Bere a Wuhia Nhoma Ntɛm wɔ Ɔman Foforo So Kasa Mu
Ɛtɔ mmere bi a yehyia nkurɔfo a wɔpɛ sɛ wɔkenkan yɛn nhoma ahorow a ɛwɔ ɔman foforo so kasa mu a yɛn asafo no nni bi. Sɛ wowɔ Intanɛt ne afiri a wɔde tintim nhoma a, so wunim sɛ w’ankasa betumi atintim yɛn nhoma no wɔ kasa ahorow bɛyɛ 400 mu? Ɔkwan a wobɛfa so ni:
• Kɔ yɛn Intanɛt dwumadibea no so wɔ www.watchtower.org.
• Sɛ wubue mu a, wubehu wɔ nifa so sɛ wɔahyehyɛ kasa ahorow no bi wɔ hɔ. Klik asase mfonini no so, na ɛde kasa ahorow a ɛwɔ hɔ no bɛba.
• Klik kasa ko a wopɛ no so. Ɛde wo bɛkɔ baabi a ɛbɛma woahu nhoma ahorow te sɛ nkratawa, nhomawa, ne nsɛm foforo a wubetumi atintim. Esiane sɛ woadi kan aklik kasa ko a wopɛ so nti, sɛ wuntumi nkenkan mpo a, mma ɛnhaw wo.
• Klik nea ɛwɔ hɔ no mu biara so. Ebebue asɛm a ɛwɔ hɔ no mu, na klik ade a ɛwɔ so a wɔde tintim nhoma no so na ebetintim ama wo.
Ɛnyɛ yɛn nhoma ahorow no nyinaa na ɛwɔ Intanɛt dwumadibea no so; wubetumi afa asafo no so akra nhoma afoforo. Sɛ onipa no ani nya begye yɛn nhoma no ho a, fa asafo no so kra bi ma no.