ADESUA ASƐM 33
DWOM 4 “Yehowa Ne Me Hwɛfo”
Gye Tom Sɛ Yehowa Dɔ Wo
“Mede ɔdɔ a enni huammɔ atwe wo aba me nkyɛn.”—YER. 31:3.
NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM
Nea enti a ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ Yehowa dɔ yɛn, ne nea yɛyɛ a ɛbɛma yɛagye adi paa sɛ ɔdɔ yɛn.
1. Adɛn nti na wuhyiraa wo ho so maa Yehowa? (Hwɛ mfoni no nso.)
WOKAE bere a wuhyiraa wo ho so maa Yehowa no? Nea enti a wusii saa gyinae no ne sɛ wusuaa ne ho ade behuu no, na wodɔɔ no. Wohyɛɛ no bɔ sɛ wode n’apɛde bedi kan wɔ w’asetenam, na wobɛkɔ so de wo koma nyinaa, wo kra nyinaa, w’adwene nyinaa, ne w’ahoɔden nyinaa adɔ no. (Mar. 12:30) Efi saa bere no, ɔdɔ a wowɔ ma no no mu akɔ so ayɛ den. Ɛnde, sɛ obi bisa wo sɛ, “Wugye di sɛ wodɔ Yehowa?” a, wubebua sɛn? Ebia worennwen ho koraa na woaka sɛ, “Medɔ no sen obiara!”
Kae sɛ ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa na ɛma wuhyiraa wo ho so maa no na wobɔɔ asu (Hwɛ nkyekyɛm 1)
2-3. Dɛn na Yehowa pɛ sɛ yegye tom, na dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu? (Yeremia 31:3)
2 Na sɛ obi bisa wo sɛ “Wugye di sɛ Yehowa dɔ wo?” a, wubebua sɛn? Ebia w’adwene yɛ wo sɛ Yehowa nnɔ wo, enti ɛbɛyɛ den sɛ wobɛka sɛ Yehowa dɔ wo. Onuawa bi a efi ne mmofraase nyinaa na ɔte nka sɛ obiara nnɔ no kaa sɛ: “Minim paa sɛ medɔ Yehowa. Nanso mpɛn pii no, ɛyɛ den ma me sɛ megye adi sɛ Yehowa dɔ me.” Ɛnde, wobɛyɛ dɛn ahu sɛ Yehowa dɔ wo?
3 Yehowa pɛ sɛ wugye di paa sɛ ɔdɔ wo. (Kenkan Yeremia 31:3.) Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa na ɔtwee wo baa ne nkyɛn. Bere a wuhyiraa wo ho so na wobɔɔ asu no, ɔdaa ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛɛ wo; wei yɛ biribi a ɛsom bo paa. Wei kyerɛ sɛ ɔdɔ wo papaapa, na ɔrentwe ne ho mfi wo ho da. Saa ɔdɔ yi nti, obu n’asomfo anokwafo nyinaa sɛ wɔyɛ ‘agyapade a ɛda ne koma so.’ Enti wo nso, wosom bo ma no paa. (Mal. 3:17, ase hɔ asɛm) Sɛnea na ɔsomafo Paul te nka sɛ Yehowa dɔ no no, wo nso, Yehowa pɛ sɛ wote nka sɛ ɔdɔ wo. Esiane sɛ na Paul gye di paa sɛ Yehowa dɔ no nti, otumi de akokoduru kyerɛwee sɛ: “Migye di yiye sɛ owu anaa nkwa anaa abɔfo anaa aban anaa nneɛma a ɛwɔ hɔ anaa nneɛma a ɛrebɛba anaa tumi anaa nea ɛwɔ soro anaa nea ɛwɔ fam anaa abɔde foforo biara rentumi ntew yɛn mfi Onyankopɔn dɔ . . . ho.” (Rom. 8:38, 39) Adesua yi mu no, gyidi a yɛwɔ sɛ Yehowa dɔ yɛn no, yɛbɛhwɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛhyɛ mu den. Afei nso, yɛbɛhwɛ nea ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ saa.
NEA ENTI A EHIA SƐ YEGYE TOM SƐ YEHOWA DƆ YƐN
4. Dɛn na yɛbɛyɛ de ako atia Satan nnɛɛdɛe a ɛyɛ hu paa no mu baako?
4 Sɛ yegye tom sɛ Yehowa dɔ yɛn a, yebetumi ako atia Satan “nnɛɛdɛe” no mu baako. (Efe. 6:11) Satan yɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛma yɛagyae Yehowa som. Satan nnɛɛdɛe a ɛyɛ hu paa a ɔtrɛw mu no, baako ne sɛ Yehowa nnɔ yɛn. Mma wo werɛ mmfi da sɛ Satan nni adwempa. Mpɛn pii no, sɛ ohu sɛ yɛn abam abu a, saa bere no paa na ɔtow hyɛ yɛn so. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛ ohu sɛ ebia ɔhaw bi a yehyiae mmere bi a atwam, nea yɛrehyia no mprempren, anaa nea yebetumi ahyia daakye ho dadwen ahyɛ yɛn so a, ɛnde na wadidi. (Mmeb. 24:10) Satan te sɛ gyata a ɔtow hyɛ mmoa a wɔayɛ mmerɛw so. Enti bere a yɛte nka sɛ yɛayɛ mmerɛw no, saa bere no na ɔbɔ mmɔden sɛ obebubu yɛn koraa. Nanso, gyidi a yɛwɔ sɛ Yehowa dɔ yɛn no, sɛ yɛkɔ so hyɛ mu den a, ɛbɛboa yɛn paa ama ‘yɛasiw Ɔbonsam kwan,’ na yɛako atia ne nnaadaa ne ne nnɛɛdɛe no.—1 Pet. 5:8, 9; Yak. 4:7.
5. Adɛn nti na ɛho hia paa sɛ yehu sɛ Yehowa dɔ yɛn na yɛsom bo ma no?
5 Sɛ yegye tom sɛ Yehowa dɔ yɛn a, ebetumi ama yɛabɛn no paa. Yɛnhwɛ nea enti a yebetumi aka saa. Sɛnea Yehowa bɔɔ yɛn nti, yetumi dɔ afoforo, na wɔn nso dɔ yɛn bi. Enti sɛ obi dɔ yɛn a, yɛn nso yɛdɔ no. Wei nti sɛ yehu sɛ Yehowa dɔ yɛn paa na yɛsom bo ma no a, ɛbɛma yɛn nso yɛadɔ no kɛse. (1 Yoh. 4:19) Afei, bere a ɔdɔ a yɛwɔ ma no no mu reyɛ den no, ɔdɔ a ɔno nso wɔ ma yɛn no mu bɛyɛ den. Bible ka no pefee sɛ: “Mommɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn mo.” (Yak. 4:8) Ɛnde, gyidi a yɛwɔ sɛ Yehowa dɔ yɛn no, yɛbɛyɛ dɛn ahyɛ mu den?
DƐN NA EBETUMI ABOA YƐN MA YƐAGYE ATOM SƐ YEHOWA DƆ YƐN?
6. Dɛn na yebetumi abɔ ho mpae na ama yɛagye atom sɛ Yehowa dɔ yɛn?
6 Kɔ so bɔ mpae, na ka nneɛma pɔtee ho asɛm. (Luka 18:1; Rom. 12:12) Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, srɛ Yehowa mpɛn pii da biara sɛ ɔmmoa wo na hu wo ho sɛnea ohu wo no. Ɛtɔ da a ebia ɛbɛyɛ den sɛ wo koma begye atom sɛ Yehowa dɔ wo. Nanso kae sɛ Yehowa so sen wo koma. (1 Yoh. 3:19, 20) Onim wo sen sɛnea wunim wo ho koraa; nea wuntumi nhu nyinaa n’ani tua. (1 Sam. 16:7; 2 Be. 6:30) Ntwentwɛn wo nan ase sɛ ‘wobɛka’ wo koma mu asɛm akyerɛ no. Afei srɛ no sɛ ɔmmoa wo na gye tom sɛ ɔdɔ wo. (Dw. 62:8) Sɛ wobɔ saa mpae no wie a, bɔ mmɔden fa nyansahyɛ a edidi so yi yɛ adwuma.
7-8. Sɛn na Nnwom nhoma no ma yɛn awerɛhyem sɛ Yehowa dɔ yɛn?
7 Gye nea Yehowa aka no di. Yehowa honhom na ɔde boaa Bible akyerɛwfo no, enti nea wɔka faa ne ho no, saa pɛpɛɛpɛ na ɛte. Sɛnea Yehowa dwen yɛn ho no, hwɛ sɛnea odwontofo Dawid kaa ho asɛm fɛfɛɛfɛ. Ɔkaa sɛ: “Yehowa bɛn wɔn a wɔn koma abubu; ogye wɔn a wɔn abam abu.” (Dw. 34:18) Sɛ wobotow a, anhwɛ a wobɛte nka sɛ aka wo nko ara. Nanso Yehowa hyɛ bɔ sɛ, mmere a ɛtete saa mu paa na ɔbɛbɛn wo, efisɛ ohu sɛ wuhia no paa. Dwom foforo mu nso, Dawid kaa sɛ: “Fa me nisu gu wo nsu kotoku mu.” (Dw. 56:8) Sɛ worehu amane a, Yehowa hu. Odwen wo ho paa, na ɔte nea worefa mu no ase. Sɛ ɔkwantufo nam sare so a, ɔde ne nsu gu toa a wɔde aboa nhoma ayɛ mu; nsu a ɛte saa som bo ma no paa. Enti wo nso, sɛ yɛbɛka a, Yehowa boaboa wo nisu ano de sie, efisɛ ɛsom bo ma no. Dwom 139:3 nso ka sɛ: ‘Yehowa nim m’akwan nyinaa.’ Yehowa hu nea woyɛ nyinaa, nanso nneɛma pa a woyɛ no, ɛno na ɔde n’adwene si so. (Heb. 6:10) Adɛn ntia? Efisɛ mmɔden biara a worebɔ sɛ wobɛyɛ nea ɛsɔ n’ani no, ɛyɛ no fɛ paa.a
8 Yɛbɛka a, Yehowa nam Bible mu awerɛkyekyesɛm a ɛtete saa so reka akyerɛ wo sɛ: “Mepɛ sɛ wuhu sɛ medɔ wo paa, na midwen wo ho.” Nanso sɛnea yɛadi kan ahu no, Satan pɛ sɛ wunya adwene sɛ Yehowa nnɔ wo. Enti ɛtɔ da na w’adwenem yɛ wo naa sɛ Yehowa nnɔ wo a, wubetumi abisa wo ho sɛ, ‘“Atoro agya” no na megye no adi, anaa “nokware Nyankopɔn” no na megye no adi?’—Yoh. 8:44; Dw. 31:5.
9. Wɔn a wɔdɔ Yehowa no, ɛbɔ bɛn na wahyɛ wɔn? (Exodus 20:5, 6)
9 Sɛnea Yehowa hu wɔn a wɔdɔ no no, dwinnwen ho. Yɛnhwɛ nea Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Israelfo no. (Kenkan Exodus 20:5, 6.) Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛkɔ so ada ɔdɔ a enni huammɔ adi akyerɛ wɔn a wɔdɔ no. Saa asɛm no ma yɛn awerɛhyem sɛ yɛn Nyankopɔn nokwafo no de, obi a ɔdɔ no no, ɔrennan n’akyi nkyerɛ no da; ɔno nso bɛdɔ no bi. (Neh. 1:5) Enti sɛ ɛtɔ da na wote nka sɛ Yehowa nnɔ wo a, bisa wo ho sɛ, ‘Medɔ Yehowa anaa?’ Afei susuw wei ho: Sɛ wodɔ no na woreyɛ nea wubetumi nyinaa sɛ wobɛyɛ nea ɛsɔ n’ani a, ɛnde nya awerɛhyem sɛ ɔdɔ wo papaapa. (Dan. 9:4; 1 Kor. 8:3) Enti sɛ wugye di sɛ wodɔ Yehowa a, adɛn nti na w’adwenem yɛ wo naa sɛ Yehowa de, ɔnnɔ wo? Ne dɔ ne ne nokwaredi de, adutwam.
10-11. Dɛn na Yehowa pɛ sɛ wuhu fa agyede no ho? (Galatifo 2:20)
10 Dwinnwen agyede no ho. Yesu Kristo agyede afɔre no, ɛyɛ akyɛde a ɛsen biara a Yehowa de ama adasamma. (Yoh. 3:16) Wo ara nso wuhu no sɛ ɛyɛ akyɛde a Yehowa de rema wo anaa? Yegye di sɛ wuhu no saa! Momma yɛnhwɛ ɔsomafo Paul asɛm no. Kae sɛ, ansa na ɔrebɛyɛ Kristoni no, ɔyɛɛ bɔne akɛseakɛse bi, na ɛno akyi mpo na ehia sɛ ɔkɔ so ko tia ne sintɔ. (Rom. 7:24, 25; 1 Tim. 1:12-14) Nanso obehui sɛ agyede no yɛ akyɛde a Yehowa de ama no. (Kenkan Galatifo 2:20.) Kae sɛ, Yehowa na ɔmaa Paul kyerɛw saa asɛm no wɔ Bible mu. Afei nso, biribiara a ɛwɔ Bible mu no, wɔakyerɛw sɛ ɛnkyerɛkyerɛ yɛn. (Rom. 15:4) Nsɛm a Paul kyerɛwee no da no adi sɛ, Yehowa pɛ sɛ wuhu sɛ agyede no yɛ akyɛde a ɔde ama wo. Sɛ wuhu agyede no saa a, gyidi a wowɔ sɛ Yehowa dɔ wo no, ɛbɛhyɛ mu kena.
11 Yɛda Yehowa ase sɛ ɔsomaa Yesu baa asaase so sɛ ommewu mma yɛn. Nanso ade foforo nti a Yesu baa asaase so ne sɛ, ɔbɛkaa Onyankopɔn ho nokwasɛm kyerɛɛ afoforo. (Yoh. 18:37) Saa nokwasɛm no bi ne sɛ Yehowa dɔ ne mma paa.
NEA YESU YƐ DE BOA YƐN MA YEGYE TOM SƐ YEHOWA DƆ YƐN
12. Nea Yesu ka faa Yehowa ho no, adɛn nti na yebetumi agye adi?
12 Bere a Yesu wɔ asaase so no, ofii ne pɛ mu maa nkurɔfo huu sɛnea Yehowa te. (Luka 10:22) Nea Yesu ka faa Yehowa ho nyinaa, yebetumi agye adi, efisɛ Yesu ne Yehowa boom tenaa soro mfe petepeepee ansa na ɔreba asaase so. (Kol. 1:15) Yesu nim sɛ Yehowa dɔ no paa. Afei nso, onim sɛnea Yehowa dɔ ne mma a wɔwɔ soro ne asaase so nyinaa. Dɛn na Yesu yɛ de boa yɛn ma yegye tom sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn?
13. Sɛn na Yesu pɛ sɛ yehu Yehowa?
13 Sɛnea Yesu hu Yehowa no, ɔpɛ sɛ yɛn nso yehu no saa ara. Yɛhwɛ Nsɛmpa Nnan no mu a, yehu sɛ Yesu frɛɛ Yehowa “Agya” bɛboro mpɛn 160. Afei nso, bere a ɔne n’asuafo no rekasa no, ɔfrɛɛ Yehowa “mo Agya” anaa “mo soro Agya.” (Mat. 5:16; 6:26) Ansa na Yesu reba asaase so no, na Yehowa asomfo anokwafo de abodin bi te sɛ ‘Ade Nyinaa So Tumfoɔ,’ ‘Ɔsorosoroni,’ ‘Ɔbɔadeɛ,’ ne nea ɛkeka ho na ɛfrɛ Yehowa. Nanso mpɛn pii no, na Yesu frɛ Yehowa ‘Agya.’ Saa asɛm no ma yehu pefee sɛ, sɛnea abofra bi tumi bɛn n’agya a ɔdɔ no no, saa ara na Yehowa nso pɛ sɛ n’asomfo bɛn no. Ɛda adi pefee sɛ sɛnea Yesu hu Yehowa no, saa ara na ɔpɛ sɛ yɛn nso yehu no; ɔpɛ sɛ yehu Yehowa sɛ Agya pa bi a ne mma da ne koma so. Mmere afoforo nso, Yesu de abodin “Agya” no frɛɛ Yehowa. Momma yɛnhwɛ emu mmienu.
14. Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛe sɛ yɛn mu biara som bo ma yɛn soro Agya no? (Mateo 10:29-31) (Hwɛ mfoni no nso.)
14 Momma yenni kan nhwɛ Yesu asɛm a ɛwɔ Mateo 10:29-31 no. (Kenkan.) Nkasanoma yɛ nnomaa nketenkete, na ɛnyɛ ade a wɔbetumi adɔ Yehowa anaa wɔasom no da. Nanso, akasanoma baako pɛ som bo ma no ara ma sɛ ɔtɔ fam mpo a, onim. Sɛ saa a, ɛnde ne somfo a ɔdɔ no na odi no nokware de, ɔrensi no fam koraa! Afei nso, Yesu kaa sɛ yɛn Agya nim nwi dodow a ɛwɔ yɛn mu biara ti so. Nneɛma nketenkete a ɛwɔ yɛn ho mpo, sɛ Yehowa nim a, ɛnde yebetumi agye adi paa sɛ odwen yɛn ho paa. Wei ma yehu paa sɛ, Yesu pɛ sɛ yegye tom sɛ yɛn mu biara som bo ma yɛn soro Agya no.
Akasanoma baako pɛ som bo ma Yehowa ara ma sɛ ɔtɔ fam mpo a, onim. Sɛ saa a, ɛnde wo a woyɛ ne somfo a wodɔ no na wudi no nokware de, ɔrensi wo fam koraa! (Hwɛ nkyekyɛm 14)
15. Yesu asɛm a ɛwɔ Yohane 6:44 no, dɛn na ɛma wuhu fa wo soro Agya no ho?
15 Momma yɛnhwɛ bere foforo nso a Yesu de asɛmfua “Agya” dii dwuma. (Kenkan Yohane 6:44.) Wo soro Agya no ankasa na ɔtwee wo nkakrankakra baa nokware no mu. Adɛn nti na ɔyɛɛ saa? Efisɛ ohui sɛ wowɔ koma pa. (Aso. 13:48) Bere a Yesu kaa asɛm a ɛwɔ Yohane 6:44 no, ɛbɛyɛ sɛ na ɔretwe adwene asi asɛm a Yehowa kae a ɛwɔ Yeremia 31:3 no so. Ɛhɔ no, Yehowa ka kyerɛɛ ne nkurɔfo sɛ: “Mede ɔdɔ a enni huammɔ atwe wo aba me nkyɛn.” (Fa toto Hosea 11:4 ho.) Wo de, dwen saa asɛm no ho. Suban pa a wowɔ a ebia wunnim mpo, yɛn soro Agya a ɔdɔ yɛn no hu ne nyinaa.
16. (a) Dɛn na Yesu pɛ sɛ ɔka kyerɛ yɛn, na adɛn nti na ɛsɛ sɛ yegye no di? (b) Dɛn na ɛbɛboa wo ma woagye adi paa sɛ Yehowa ne Agya a ɔsen biara? (Hwɛ adaka a yɛato din “Agya a Yɛn Nyinaa Hia” no.)
16 Ka a Yesu kaa sɛ Yehowa yɛ yɛn Agya no, nea na ɔreka akyerɛ yɛn ne sɛ: “Ɛnyɛ sɛ Yehowa yɛ me nko ara m’Agya, na mmom ɔyɛ mo nso mo Agya. Enti mepɛ sɛ munya awerɛhyem sɛ ɔdɔ mo, na odwen mo mu biara ho paa.” Enti ɛtɔ da na wote nka sɛ Yehowa nnɔ wo a, bisa wo ho sɛ, ‘Yesu a onim yɛn Agya no sen obiara na ɔka nokware bere nyinaa no, ɛnsɛ sɛ migye n’asɛm di anaa?’—1 Pet. 2:22.
GYIDI A WOWƆ SƐ YEHOWA DƆ WO NO, KƆ SO HYƐ MU DEN
17. Gyidi a yɛwɔ sɛ Yehowa dɔ yɛn no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so hyɛ mu den?
17 Gyidi a yɛwɔ sɛ Yehowa dɔ yɛn no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so hyɛ mu den. Sɛnea yɛadi kan ahu no, yɛn tamfo Satan onitefo no yɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛdaadaa yɛn ma yɛagyae Yehowa som. Ɔpɛ sɛ ɔsɛe yɛn gyidi, enti daa ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛma yɛanya adwene sɛ Onyankopɔn nnɔ yɛn. Ɛnsɛ sɛ yɛma Satan di nkonim da!—Hiob 27:5.
18. Gyidi a wowɔ sɛ Yehowa dɔ wo no, wobɛyɛ dɛn ahyɛ mu den?
18 Kɔ so srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na hu wo ho sɛnea ohu wo no. Woyɛ saa a, gyidi a wowɔ sɛ ɔdɔ wo no, ɛbɛboa wo ma woahyɛ mu den. Sɛnea Yehowa maa Bible akyerɛwfo kaa sɛnea ɔdɔ yɛn na odwen yɛn ho ho asɛm no, dwinnwen ho. Sɛnea Yehowa hu wɔn a wɔdɔ no no, dwinnwen ho; obi a ɔdɔ no no, ɔrennan n’akyi nkyerɛ no da; ɔno nso bɛdɔ no bi. Mma wo werɛ mmfi da sɛ agyede no yɛ akyɛde a Yehowa de ama wo. Afei nso, sɛnea Yesu kae no, gye tom sɛ Yehowa yɛ wo soro Agya. Ɛba saa na obi bisa wo sɛ: “Wugye di sɛ Yehowa dɔ wo?” a, wode ahotoso bɛka sɛ: “Yiw, ɔdɔ me! Na me nso, da biara meyɛ nea metumi biara de kyerɛ sɛ medɔ no!”
DWOM 154 Nokware Dɔ
a Sɛ wopɛ Bible mu awerɛkyekyesɛm foforo a ɛma yenya awerɛhyem sɛ Yehowa dɔ yɛn a, hwɛ asɛmti a ɛne “Adwenem Naayɛ” no. Ɛwɔ nhoma a yɛato din Bible Mu Nsɛm a Kristofo De Bɔ Wɔn Bra no mu.