Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 10/12 kr. 26-27
  • Kae sɛ Wobɛka Sɛ Meda Wo Ase!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kae sɛ Wobɛka Sɛ Meda Wo Ase!
  • Nyan!—2012
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Aseda a Wɔde Gye Ma Ɔma Mu Anigye Yɛ Kɛse
    Nyan!—1988
  • Nnipa Rehwehwɛ Akyɛde a Ne Sɛso Nni Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yɛkyerɛ Nneɛma Ho Anisɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Wowɔ Ɔma Honhom?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2012
g 10/12 kr. 26-27

Kae sɛ Wobɛka Sɛ Meda Wo Ase!

BERE bɛn na wokae sɛ obi kyerɛw krataa bɛdaa wo ase? Bere bɛn na wode bi kɔmaa obi?

Wɔ yɛn bere yi a wɔde kɔmputa na edi nkitaho mu no, krataa a wɔkyerɛw de kɔda afoforo ase no ho akɔ atwee. Nanso, sɛ́ wobɛkyerɛw agu krataa so akɔma obi sɛ “meda wo ase” no yɛ ɔkwan soronko a ɛma afoforo hu sɛ w’ani sɔ ayamye a wɔada no adi akyerɛ wo no. Nea edidi so yi yɛ nyansahyɛ bi a wubetumi de adi dwuma.

1. Fa wo nsa kyerɛw nsɛm no, na ama onii no ahu sɛ efi w’ankasa hɔ.

2. Kyerɛw onii a wode rekɔma no no din wom.

3. Sɛ akyɛde bi na ɔde brɛɛ wo a, bɔ akyɛde ko no din na ka nea wopɛ sɛ wode yɛ no ho asɛm.

4. Sɛ wokyerɛw wo nsɛm no wie a, san kyerɛw bio sɛ, meda wo ase.

Sɛ wokyerɛw krataa de kɔda obi ase a, ɛma n’ani gye.

Enti bere foforo a obi bɛda ahɔhoyɛ adi akyerɛ wo, obi bɛyɛ wo adɔe, anaa obi bɛkyɛ wo ade no, ma onhu sɛ w’ani sɔ nea ɔyɛ maa wo no. Kae sɛ wobɛka sɛ, meda wo ase!—g12-E 07.

[Adaka/​Mfonini wɔ kratafa 26, 27]

Me Sewaa Mary, (2)

Meda wo ase pii sɛ wotɔɔ wɔɔkye a ɛbɔ dɔn brɛɛ me. (3) Kan no na mintumi nsɔre ntɛm, nanso seesei ɛbɔ ma mesɔre ntɛm. Yɛn ani gyei sɛ wobɛsraa yɛn nnawɔtwe a etwaam no, na migye di sɛ wukoduu fie asomdwoe mu. Yɛhwɛ kwan sɛ wobɛsan abɛsra yɛn bio.

Meda wo ase bio sɛ wode akyɛde a ɛte saa brɛɛ me! (4)

Wo ba,

John

[Mfonini]

(1)

[Adaka wɔ kratafa 27]

NYANSAHYƐ AHOROW

● Sɛ akyɛde no yɛ sika a, nka ho asɛm tee. Sɛ nhwɛso no, sɛ anka wobɛka sika no dodow ho asɛm no, wubetumi aka sɛ: “M’ani agye w’akyɛde no ho paa. Mede bɛtɔ . . .”

● Kyerɛw biribi fa akyɛde no ne sɛnea w’ani sɔ no nkutoo ho. Ɛnyɛ saa bere yi na wobɛka w’akwantu bi anaa ayaresabea bi a wokɔe ho asɛm.

● Sɛ wuhyia ɔhaw bi wɔ akyɛde no ho a, nka ho asɛm. Sɛ nhwɛso no, ɛnkyerɛ ɔdɔ sɛ wobɛkyerɛw sɛ, “Meda wo ase sɛ wotɔɔ sutof brɛɛ me—nanso minnya baabi mfa nsi wɔ me gyaade!”

[Adaka wɔ kratafa 27]

Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkyerɛ nneɛma ho anisɔ. (Luka 17:11-19) Etu yɛn fo sɛ ‘yɛnkɔ so mmɔ Onyankopɔn mpae daa,’ na ɛtoa so sɛ: ‘Biribiara mu yɛmfa aseda mma’ no.—1 Tesalonikafo 5:17, 18.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena