Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w12 12/1 kr. 18-20
  • Wususuw sɛ Woaba Wiase Pɛn Anaa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wususuw sɛ Woaba Wiase Pɛn Anaa?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adwene a Ɛne sɛ Obi Wu a Ɔsan Ba Bio no Fi He?
  • Ɛyɛ Ampa sɛ Obi Wu a Ɔsan Ba Bio?
  • Owusɔre—Ɛno Ne Anidaso a Ɛwɔ Hɔ Ma Awufo
  • So Ɛsɛ sɛ Wugye Wo a Wɔsan Wo Obi no Di?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • So Ɛsɛ Sɛ Wugye Di Sɛ Obi Wu A Wɔsan Wo No?
    Nyan!—1983
  • Owu Akyi Asetra—Ɔkwan Bɛn So, Ɛhe, Bere Bɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Woatra Nkwa mu Mpɛn Ahe?
    Nyan!—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
w12 12/1 kr. 18-20

Wususuw sɛ Woaba Wiase Pɛn Anaa?

[Picture on page 18]

“Kɔ a yɛkɔ san ba no de, ɛyɛ nokware paa, na ɛyɛ ampa nso sɛ awufo mu na ateasefo fi ba, na awufo akra de, ɛte hɔ daa.”​—PLATO, HELANI NYANSAPƐFO A ƆTENAA ASE BƐYƐ MFE 2,500 NI. “SOCRATES” ASƐM NA ƆFA KAE.

“Ɔkra biara nni hɔ a ɛnhyɛ nipadua mu, nanso ɔkra nyɛ nipadua. Enti sɛ ɛnhyɛ nipadua biako mu a, na ɛhyɛ foforo mu; efi nipadua biako mu a na ɛkɔ foforo mu.”​—GIORDANO BRUNO, ITALINI NYANSAPƐFO A ƆTENAA ASE BƐBORO MFE 400 NI.

“Owu biara nni hɔ: onipa yɛ ne ho te sɛ nea wawu . . . na wakopue baabi foforo koraa a osi pi si ta, na ogyina mpomma mu hwɛ nea ɛrekɔ so.”​—RALPH WALDO EMERSON, AMERIKA ANWENSƐM KYERƐWFO A ƆTENAA ASE BƐYƐ MFE 200 NI.

ƐYƐ a wutumi bisa wo ho sɛ woyɛ onipa bɛn? Wote nka sɛ woaba wiase pɛn anaa? Ɛnyɛ wo nkutoo na wote nka saa. Efi tete na nnipa a wofi mmaa nyinaa abisa saa nsɛm no. Ɛho mmuae a nkurɔfo rehwehwɛ no ama ebinom abenya adwene sɛ onipa wu a ɔsan ba bio. Nea wɔrekyerɛ ne sɛ, sɛ obi wu a, “ɔkra” bi a enwu da fi ne mu kɔ baabi ma wɔwo no foforo, na otumi kɔ san ba mprenu anaa mprɛnsa, na otumi bɛyɛ onipa, aboa anaa dua mpo.

Ebinom wɔ hɔ a, saa ntease no tɔ asom ma wɔn, nanso yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ saa nsɛm no yɛ nokware? Dɛn na Onyankopɔn Asɛm Bible wɔ ka wɔ asɛm no ho? Nanso asɛmmisa a ehia sɛ yesusuw ho paa ne sɛ, Ɛhe na saa adwene no fi bae?

Adwene a Ɛne sɛ Obi Wu a Ɔsan Ba Bio no Fi He?

Wɔkyekyee tete Babilon kurow no bɛboro mfe 2,000 ansa na wɔrewo Kristo, na abakɔsɛm akyerɛwfo ne nhomanimfo bi kyerɛ sɛ, saa kurow no mufo na wofii ase kyerɛkyerɛe sɛ nnipa kra nwu. Morris Jastrow, Jr. kae wɔ ne nhoma bi mu sɛ: Adwene a ɛne sɛ onipa wu a na onwui no, “egyee Babilon nyamekyerɛfo adwene paa.” Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ na Babilonfo no te nka sɛ “owu yɛ akwantu a ɛde nnipa kɔ asetena foforo mu. Yetumi hu sɛ na ɛyɛ den ma wɔn paa sɛ wobegye atom sɛ wobefi nkwa mu korakora a wɔntena ase bio, na ɛno na ɛkɔfaa saa nkyerɛkyerɛ no bae sɛ onipa wu a ɔsan ba bio.”—The Religion of Babylonia and Assyria.

Ɔkra ho nkyerɛkyerɛ a efii ase wɔ tete Babilon a ɛne sɛ obi wu a ne kra kɔ baabi foforo ma wɔsan wo no bio no, efii ase trɛw kɔɔ wiase afanan nyinaa saa bere no. Indiafo nyansapɛfo de gyidi bi a emu yɛ den bae a wɔfrɛ no Karma; wɔkyerɛ sɛ, sɛ obi wu na wɔsan wo no bio a, ɔbra a ɔbɔe na ɛbɛkyerɛ nipadua ko a ɔbɛsan de aba. Helafo nyansapɛfo a wɔwɔ tumi nso nyaa gyidi sɛ obi wu a wɔsan wo no bio, na wɔmaa nnipa bebree nso gye dii.

Yɛn bere yi so no, nnipa a wɔabenya saa gyidi no wɔ Europe ne Amerika no adɔɔso. Nnipa a wɔagye din ne mmabun pii ani abegye Asiafo som ne wɔn amammerɛ ho. Ɛnnɛ, wɔayeyɛ nhoma ne Intanɛt dwumadibea pii a ɛma nkurɔfo hwehwɛ asetena a wɔkyerɛ sɛ na wɔwom ansa na wɔresan awo wɔn. Ade biako a seesei nkurɔfo pii reyɛ wɔ aman bebree so ne sɛ, wɔfa kwan bi so de hwehwɛ sɛnea na wɔte ansa na wɔresan awo wɔn. Wɔyɛ biribi a ɛma ɛyɛ te sɛ nea wɔrenya anisoadehu, na ɛma wɔte nka sɛ wɔatena ase pɛn; wɔyɛ saa na ama wɔanya wɔn apɔwmuden ne wɔn suban ho ntease bi.

Ɛyɛ Ampa sɛ Obi Wu a Ɔsan Ba Bio?

Ɛwom, gyidi a ɛne sɛ obi wu a, ɔsan ba bio no fi tete, nanso ɛsɛ sɛ yenya asɛmmisa a ɛho hia paa yi ho mmuae: Enti saa asɛm no yɛ nokware? Kristofo nso, ɛsɛ sɛ wohu sɛ saa gyidi no ne Kristofo nkyerɛkyerɛ a efi Bible mu no hyia anaa. (Yohane 17:17) Yɛn Bɔfo Yehowa Nyankopɔn na ɔma yɛn nkwa, na ɔno na “oyi ahintasɛm adi,” enti ɔma yehu nkwa ne owu ho nsɛm bi a nnipa nnim. Yebetumi anya ahotoso sɛ nsɛmmisa a ɛfa owu ne nkwa ho no, n’Asɛm Bible no bɛma yɛanya ho mmuae.—Daniel 2:28; Asomafo Nnwuma 17:28.

Sɛ yɛtɔ yɛn bo sua Bible no a, yebetumi ahu Onyankopɔn adwene wɔ asɛm no ho. Ɛho nhwɛso ne sɛ, bere a Adam ne Hawa yɛɛ asoɔden tiaa Onyankopɔn no, asɛm a ɔka kyerɛɛ Adam no, wɔakyerɛw wɔ Genesis 3:19. Onyankopɔn kae sɛ: “W’anim fifiri mu na wubedidi kosi sɛ wobɛsan akɔ dɔte mu, efisɛ emu na woyii wo fii. Woyɛ dɔte na dɔte mu na wobɛsan akɔ.” Dɔte na ɔde bɔɔ Adam. Bere a owui no, ɔsan kɔɔ dɔte mu. Asɛm a Onyankopɔn kae wɔ asɛm no ho no, emu da hɔ. Nea ɛkyerɛ ne sɛ obi wu a, wɔnsan nwo no bio sɛ onipa foforo na mmom ofi nkwa mu koraa.a Yenni ahohuru bere mu a, na yɛwɔ awɔw bere mu; ɛnyɛ osutɔbere a, na ɛyɛ ɔpɛ bere; hann nni hɔ a, esum na ɛwɔ hɔ; saa ara na sɛ yenni nkwa mu a, na yɛawu. Nea ɛwom ara ne sɛ, onipa wu a na wawu! Asɛm yi ntɔ asom anaa?

Ɛnde ɛbɛyɛ sɛ biribi foforo na ɛma ɛyɛ ebinom sɛ wɔatena ase pɛn. Nnipa nneyɛe ne sɛnea adwene no yɛ adwuma no, yennya ntee ase nwiei, na sɛnea nnuru a yɛnom ne nneɛma a yɛafa mu wɔ asetena mu nya yɛn so tumi no, ɛno nso yɛntee ase yiye. Nneɛma pii na egu nnipa adwene mu, enti sɛ yɛso dae anaa yɛn adwene kyerɛ yɛn sɛ biribi asi a, etumi yɛ yɛn sɛ asi ampa. Ɛtɔ mmere bi a, ahonhommɔne tumi yi nneɛma bi kyerɛ yɛn ma yɛte nka sɛ biribi asi bere a biribiara nsii.—1 Samuel 28:7-19.

Onipa biara mpɛ sɛ owu, na ne daakye nso hia no. Ɛyɛɛ dɛn na yenyaa saa atenka no? Bible ka Ɔbɔadeɛ no ho asɛm sɛ: “Ɔde bere a enni awiei ahyɛ wɔn komam.” (Ɔsɛnkafo 3:11) Enti nnipa komam de, wɔmpɛ sɛ wowu.

Sɛ yɛn Bɔfo Yehowa Nyankopɔn de ahyɛ nnipa komam sɛ wɔntena ase daa a, ɛnde na yebetumi aka sɛ ɔbɛkyerɛ yɛn nea yɛbɛyɛ a yɛbɛtena ase daa. Bible ka sɛ Ɔbɔadeɛ no atirimpɔw a ɛho hia ne sɛ obehyira nnipa asoɔmmerɛfo ma wɔanya daa nkwa wɔ asase so paradise. Honhom kaa odwontofo Ɔhene Dawid ma ɔkae sɛ: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatena so daapem.” (Dwom 37:29) Bible nkyerɛkyerɛ titiriw biako a ɛbata Onyankopɔn atirimpɔw ho denneennen ne awufo sɔre.—Asomafo Nnwuma 24:15; 1 Korintofo 15:16-19.

Owusɔre—Ɛno Ne Anidaso a Ɛwɔ Hɔ Ma Awufo

Nnipa baawɔtwe na Bible ka sɛ wonyanee wɔn baa nkwa mu bio maa afoforo hui.b Ɛyɛ owusɔre na saafo no nyae, na ɛnyɛ sɛ wɔsan woo wɔn foforo baa wiase. Bere a wonyanee wɔn no, wɔn abusuafo ne wɔn nnamfo hui sɛ ɛyɛ wɔn na wɔanyan wɔn no. Wɔn mu biara nni hɔ a n’abusuafo kɔɔ baabi kɔhwehwɛɛ mmofra a wɔawo wɔn foforo mu sɛ ebia wɔn busuani no kra akɔhyɛ abofra a wɔawo no foforo bi mu anaa.—Yohane 11:43-45.

Onyankopɔn Asɛm ma yenya awerɛhyem sɛ, ɛrenkyɛ ɔde wiase foforo bɛba abesi wiase bɔne yi ananmu, na nnipa a wɔawuwu no mu dodow no ara benyan afi awufo mu aba nkwa mu bio. (2 Petro 3:13, 14) Yehowa Nyankopɔn de, awerɛfi nni ne ho; ɔsoro nsoromma mpo, ɔkae ne nyinaa din, enti nnipa ɔpepem pii a wɔatena ase pɛn no, seesei ɔkae wɔn ho biribiara. (Dwom 147:4; Adiyisɛm 20:13) Obenyan awo ntoatoaso pii aba wiase foforo no mu ama obiara atumi ahu ne nana nananom nyinaa. Anigyesɛm bɛn ara ni!

a Sɛ wopɛ nsɛm pii a, hwɛ asɛm a wɔato din “Ɛhe na Awufo Wɔ?”; ɛwɔ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no ti 6. Yehowa Adansefo na wotintimii.

b Owusɔre awotwe no wɔ 1 Ahene 17:17-24; 2 Ahene 4:32-37; 13:20, 21; Luka 7:11-17; 8:40-56; Yohane 11:38-44; Asomafo Nnwuma 9:36-42; 20:7-12. Sɛ wokenkan saa nsɛm yi a, wubehu sɛ wonyanee wɔn nyinaa maa nnipa pii hui. Nea ɛto so akron no yɛ Yesu Kristo wusɔre.—Yohane 20:1-18.

Anidaso mu Anidaso

Ɛnsɛ sɛ wode w’adwene kɔ gyidi nworonworann a ɛne sɛ yɛaba wiase pɛn no so. Mmom no, owusɔre nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ Bible mu no, gye bere hwehwɛ mu. Ɛbɛma woanya mmuae a edi mu, na sɛ wo werɛ how nso a, ɛbɛkyekye wo werɛ.

Ɛho nhwɛso ne sɛ, Theodore yere Rosemarie a na ɔne no atena mfe 44 no wui, na ɛyɛɛ awerɛhosɛm kɛse maa no. Ɔkae sɛ: “Minim sɛ wɔde Rosemarie asie baabi pa, enti minsuro, efisɛ Yehowa werɛ remfi no da. Owusɔre a wɔaka ho asɛm wɔ Bible mu no nyinaa yɛ nokware, efisɛ nnipa pii de wɔn ani hui. Ɛno nti asɛm a Yesu ka kyerɛɛ Lasaro no, meretwɛn sɛ ɔbɛka bi daakye sɛ: ‘Rosemarie, fi bra!’”

Ná Costas ne Maria wɔ babea ketewa bi a onnyaa mfe abien mpo, na yare bi a wɔde woo no kum no yayaayaw. Maria kae sɛ: “Yɛn babea Evi wu no yɛɛ yɛn yaw paa. Efi saa bere no, yɛabenya owu, owusɔre ne amanehunu ho ntease pii. Seesei yɛate Bible mu nsɛm te sɛ nea ɛwɔ Yesaia 33:24; 35:5, 6; ne Adiyisɛm 21:4, 5 no ase yiye paa! Anokwa, owusɔre anidaso a Yehowa ama yɛanya no kyerɛ sɛ ɔyɛ Agya a ɔdɔ ne mma.”

Mmuae a efi Bible mu a ɛfa owu ne nkwa ho no fi yɛn Bɔfo no hɔ tẽẽ. Wo nso, sɛ wode Onyankopɔn Asɛm to fapem a ɛyɛ den te sɛ ɔbotan ma wo daakye a, wubetumi anya anidaso a edi mu te sɛ Theodore, Costas, ne Maria. Onyankopɔn Asɛm ntumi nni atoro da!—Tito 1:2.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena