Dwom 3:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 O Yehowa, dɛn nti na m’atamfo adɔɔso saa?+Dɛn nti na nnipa pii sɔre tia me?+ Dwom 25:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Hwɛ sɛnea m’atamfo adɔɔso;+Wokyi me kɔkɔkɔkɔ.+ Dwom 56:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 M’atamfo pɛ me amene me daa nyinaa,+Na wɔn a wɔama wɔn ho so ne me reko no dɔɔso.+ Mateo 24:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 “Ɛnna nkurɔfo beyi mo ama ahohia+ na wɔakum+ mo, na me din nti+ aman nyinaa bɛtan+ mo.