ADESUA 24
Nsɛmfua Paw
NSƐMFUA di akoten wɔ kasa mu. Nanso nea ɛbɛyɛ na nsɛmfua a yɛde di dwuma no bedi atirimpɔw pɔtee bi ho dwuma no, ehia sɛ yɛde ahwɛyiye paw. Ebia asɛmfua bi a ɛbɛfata wɔ tebea bi mu no bɛkyerɛ ade foforo koraa wɔ tebea foforo mu. Sɛ yɛamfa asɛmfua bi a ɛyɛ dɛ anni dwuma yiye a, ebetumi adan ‘asɛm a ɛyɛ yaw.’ Nsɛm a ɛte saa a yɛde bedi dwuma no betumi ayɛ nea mfaso nni so, na ɛbɛkyerɛ sɛ yensusuw afoforo ho. Nsɛm bi wɔ ntease abien, emu biako yɛ yaw anaa ɛkyerɛ animtiaabu. (Mmeb. 12:18; 15:1) Ɔkwan foforo so no, ‘asɛmpa’—asɛm a ɛhyɛ nkuran—ma wɔn a wotie no koma tɔ wɔn yam. (Mmeb. 12:25) Egye mmɔdenbɔ na onyansafo mpo anya nsɛm a ɛfata aka. Bible kyerɛ yɛn sɛ, na Salomo nim sɛ ehia sɛ ɔhwehwɛ ‘trenee ne nokware nsɛm a ɛyɛ dɛ.’—Ɔsɛnk. 12:10.
Wɔ kasa ahorow bi mu no, wɔde nsɛmfua bi di dwuma bere a wɔrekasa akyerɛ mpanyimfo anaa wɔn a wɔwɔ tumi, na wɔde nsɛm afoforo nso di dwuma bere a obi ne n’atipɛnfo anaa wɔn a wonnyinii rekasa. Wobu nidi a ɛte saa a obi bebu n’ani agu so no sɛ aniammɔho. Afei nso ɛmfata sɛ obi de abodin a nnipa atitiriw bi nkutoo na wɔde frɛ wɔn no bɛfrɛ ne ho. Ɛdefa nidi a wɔda no adi ho no, Bible no de gyinapɛn a ɛkorɔn sen mmara anaa amanne biara ma. Ɛhyɛ Kristofo nkuran sɛ ‘wonni nnipa nyinaa ni.’ (1 Pet. 2:17) Wɔn a wofi komam yɛ eyi no tumi kasa kyerɛ nnipa nyinaa wɔ obu kwan so ɛmfa ho mfe a wɔadi.
Ɛwom, nnipa pii a wɔnyɛ nokware Kristofo de kasa a ɛda aniammɔho adi na ɛho ntew di dwuma. Ebia wɔbɛte nka sɛ kasafĩ si asɛm a wɔka no so dua kɛse. Anaasɛ dwuma a wɔde di no kyerɛ sɛ wonnim kasa koraa. Sɛ na obi kasa wɔ saa kwan no so ansa na ɔresua Yehowa akwan a, ebia obehu sɛ ɛyɛ den sɛ obegyae su a ɛte saa no. Nanso, obetumi agyae. Onyankopɔn honhom betumi aboa obi ma wasakra sɛnea ɔkasa. Nanso, ɛsɛ sɛ ankorankoro biara nso nya ɔpɛ sɛ obesua nsɛm a ɛfata—nsɛm a ɛhyɛ nkuran, na ɛma denhyɛ—na afei ɔde adi dwuma daa.—Rom. 12:2; Efe. 4:29; Kol. 3:8.
Kasa a Asete Nyɛ Den. Ade titiriw a wɔhwehwɛ wɔ kasa a ɛyɛ dɛ ho ne sɛ asete nyɛ den. (1 Kor. 14:9) Sɛ w’atiefo brɛ ansa na wɔate nsɛmfua a wode di dwuma no ase a, ɛma woyɛ te sɛ obi a ɔreka anana kasa bi wɔ wɔn ani so.
Nsɛm bi wɔ hɔ a, ɛsono sɛnea nnipa bi a wɔyɛ adwuma pɔtee bi te ase. Ebetumi aba sɛ wɔde nsɛm a ɛte saa di dwuma da biara da. Nanso di a wode bedi dwuma wɔ baabi a ɛmfata no betumi ama ayɛ nea afoforo rente ase. Bio nso, ɛmfa ho sɛ wode nsɛm a wɔka no daa na edi dwuma no, sɛ wo nsɛm yɛ pii dodo a, nea w’atiefo no bɛyɛ ara ne sɛ wɔbɛdan wɔn adwene akɔ nneɛma foforo so.
Ɔkasafo a osusuw afoforo ho no de nsɛmfua a wɔn a wɔn nhomanim nkɔɔ anim pii mpo betumi ate ase na edi dwuma. Osusuw “ɔbrɛfo” ho de suasua Yehowa. (Hiob 34:19) Sɛ ɔkasafo no hu sɛ ehia sɛ ɔde asɛmfua bi a atiefo no nnim papa di dwuma a, ɛnde ɛsɛ sɛ ɔde nsɛm a asete nyɛ den kyerɛkyerɛ mu ma emu da hɔ.
Nsɛm a asete nyɛ den a wɔde ahwɛyiye paw no ma wotumi ka nsɛm a tumi wom yiye. Kasamu ntiantiaa ne kasasin a emu da hɔ a asete nyɛ den. Nea ɛbɛyɛ na wo kasa no ntwitwa asinasin no, wubetumi de nsɛm a ɛware ahyehyɛ mu. Nanso ɛdefa nsɛm atitiriw a wopɛ sɛ w’atiefo kae ho no, fa nsɛm ntiantiaa ne kasamu a ɛnyɛ tenten di dwuma.
Nsɛm a Ɛteɛ a Wɔka Dannan Mu. Nsɛmfua a ɛho tew nyɛ na. Sɛ́ anka wode nsɛmfua koro no ara bedi dwuma wɔ tebea biara mu no, dannan wo nsɛm mu. Ɛno bɛma wo kasa ayɛ dɛ na ntease aba mu. Wobɛyɛ dɛn anya nsɛmfua pii de adi dwuma?
Sɛ worekenkan ade a, hyɛ nsɛmfua a wonte ase yiye no nsow, na sɛ mowɔ nsɛm asekyerɛ nhoma wɔ mo kasa mu a, hwehwɛ ne nkyerɛase wom. Paw nsɛm yi mu kakraa bi, na bɔ mmɔden sɛ wode bedi dwuma bere biara a wubenya hokwan no. Fa ahwɛyiye bobɔ din no na fa di dwuma wɔ tebea a wɔbɛte ase mu, ɛnyɛ sɛ ɛbɛtwetwe afoforo adwene. Nsɛmfua pii a wubenya no bɛma woatumi adannan wo kasa mu. Nanso ehia ahwɛyiye—sɛ obi ammɔ asɛmfua bi din yiye anaasɛ ɔde di dwuma sɛnea ɛnsɛ a, afoforo betumi abu no sɛ onnim nea ɔreka no papa.
Nea enti a yɛpɛ sɛ yenya nsɛm pii a yebetumi de akasa ne sɛ yɛbɛma afoforo ate yɛn ase, na ɛnyɛ sɛ yɛde bɛtwetwe yɛn atiefo adwene ma wɔakamfo yɛn. Kasa a ɛkyere adwene ne nsɛmfua atenten taa twe adwene kɔ ɔkasafo no so. Nea yɛpɛ ne sɛ yɛbɛka nsɛm a mfaso wɔ so akyerɛ na yɛama wɔn a wotie no ani agye ho. Kae Bible abebusɛm yi: “Anyansafo tɛkrɛma ma nimdeɛ yɛ dɛ, na nkwasea ano woro agyimisɛm.” (Mmeb. 15:2) Nsɛm a ɛho tew a ɛfata a yɛde bedi dwuma no asete nyɛ den, na ɛboa ma yɛn kasa yɛ dɛ, na ɛkanyan atiefo sen sɛ ɛbɛma wɔn ani ahaw na wonnya ho anigye.
Bere a woboaboa nsɛm pii ano no, ma w’ani nku nsɛm a ɛteɛ a wode bedi dwuma no ho yiye. Nsɛmfua abien betumi akyerɛ ade koro, nanso tebea biara ne nea ɛne no kɔ paa. Sɛ wuhu eyi a, wubetumi ama wo kasa mu ada hɔ na woakwati sɛ wobɛkasa atia w’atiefo. Yɛ aso tie wɔn a wotumi kasa ma emu da hɔ no. Wɔkyerɛw nsɛm a ekura nkyerɛase biako (ɛnyɛ sɛ edi nsɛ) ne nea ɛbɔ abira (nsɛm a ɛsono ne nkyerɛase) ka asɛmfua biara ho wɔ nsɛm asekyerɛ nhoma bi mu. Enti ɛnyɛ nsɛm a wubetumi adannan mu nko na wubenya na mmom nea ekura nkyerɛase ahorow nso. Eyi boa paa bere a worehwehwɛ asɛmfua a ɛfata ama tebea pɔtee bi no. Ansa na wode asɛmfua bi bɛka nsɛm a woaboaboa ano ho no, hwɛ hu sɛ wunim nea ɛkyerɛ, sɛnea wɔbɔ din, ne bere a ɛsɛ sɛ wɔde di dwuma.
Nsɛm a ɛkyerɛ nneɛma pɔtee no asete nyɛ den te sɛ nea wotumi de gyina hɔ ma nneɛma pii no. Ɔkasafo bi betumi aka sɛ: “Saa bere no, nnipa pii yaree.” Anaasɛ obetumi aka sɛ: “Asram kakraa bi wɔ Wiase Ko I akyi no, Spania influensa kunkum nnipa bɛyɛ 21,000,000.” Hwɛ ntease kɛse ara a ɛwom bere a ɔkasafo no kyerɛ “saa bere no,” “nnipa pii,” ne “yaree,” mu pefee no! Wo nsɛm a wobɛka no saa kwan yi so no hwehwɛ sɛ wuhu nokwasɛm a ɛfa w’asɛm no ho na afei wopaw wo nsɛm yiye.
Nsɛm a ɛteɛ a wobɛpaw no nso betumi aboa wo ma woaka wo nsɛm tẽẽ bere a wonworo nsɛm pii. Nsɛm pii a wobɛtoatoa no betumi ama aba a ɛwɔ w’asɛm mu no ayera. Nsɛm ntiantiaa a asete nyɛ den ma ɛyɛ mmerɛw sɛ afoforo betie wo na wɔde nsɛntitiriw asie wɔn tirim. Ɛboa ma yɛda nokware nimdeɛ adi. Nsɛm ntiantiaa a emu da hɔ a Yesu Kristo de dii dwuma no na ɛmaa ne nkyerɛkyerɛ daa nsow. Suasua no. (Hwɛ nhwɛso ahorow wɔ Mateo 5:3-12 ne Marko 10:17-21.) Sua sɛnea wode nsɛm ntiantiaa a wode ahwɛyiye apaw no bedi dwuma ma emu ada hɔ.
Nsɛmfua a Ahoɔden Wom, Ɛka Koma, na Ɛyɛ Dɛ. Bere a wutumi nya nsɛmfua pii a wode bedi dwuma no, ɛnyɛ nsɛm a ɛyɛ foforo nko na ɛsɛ sɛ wususuw ho, na mmom nea ɛda nneɛma pɔtee bi adi nso. Sɛ nhwɛso no, susuw adeyɛ nsɛm a ɛda ahoɔden adi; edin nkyerɛkyerɛmu a ɛma wuhu sɛnea asɛm bi yɛ dɛ; ne nsɛm bi a ɛda ɔhyew, ayamye, anaa nsiyɛ adi no ho hwɛ.
Nsɛm a ntease wom saa ho nhwɛso pii wɔ Bible mu. Yehowa nam odiyifo Amos so de nkuranhyɛ mae sɛ: ‘Monhwehwɛ papa, na ɛnyɛ bɔne. Montan bɔne na monnɔ papa.’ (Amos 5:14, 15) Odiyifo Samuel ka kyerɛɛ Ɔhene Saul sɛ: ‘Osuane na Yehowa asuane Israel ahenni afi wo nsam nnɛ.’ (1 Sam. 15:28) Bere a na Yehowa rekasa akyerɛ Hesekiel no, ɔde nsɛm a ɛyɛ den sɛ ne werɛ befi na edii dwuma sɛ: ‘Israel fi nyinaa momaso ayɛ den, na wɔn koma apirim.’ (Hes. 3:7) Bere a Yehowa resi sɛnea Israelfo bɔne so fa so dua no, obisae sɛ: “So onipa bɛfow Onyankopɔn? Nanso morefow me.” (Mal. 3:8, NW) Daniel reka gyidi ho sɔhwɛ a wohyiae wɔ Babilon ho asɛm pefee no, ɔbɔɔ amanneɛ sɛ ‘abufuhyew hyɛɛ Nebukadnesar ma’ esiane sɛ Sadrak, Mesak ne Abed-Nego ansom ne honi no nti, enti ɔhyɛe sɛ wɔnkyekyere wɔn mfa wɔn ‘nkogu ogya a ɛrefram fononoo no mu.’ Daniel reboa yɛn ma yɛahu sɛnea na ogya no ano yɛ den fa no, ɔbɔɔ amanneɛ sɛ ɔhene hyɛe sɛ ‘wɔmma fononoo no mu nnɔ mpɛn ason nkyɛn nea ɛyɛɛ wɔn sɛ adɔ’—ma enti bere a ɔhene mmarima no bɛn fononoo no, wowuwui. (Dan. 3:19-22) Bere a na aka nna kakra ma Yesu awu no, ɔde nkate a emu yɛ den ne nkurɔfo kasae wɔ Yerusalem sɛ: ‘Mpɛn ahe na anka mepɛe sɛ meboaboa wo mma ano, sɛnea akokɔtan boaboa ne mma ano ne ntaban ase, nanso moampɛ! Hwɛ, wobegyaw mo fi afituw ama mo.’—Mat. 23:37, 38.
Nsɛmfua a wobɛpaw no yiye betumi ama w’atiefo atwa nsɛm ho mfonini wɔ wɔn adwenem. Sɛ wode nsɛmfua a ɛkanyan w’atiefo nkate di dwuma a, wobetumi “ahu” na “wɔaso” nneɛma a woreka ho asɛm no mu. Na wobetumi “aka” aduan a woreka ho asɛm no “ahwɛ” ate ne “hua.” Wobetumi “ate” nnyigyei a woka ho asɛm no ahu nkurɔfo a woreka wɔn ho asɛm no. W’atiefo no adwene nyinaa bɛba nea woreka no so esiane sɛ woboa wɔn ma wɔte nneɛma ase yiye nti.
Nsɛmfua a etumi ma wohu nneɛma yiye betumi ama nnipa aserew anaasɛ wɔasu. Ebetumi ama wɔanya anidaso, na ama obi a n’abam abu anya ɔpɛ sɛ ɔbɛtra nkwa mu na akanyan ɔdɔ a ɔwɔ ma ne Bɔfo no. Anidaso a ɛwɔ Bible mu nsɛm mu te sɛ Dwom 37:10, 11, 34; Yohane 3:16; ne Adiyisɛm 21:4, 5 no anya wiase mu nnipa pii so nkɛntɛnso.
Bere a wokenkan Bible ne “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no nhoma ahorow no, wubehu nsɛmfua ne kasasin ahorow pii. (Mat. 24:45) Nkenkan kɛkɛ na mma wo werɛ mmfi. Paw nea w’ani gye ho, na fa ka wo nsɛm a woka no daa ho.
Kasa a Ɛne Kasa Mmara Hyia. Nnipa binom tumi hu sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na wɔn kasa ne kasa mmara hyia. Nanso dɛn na wobetumi ayɛ wɔ ho?
Sɛ woda so ara kɔ sukuu a, fa hokwan no di dwuma mprempren sua kasa mmara ne sɛnea wɔpaw nsɛmfua yiye. Sɛ w’adwenem yɛ wo nãã wɔ kasa mmara bi ho a, bisa wo kyerɛkyerɛfo. Nsua kasa mmara a wode betwitwa wo ho ara kwa. Wowɔ biribi a ɛkanyan wo a ebia adesuafo afoforo nni. Wopɛ sɛ woyɛ ɔsɛmpakafo a ne ho akokwaw.
Nanso sɛ wo mfe kɔ anim na sɛ ɛnyɛ kasa a woka mprempren yi na wɔde tetee wo nso ɛ? Anaasɛ ebia woannya hokwan ansua nhoma wɔ wo kurom kasa mu nso ɛ. Mma w’abam mmmu. Mmom no, bɔ mmɔden sɛ wubenya nkɔanim esiane asɛmpa no nti. Yenya kasa mmara ho nimdeɛ a yɛwɔ no dodow no ara fi afoforo kasa a yetie mu. Enti sɛ akasafo a wɔn ho akokwaw ma wɔn kasa a, yɛ aso tie wɔn yiye. Sɛ wokenkan Bible ne Bible ho nhoma foforo a, ma w’ani nku kasamu nhyehyɛe, nsɛmfua a wɔka bom, ne tebea a wɔde di dwuma wom no ho. Gyina saa nhwɛso pa yi so hyehyɛ wo kasa.
Nnipa a wogye afoforo ani a wɔagye din ne nnwontofo betumi de nsɛm a ɛne kasa mmara nhyia adi dwuma. Nkurɔfo taa suasua saafo yi. Wɔn a wɔtɔn nnubɔne ne afoforo a wodi amumɔyɛ akyi anaa wɔbɔ bra bɔne no wɔ wɔn ankasa nsɛm a wɔka a ɛne sɛnea afoforo te ase no nhyia koraa. Nyansa nnim sɛ Kristofo besuasua saa nnipa yi mu biara. Saa a yɛbɛyɛ no bɛkyerɛ sɛ yɛka saafo a wɔwɔ wiase no ho na yegye wɔn asetra kwan tom.—Yoh. 17:16.
Fa yɛ wo su sɛ wode kasa a ɛho tew bedi dwuma da biara. Sɛ woamma w’ani amma wo ho so wɔ kasa a wode bɔ nkɔmmɔ daa no ho a, nhwɛ kwan sɛ sɛ edu bere titiriw bi a wubetumi akasa yiye. Nanso sɛ wode kasa pa di dwuma wɔ wo da biara da asetra mu a, ɛrenyɛ den sɛ wode bedi dwuma wɔ asɛnka agua so anaa bere a woredi nokware no ho adanse akyerɛ afoforo no.