‘Yensiesie Yɛn Ho Mma Adwuma Pa Biara’
1 Bere a Yesu fii asɛnka adwuma foforo bi ase no, ogyee bere siesiee n’asuafo no. (Mat. 10:5-14) Ɛwom sɛ yɛn nyinaa nni adagyew de, nanso sɛ yɛde simma kakra bi mpo siesie yɛn ho ansa na yɛakɔ afie afie asɛnka a, ɛbɛboa yɛn ma yɛatwa so aba pii.—2 Kor. 9:6.
2 Sɛnea Yebesiesie Yɛn Ho: Sɛ yebetumi asiesie yɛn ho yiye a, gye sɛ yehu nhoma kõ a yɛde rekɔma no mu nsɛm. Ɛsɛ sɛ yesusuw nnipa a wɔwɔ yɛn asasesin mu no nso ho. Nsɛm bɛn na ɛhaw wɔn? Gyidi bɛn na nnipa dodow no ara a wɔwɔ asasesin no mu kura? Yebetumi ahwɛ nsɛm a yɛbɛka no ho nhwɛso a ɛwɔ Yɛn Ahenni Som ne Reasoning From the Scriptures nhoma no mu.
3 Sɛ yɛhwɛ ɔyɛkyerɛ ahorow a wɔyɛ wɔ Ɔsom Nhyiam ase no yiye a, ɛno nso betumi aboa yɛn. Sɛ yɛde asɛm a yɛbɛka no di dwuma ma ɛkokwaw yɛn a, yɛrenhia bere pii na yɛde asiesie yɛn ho. Nanso bere biara, ansa na yɛbɛkɔ asɛnka no, sɛ yedwennwen nea yɛbɛka no ho kakra, na yɛkɔ so teɛteɛ nsɛm a yɛbɛka no a, yebetu mpɔn yiye. Ɛsɛ sɛ yegye bere kakra hwɛ nso sɛ biribiara a yebehia wɔ asɛnka mu no wɔ yɛn asɛnka bag mu.
4 Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛakae asɛm a yɛbɛka? Ɔkwan biako a yɛbɛfa so ama asɛm a yɛbɛka no aka yɛn tirim ne sɛ yɛbɛbobɔ so ma apue yɛn ano. Ebinom bobɔ so bere a wɔreyɛ wɔn abusua adesua no. Ebinom nso kyerɛw asɛm a wɔpɛ sɛ wɔka no wɔ krataa ketewaa bi so, na wɔhwɛ so bere a wɔreyɛ adu ɔpon bi ano no.
5 Nea Enti a Mfaso wɔ So: Sɛ yesiesie yɛn ho yiye a, ɛma yetu mpɔn yiye wɔ asɛnka mu na yɛn ani gye paa. Ɛmma ehu nka yɛn kɛse, na yɛn ho nso mpopo. Sɛ́ anka yebedwennwen nea yɛbɛka ho no, ɛma yetumi de yɛn adwene si ofiewura no so kɛse. Bio nso, sɛ yehu nhoma no mu nsɛm a, ɛbɛboa yɛn ma yɛde anigye aka ho asɛm bere a yɛde rema no.
6 Kyerɛwnsɛm no hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yensiesie yɛn ho mma adwuma pa biara.’ (Tito 3:1) Adwuma pa bɛn na ɛsen asɛmpa a yɛbɛka no? Sɛ yesiesie yɛn ho yiye a, yɛda no adi sɛ yebu ofiewura a ɔpɛ sɛ otie yɛn no, ne Yehowa, Onyankopɔn a wasoma yɛn no.—Yes. 43:10.