Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w22 June kr. 14-19
  • Sɛnea Ɔdɔ Boa Yɛn Ma Yedi Ehu So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Ɔdɔ Boa Yɛn Ma Yedi Ehu So
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • SURO A YESURO SƐ ANHWƐ A NA YƐANTUMI ANHWƐ YƐN ABUSUA
  • NNIPA HO SURO
  • OWU HO SURO
  • SƐNEA YEBEDI EHU SO
  • Onyankopɔn Suro​—So Ɛho Betumi Aba Wo Mfaso?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yesuro Onyankopɔn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nneɛma Anum a Enti Ɛsɛ sɛ Yesuro Onyankopɔn Mmom Sen Nnipa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Suro Yehowa Na Hyɛ Ne Din Kronkron Anuonyam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
w22 June kr. 14-19

ADESUA ASƐM 26

Sɛnea Ɔdɔ Boa Yɛn Ma Yedi Ehu So

“Yehowa wɔ m’afã; merensuro.”—DW. 118:6.

DWOM 105 “Onyankopɔn Ne Dɔ”

NEA YƐREBESUAa

1. Nneɛma bɛn na ɛtaa ma ehu ka yɛn?

MOMMA yɛnhwɛ nsɛm bi a esisii ankasa. Ná Nestor ne ne yere María pɛ sɛ wɔkɔsom wɔ baabi a mmoa ho hia.b Sɛ wobetumi akɔsom a, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ nsakrae wɔ wɔn asetenam, na wɔyɛ wɔn ho awiɛmfoɔ. Nanso na wosuro sɛ, ebia ɛno remma wɔn ani nnye papa. Biniam nso, bere a ɔbɛyɛɛ Yehowa Danseni no, na wɔabara yɛn som adwuma no wɔ ɔman a ɔwom no mu, enti ohui sɛ seesei a wabɛyɛ Onyankopɔn somfo yi de, ebetumi ama nkurɔfo atan n’ani. Ɛno ma ɔbɔɔ hu. Nanso nea na osuro paa ne sɛ n’abusuafo behu sɛ wakɔdɔm ɔsom foforo. Onuawa bi a ne din de Valérie behui sɛ wanya kansa bi a ɛtrɛw ntɛmntɛm. Ná ehia sɛ wɔyɛ no oprehyen, nanso Bible a wasua nti, na ɔmpɛ sɛ ogye mogya. Ɛno nti, na ɛyɛ den sɛ obenya dɔkta a ɔbɛyɛ no oprehyen no. Wei maa ehu kaa no, efisɛ na osuro sɛ anhwɛ a obewu.

2. Nneɛma a ɛbɔ yɛn hu no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho di so?

2 Nneɛma a yɛaka ho asɛm a ɛma ehu ka nkurɔfo no, ebi ato wo pɛn? Ebi ato yɛn mu bebree pɛn. Sɛ yɛanyere yɛn ho anni saa ehu no so a, ebetumi ama yɛasisi gyinae bɔne, na yɛne Yehowa ntam bɛsɛe. Nea Satan pɛ ara no no. Afei nso, Satan bɔ mmɔden sɛ ɔbɛfa nneɛma a ɛbɔ yɛn hu no so ama yɛabu Yehowa mmara so. Ebi ne ahyɛde a Yehowa de ama yɛn sɛ yɛnka asɛmpa no. (Adi. 12:17) Satan tirim yɛ den, ɔnte gyae, na ne ho yɛ den. Nanso wubetumi abɔ wo ho ban afi ne ho. Wobɛyɛ no sɛn?

3. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛatumi adi ehu so?

3 Sɛ yegye di paa sɛ Yehowa dɔ yɛn, na ɔwɔ yɛn afã a, Satan rentumi nhunahuna yɛn. (Dw. 118:6) Nea ɔkyerɛw Dwom 118 no sei, ohyiaa ɔhaw akɛseakɛse paa. Ná n’atamfo dɔɔso, na na ebinom mpo wɔ dibea akɛse (nkyekyɛm 9, 10). Ɛtɔ da a, na ɔfa ateetee mu paa (nkyekyɛm 13). Yehowa nso teɛɛ ne so denneennen (nkyekyɛm 18). Ne nyinaa mu no, odwontofo no kaa sɛ: “Merensuro.” Adɛn nti na ehu anka no? Ná odwontofo no nim sɛ ne soro Agya Yehowa dɔ no paa ɛmfa ho sɛ na wateɛ ne so no. Ná ogye di paa sɛ nea ɛbɛto no biara, ne Nyankopɔn a ɔdɔ no no ayɛ krado sɛ ɔbɛboa no.—Dw. 118:29.

4. Sɛ yegye di sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn a, nneɛma a ɛma ehu ka yɛn bɛn na yebetumi adi so?

4 Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara gye di sɛ Yehowa dɔ no paa. Sɛ yenya saa awerɛhyem no a, ɛbɛboa yɛn ama yɛadi nneɛma mmiɛnsa a ɛma ehu taa ka yɛn yi so, (1) suro a yesuro sɛ anhwɛ a na yɛantumi anhwɛ yɛn abusua, (2) nnipa ho suro, ne (3) owu ho suro. Anuanom a yɛkaa wɔn ho asɛm wɔ nkyekyɛm a edi kan no mu no, ade a ɛboaa wɔn ma wotumi dii ehu so ne sɛ, na wogye di paa sɛ Onyankopɔn dɔ wɔn.

SURO A YESURO SƐ ANHWƐ A NA YƐANTUMI ANHWƐ YƐN ABUSUA

Onua bi gyina bridge bi so regu asau; ɔne ne ba na ɛwɔ hɔ.

Onua bi yi mpataa, na ɔne ne ba reyi nam akɔtɔn de ahwɛ n’abusua (Hwɛ nkyekyɛm 5)

5. Nneɛma bɛn saa na ebetumi agya abusua ti adwennwene? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi anim no.)

5 Abusua ti a ɔyɛ Kristoni nim sɛ ɛsɛ sɛ ɔyere ne ho hwɛ n’abusua. (1 Tim. 5:8) Sɛ woyɛ abusua ti a, ebia nnansa yi a nsanyare kodiawu yi tuu atese no, na wusuro sɛ anhwɛ a na w’adwuma afi wo nsa. Ebia na woredwen ho sɛ, ɛhe na wubenya sika de atɔ aduan ama w’abusua de bi atua wo dan ka. Ebetumi aba sɛ na wusuro nso sɛ, sɛ w’adwuma fi wo nsa a, worennya foforo nyɛ. Ebi nso a wote sɛ Nestor ne María a yɛadi kan aka wɔn ho asɛm no, enti na wusuro sɛ, wosesa w’adwuma mu a, sika a wubenya no renso wo di. Satan afa saa kwan yi so ama nnipa pii agyae Yehowa som.

6. Adwene bɛn na Satan pɛ sɛ yenya?

6 Satan pɛ sɛ yɛn mu biara nya adwene sɛ ne ho nhia Yehowa, na ɔkwan a yɛbɛfa so ahwɛ yɛn abusua nso, ɛmfa ne ho. Enti anhwɛ a yɛbɛte nka sɛ, adwuma biara a yɛyɛ no, sɛ ɛne Bible nnyinasosɛm nhyia mpo a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara so mu saa ara.

7. Awerɛhyem bɛn na Yesu de ama yɛn?

7 Yesu a onim Agya no kyɛn obiara no ama yɛn awerɛhyem sɛ, Onyankopɔn ‘nim nneɛma a yehia koraa ansa na yɛabisa no.’ (Mat. 6:8) Afei nso, Yesu nim sɛ Yehowa ayɛ krado sɛ ɔbɛma yɛn nea yehia. Esiane sɛ yɛyɛ Kristofo nti, yɛyɛ Onyankopɔn fiefo. Yehowa ne yɛn abusua Ti, enti asɛm a wama wɔakyerɛw wɔ 1 Timoteo 5:8 no, yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɔno ara nso de bɛyɛ adwuma.

Onuawa bi ne ne babea kumaa resi nneɛma. Onua bi ne ne yere de aduan rebrɛ wɔn.

Yehowa bɛhwɛ ama yɛn nsa aka nea yehia. Obetumi afa yɛn nuanom so aboa yɛn (Hwɛ nkyekyɛm 8)d

8. (a) Sɛ yesuro sɛ ebia na yɛantumi anhwɛ yɛn abusua a, dɛn na ebetumi aboa yɛn ama yɛadi saa ehu no so? (Mateo 6:31-33) (b) Sɛnea yehu wɔ mfoni no mu no, yɛbɛyɛ dɛn asuasua awarefo a wɔrekɔma onuawa bi aduan no?

8 Sɛ yegye di paa sɛ Yehowa dɔ yɛne yɛn abusua a, ɛrenyɛ den koraa sɛ yebegye adi sɛ ɔbɛma yɛn nea yehia. (Kenkan Mateo 6:31-33.) Yehowa pɛ sɛ ɔma yɛn nea yehia, na biribiara di adanse sɛ oyi ne yam kyɛ ade ma ɛboro so! Bere a ɔbɔɔ asaase no, ɛnyɛ nneɛma a ɛbɛma yɛatena nkwa mu nko ara na ɔde maa yɛn. Mmom, oyii ne yam de nneɛma a ɛbɛma yɛn ani agye paa hyɛɛ asaase so ma. (Gen. 2:9) Sɛ ɛtɔ da na kakraa bi na yɛwɔ a yɛde betwitwa yɛn ho mpo a, momma yɛnkae sɛ, sɛ ɛte sɛn koraa a, yɛn nsa kɔ yɛn ano. Ɛno kyerɛ sɛ Yehowa nnii yɛn huammɔ; ɔda so ara hwɛ yɛn. (Mat. 6:11) Momma yɛnkae sɛ, honam fam nneɛma biara a yɛde bɛbɔ afɔre nnɛ no, sɛ yɛde toto nea Onyankopɔn a ɔdɔ yɛn no yɛ ma yɛn nnɛ ne nea ɔbɛyɛ ama yɛn daakye no ho a, nea yɛde abɔ afɔre no sua koraa. Saa na Nestor ne María behui.—Yes. 65:21, 22.

9. Nestor ne María asɛm no, dɛn na wusua fi mu?

9 Ná asetena kɔ yiye ma Nestor ne María wɔ Colombia. Wɔkaa sɛ, “Ná yɛredwen ho sɛ yebetwitwa nneɛma so na yɛatumi atrɛw yɛn som adwuma mu, nanso na yesuro sɛ, sɛ yenni sika pii a, yɛn ani rennye.” Ɛdɛn na ɛboaa wɔn ma wotumi dii ehu no so? Wɔtenaa ase dwen ho hui sɛ, Yehowa afa akwan pii so akyerɛ sɛ ɔdɔ wɔn. Ɛno ma wonyaa awerɛhyem paa sɛ Yehowa bɛhwɛ wɔn daa, enti adwuma a na ɛma wonya sika pii no, wogyaee. Wɔtɔn wɔn fie, na wotu kɔɔ baabi a wohia Ahenni asɛmpakafo pii wɔ wɔn man mu. Gyinae a wosii no, sɛn na wɔte nka wɔ ho? Nestor kaa sɛ: “Yɛabehu sɛ asɛm a ɛwɔ Mateo 6:33 no yɛ nokware paa. Honam fam nneɛma biara nni hɔ a yehia a yɛn nsa nka. Seesei yɛn ani gye koraa sen kan no.”

NNIPA HO SURO

10. Sɛ nipa suro ne yɔnko nipa a, adɛn nti na ɛnyɛ nwonwa?

10 Efi tete nyinaa, nipa ayɛ nneɛma bɔne de apira ne yɔnko nipa. (Ɔsɛnk. 8:9) Ebinom de tumi a wɔwɔ no hyɛ afoforo so, nsɛmmɔnedifo di awurukasɛm, sukuufo binom didi wɔn mfɛfo sukuufo atɛm na wohunahuna wɔn, na ebinom mpo yɛ wɔn abusuafo ayayade. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ nipa suro ne yɔnko nipa! Ɛnam sɛ Satan nim sɛ yesuro nnipa nti, ɛdɛn na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛma yɛayɛ?

11-12. Ɔkwan bɛn so na Satan de nnipa ho suro di tia yɛn?

11 Satan bɔ mmɔden sɛ ɔbɛma nnipa ho suro atɔ yɛn so ama yɛayɛ nneɛma a ɛne Yehowa apɛde nhyia na yɛagyae asɛnka adwuma no. Satan ma aban ahorow bara yɛn som adwuma no, na wɔtan yɛn ani. (Luka 21:12; Adi. 2:10) Satan wiase no nam akwan horow so keka atosɛm fa Yehowa Adansefo ho, na wotwa nkontompo to yɛn so. Wɔn a wogye saa atosɛm no di no tumi di yɛn ho fɛw, wotumi tow hyɛ yɛn so mpo. (Mat. 10:36) Ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ Satan de yɛn fa akwan a ɛtete saa so anaa? Daabi. Asomafo no bere so mpo, saa ara na ɔyɛe.—Aso. 5:27, 28, 40.

Onua aberante bi asiesie ne ho rekɔ adesua; n’awofo reteɛteɛm gu ne so nanso ɔde akokoduru rekɔ.

Sɛ yɛn abusuafo tan yɛn ani mpo a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa dɔ yɛn (Hwɛ nkyekyɛm 12-14)e

12 Ɛnyɛ suro a yesuro sɛ aban ahorow bɛtan yɛn ani no nko ara na Satan pɛ sɛ ɔfa so de nya yɛn. Ebinom wɔ hɔ a, wosuro sɛ wɔn abusuafo behu sɛ wɔpɛ sɛ wɔsom Yehowa. Ɛno tumi bɔ wɔn hu mpo kyɛn sɛ obi bɛyɛ wɔn ayakayakade. Wɔdɔ wɔn abusuafo paa, na wɔpɛ sɛ wɔn nso behu Yehowa na wɔdɔ no. Sɛ wɔte sɛ wɔn abusuafo no rekasa tia nokware Nyankopɔn no ne n’asomfo a, ɛyɛ wɔn yaw. Ɛwom, ɛtɔ da a abusuafo a na wɔn ani nnye nokware no ho no, akyiri yi wotumi begye nokware no. Nanso yɛmfa no sɛ yɛn gyidi nti yɛn abusuafo apo yɛn koraa. Ɛba saa a, dɛn na yɛbɛyɛ?

13. Sɛ yegye di paa sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn, na sɛ yɛn abusuafo po yɛn mpo a, yɛrensuro. Adɛn ntia? (Dwom 27:10)

13 Asɛm dɛdɛ a ɛwɔ Dwom 27:10 no yɛ nokwasɛm a ebetumi akyekye yɛn werɛ. (Kenkan.) Sɛ yɛkae sɛnea Yehowa dɔ yɛn paa, na sɛ yɛn abusuafo tan yɛn ani mpo a, yɛrensuro. Yɛwɔ awerɛhyem sɛ, sɛ yɛde animia gyina mu a, yebenya so akatua. Yehowa bɛma yɛn nea yehia wɔ asetenam, nea ɛbɛma yɛn ani agye, ne nea ɛbɛma yɛatumi asom no. Obiara nni hɔ a obetumi aboa yɛn saa! Biniam a yɛadi kan aka ne ho asɛm no behui sɛ saa asɛm no yɛ nokware.

14. Ɛdɛn na wubetumi asua fi Biniam asɛm no mu?

14 Ná Biniam nim sɛ, sɛ ɔbɛyɛ Yehowa Danseni a, nkurɔfo betumi atan n’ani paa, nanso wammɔ hu; ɔbɛyɛɛ Yehowa Danseni. Nim a na onim sɛ Yehowa dɔ no no, ɛboaa no ma odii nnipa ho suro so. Ɔkwan bɛn so? Ɔkaa sɛ, “Ná ɔtan no ano yɛ den paa. Nanso ɔtan a efi aban mpanyimfo hɔ no, na minsuro te sɛ nea ebefi m’abusuafo hɔ no. Ná misuro sɛ mebɛyɛ Yehowa Danseni a, ɛbɛhaw me papa a ɔnyɛ onua no, na m’abusuafo nso bɛka sɛ mammɔ bra.” Nanso na Biniam gye di paa sɛ wɔn a Yehowa dɔ wɔn no, ɔhwɛ wɔn bere nyinaa. Biniam kyerɛ mu sɛ, “Sɛnea Yehowa aboa ebinom ama wɔatumi agyina sikasɛm mu ahokyere, ɔtanhunu, ne awurukasɛm ano no, midwinnwen ho. Ná minim sɛ, sɛ mekɔ so di Yehowa nokware a, obehyira me. Wɔkyeree me mpɛn pii, na wɔyɛɛ me ayayade mpo. Nea mefaa mu no ma mihui sɛ, sɛ yɛkɔ ahokyere mu na yɛkɔ so di nokware ma Yehowa a, ɔboa yɛn.” Biniam bɛtee nka sɛ Yehowa yɛ n’Agya ankasa, na Yehowa nkurɔfo nso ma ɔtee nka sɛ wɔyɛ n’abusuafo ampa.

OWU HO SURO

15. Sɛ yesuro owu a, adɛn nti na ɛnyɛ bɔne?

15 Bible ama yɛahu sɛ owu yɛ ɔtamfo. (1 Kor. 15:25, 26) Sɛ owu ho asɛm besi yɛn tirim a, ebia yɛn yam bɛhyehye yɛn, ɛnkanka bere a yɛn anaa yɛn dɔfo bi yare denneennen no. Adɛn nti na yesuro owu? Efisɛ Yehowa bɔɔ yɛn sɛ yɛntena ase daa, na yɛn ani nnye. (Ɔsɛnk. 3:11) Sɛ yesuro owu a ɛnyɛ bɔne, efisɛ ɛbɛboa yɛn ama yɛayɛ nneɛma a ɛbɛbɔ yɛn nkwa ho ban. Ebi ne sɛ, ebetumi aboa yɛn ama yɛadi nnuan pa, yɛayɛ nhyehyɛe ateɛteɛ yɛn apɔw mu, na sɛ yɛyare a yɛakohu dɔkta na yɛanom nnuru a ɛbɛboa yɛn. Afei nso, ɛremma yɛnyɛ nneɛma a ebetwa yɛn nkwa so.

16. Esiane sɛ Satan nim sɛ yesuro owu nti, dɛn na ɔyɛ?

16 Satan nim sɛ yɛmpɛ sɛ yebewu. Waka sɛ yɛde nea yɛwɔ nyinaa bɛma de apere yɛn nkwa, na sɛ ɛbɛma yɛne Yehowa ntam asɛe mpo a, yɛbɛyɛ. (Hiob 2:4, 5) Nea Satan aka no yɛ atoro paa! Nanso esiane sɛ ɔno ne “nea otumi de owu ba” nti, ɔpɛ sɛ owu ho hu hyɛ yɛn so ma yɛpo Yehowa. (Heb. 2:14, 15) Ɛtɔ da a, Satan akyitaafo hunahuna Yehowa asomfo sɛ, sɛ wɔannyae Yehowa som a wobekum wɔn. Ɛtɔ da nso a, bere a yare bi a emu yɛ den abɔ yɛn no, Satan bɔ mmɔden sɛ ɔbɛfa so ama yɛayɛ biribi a ɛbɛsɛe yɛne Yehowa ntam. Ebia adɔktafo ne yɛn abusuafo a wɔnyɛ Yehowa Adansefo bɛhyɛ yɛn sɛ yennye mogya; yɛyɛ saa nso a ɛbɛma yɛabu Onyankopɔn mmara so. Ebetumi aba nso sɛ, obi bɛkeka nsɛm bi ama yɛagye adi sɛ ayaresa bi a ɛne Bible nnyinasosɛm nhyia betumi aboa yɛn.

17. Sɛnea Romafo 8:37-39 kyerɛ no, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yesuro owu?

17 Ɛwom sɛ yɛmpɛ sɛ yewu, nanso yenim sɛ, sɛ yewu mpo a, Yehowa bɛkɔ so adɔ yɛn. (Kenkan Romafo 8:37-39.) Sɛ Yehowa nnamfo wu a, ne werɛ mfi wɔn; n’ani so de, wɔda so te ase. (Luka 20:37, 38) Ɔpɛ paa sɛ ɔde wɔn ba nkwa mu bio. (Hiob 14:15) Yehowa atɔ yɛn aboɔden sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ‘anya daa nkwa.’ (Yoh. 3:16) Yenim sɛ Yehowa dɔ yɛn paa na odwen yɛn ho. Enti sɛ yɛyare anaa sɛ obi hunahuna yɛn sɛ obekum yɛn a, yɛnnan yɛn akyi nkyerɛ Yehowa. Mmom, yɛkɔ ne nkyɛn kɔpɛ awerɛkyekye, nyansa, ne ahoɔden. Saa pɛpɛɛpɛ na Valérie ne ne kunu yɛe.—Dw. 41:3.

18. Ɛdɛn na wusua fi Valérie asɛm no mu?

18 Bere a Valérie dii mfe 35 no, wɔka kyerɛɛ no sɛ wanya kansa huhuuhu bi. Momma yɛnhwɛ sɛnea ɔdɔ boaa no ma otumi dii owu ho suro so. Ɔka sɛ: “Bere a mihui sɛ manya saa yare no, ɛtɔɔ me ne me kunu nyinaa so. Ná ɛsɛ sɛ wɔyɛ me oprehyen kɛse bi ansa na me ho atɔ me. Mikohuu adɔktafo pii, nanso obiara nni hɔ a ɔpenee so sɛ ɔbɛyɛ me oprehyen a ɔremma me mogya. Ehu kaa me, nanso Onyankopɔn mmara nti, na ɛnyɛ ade a megye mogya da! Me nkwa nna nyinaa, na Yehowa akyerɛ sɛ ɔdɔ me paa. Afei de, na me nso manya hokwan a mede bɛkyerɛ Yehowa sɛ medɔ no. Bere biara a adɔktafo no bɛka akomatusɛm akyerɛ me no, na ɛma meyere me ho sɛ mɛma Yehowa ani agye ama Satan ani awu. Ewiee ase no, wɔyɛɛ oprehyen no a mogyasɛm biara amma mu. Ɛwom, me ho ntɔɔ me, nanso daa Yehowa ma yɛn nea yehia. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, adesua a yɛkɔɔ no nnawɔtwe awiei ansa na wɔreka sɛ manya kansa no sei, yesuaa asɛm bi a ɛne, ‘Akokoduru a Yɛde Begyina Amanehunu Mu.’c Saa adesua asɛm no hyɛɛ yɛn nkuran paa. Yɛkenkan mu mpɛn pii. Sɛ me ne me kunu kenkan nsɛm bi saa na yɛyɛ nneɛma a ɛbɛma yɛn gyidi ayɛ den a, ɛma yɛn koma tɔ yɛn yam, yɛmmɔ hu, na ɛma yesisi gyinae pa.”

SƐNEA YEBEDI EHU SO

19. Dɛn na ebesi nnansa yi ara?

19 Yehowa adom, Kristofo a wɔwɔ wiase baabiara atumi adi ɔhaw ahorow a emu yɛ den so, na wɔatumi adi Ɔbonsam so nkonim. (1 Pet. 5:8, 9) Enti wo nso, wubetumi adi ehu so. Ɛrenkyɛ koraa, Yehowa bɛma Yesu ne wɔn a wɔne no bedi ade no ‘asɛe Ɔbonsam nnwuma.’ (1 Yoh. 3:8) Efi saa bere no rekɔ no, Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ asaase so ‘rensuro hwee, na biribiara remmɔ wɔn hu.’ (Yes. 54:14; Mika 4:4) Nanso, enkosi saa bere no, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho di ehu so.

20. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛatumi adi ehu so?

20 Awerɛhyem a yɛwɔ sɛ Yehowa dɔ n’asomfo na ɔbɔ wɔn ho ban no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so hyɛ mu den. Nea ɛbɛboa yɛn ama yɛatumi ayɛ saa ne sɛ, sɛnea tete no Yehowa bɔɔ n’asomfo ho ban no, yebedwinnwen ho na yɛne afoforo abɔ ho nkɔmmɔ. Afei nso, yebetumi akae sɛnea bere bi a atwam no, Yehowa boaa yɛn ma yetumi dii yɛn haw ahorow ho dwuma no. Nneɛma a ɛbɔ yɛn hu no, Yehowa mmoa nti, yebetumi adi so!—Dw. 34:4.

ƆKWAN BƐN SO NA ƆDƆ BETUMI ABOA YƐN . . .

  • bere a yesuro sɛ anhwɛ a na yɛantumi anhwɛ yɛn abusua?

  • ama yɛadi nnipa ho suro so?

  • ama yɛadi owu ho suro so?

DWOM 129 Yebegyina Mu Pintinn

a Ɛtɔ da na sɛ ehu ka yɛn a eye, efisɛ etumi boa yɛn ma yɛtwe yɛn ho fi nneɛma a ebetumi apira yɛn ho. Nanso ehu bi wɔ hɔ a enye, na ebetumi adi yɛn awu. Adɛn ntia? Efisɛ Satan betumi afa saa ehu no so anya yɛn. Wei nti, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho paa di ehu a ɛte saa so. Dɛn na ebetumi aboa yɛn? Sɛnea yebehu wɔ adesua yi mu no, sɛ yegye di paa sɛ Yehowa wɔ yɛn afã na ɔdɔ yɛn a, yebetumi adi ehu biara so.

b Wɔasesa edin no bi.

c Hwɛ October 15, 2012 Ɔwɛn-Aban no kratafa 7-11.

d MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onua bi ne ne yere de aduan rebrɛ onuawa mmɔdenbɔfo bi ne n’abusua; wɔne no na ɛwɔ asafo mu.

e MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Aberante bi awofo mpɛ sɛ ɔbɛsom Yehowa, nanso ɔwɔ gyidi paa sɛ Onyankopɔn bɛboa no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena