Wobetumi Agyina Asetra Mu Nsɛm Ano—Dɛn Nti Na Ebinom Paw Sɛ Wobekum Wɔn Ho?
SO ƐREYƐ den dodo ama wo sɛ wubegyina ɔhaw ahorow a atwa wo ho ahyia no ano? Sɛ wokenkan asɛm a ɛtoa eyi so a ɛne “Ɛyɛ Me Anigye Pii sɛ Mete Nkwa Mu!” no a, wubehu ɔkwan a ɔbea bi faa so sɛ ɔde begyina ano na ohuu nea enti a ɛsɛ sɛ ɔtra nkwa mu. Wo nso wubetumi agyina ano. Nanso, nokwasɛm ahorow kyerɛ sɛ nnipa pii te nka sɛ wɔrentumi nnyina asetra mu nsɛm ano.
Wɔ Amerika no, nnipa bɛyɛ 25,000 kum wɔn ho afe biara. Wɔkyerɛ sɛ ɔpehaha pii tow fom wɔ mmɔden a wɔbɔ sɛ wobekum wɔn ho no mu. Wɔkyerɛ nso sɛ nnipa ɔpepem pii wɔ hɔ a wɔasɔ ahwɛ pɛn sɛ wobekum wɔn ho.
Wɔn a wokunkum wɔn ho no dɔɔso wɔ aman binom mu sen Amerika. Wiase nyinaa no, nnipa dodow a wokum wɔn ho no adu baabi a ɛdɔɔso yiye. Adefo ne ahiafo nyinaa ka ho—na dodow a wɔyɛ saa no kɔ anim ara.
Dɛn nti na nnipa bebree reyɛ wɔn adwene sɛ wɔrentumi nnyina asetra mu nsɛm ano?
Dɛn Ntia?
Dr. Calvin J. Frederick, a ɔyɛ wɔn a wɔhwɛ nnipa a wɔanya adwenemyare a emu yɛ den so so ɔpanyin wɔ Ɔman Adwene mu Akwahosan Sukuu mu ma mmuae sɛ: “Ɛyɛ nka a obi te sɛ ne ti nye, sɛ n’ade yɛ mmɔbɔ ne anidaso biara a onni wɔ asetra mu nti.” Enti wɔ obi a ɔpɛ sɛ okum ne ho fam no, ɛte sɛ nea biribiara nkɔ yiye. Ɔte nka sɛ ontumi nnyina mprempren tebea no ano na onhu sɛ biribi pa bɛba daakye a ɛbɛsakra nneɛma. Nanso dɛn na ɛma obi nya abasamtu pii a ɛte saa? Nneɛma a ɛma ɛba saa no gu ahorow.
Ohia buroburo ka ebinom araa kosi sɛ wɔn home tew. Wɔ nnipa bebree fam no, ohia kyerɛ ahokyere ankasa—den a ɛyɛ sɛ wobenya aduan a ɛbɛsõ wɔn ne wɔn abusua. Na ebinom; bere a wɔte nka sɛ wontumi nhwɛ mma wɔn abusua nhu amanne no, wɔpaw eyi—kum a wobekum wɔn ho.
Ɛyɛ den ma afoforo bebree sɛ wobegyina ɔyare a ɛyɛ yaw, a aka hɔ no ano. Bere a wonim sɛ nea ɛda wɔn anim daakye nyinaa ne sɛ wɔbɛtra ɛyaw mu da biara no, ebinom bɔ wɔn tirim sɛ wobekum wɔn ho na wɔnam saayɛ so ama wɔn awerɛhow to atwa. Nokwasɛm ni, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛboa nnipa a wɔte saa no, nnansa yi ara, wotintim nhoma bi a wɔka ho asɛm sɛ “wiase akwankyerɛ a edi kan wɔ ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw a wobɛfa so akum wo ho ho.”
Nea ɛda ade foforo nso a ɛde eyi ba adi ne asɛm a ɔbea bi a ɔyɛ kuw bi a wɔfrɛ wɔn Samariafo a wɔwɔ England a wɔn adwuma titiriw ne sɛ wɔboa wɔn a wɔpɛ sɛ wokum wɔn ho no kasamafo no kãe. Ɔkae sɛ: “Ɛda adi sɛ adwenemhaw rekɔ anim na ade biako a ɛde eyi ba betumi ayɛ adwuma a wonnyɛ nyɛ.” (Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi.) Sɛ nhwɛso no: Mmerante ne mmabaa a wɔrewiewie sukuu a wonnya adwuma nyɛ no ne mpanyimfo a wɔn adwuma asɛe no nya nkate koro no ara sɛ wɔapow wɔn. Basaayɛ betumi akowie adwenemhaw kɛse mu ntɛm ara. Sika a wɔde ma wɔn a wɔn ho kyere wɔn anaasɛ wɔn a wɔnyɛ adwuma no ntumi nni saa ɔhaw no ho dwuma. Na, ɔbarima a ɔhwere adwuma a aboa no mfe pii ma watumi ahwɛ n’abusua no nso ɛ? Afei de, ɔhwehwɛ dawurubɔ ahorow a ɛkyerɛ sɛ wohia obi wɔ adwuma bi mu no mu da biara da. Ɔkɔ ma wobisabisa no adwuma ahorow ahorow ho nsɛm nanso onnya adwuma. Saa bere yi mu no, ehia sɛ abusua no didi ara. Ɛka ahorow a ɔde no redɔɔso. Ɛda adi sɛ, ɛnyɛ tebea a ɛyɛ mmerɛw sɛ obi begyina ano, ɛnte saa anaa?
Ankonamyɛ yɛ biribi a afoforo bebree te nka sɛ wontumi nnyina ano. Ebia obi hwere ɔhokafo wɔ owu mu bere a ɔne no de mfe bebree aware anigye mu. Wɔ ebinom fam no, sɛ́ wɔbɛtra ase a wɔn hokafo nka wɔn ho yɛ ade a wontumi nnyina ano.
Nhwehwɛmufo binom te nka sɛ mpanyimfo a wokum wɔn ho no yɛ saa esiane nneɛma ahorow bi a wɔhwere nti: wɔn hokafo wu; wɔn mma tu fi fie; onyin a ɛma wogyae adwuma anaasɛ wɔhyɛ wɔn ma wogyae; akatua a wonya no ara a ɛsɛ sɛ wɔde tra ase bere a nneɛma bo kɔ soro; wɔn werɛ a efi ase fi ade; wɔn ahoɔden so a ehuan nkakrankakra; obu a wɔwɔ ma wɔn ho a enni hɔ bio bere a wohu sɛ wɔde wɔn ho reto afoforo so pii. Enti wotumi bu wɔn ho a wokum sɛ ɔkwan a wɔfa so kwati afoforo so adesoa a wɔbɛyɛ anaa sɛ ɔkwan a wɔbɛfa so akwati wɔn nna a aka a wɔde bɛtra nkwakorafo fi.
Mmofra a Wokunkum Wɔn Ho—Dɛn Ntia?
Wɔn a wokunkum wɔn ho ne wɔn a wɔsɔ hwɛ sɛ wobekum wɔn ho no a ɛrekɔ anim kɛse no yɛ nea ɛkɔ so wɔ mmofra mu. Wɔ Amerika no, amanneɛbɔ ahorow kyerɛ sɛ dɔnhwerew biara no mmofra ne wɔn a wonnya nnuu mpanyin afe so 57 bɔ mmɔden sɛ wobekum wɔn ho. Kanada anya nkɔanim mmɔho anan wɔ mmofra a wokum wɔn ho mu fi 1950 mfe ɔno mu reba. Wɔbɔ tebea horow a ɛtete saa ho amanneɛ fi Franse, West Germany, Japan ne Sweden. Dɛn nti na mmofra a wɔdɔɔso pii saa te nka sɛ wontumi nnyina asetra mu tebea horow ano?
Wɔkyerɛ sɛ anidaso a wonni mma daakye yɛ nneɛma atitiriw a ɛma wɔyɛ saa no mu biako. Dr. Diane Syer a,ɔyɛ kuw a wɔyɛ nnipa a wɔte saa ho adwuma a ɔwɔ Toronto Ayaresabea no, kãe sɛ mmofra a wɔyɛ wɔn adwene sɛ wobekum wɔn ho no te nka sɛ “wɔrenyɛ yiye wɔ asetra mu na enti mfaso bɛn na ɛwɔ so sɛ wɔbɛkɔ so atra ase.”
Wɔ sukuu ahorow mu no, mmɔden a ɛsɛ sɛ wɔbɔ daa na “wɔadi sɔhwɛ mu nkonim” de ɔhaw brɛ afoforo bebree. Wɔ West Germany ne Japan no, saa suro a wosuro sɛ wobedi nkogu yi na ɛma mmofra a wokunkum wɔn ho dɔɔso pii. Ɛtɔ mmere bi a awofo no na wɔhyɛ wɔn, hwɛ kwan sɛ ɛnyɛ sɛ wɔn mma besua ade kɛkɛ na mmom sɛ wɔbɛyere wɔn ho adi kan. Bebree piapia wɔn mma ma wɔde wɔn ani si botae bi so bere a wonsusuw ahoɔden a wɔwɔ a wobetumi de ayɛ saa ne nea wɔpɛ ho. Dr. Richard Seiden a ɔwɔ California Sukuu Kunini mu kae sɛ: “Awofo binom hwehwɛ sɛ wɔn mma nya ade a wɔte nka sɛ wɔannya no.”
Nhwehwɛmufo bebree gye tom sɛ ahotɔ a enni abusua asetra mu yɛ ade titiriw foforo a ɛma nkurɔfo kunkum wɔn ho. Bere a awaregu ma mmusua pii mu tetew no, mmofra bebree de wɔn awofo ntetewmu ho asodi to wɔn ankasa ho so. Nea ɛka ahotɔ a enni mu ho ne hokwan a wɔde ma wɔn ma wɔyɛ biribiara a wɔpɛ. Wogyaw mmofra ma wosisi wɔn ankasa gyinae ahorow wɔ ɔbarima ne ɔbea nna, nnubɔne a wɔfa ne asanom ho gyinae ahorow a wonsiesiee wɔn ho sɛ wobesisi. Wohu sɛ biribiara ho kwan a wɔma wɔn no kyerɛ dwen a awofo nnwen wɔn ho. Enti, ebinom si gyinae sɛ sɛ wonni wɔn nkyɛn a anka wɔn awofo ho bɛtɔ wɔn.
Dr. Herbert Hendin a ɔyɛ adwene ho adesua ho ɔbenfo wɔ New York kurow no Columbia Sukuu Kunini mu no se: “Ade biako nso a ɛma wɔyɛ saa ne nkwa a wommu.” (Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi.) Dɛn na ɛde “nkwa a wommu” yi ba? Dr. Seiden se: “Bere a abofra bedi mfe 15 no, na wahu nnipa 14,000 a wɔakunkum wɔn wɔ television so.” Nea ɛka eyi ho ne nnwom ahorow a ɛfa awudi ho te sɛ: “Misusuw sɛ Mekum Me Ho”; “Merekɔ Mɔkyere”; “Ahokum.”
Mpɛn pii no wɔtaa te sɛ nea okum ne ho no abusuafo ne ne nnamfo ka sɛ: “Sɛ na minim a . . . ” Sɛ obi a wɔdɔ no no rete nka sɛ ontumi nni asetra mu nsɛm ho dwuma a, so ebetumi aba sɛ wubehu? Mmoa bɛn na wobetumi de ama?
Mmoa—Efi Hena Hɔ? Efi He?
Ehia sɛ yehu sɛ sɛnea yɛne wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia di—yɛn abusua ne yɛn nnamfonom—betumi anya asetra a ebia wɔn ani gye ho no so tumi kɛse. Sɛnea abeawa bi a wadi mfe 16 a na wasusuw ho sɛ obekum ne ho kyerɛwee no: “Ebia sɛ awofo ne mma wɔ ayamye ma wɔn ho wɔn ho a, sɛ akyerɛkyerɛfo te nsɛm ase pii a, sɛ yɛne yɛn ho yɛn ho nni asi a, sɛ yɛn adwene nni ɔbarima ne ɔbea nna so pii na yenyii yɛn adwene mfii nokware abusuabɔ so a, anka yɛn nyinaa ho bɛtɔ yɛn.” Nanso sɛ obi te nka sɛ asetra ho nni mfaso a, ɛhe na obetumi anya mmoa?
Ntease mu no, ɛsɛ sɛ mmoa a mmofra hia yɛ nea efi wɔn awofo hɔ ba. Wɔn a wɔanyinnyin a wɔrete nka sɛ wontumi nnyina tebea bi ano no nso hia sɛ wotumi kɔ obi a wonim sɛ obedwen wɔn ho, obi a ɔde afotu a nyansa wom na ɛso wɔ mfaso bɛma hɔ. Dɛn na ɛsɛ sɛ wohwɛ na woahu sɛ ebia ɔdɔfo bi resusuw sɛ obekum ne ho?
Wɔn a wɔwɔ ho nimdeɛ bobɔ ɛho sɛnkyerɛnne ahorow din: ka a ɔka sɛ obekum ne ho; ne ho a ɔtwe fi afoforo ho; suban a ɛsakra mpofirim, sɛ́ ebia obi a ɔwɔ adamfofa su a ofi ase twe ne ho fi afoforo ho; “nneɛma a n’ani gye ho kɛse” a ɔde kyekyɛ; adwenemhaw a ano yɛ den. Mpo da a ontumi nna, aduan a ne kɔn nnɔ sɛ obedi ne sukuu mu adesua a ɔmmfa n’adwene nkɔ so, faako a nsakrae a ɛtete saa ba mpofirim, bere a ɛnyɛ onipa no suban na ɛkɔ so bere tenten no, ɛnsɛ sɛ wobu ani gu so. Nanso dɛn na wubetumi ayɛ de aboa?
Dr. Mark Solomon a ɛyɛ wɔn a wokum wɔn ho ho nimdefo se: “Sɛ́ wobɛyɛ sɛ adamfo ara kwa, atra ase ama [onipa] no aka nea ɛwɔ ne mu akyerɛ wo” betumi aboa. Nka sɛ, “O, gyae, w’asɛm no nyɛ aniberesɛm biara.” Fi wo pɛ mu tie. Fa akwankyerɛ ahorow ma; boa no ma onhu sɛ nneɛma betumi asa kra. Nsuro sɛ wobɛka nsɛm penpen. Eyi betumi aboa no ma waka ne haw ahorow akyerɛ wo.
Bebree fam no, bere a wonnya wɔn a wɔdɔ wɔn mma wontie wɔn no, wɔdan kɔhwehwɛ mmoa wɔ wɔn a wɔbɔ nnipa a wɔpɛ sɛ wodi wɔn ho dɔm ho ban hɔ. Saafo yi pii de telefon di dwuma nnɔnhwerew 24 no nyinaa. Wɔ nhyehyɛe a ɛte saa ara a ɛwɔ Amerika, Los Angeles no, wogye telefon frɛ bɛyɛ 18,000 so afe biara. Wɔ England no, Samariafo (kuw a wɔwɔ ɔman no mu baabiara) no gyee telefon frɛ bɛyɛ 1,500,000 so wɔ 1979 mu, afe a 4,192 kunkum wɔn ho no.
Ɛnyɛ sɛ nhyehyɛe a ɛte saa nam telefon so bɔ mmɔden gye afoforo nkwa nko, na mmom wotumi bɔ afoforo amanneɛ ma wɔkɔboa onipa no na watumi agyina ɔhaw ahorow a ɔrehyia no ano. Nea ɛka mmoa ahorow a wɔde ma yi ho no betumi ayɛ, adwenem ayaresa ne nnuru a wɔde ma, ebia wɔde mmoa mpo ma wɔ mmofra so hwɛ ne adwuma a wɔma wonya mu.
Bere a wɔresusuw wɔn ho a wobekum ho no, ebinom dan kɔ baabi foforo kɔhwehwɛ mmoa, sɛnea osuahu a edi so yi kyerɛ no:
Asram kakraa a atwam ni no, aberante bi yɛɛ telefon kɔɔ Ɔwɛn Aban Asafo no dwumadibea a ɛwɔ London, England. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ná ɔne ne yere wɔ adamfo bi a ɔpɛ sɛ okum ne ho na ɔsrɛe sɛ wɔmma obi nkɔ ne fie ntɛm ara sɛnea obetumi.
Bere a oduu hɔ no, Yehowa Adansefo asafo a ɛwɔ mpɔtam hɔ no muni bi huu ababaa bi a wasɛe ne yafunu na wanya adwenemhaw kɛse. Ɛdenam Bible no so no, ɔdansefo no tumi kaa Onyankopɔn mmɔborohunu ho asɛm kyerɛɛ no na ɔboaa no ma onyaa Kristofo nnyinasosɛm sɛ́ ɛyɛ asetra kwan no mu ntease. N’ani gyee mmoa ne nkuranhyɛ a ɔde maa no sɛ omfi ase nni ho dwuma no ho, na ɔyɛe.
Nanso dɛn nti na ne nnamfo no yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛfrɛ Yehowa Adansefo? Ne tiaa mu ne sɛ ná wogye di sɛ obi a odwen nipa ho na ɔde Bible no bedi dwuma de akyekye ne werɛ bɛkɔ wɔn adamfo no nkyɛn.—1 Tes 5:14.
Wubetumi Agyina Ano!
So ɔhaw ahorow a yɛadi kan abobɔ din no mu biako anaa pii hyɛ wo so na ɛma wo werɛ how? So woate nka pɛn sɛ wuntumi nnyina ano, sɛ́ mfaso biara nni so sɛ wobɛkɔ so atra ase? Ampa, ebia wowɔ nea enti a wudi awerɛhow. Nanso mma w’abaw mu mmu—wubetumi agyina ano! Ɔkwan bɛn so?
Bɔ mmɔden sɛ wubesusuw sɛ ɛbɛyɛ yiye. Ɔhaw pii ano aduru wɔ hɔ. Sɛ wunnim nea ebetumi aboa wɔ wo fam a, dɛn nti na wommɔ mmɔden nka nkyerɛ obi a wunim no na wowɔ obu ma n’afotu? Ebetumi aba sɛ adamfo bi a wanyin a ɔbɛte nka ama wo ahyia ɔhaw a ɛte saa bi, na wadi so nkonim. Biribi ano aduru betumi ayɛ nea ɛnyɛ den. Ɛtɔ mmere bi a nea ehia ara ne suban a wɔbɛsakra no.
Sɛ nhwɛso no, so adwuma a wunnya nyɛ na ahaw w’adwene? So woabɔ mmɔden sɛ wubenya adwuma foforo ayɛ a wɔannya bi? Wiɛ, adwuma bɛn na worehwehwɛ? Adwuma a ɛde dibea ne akatua koro no ara a na wowɔ a efii wo nsa no ma anaa? Ebia ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ ‘wobrɛ wo ho ase’ na wohwehwɛ adwuma a ɛde akatua a ɛba fam kakraa, anaasɛ sɛ ɛbɛyɛ yiye a, nea esua koraa ma. Kae sɛ, biribi a wubenya ye sen sɛ wunni hwee.
So nea ɛrehaw wo no yɛ ankonamyɛ? Ɛnde ntwe wo ho mfi afoforo ho. Ko tia awerɛhow a wubedi. Nneɛma a eye sen biara a wɔde ko tia ankonamyɛ no mu biako ne sɛ wobɛyɛ papa ama obi foforo. So woka sɛ ‘nanso mihia mmoa. Ɛbɛyɛ dɛn ɛna mede mmoa ama?’ Yesu Kristo kae sɛ: “Ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye.” (Aso. 20:35) Dɛn nti na wonso nhwɛ? Wubehu sɛ sɛ wode mmoa ma afoforo a wubenya anigye. Ampa, ɛrenyi wo haw no mfi hɔ nanso ebetumi aboa wo ma woagyina ano.
Nanso ebia wote nka sɛ wo haw no—ɔyare bi a aka hɔ anaasɛ wo dɔfo bi wu—yɛ nea wontumi nyɛ ho hwee. Nanso, mmoa fibea bi wɔ hɔ a ebetumi aboa wo ma woagyina ɔhaw ahorow a ɛte sɛnea wontumi nnyɛ ho hwee no ano. Nokwasɛm ni, saa mmoa fibea yi ma yɛn anidaso sɛ wɔ daakye a abɛn mu no, wobedi ɔhaw ahorow nyinaa ho dwuma korakora. Dɛn ne saa fibea no? Ɛyɛ Obi a ne nimdeɛ ne tumi a ɔwɔ a ɔde bɛboa no sõ sen nea onipa biara wɔ korakora. Yiw, Onyankopɔn ankasa.
Ɛyɛ nokware sɛ nnipa pii di adwene a ɛte saa ho fɛw. Nanso ɛsɛ sɛ wugye tom nso sɛ nnipa bebree wɔ hɔ a wɔwɔ ɔhaw ahorow. Na wɔn ani a wɔabu agu so sɛ wɔbɛdan akɔ Onyankopɔn nkyɛn no mma wontumi nnyina wɔn haw ahorow no ano, ɛnte saa anaa?
Bible no mu, wɔ 2 Timoteo 3:16, 17 no, yɛkenkan sɛ: “Kyerɛw nyinaa fi Onyankopɔn home mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntenyi, nteɛso ne trenee mu yɛn. Na Onyankopɔn nipa ayɛ pɛ.”
Yiw, Bible no yɛ Onyankopɔn akwankyerɛ ma nipa. Sua a wubesua na wode emu nsɛm adi dwuma wɔ w’asetra mu betumi aboa wo ma woagyina ɔhaw biara ano—adwuma a wonnya nnyɛ, ohia, ankonamyɛ, ɔhaw ahorow mpo a ɛda adi sɛ enni ano aduru, te sɛ ɔyare a aka ho ne ɔdɔfo bi a owu. Ɛma Onyankopɔn nkoa nya anidaso sɛ, mmere a wohyia dadwen ne haw no, ofi ɔdɔ mu bɛhwɛ wɔn so. Na wɔn a wofi gyidi mu de wɔn ani to Yehowa Nyankopɔn so ma woanya mmoa a ɛne n’apɛde hyia no nya mmoa a ɔdɔ wom a ɛma wonya nea wohia ankasa.—1 Pet. 5:7; 1 Yoh. 5:14.
Nanso nea ɛsen saa no, Bible no kyerɛkyerɛ mu sɛ mprempren wiase haw ahorow di adanse sɛ yɛte “nna a edi akyiri” mu. (2 Tim. 3:1) Ɛrenkyɛ Onyankopɔn de nneɛma nhyehyɛe foforo bɛba, nea ebedi wɔn a wɔdɔ no no haw ahorow nyinaa ho dwuma korakora no. Ɛdefa nnɛyi wiase tebea ho no, Yesu kae sɛ: “Na nneɛma yi refi ase aba a, monhwɛ ɔsoro na momma mo ti so, efisɛ mo gye rebɛn.”—Luka 21:28; 2 Pet. 3:13.
Saa nimdeɛ no ma anidaso. Na saa anidaso no ma yenya nea enti a ɛsɛ sɛ yɛtra nkwa mu, a sɛnea nneɛma a ɛrehaw yɛn no te mfa ho. Dɛn nti na wonhwehwɛ ho nsɛm pii? Yehowa Adansefo fi anigye mu bɛboa wo.
Yiw, ɛdenam Onyankopɔn Asɛm Bible no mmoa so no, wubetumi agyina asetra mu nsɛm tebea ano!
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 7]
Wɔ Amerika no, amanneɛbɔ ahorow kyerɛ sɛ dɔnhwerew biara no mmofra ne wɔn a wonnya nnuu mpanyin afe so 57 bɔ mmɔden sɛ wobekum wɔn ho
[Kratafa 9 adaka]
NEA WUBETUMI AYƐ
□ Bɔ mmɔden sɛ wubesusuw sɛ ɛbɛyɛ yiye
□ Ka kyerɛ obi
□ Ɛtɔ mmere bi a suban a wobɛsakra no no ho hia
□ Ntwe wo ho mfi afoforo ho
□ Ko tia awerɛhow a wubedi
[Box on page 10]
“Momma mo ani nnye Awurade mu daa! Meka no bio sɛ: Momma mo ani nnye! Momma nnipa nyinaa nhu mo dwo! Awurade abɛn. Monnna nnnwen biribiara nhaw mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ; ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so Kristo Yesu mu.”—Fil. 4:4-7.
[Kratafa 5 mfoni]
OHIA
ƆYARE
ADWUMA A WONNYA NYƐ
[Kratafa 6 mfoni]
ANKONAMYƐ
ANIDASO A WONNI
NKOGU A WOSURO SƐ WOBEDI
[Kratafa 7 mfoni]
“Bere a abofra bedi mfe 15 no, na wahu nnipa 14,000 a wɔakunkum wɔn wɔ television so.”
AHOTƆ A ENNI ABUSUA ASETRA MU
NKWA A WOMMU
[Kratafa 8 mfoni]
AWOFO
ADAMFO
BAABI A WOFI BƆ WƆN A WƆPƐ SƐ WOKUM WƆN HO HO BAN
BIBLE NO