Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • sj kr. 26-29
  • Sukuu Dan mu Ɔkyerɛkyerɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sukuu Dan mu Ɔkyerɛkyerɛ
  • Sukuu ne Yehowa Adansefo
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Yehowa Adansefo Bu Nhomasua Sɛn?
    Nsɛm a Nkurɔfo Taa Bisa Fa Yehowa Adansefo Ho
  • Sukuu Akyi Dwumadi Ahorow
    Sukuu ne Yehowa Adansefo
  • Nhomasua—Fa Yi Yehowa Ayɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Sukuu ne Yehowa Adansefo
sj kr. 26-29

Sukuu Dan mu Ɔkyerɛkyerɛ

Beae foforo nso a ebia Yehowa Adansefo nsusuwii ahorow betumi aka wɔn sukuukɔ no fa nea wosua no ho. Enti nea yɛka wɔ ha no yɛ nea yɛpɛ sɛ yɛde ma ntease ne biakoyɛ ba akyerɛkyerɛfo ne Adansefo awofo ntam, esiane sɛ yegye di sɛ ɛyɛ awofo no asɛyɛde titiriw sɛ wɔpaw nea wɔde bɛkyerɛkyerɛ wɔn mma nti.

Ɔsom ne Mpaebɔ: Sukuu ahorow bi de nyamesom nkyerɛkyerɛ ka sukuu dan mu adekyerɛ ho. Bere bi wobisae sɛ awofo a wɔwɔ United States nkyerɛ sɛ ebia wɔpɛ sɛ wɔde Katolek, Protestant anaa Yuda som kyerɛkyerɛ wɔn mma. Ná ɛsɛ sɛ abofra biara a wɔmpɛ sɛ wɔma no nyameson nkyerɛkyerɛ biara a no fi sukuu dan no mu na okosua ade wɔ baabi foforo. Nanso afei, wɔ afe 1948 mu no, ɔman no Asennibea Kɛse no kae sɛ:

“Mmara mu Nsakrae a Edi Kan no gyina ntease a ɛne sɛ sɛ ɔsom ne nniso betumi ayɛ adwuma yiye de adu wɔn botae ahorow a ɛkorɔn no ho a, ɛsɛ sɛ wɔma ebiara de ne ho fi ɔfoforo no ho wɔ ebiara afã a edi ho dwuma no mu . . . Mmara mu Nsakrae a Edi Kan no ayɛ ɔfasu wɔ Asɔre ne ɔman ntam a ɛsɛ sɛ wobu no sɛ ɛkorɔn ne nea wontumi mmu mfa so.”—McCollum v. Board of Education (1948).

Akyiri yi wɔ June 17, 1963 mu no, U.S. (Amerika) Asennibea Kɛse no hyɛɛ mmara tiaa Bible akenkan ne mpaebɔ wɔ ɔman sukuu ahorow mu nso. Ɔtemmufo Brennan kyerɛkyerɛɛ sɛnea na osusuw no mu sɛ: “Nea ayɛ yɛn amantam ne ɔman amammui nhyehyɛe horow no honhom fi mfiase . . . ne sɛ wobegyaw ɔsom nkyerɛkyerɛ ama awofo asi ho gyinae.”

Yehowa Adansefo gye tom sɛ ɛyɛ awofo asɛyɛde sɛ wɔde ɔsom mu nkyerɛkyerɛ bɛma wɔn mma. Enti wɔ baabi a wɔkyerɛkyerɛ nyamesom wɔ sukuu dan mu no, Adansefo awofo bebisa sɛ wonyi wɔn mmofra no mfi mu. Sɛ wɔn ho a wɔde bɛhyɛ ɔsom mu adeyɛ bi mu wɔ ɔsom nkyerɛkyerɛ no mu a yesusuw sɛ ennyina Bible so, te sɛ ebia kotow a wɔbɛkotow ahoni anim a, Adansefo awofo mpene eyi so wɔ tebea biara mu.

Ɔkwan foforo so no, sɛ ɔsom ahorow ho nsɛm anaasɛ Bible mu adesua ara kwa na ɛwɔ sukuu dan mu adesua no mu a, Yehowa Adansefo nni ho asɛm biara. Enti sɛ sukuu bi yɛ nhyehyɛe sɛ ɔsom ahorow ananmusifo mmɛkasa nkyerɛ wɔn a ɛnyɛ sɛ wɔresakra wɔn na mmom sɛ wɔreka wɔn som ho asɛm ara kwa akyerɛ asuafo no a, asuafo a wɔyɛ Adansefo de obu betie. Saa ara nso na bere a wɔato nsa afrɛ Yehowa Adansefo no, ɛyɛ wɔn anigye sɛ wɔbɛkasa akyerɛ sukuu akuw horow na wɔakyerɛkyerɛ wɔn ɔsom mu gyidi ahorow mu.

Wɔ sukuu ahorow bi mu no, woti̇̃ Awurade Mpaebɔ no mu bɔ daa. Ɛwom sɛ Yehowa Adansefo gye saa mpae no tom de, nanso yɛmfa yɛn nhyɛ ti̇̃ a woti̇̃ mu wɔ amanne kwan so no mu. Nea enti a eyi te saa ne sɛ bere a Yesu de saa mpaebɔ nhwɛso no mae no ara mu no otuu fo tiaa mpaebɔ mu a ‘wɔkasakasa pii kwa’ no. (Mateo 6:7, 8) Ade foforo nso a enti yɛmmfa yɛn ho nhyɛ mu ne sɛ yɛmmfa yɛn ho nhyɛ gyidi afrafra ɔsom ahorow biara mu.

Ɔbarima ne Ɔbea Ntam Ayɔnkofa Ho Ɔkyerɛkyerɛ: Wofi bere tenten ni na akyerɛkyerɛ akwahosan ne ahotew ho ade wɔ ɔman sukuu ahorow mu. Yenim sɛ saa adesua horow yi aboa kɛse ma wɔakyerɛkyerɛ ɛbo a ahotew, nyarewa anosiw, mmofra hwɛ, abusua asɛyɛde ne nea ɛkeka ho no som. Nanso nnɛ sukuu ahorow pii de ɔbarima ne ɔbea ntam ayɔnkofa mu nsɛm ahorow ho ɔkyerɛkyerɛ a ɛyɛ fann ma nso a nea ɛka ho ne nea ɛfa nyinsɛn anosiw, boasipem, mmarima a wɔne wɔn ho wɔn ho da anaa mmea a wɔne wɔn ho wɔn ho da ne yafunu a wotu gu ho no.

Wɔtaa de mmarima ne mmea ntam anyɔnkofa ho ɔkyerɛkyerɛ yi ma a abrabɔ pa ho akwankyerɛ biara nni mu. Nokware mu no, ɛtaa ba sɛ akyerɛkyerɛfo no ankasa kasa tia Bible mu abrabɔ gyinapɛn ahorow no. Enti awofo a wɔyɛ Adansefo dwen nea wɔde kyerɛkyerɛ wɔ mmarima ne mmea ntam anyɔnkofa adesua ahorow no mu no ho kɛse.

Nhoma bi a wɔde di dwuma wɔ sukuu ahorow bi mu a wɔfrɛ no Dreng og pige, mand og kvinde (Abarimaa ne Abeawa, Ɔbarima ne Ɔbea) no se, “Ɛsɛ sɛ obiara nya ho kwan de di ne ɔbarima ne ɔbaa ntam anyɔnkofa mu ahiade ho dwuma a mfe dodow a wadi ne sɛ́ ɔyɛ ɔbea anaa ɔbarima no mfa ho—mpɛn dodow a ensiw hokwan ahorow a afoforo wɔ ano no—ɔkwan a ɔfa so de di dwuma no ho.” Enti ɛdefa mmoa a wɔne wɔn da ho no, nhoma yi se: “Wɔ Ɔman yi [Denmark] mu no, . . . . mmara ma ho kwan sɛ wodwudwo ɔbarima ne ɔbea nna ho akɔnnɔ ano wɔ saa kwan yi so.” Nanso Onyankopɔn Mmara a ɔde maa Israel no se: “Obiara a ɔne aboa bɛda no, okum na wonkum no.”—Exodus 22:19.

Sɛnea yɛadi kan asi so dua no, Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wobedi Bible mu abrabɔ nnyinasosɛm ahorow akyi na wɔde eyinom akyerɛkyerɛ wɔn mma. Enti wɔmpɛ sɛ wɔn mma gye ɔbea ne ɔbarima ntam ayɔnkofa ho ɔkyerɛkyerɛ fi wɔn a wommu nnyinasosɛm ahorow yi hɔ. Ne saa nti, sɛ Adansefo awofo te nka sɛ wɔde nsusuwii ahorow yi, ne/anaa mfonini bi a ɛsɛe nnyinasosɛm a wɔde kyerɛkyerɛ wɔn mma wɔ fie no rekyerɛkyerɛ wɔn a, ebia wobebisa sɛ wonyi wɔn mma no mfi ɔbarima ne ɔbea ntam ayɔnkofa ho ɔkyerɛkyerɛ no mu.

Abɔde ho Nyansahu ne Adannandi: Yehowa Adansefo ani gye abɔde ho nyansahu adesua ho kɛse. Wɔwɔ obu ma nyansahufo a wɔde wɔn ho ama a wɔde pii aka yɛn ntease a yɛwɔ wɔ wiase a atwa yɛn ho ahyia no ho no. Yɛhyɛ yɛn mmofra no nkuran sɛ wonsua abɔde nyansahu afã horow no efisɛ eyi bɛboa wɔn ma anisɔ a wɔwɔ ma yɛn Bɔfo no nyansa ne tumi no akɔ anim.

Nanso ɛnyɛ nea wɔfrɛ no abɔde ho nyansahu nyinaa na ɛyɛ nokware. Nkyerɛkyerɛ ahorow nso wɔ hɔ, te sɛ adannandi nkyerɛkyerɛ a wɔtaa fa no sɛ ɛyɛ abɔde ho nyansahu mu nokwasɛm no sɛɛ. Adannandi kyerɛ sɛ ade a nkwa wom a edi kan no dannan fii biribi a nkwa nnim mu. Afei, bere a ade no kɔɔ so woe no, ne mma no sakrae na wɔpaapae ma awiei no wɔbɛyɛɛ nneɛma ahorow a nkwa wom no nyinaa, a nnipa a wɔatra asase so pɛn no nyinaa nso ka ho.

Yehowa Adansefo nnye nni sɛ saa nkyerɛkyerɛ yi yɛ nokware. Na yennye nea woka sɛ wɔde nnanson ankasa na ɛbɔɔ ade no nso nni. Yegye di sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ ɔbarima ne ɔbea a wodi kan no sɛnea nneɛma afoforo a nkwa wom no nyinaa nso te no. Enti sɛ wɔresusuw nneɛma a nkwa wom no mfiase ho wɔ sukuu dan mu na akyerɛkyerɛfo kyerɛ obu ma Adansefo mmofra gyidi ahorow a egyina Bible so no a, yɛn ani sɔ. Nokwarem no, yɛte nka sɛ gyidi ahorow yi ne nyansahu mu nokwasɛm ahorow hyia na Adansefo mmofra ani begye ho sɛ wɔbɛka ho asɛm akyerɛ wo.

Nnwonto ne Adwinni Ho Ɔkyerɛkyerɛ: Yehowa Adansefo nnye nni sɛ mfomso bi wɔ nnwonto anaa adwinni nkyerɛkyerɛ ankasa mu. Nanso, Adansefo mmofra mfa wɔn ho nhyɛ nnwonto ne adwinni ho ɔkyerɛkyerɛ a ɛfa anyamesom anaa ɔmampɛ nnapɔnna ho biara mu. Sɛ ɛba wɔn ho a wɔde bɛhyɛ sukuu nnwonto ho ɔkyerɛkyerɛ nhyehyɛe bi mu a, nneɛma horow bi wɔ hɔ a Adansefo mmofra ne wɔn awofo besusuw ho.

Sɛ nhwɛso no, wobesusuw faako ne tebea horow a wode nkyerɛkyerɛ no ma wom ne dwom ko a wɔto no ho. Sɛ akyenekafo kuw bi a wɔbɛgoru wɔ amammui anaa nyamesom adeyɛ bi ase a wɔbɛdɔm ka ɔkyerɛkyerɛ no ho a, obi a ɔyɛ Yehowa Adansefo mu biako rentumi nnya mu kyɛfa. Wɔ bere a wɔde bobɔ nnwom so mu mpo no, asuafo a wɔyɛ Adansefo rennya ɔman nnwom anaasɛ nnwom a ɛfa nyamesom anaasɛ ɔman nnapɔnna ahorow ho a wɔto mu kyɛfa. Asɛm foforo a wobesusuw ho nso bɛyɛ bere a ɛwɔ ade no yɛ mu no, ne sɛ ebia ebetwitwa Kristofo nhyiam horow ne abusua dwumadi ahorow ananmu anaa.

Ɔko Ho Ɔkyerɛkyerɛ: Wɔ sukuu ahorow bi mu no wɔde sraadi nkyerɛkyerɛ ma asuafo no. Nanso Yehowa Adansefo pɛ sɛ wɔka wɔn a Bible se: “Wɔde wɔn nkrante abobɔ nsɔw ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio” no ho. (Yesaia 2:4) Enti Yehowa Adansefo bisa sɛ wonyi wɔn mfi sraadi ntetee adesua wɔ sukuu mu no mu.

Bible ka nso se: “Sɛ ebetumi a, mo fam de, mone nnipa nyinaa ntra asomdwoe mu.” (Romafo 12:18) Nnyinasosɛm ahorow yi a yɛde di dwuma wɔ yɛn asetra mu no nso ka yɛn su a yɛwɔ wɔ ɔko mu nneɛma ahorow ho. Ɔko ho nyansa ahorow te sɛ judo, karate ne kendo, ne akuturukubɔ ne atentam ka eyinom ho. Ebia wɔbɛka sɛ nneyɛe ahorow yi yɛ agodi ahorow de, nanso yebu ho a wɔde hyɛ mu no sɛ ntetee a n’atirimpɔw ne sɛ wɔde bɛko anaasɛ wɔde bepira afoforo. Enti Yehowa Adansefo mfa wɔn ho nhyɛ akodi dwumadi ahorow a ɛtete saa no mu. Ɛwom sɛ Adansefo mmofra bisa sɛ wonyi wɔn mfi wɔn ho a wɔde bɛhyɛ eyinom mu no mu de, nanso wɔde anigye boa sukuu bere mu apɔwmuden nkyerɛkyerɛ nhyehyɛe afoforo kodu baabi a wobetumi.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 28]

Yɛhyɛ yɛn mmofra nkuran ma wosua nyansahu afã horow no ho ade

[Kratafa 26 mfonini]

Asennibea ahorow ahyɛ mmara sɛ ɛsɛ sɛ wogyaw ɔsom mu ɔkyerɛkyerɛ ma awofo ma wosi ho gyinae

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena