Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g01 12/8 kr. 9-12
  • Anidaso Wɔ Hɔ Ma Wɔn a Wɔyare Ɔkwaha

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Anidaso Wɔ Hɔ Ma Wɔn a Wɔyare Ɔkwaha
  • Nyan!—2001
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nkate Fam Yaw
  • Wo Sintɔ Ahorow Ho a Wubesusuw
  • Abusua Mmoa—“Aban Dennen”
  • Honhom Fam Mmoa
  • Amanehunu Bɛba Awiei
  • Ɔkwaha—Yare a Ebubu Nnipa
    Nyan!—2001
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2001
  • Ɔkwaha Ho Ntease a Yebenya
    Nyan!—2001
  • “Meyɛ Mmerɛw A, Ɛno Ansa na Me Ho Yɛ Den”
    Nyan!—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2001
g01 12/8 kr. 9-12

Anidaso Wɔ Hɔ Ma Wɔn a Wɔyare Ɔkwaha

ODURUYƐFO Fatima Mili ka sɛ: “Ɔkwaha nkunkum nnipa pii sɛ komayare anaa kokoram, nanso etumi sɛe asetra paa.” Ɔkwaha betumi aka onipa asetra afã nyinaa. Ɔhaw ahorow a wɔn a wɔyare ɔkwaha hyia no bi ne dɛn? So wobetumi agyina ano?

Katiaa a ofi Italy a wadi mfirihyia 28 no ka sɛ: “Efi bere a wohui sɛ manya ɔkwaha bere a na madi mfirihyia 20 no, m’asetra nyinaa asesa. Ná ɛsɛ sɛ migyae m’adwuma, na migyae bere nyinaa som adwuma esiane ɛyaw no nti.” Wɔn a wɔyare ɔkwaha wɔ wiase nyinaa te yaw. Alan a ofi England a wadi mfirihyia 63 no ka sɛ: “Ɛwom sɛ ebia na ɛyaw no mu nyɛ den kɛse de, nanso wote yaw wɔ wo honam mu baabi bere nyinaa.” Ɔbrɛ nso ka ɔhaw no ho. Sara a wadi mfirihyia 21 no ka sɛ: “Sɛ wutumi gyina ɛyaw ne ahonhon no ano mpo a, ɔbrɛ no mu yɛ den yiye.”

Nkate Fam Yaw

Sɛnea Setsuko a ofi Japan a wadi mfirihyia 61 kyerɛ no, ɛyaw a ennyae ano a wubegyina da biara da no nso betumi “ama woabrɛ wɔ nkate fam.” Hwɛ, pɛnsere anaa telefon kɛkɛ a wopɛ sɛ wofa betumi ayɛ asɛnnennen! Kazumi a wadi mfirihyia 47 no bɔ abubuw sɛ: “Mintumi nyɛ nneɛma nketenkete a abofra mpo betumi ayɛ.” Janice a wadi mfirihyia aduosia abien a ontumi nnyina ne nan so nkyɛ no ka sɛ: “Ɛyɛ abasamtu efisɛ mintumi nyɛ nneɛma a na meyɛ no.”

Sintɔ ahorow a ɛte saa betumi ama obi abam abu na wanya atenka bɔne. Gaku a wadi mfirihyia 27 no yɛ Yehowa Dansefo, na ɔka sɛ: “Asɛnka adwuma a mintumi nnya mu kyɛfa pii anaa asafo mu dwumadi a mintumi nyɛ no ma mete nka sɛ me so nni mfaso biara.” Fransesca a wayare ɔkwaha fi bere a odii mfirihyia abien no ka sɛ “abasamtu amene me yiye.” Abasamtu a ɛte saa betumi anya honhom fam nneɛma so nkɛntɛnso bɔne. Joyce, Ɔdansefo a ofi South Africa no gye tom sɛ ofii ase gyaee Kristofo nhyiam ahorow kɔ. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛyɛ den ma me sɛ mɛhwɛ obiara anim.”

Daakye ho dadwen nso betumi ahaw ɔyarefo no pii—a osuro sɛ obebubu agu hɔ ma afoforo ahwɛ no, sɛ wobegyaw no a obiara nhwɛ no, sɛ ɔbɛhwe ase na wabu ne nnompe mu, sɛ ontumi nhwɛ n’abusua. Yoko a wadi mfirihyia 52 no ka sɛ: “Sɛ mihu sɛ dɛmdi bi reba a na misuro sɛ ɛbɛyɛ kɛse.”

Abusuafo no nso betumi adi yaw wɔ nkate fam, bere a wohu sɛ wɔn dɔfo rehu amane da biara da no. Awarefo binom betumi ahyia aware mu nsɛnnennen mpo. Ɔbea bi a ofi England a ne din de Denise ka sɛ: “Bere a yɛwaree mfirihyia 15 akyi no, me kunu kae sɛ, ‘Mintumi ntra wo kwaha no ho bio!’ Ogyaw me ne yɛn babea a wadi mfirihyia 5 no hɔ.”

Enti ɔkwaha de nsɛnnennen ba ayarefo no ne wɔn mmusua nyinaa so. Nanso, nnipa pii regyina ano yiye! Ma yɛnhwɛ sɛnea ebinom regyina ano.

Wo Sintɔ Ahorow Ho a Wubesusuw

Sɛ woyare ɔkwaha a ɛsɛ sɛ wunya ɔhome a ɛfata; ebetumi atew wo brɛ so. Nanso, eyi nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wotwe wo ho fi asetram biribiara ho. Timothy kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛsɛ sɛ woyɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a ɔkwaha no nni wo so efisɛ ɛba saa a, wobɛtra faako kɛkɛ na ayɛ wo yaw.” Ɔkwaha ho ɔbenfo William Ginsburg a ɔwɔ Mayo Ayaresabea ka sɛ: “Nsonsonoe wɔ pii a wobɛyɛ ne kakraa bi a wobɛyɛ mu. Ɛtɔ mmere bi a ɛsɛ sɛ wɔkae nkurɔfo ma wɔtɔ wɔn bo ase na wosusuw wɔn yare no ho.”

Eyi betumi akyerɛ adwene a wowɔ wɔ wo sintɔ ahorow ho a wobɛsesa. Daphne a ofi South Africa ka sɛ: “Ná ɛsɛ sɛ migye tom na mihu sɛ ahoɔden a mewɔ a mede yɛ nneɛma bi no nsae; na ɛsɛ sɛ metɔ me bo ase yɛ no nkakrankakra. Sɛ́ anka mɛma me ho ayeraw me anaa mahaw no, na meyɛ no nkakrankakra.”

Ɛyɛ papa nso sɛ wubehu sɛnea wode nnwinnade a wubetumi anya bi bedi dwuma, na ebia wo ne wo duruyɛfo anaa ɔyaresafo asusuw eyinom ho. Keiko ka sɛ: “Yɛahyehyɛ afiri a wɔde foro atrapoe. Ɔpon funuma a mikyim maa m’abakɔn yɛɛ me yaw, enti yɛsesaa no. Mprempren menam me ti a mede pia pon so tumi bue ne nyinaa. Yɛde nsomu a yenkyim hyehyɛɛ nsu nnurubɛn a ɛwɔ fie hɔ nyinaa ano sɛnea ɛbɛyɛ a metumi ayɛ ofie adwuma kakra.” Ɔfoforo a ɔyare ɔkwaha, Gail, ka sɛ: “Wɔde me kar ne fie nsafe asisi nsomu atenten so, na ɛyɛ mmerɛw ma me sɛ mekyim. M’afe ne tui a mede twiw me se nsomu yɛ atenten, na mitumi kyinkyim no de srɛn me ti twitwiw me se.”

Abusua Mmoa—“Aban Dennen”

Carla a ofi Brazil ka sɛ: “Me kunu mmoa adi aboa me paa. Ka a ɔkaa me ho ne me kohuu me duruyɛfo no ma minyaa abotɔyam. Yɛn nyinaa hui sɛnea yare no ayɛ me nipadua no, ɛho nsɛnkyerɛnne, ne ayaresa a ɛho behia. Me bo tɔɔ me yam efisɛ otumi huu tebea a na mewom no.” Yiw, okununom anaa ɔyerenom a wogye wɔn ahokafo sintɔ ahorow tom na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wobesua wɔn tebea no ho ade no betumi ahyɛ wɔn den na wɔaboa wɔn ankasa.

Sɛ nhwɛso no, bere a Bette hui sɛ ɔkwaha ama ne kunu dansi adwuma aba fam no, ɔkɔyɛɛ adwuma sɛ obi a osiesie fie. Ɛnyɛ ɔhwɛ nko na Kazumi kunu hwɛɛ no, na mmom ɔyɛɛ ofie nnwuma a na ontumi nyɛ no nso. Afei nso, ɔtetee wɔn mma no ma wɔyɛɛ nea wobetumi de boae. Kazumi ka sɛ: “Me kunu ayɛ aban dennen. Sɛ ɛnyɛ ne mmoa a anka me tebea bɛsɛe koraa.”

Ɔbea bi a ne din de Carol a ofi Australia de kɔkɔbɔ yi ma sɛ: “Hwɛ yiye na woamfa nnwuma pii angu wo ho so. Sɛ mintumi ne abusua no nyɛ adwuma pɛ a, ɛnkyɛ na mate nka sɛ memfata.” Sɛ abusuafo fi ntease pa ne tema mu de mmoa ma a, ebetumi ayɛ aban dennen ama ayarefo no.

Honhom Fam Mmoa

Katia ka sɛ: “Sɛ yare a ɛte sɛ eyi yɛ obi a, ɔte nka sɛ obiara nnim tebea a ɔwom no ankasa. Eyi ma ɛho behia sɛ ɔdan kɔ Yehowa Nyankopɔn nkyɛn, a onim sɛ ɔte yɛn honam fam ne nkate fam tebea no ase ankasa. (Dwom 31:7) Ɛkame ayɛ sɛ abusuabɔ pa a me ne no wɔ no ama manya asomdwoe de me yare no atra ase komm.” Ɛfata sɛ Bible frɛ Yehowa “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn a ɔkyekye yɛn werɛ yɛn ahohia nyinaa mu.”—2 Korintofo 1:3, 4.

Enti mpaebɔ betumi akyekye obi a ɔte yaw bere nyinaa werɛ. Kazumi ka sɛ: “Anadwo a ɛyaw nti mintumi nna no, mede nusu ka me komam asɛm kyerɛ Yehowa, srɛ no sɛ ɔmma me ahoɔden a mede begyina ɛyaw no ano, ne nyansa a mede bedi me nsɛnnennen nyinaa ho dwuma. Yehowa ama me mmuae ankasa.” Francesca nso anya Onyankopɔn mmoa a ɔdɔ wom. Ɔka sɛ: “Mahu asɛm a ɛwɔ Filipifo 4:13 no mmamu: ‘Mitumi ade nyinaa yɛ, nea ɔhyɛ me den no mu.’”

Ɛtɔ mmere bi a, Yehowa Nyankopɔn nam Kristofo asafo no so boa. Sɛ nhwɛso no, Gail ka mmoa a onya fii honhom fam anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ Yehowa Adansefo asafo a ɔwom no mu ho asɛm. Gail ka sɛ: “Wɔn dɔ no boaa me ma manhaw.” Saa ara na bere a wobisaa Keiko sɛ, “So biribi wɔ hɔ a wususuw sɛ wubetumi aka ho asɛm sɛ ɛyɛ anigye wɔ w’asetram no?,” obuae sɛ: “Yiw, ɔdɔ ne tema a asafo no muni biara da no adi kyerɛ me no!”

Wɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow mu no, ahwɛfo no di anim wɔ mmoa a ɛte saa mu. Setsuko ka sɛ: “Mintumi nkyerɛkyerɛ nkɛntɛnso kɛse a aso a mpanyimfo yɛ ma obi a ɔreko yare ne awerɛkyekyesɛm a wɔka kyerɛ no no nya wɔ ne so no mu.” Nanso, sɛnea obi a ɔyare ɔkwaha a ne din de Daniel kae yɛn no, “sɛ yɛma kwan nkutoo a ɛnna yɛn honhom fam anuanom mmarima ne mmea no betumi aboa yɛn.” Enti ɛho hia sɛ wɔn a wɔyare no bɛn mfɛfo Kristofo, na wɔyɛ nea wobetumi biara kɔ asafo nhyiam ahorow. (Hebrifo 10:24, 25) Ɛhɔ na wobetumi anya honhom fam nkuranhyɛ a ɛbɛboa wɔn ma wɔagyina no.

Amanehunu Bɛba Awiei

Wɔn a wɔyare ɔkwaha no ani sɔ nkɔso a nnuruyɛfo anya de besi nnɛ no. Nanso, ayaresa a eye sen biara no mpo no ntumi ntuu yare no ase koraa. Ne nyinaa mu no, wɔn a wɔyare no betumi anya awerɛkyekye a ɛsen biara denam Onyankopɔn wiase foforo no ho bɔhyɛ a wobegye atom no so.b (Yesaia 33:24; Adiyisɛm 21:3, 4) Wɔ saa wiase no mu no “apakye behuruw sɛ ɔforote.” (Yesaia 35:6) Ɔkwaha ne nyarewa foforo nyinaa a ɛrehaw adesamma no befi hɔ koraa! Enti Peter a ɔkwaha ayɛ ne berɛmo dompe no ka sɛ: “Ɛmfa ho amanehunu a mewom yi no, mitumi hu sɛ anidaso bi wɔ hɔ.” Kristoni bea a ne din de Giuliana nso ka sɛ: “Mibu da koro biara a etwam no sɛ nkonim a madi, sɛ, nna a aka ma awiei no aba no so atew da koro!” Yiw, ɛbɛyɛ bere a ɛnyɛ ɔkwaha nkutoo na ebefi hɔ, na mmom amanehunu nyinaa awiei a abɛn nso!

[Ase hɔ nsɛm]

a Wɔasesa edin ahorow no bi.

b Sɛ w’ani begye ho sɛ Yehowa Adansefo no mu biako bɛsra wo na ɔkyerɛkyerɛ Bible bɔhyɛ ahorow mu kyerɛ wo a, hu Yehowa Adansefo asafo a ɛwɔ wo mpɔtam hɔ no, anaasɛ kyerɛw wɔn a wotintim nsɛmma nhoma yi no.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 10]

Nnwinnade pii wɔ hɔ a ɛboa wɔn a wɔyare no ma wɔn asetra tu mpɔn

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Wobetumi anya mmoa a efi ɔdɔ mu wɔ Kristofo nhyiam horow ase

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena