Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w24 January kr. 19
  • So Wunim?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wunim?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Filipo Bɔ Etiopiani Panyin Bi Asu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Ɔkaa “Yesu Ho Asɛmpa” No
    ‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
  • Filipo—Ɔsɛmpakafo a Ɔyɛ Nsi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Ade A Ehia Na Ama Woate Bible no Ase
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
w24 January kr. 19
Apɔnkɔ retwe teaseɛnam bi a ɛwɔ ntwahonan nnan, na obi a ɔreka te mu. Akyi hɔ no, Filipo te Etiopiani bi nkyɛn, na ɔrekyerɛkyerɛ Kyerɛwnsɛm no mu akyerɛ no.

So Wunim?

Teaseɛnam bɛn na na Etiopiani bi a ɔyɛ ahemfie panyin no te mu bere a Filipo kɔɔ ne nkyɛn no?

ASƐMFUA a wɔakyerɛ ase “teaseɛnam” wɔ Wiase Foforo Nkyerɛase no mu no, ebetumi akyerɛ teaseɛnam ahorow ahorow nso. (Aso. 8:​28, 29, 38) Nanso teaseɛnam a na Etiopiani no te mu no, ɛbɛyɛ sɛ na ɛsõ sen teaseɛnam a na wɔde kɔ ɔko anaa wɔde si akan. Yɛnhwɛ nea enti a yɛreka saa no bi.

Ná Etiopiani no yɛ ahemfie panyin a watwa kwantenten. “Ná ɔyɛ otumfo a ɔhyɛ Etiopiafo hemmaa Kandake ase, na ɔno na na ɔhwɛ ne sika nyinaa so.” (Aso. 8:27) Sudan nyinaa ne Egypt anaafo a ɛwɔ hɔ nnɛ no, tete no, na ne nyinaa ka Etiopia ho. Ɛwom sɛ ebia Etiopiani no antena teaseɛnam baako pɛ mu na etwaa kwan no nyinaa, nanso ɛbɛyɛ sɛ na nneɛma a ɔde retu kwan ka ne ho. Asomafo no bere so no, teaseɛnam a na wɔde fa nnipa no, na ebi wɔ ntwahonan nnan. Nhoma bi a ɛkyerɛkyerɛ Asomafo Nnwuma no mu no ka sɛ: “Ná teaseɛnam a ɛte saa no tumi fa nneɛma pii, emu tena yɛ dɛ, na ɛbɛyɛ sɛ na etumi boa nkurɔfo ma wɔtwa kwantenten.”

Bere a Filipo kɔɔ Etiopiani no nkyɛn no, na ɔrekenkan ade. Kyerɛwtohɔ no ka sɛ, ‘Filipo tuu mmirika kɔɔ ho, na ɔtee sɛ ahemfie panyin no rekenkan odiyifo Yesaia nhoma no den.’ (Aso. 8:30) Teaseɛnam a na wɔde tu kwan no, wɔanyɛ no sɛ ɛnkɔ mmirika. Esiane sɛ na teaseɛnam no kɔ bɔkɔɔ nti, na ahemfie panyin no betumi akenkan ade. Afei nso, na ɛrenyɛ den sɛ Filipo betu mmirika akɔto teaseɛnam no.

Etiopiani no ‘srɛɛ Filipo sɛ ɔmforo mmɛtena ne nkyɛn.’ (Aso. 8:31) Teaseɛnam ankasa a na wɔde si akan no de, na wɔn a wɔka no gyina mu. Nanso, teaseɛnam a na wɔde tu kwan no, na emu sõ, enti na ahemfie panyin no ne Filipo nyinaa benya baabi atena.

Esiane asɛm a ɛwɔ Asomafo Nnwuma ti 8 ne nea abakɔsɛm ama yɛahu nti, yɛayɛ nsakrae bi. Etiopiani a ɔyɛ ahemfie panyin ho mfoni a yɛyɛ wɔ yɛn nhoma ahorow mu no, nnansa yi yɛyɛ no sɛ ɔte teaseɛnam a ɛsõ mu. Ɛnte sɛ nea na wɔde kɔ ɔko anaa wɔde si akan no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena