So Woasusuw Ho Pɛn—
Dɛn Nti Na Asɔre Ahorow Bebree Wɔ Hɔ
NNANSA yi nhwehwɛmu bi kyerɛe sɛ asɔre ahorow 1,200 wɔ Amerika nkutoo. Amanneɛbɔ foforo daa no adi sɛ bɛboro 6,000 wɔ Afrika. Ɛda adi pefee sɛ nyamesom mu gyidi ahorow bebree wɔ wiase baabiara. Nyamesom mu gyidi ahorow a ɛtete saa no de ntawntawdi ne basabasayɛ mpo aba. Ɛwom mpo sɛ ebia asɔre biara wɔ n’ankasa din, nanso so nsonsonoe a ɛwɔ wɔn mu no yɛ kɛse ankasa?
SO NSONSONOE PII WƆ WƆN MU ANKASA?
Yiw, ɔsom ahorow so na nnipa nam de nidi ma tumi bi a ɛkorɔn anaa anyame. Nanso, nea ɛsen eyi no, nsɛdi afoforo bi wɔ asɔre ahorow ahorow pii no mu. Ɔsraafo Panyin J. Garnier, a ɔpɛɛpɛɛ nyamesom ahorow mu wɔ ne nhwehwɛmu adwuma a ɛfa “Awufo Som” ho no, kyerɛwee sɛ: “Baabiara no, yehu sɛnea asɔreyɛ, guasodeyɛ, amanne ne atetesɛm ahorow hyia ma ɛyɛ nwonwa, na ne nyinaa wɔyɛ wɔ wɔn anyame ne anyamewa din mu.”
Nsɛdi ahorow no ama ebinom ne ɔkyerɛwfo G. B. Shaw a ɔkãe sɛ: “Asɔre biako pɛ na ɛwɔ hɔ, ɛwom sɛ ɔhaha pii wɔ hɔ” no ayɛ adwene.
DƐN NTI NA NSƐDI AHOROW BEBREE WOM?
Abakɔsɛm akyerɛwfo bebree gye di sɛ nyamesom mu nneyɛe fã kɛse no ara fii faako na ɛbae. Sɛ nhwɛso no, Ɔsraafo Panyin Garnier susuw tete abakɔsɛm ho nhomanimfo atitiriw dodow bi nhwehwɛmu ho na ɔkãe sɛ eyinom “adi adanse pefee . . . sɛ, ɛnyɛ Misraimfo, Kaldeafo, Foinikefo, Helafo ne Romafo nko, na mmom Hindufo, Buddhafo a wofi China ne Tibet, Gothfo, Anglo-Saksonfo, Druidfo, Meksikofo ne Perufo, Australia asase no sofo ankasa ne Kesee-fam Po Nsupɔw no sofo a wɔn ani mmuei no mpo, ebetumi aba sɛ wɔn nyinaa nyaa wɔn nyamesom mu gyidi ahorow fii faako.”
Nanso ɛhe na na “fibea koro” yi wɔ? Ɛhe na na nyamesom mu gyidi horow a enyaa tete wiase no so nkɛntɛnso no mfiase wɔ? Garnier se, “Babilon ne faako a tete Abosonsom nyaa ne mfiase.” Afoforo gye tom, sɛ́ ebia tete kasa horow ho ɔbenfo Morris Jastrow a ɔkyerɛw “nyamesom adwene a na ɛwɔ Babilon a enyaa nkɛntɛnso a emu yɛ den wɔ tete wiase no so” ho asɛm no.
Nanso, wɔyɛɛ saa asɛm koro yi ara ho kyerɛwtohɔ mfe mpempem pii a atwam ni wɔ Bible mu. Ɛkã kurow bi kyekye, a abantenten kɛse bi ka ho, a akyiri yi wɔfrɛɛ no Babilon ho asɛm. Tete Babilon, a na ɛwɔ apuei no nam ne nyamesom nneyɛe so gyee din. Nanso wɔn onyamesom no ansɔ Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no ani. Enti ɔyɛɛ wɔn kasa basabasa “na ɔbɔɔ wɔn hwetee asase nyinaa ani.—Gen. 11:1-9.
Enti, Babilon nyamesom mu nneyɛe ne gyidi ahorow trɛwee wiase nyinaa. Sɛnea kasa foforo ahorow no trɛw fii awo ntoatoaso so kɔɔ awo ntoatoaso so no, saa nso na tete Babilon nyamesom yɛe. Eyi na ama nsɛdi aba tete asɔre horow ne asɔre bebree a ɛwɔ hɔ nnɛ no mu no. Nanso Bible no nso da no adi sɛ ɔsom a ɛsɔɔ Onyankopɔn ani kɔɔ so traa hɔ na mfe 2,000 a atwam ni no, ɛdaa adi wɔ Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ mu.
DƐN NTI NA KRISTOFO ASƆRE HOROW MU APAAPAE?
Sɛ Kristosom ne ɔsom kronn—a ɛtew ne ho fii nea enyaa mfiase wɔ Babilon ho no a—dɛn nti na yehu n’ahorow bebree? Sɛ nhwɛso no, Amerika lndiani ɔhene bi bisaa Kristoni ɔsɛmpatrɛwfo bi a ɔne aborɔfo bi bɛtraa hɔ sɛ: “Sɛ asɔre koro pɛ na ɛwɔ hɔ a, dɛn nti na mo aborɔfo mowɔ no ahorow ahorow pii saa? Dɛn nti na ne nyinaa nhyia, bere a mo nyinaa tumi kenkan Nhoma no?”
Ɔhene no kaa nea ama mpaapaemu aba mu no biako ho asɛm—“Nhoma no” a wɔnkan. Bebree a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo abu wɔn ani agu Kristofo nkyerɛkyerɛ so sɛnea wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu no. Nanso afoforo wɔ hɔ a wokyinkyim nea ɛwɔ Bible mu no. ‘Wɔka nkontomposɛm de twe asuafo di wɔn akyi.’ Eyi nso de asɔre ahorow ahorow bebree ba, a wɔn nyinaa kyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo. Nanso wɔ asɔre ahorow a ayɛ basaa yi mu no, nokware som da so wɔ hɔ de besi nnɛ.—Aso. 20:29, 30; 2 Pet. 3:16.
WOBƐYƐ DƐN ATUMI AHU NOKWARE ASƆRE NO?
Yesu kae sɛ: “Wɔn aba na mode behu wɔn.” (Mat. 7:16) Ɔkwan foforo so no, ɛbɛyɛ saa denam nea wɔyɛ so. Adaka a ɛwɔ kratafa yi so no mu no, wɔabobɔ nokware som agyiraehyɛde ho Kyerɛwsɛm no binom din wom. Sɛ w’asɔre de Bible gyinapɛn ahorow yi retra ase anaasɛ dabi a, wunim. Ɔsomafo Paulo tuu fo sɛ: “Monsɔ ade nyinaa nhwɛ, na munso nea eye no mu.”—1 Tes. 5:21.
Bere a sakasaka a ɛwɔ asɔre ahorow a ɛwɔ wiase no mu ayɛ tumi a edi awu no, nokware som de nhyira horow ba. Ɛboa yɛn ma yebehu Onyankopɔn. Ɛma yehu nneɛma a ɛyɛ asiane ahorow wɔ asetra mu, ɛma yɛn anidaso a egyina hɔ pintinn na eyi nnɛyi adwenemhaw bebree no binom fi hɔ. Ampa, eye sɛ yɛbɛhwehwɛ akyi kwan. Wɔn a wotintim nsɛmma nhoma yi ani begye sɛ wɔbɛboa wo ma woayɛ saa.
[Kratafa 4 adaka]
NOKWARE SOM AGYIRAEHYƐDE AHOROW
NOKWARE DƆ A ƐWƆ EMUFO MU. Yesu kae sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.”—Yoh. 13:35.
OBU MA ONYANKOPƆN ASƐM. Yesu ka kyerɛɛ ne soro Agya wɔ mpaebɔ mu sɛ: “Wasɛm yɛ nokware.”—Yoh. 17:17.
ONYANKOPƆN DIN A WƆMA ƐHO TEW. Yesu ka kyerɛɛ ne nokware akyidifo sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: “Yɛn agya a wowɔ soro, wo din ho ntew.” (Mat. 6:9) Yesu kãe wɔ mpaebɔ mu nso sɛ: “Mayi wo din makyerɛ wɔn [asuafo no] na meyi makyerɛ.” (Yoh. 17:26) Nokwarem no, ɔma wohuu edin kronkron, Yehowa no.—Dw. 83:18.
ONYANKOPƆN AHENNI NO HO DAWURU A WƆBƆ. Yesu ka siei sɛ n’akyidifo bɛma nkɔmhyɛ kwan so ahyɛde yi abam: “Na wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”—Mat. 24:14.
WIASE A WOYI WƆN HO FI HO NE AFÃ BIARA A WONNYINA WƆ AMAMMUISƐM MU. ‘Onyamesom a ɛho tew na ɛho nni fĩ agya Onyankopɔn anim ne sɛ obi . . . yi ne ho fi wiase nkekae mu.’—Yak. 1:27.