa ahiafo na ama wɔadi wɔn mfuw mu mpɛpɛw no so kyerɛe sɛ wɔyɛ nnipa a wɔwɔ ayɛ
[Mfonini wɔ kratafa 22]
Odwontofo no daa Yehowa ase wɔ Ne nnwuma a ɛyɛ nwonwa ne Ne nkurɔfo a osusuw wɔn ho no ho
[Mfonini wɔ kratafa 24]
Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ de aseda ma denam asɛnka ne teokrase adansi nnwuma a wɔyɛ ne honam fam akyɛde horow so