Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g20 nɔma 1 kr. 14-15
  • Bere Bi Bɛba a Adwinnwen Befi Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere Bi Bɛba a Adwinnwen Befi Hɔ
  • Nyan!—2020
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2020
  • Wubetumi Agyina Nhyɛso Ano—Nanso Ɔkwan Bɛn So?
    Nyan!—1981
  • Ahotɔ A Wobenya Wɔ Nhyɛso Mu—Mprempren Ne Afei De Kosi Daa
    Nyan!—1981
  • “Asomdwoe Bebu So” Wɔ Onyankopɔn Ahenni No Mu
    Nyan!—2019
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2020
g20 nɔma 1 kr. 14-15
Abarimaa bi ne ne papa redi agorɔ wɔ ɛpo asorɔkye mu; ne maame ne ne nua mmea gyina mpoano rehwɛ wɔn.

SƐNEA WUBEGYINA ADWINNWEN ANO

Bere Bi Bɛba a Adwinnwen Befi Hɔ

Afotusɛm a ɛwɔ Bible mu no betumi aboa yɛn na yɛankɔfa adwinnwen pii ammegu yɛn ho so. Yɛyɛ nnipa yi de, yɛn ankasa rentumi nyi nneɛma a egyaw yɛn adwinnwen no nyinaa mfi hɔ. Nanso, yɛn Bɔfo no de, obetumi ayi afi hɔ. Wapaw obi mpo sɛ ɔmmɛboa yɛn. Ɔno ne Yesu Kristo. Bere a na Yesu wɔ asase so no, ɔyɛɛ anwonwade bebree, na ɛrenkyɛ, ɔbɛyɛ nea ɛsen saa koraa wɔ wiase nyinaa. Nea ɔbɛyɛ no bi ni:

YESU BƐSA AYAREFO YARE, SƐNEA ƆYƐE BERE A NA ƆWƆ ASASE SO NO.

‘Wɔde wɔn a nyarewa ahorow ama wɔreteetee nyinaa brɛɛ no, na ɔsaa wɔn yare.’​—MATEO 4:24.

YESU BƐMA NNIPA NYINAA ANYA ADAN ATENA MU NA WƆANYA ADUAN ADI.

“[Wɔn a Kristo bedi wɔn so no besisi] adan atena mu na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba. Wɔrensi mma obi mmɛtena mu, na wɔrennua mma obi nni.”​—YESAIA 65:21, 22.

YESU AHENNI BƐMA ASOMDWOE NE DWOODWOO ABA WIASE NYINAA.

“Ne bere so, ɔtreneeni bɛyɛ frɔmfrɔm, na ɔsram da so wɔ hɔ yi, asomdwoe bebu so. Obenya ɔmanfo fi po ano akosi po ano, ne asubɔnten kɛse no so akosi asase ano. . . . Mfutuma na n’atamfo bɛtaforo.”​—DWOM 72:7-9.

YESU BEYI NSISI AFI HƆ.

“Ɔbrɛfo ne ohiani asɛm bɛyɛ no mmɔbɔ, na obegye ahiafo kra nkwa. Obegye wɔn kra afi nhyɛso ne atirimɔdensɛm mu.”​—DWOM 72:13, 14.

YESU BEYI AMANEHUNU NE OWU MPO AFI HƆ.

“Owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio.”​—ADIYISƐM 21:4.

‘MMERE A EMU YƐ DEN A ADWINNWEN AHYƐ MU MÃ’

“Adwinnwen, ɔhaw, awerɛhow, ne yaw a ɛwɔ wiase nnɛ no, ebi mmae saa da.”​—Mohamed S. Younis; ɔyɛ nhwehwɛmu kuw bi a wɔfrɛ no Gallup no samufo panyin.

Adɛn nti na adwinnwen abu so saa? Bible ma yɛn mmuae a ɛtɔ asom paa. Ɛka wɔ 2 Timoteo 3:1 sɛ: “Nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den a adwinnwen ne amanehunu ahyɛ mu mã bɛba.” (The Amplified Bible) Sɛ wotoa so kenkan Bible mu asɛm yi a, wubehu nea enti a adwinnwen abu so nnɛ. Ɛka sɛ, nnipa bɛda subammɔne adi. Ebi ne sɛ nnipa bɛyɛ pɛsɛmenkominya, ahantan, nyamesomfo a wɔyɛ nyaatwom, nkurɔfo a wɔnnɔ wɔn abusuafo, ne nkurɔfo a wontumi nhyɛ wɔn ho so. (2 Timoteo 3:2-5) Nna a edi akyiri no bɛba awiei bere a Yesu Kristo abedi asase nyinaa so no. Ɔno ne Onyankopɔn Ahenni a ɛyɛ aban a Onyankopɔn ahyehyɛ wɔ soro no so hene.—Daniel 2:44.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena