“Mɛyɛ Dɛn De M’awerɛhow No Atra Ase?”
ASIANE too Bob ne Diane Krych mfe 18 ni. Ná wɔn ba David a wadi mfe 6 no wɔ komayare. Diane ka asɛm no kyerɛ:
“Oduruyɛfo bi ka kyerɛɛ yɛn sɛ sɛ edi afe anaasɛ nea ɛte saa a, yɛmma wɔnyɛ nhwehwɛmu na yɛpenee so. Ná David ani agye kɛse, na na ɛreyɛ aboro so mpo. Mekae sɛ na ɛyɛ January 25, na na David rehaw ne nuabea a na ɔretu ne dan mu nneɛma mpo gu. Bere a obisae sɛ ebia obetumi apue akodi agoru no, mema ɔkɔe.
“Bere bi akyi no, metee ambulance nka, na ofipamfo bi de mmirika bae a na ɔreteɛm sɛ, ‘Diane, ɛyɛ David, ka wo ho bra!’ Mifi kɔe na na wɔde no ato kar bi a esi hɔ hwene so. Na mintumi nkeka me ho. Na ɛte sɛnea mabubu. Wɔde no too ambulance no mu. Nanso ne nyinaa yɛɛ ɔkwa. Ne koma ketewaa no gyaee bɔ na owui.”
Nyan!: “Saa adehwere kɛse yi kaa wo dɛn?”
Diane: “Meyɛɛ nneɛma ahorow pii—kommyɛ, gye a na minnye nni, afodi nkate, ne me bo a efuw me kunu ne oduruyɛfo no sɛ wɔahu sɛnea na ne tebea no ye anibere fa. Ná me bo afuw David araa yiye saa da no. Na mewɔ ahɔho a wɔreba abedidi ne abofraa a wadi adapɛn du a ɛsɛ sɛ mehwɛ no. Ná ɛdɔɔso dodow. Afei nea edi hɔ a mihui ara ne sɛ wɔde me ba David rekɔ ayaresabea.
“Na mintumi nnye nni sɛ wawu. Na mintumi nnye nsɛmfua ‘wawu’ ne ‘owu’ no ntom. Wɔ me fam de, na ɛyɛ nea watu kwan. Misusuwii sɛ, ‘Ɔte ase wɔ Onyankopɔn adwene mu na ɔbɛsan aba.’ Enti wɔ ne wu no akyi bɛyɛ adapɛn ason no, mini ase kyerɛw nkrataa kɔmaa no. Mekyerɛw saa nkrataa no mfe 13!”
Awerɛhowdi Tra Hɔ Bere Tenten Bɛn ?
Diane awerɛhow a odii bere tenten no si nea Ɔbenfo Arthur Freese ka wɔ ne nhoma a wɔfrɛ Help for Your Grief mu no so dua: “Abenfo pii te nka sɛ abofra a wɔhwere no no ma awofo, titiriw ɛna no, di awerɛhow a ɛtra hɔ daa.”
Anwensɛm kyerɛwfo Shelley te nka sɛ: “Afe foforo biara de awerɛhow san ba.” Ɔdɔfo a wɔahwere no a wɔkae no afe biara no ma ɛyaw no yɛ foforo. Nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi asi so dua na woabisa sɛ, ‘Mɛyɛ dɛn atumi de m’awerɛhow no atra ase?’ Nanso wotumi di awerɛhow so, ɛwom sɛ ebia wɔrentumi nyi mfi hɔ koraa de. Awerɛhow a ano yɛ den no so tumi tew, ɛwom sɛ adehwere no nka a wɔte no kɔ so tra hɔ.
Harold ne Majorie Bird a wofi Britania a wɔhweree wɔn ba Stephen a na wadi mfe 19 a nsu faa no mfe du ni no si saa adwene yi so dua. Nea ɛmaa asɛm no sɛee koraa no, na ɔyɛ wɔn ba koro ne sɛ wanhu ne funu no. Harold ka awerɛhowdi no ho asɛm sɛ: “Wɔka sɛ bere ma ɛyaw ano dwo, nanso nokwarem no, ekum ɔdɔfo no nkae ano kɛkɛ. Ano a edwudwo ankasa no bɛba bere a yehyia no bio wɔ owusɔre no mu no.”
Awerɛhowdi ho nhwehwɛmu bi kyerɛ nea ɛkɔ so no mu sɛnea edidi so yi: “Nea ɔredi awerɛhow no tumi fi nkate tebea biako mu kɔ foforo mu ntɛmntɛm, na nea wawu no ho nkae a wɔpɛ sɛ wɔkwati no tumi di sɛnea wɔhyɛ da kaakae no no akyi wɔ bere bi mu. Nkurɔfo taa fi gye a wonnye nni tebea mu kɔ sɛnea wɔde nkakrankakra begye sɛnea adehwere no te ankasa no atom no so.”
Ɔbenfo Freese ma saa asɛm yi mu da hɔ kakra. “Ɛsɛ sɛ obi hwɛ ade no kɔ akyiri bere nyinaa—ogye tom sɛ wɔn a wodi awerɛhow na wɔfa ɛyaw pii mu no mu pii . . . tumi dan wɔn ho, wodi wɔn ho so na ɛte sɛ nea wɔkɔ so wɔ ɔhonam mu te sɛnea na wɔwɔ hɔ ansa na awerɛhowdi no mu yaw no refi ase no.”
Nokwarem no, wɔ nsɛm no mu pii mu no, onipa no tumi fi mu a wayɛ den kɛse. Dɛn nti na ɛte saa? Efisɛ awerɛhowdi mu osuahu no ama wanya tema—wɔn a wodi awerɛhow no ho ntease pa ne sɛnea otumi de ne ho toto wɔn ho. Nanso esiane sɛ tema kɔ akyiri sen timmɔbɔ nti, onii a wafa awerɛhowdi mu no bɛyɛ obi a otumi boa afoforo a wɔahwere wɔn dɔfo bi, otu wɔn fo na ɔkyekye wɔn werɛ. Sɛ nhwɛso no, Bob a komayare kum ne ba David no kae sɛ: “Yehu sɛ afoforo a yɛboa wɔn ma wodi wɔn awerɛhow ho dwuma no nso ama yɛn de no ayɛ mmerɛw.”
Dɛn Nti na Afodi, Abufuw, ne Afoforo a Wɔde Asodi to Wɔn so no Ba?
Awerɛhowdi ho abenfo gye tom sɛ afodi, abufuw, ne afoforo a wɔde asodi to wɔn so ho nneyɛe ahorow a ɛtaa ka awerɛhowdi ho no yɛ nea ɛba bere nyinaa wɔ saa tebea no mu. Wɔn a wɔn biribi awu no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛte nea enti a aba saa no ase bere a ntease pa bi nni hɔ no. Nsɛm a ebinom taa ka no bi ne sɛ, ‘Dɛn nti na ɛsɛ sɛ ɛba me so? Dɛn na mayɛ a enti ɛsɛ sɛ ɛba me so? Sɛ anka me . . . ’ Afoforo nam nsɛm a ɛte sɛ eyinom so kasa tia Onyankopɔn, ‘Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn betumi ama eyi aba? Dɛn nti na Onyankopɔn ayɛ me saa?’
Mmuae a Bible no de ma no ba yɛn adwenem wɔ ha: “Bere ne akwanhyia to wɔn nyinaa.” Asiane tumi ba baabiara wɔ bere biara mu, na owu nye nyiyim. Ɛda adi sɛ ɔdɔNyankopɔn remfa n’ani nsi obi so denam ne ba a ɔbɛfa no akɔ so.—Ɔsɛnkafo 9:11, New World Translation; 1 Yohane 4:8.
Agustin ne Valentina a yɛbɔɔ wɔn din wɔ asɛm a edi kan no mu no sui bere a na wɔreka Jonathan wu no ho asɛm akyerɛ Nyan! no. So na wɔwɔ afoforo a wɔde asodi to wɔn so nkate? Valentina buae sɛ: “Ná mempene obi foforo kar mu a ɔbɛtra akɔ Long Island no so da. Ɛsɛ sɛ meka nokware. Mede asodi no too Agustin so. Mprempren mihu sɛ ɛyɛ ade a meyɛe a mansusuw ho, nanso saa bere no misusuwii sɛ, ‘Sɛ Papa amma no kwan ma wannkɔ a, anka ɔda so te ase.’ Mekɔɔ so nunuu no. Ná ɛsɛ sɛ meka efisɛ sɛ ɛhyɛ me mu a na epira me.”
Diane Krych bo a efuwii wɔ David ɔpatuwu no ho no daa adi wɔ mmoa mpo a na ne bo fuw wɔn no mu. Ɔka kyerɛɛ Nyan! sɛ: “Sɛ mihu ɔkraman anaa agyinamoa a ɔnam abɔnten a, mete nka sɛ, ‘Saa aboa no mpo wɔ koma a eye a ɛrebɔ wɔ ne mu. Dɛn nti na me ba no annya koma a eye? Dɛn nti na ɛsɛ sɛ aboa nantewnantew na ɛnyɛ me ba David?’”
Abenfo ma yɛn awerɛhyem sɛ saa nneyɛe ahorow yi nyinaa, ɛwom sɛ mpɛn pii no ɛyɛ nea wonsusuw ho de, nanso ɛsɛ sɛ ɛba. Nsɛm a wobisabisa no yɛ ɔkwan a wɔfa so susuw nneɛma ho, nokwasɛm no ankasa a wobegye atom no fã. Wɔ bere bi akyi no, wonya adwene a esi pi, na ade a wɔyɛ no nyansam ba. Sɛnea Ɔbenfo Freese ka no no: “Nea ɛwɔ awerɛhowdi a eye mu—sɛ wɔbɛyɛ nkate mu nsɛnnennen a ɛwɔ osũ ne awerɛhowdi mu ho adwuma wɔ ɔkwan pa so, wobegye owu no atom na wɔde nokwaredi ahwehwɛ nkate ahorow a ɛba no nyinaa mu—ne sɛ awiei no nea ɔreyɛ ayi no nam ɛyaw a etwam kɔ anaa awerɛhow mu nsusuwii ahorow kakraa bi so gyina saa mmere bɔne no mu.”
Eyi de wɔn dedaw mu a wɔsan si ba. Ɔbenfo Freese toa so sɛ: “Nea eye no ne fe a wɔfew onii no ne ne ho nsusuwii ahorow a ɛyɛ anigye, tumi a wotumi de nokwaredi ne anigye ka nea wawu no ho asɛm, na awiei no ɛbɛhyɛ ɛyaw nkate ne awerɛhowdi ne ahoyeraw no ananmu.” Wɔ ɛha no, nea wɔkaakae no kanyan ɔdɔ mmom sen awerɛhow.
Abofra A Owu Ɔyafunu Mu No Ano A Wogyina
Ɛwom sɛ na Monna wɔ mma afoforo de, nanso na ɔde anigye rehwɛ ne ba foforo a ɔrebɛwo no no kwan. Ansa na awo no redu hɔ mpo no, na ɔyɛ “abofraa a me ne no di agoru, mekasa kyerɛ no, na meso ne ho dae.”
Ná obegyigye a ɛwɔ ɛna no ne abofra a wɔnwoo no no ntam no ano yɛ den. Ɔtoa so sɛ: “Ná Rachel Anne yɛ abofra a ɔbɔ nhoma a mede ato m’afuru so no kyene na ɔma menyan anadwo. Meda so ara kae bere a edi kan a ɔde ne nan ne ne nsa pempem me no. Bere biara a ɔbɛkeka ne ho no, ɔdɔ a ɛte saa no hyɛ me ma. Ná minim no yiye araa ma mitumi hu bere a ɔte ɛyaw nka, bere a ɔyare.”
Monna toa n’asɛm no so sɛ: “Oduruyɛfo no annye me anni kosii sɛ ɛkaa akyi dodo. Ɔka kyerɛɛ me sɛ menhaw me ho. Migye di sɛ mihui sɛ ɔrewu. Ɔdan ne ho dennen mpofirim ara kwa. Ade kyee no na wawu.”
Monna osuahu no nyɛ nea ɛntaa nsisi. Sɛnea akyerɛwfo Friedman ne Gradstein kae wɔ wɔn nhoma Surviving Pregnancy Loss mu no, mmea bɛboro ɔpepem biako a wɔwɔ United States nkutoo na wɔn nyinsɛn sɛe afe biara. Nkurɔfo ntaa nhu sɛ ɔpɔn anaa mmofra a wowu wɔ ɔyafunu mu no yɛ awerɛhowsɛm kɛse ma ɔbea no, ne sɛ odi awerɛhow—ebia ne nkwa nna nyinaa. Sɛ nhwɛso no, Veronica a ofi New York Kurom a mprempren ɔwɔ ne mfe 50 mu no kae pɔn ahorow a ɔpɔnee no na titiriw no ɔkae ne ba a owuu ɔyafunu mu a na ɔte ase wɔ ɔsram a ɛto so akron no mu a bere a wɔwoo no no na ne mu duru yɛ nkaribo 13 no. Ɔhyɛe ne yam a na wawu adapɛn abien a etwa to no. Sɛnea ɔkae no: “Sɛ́ wobɛwo abofra a wawu no yɛ ade a ɛyɛ yaw ma ɛna no.”
Mmea afoforo mpo ntaa nte nea ɛna a wɔahaw yi yɛ no ase. Adwene ho oduruyɛfo bi a ɔnam ɔpɔn so hweree ne ba no kyerɛwee sɛ: “Nea masua wɔ ɔkwan a ɛyɛ yaw kɛse so ne sɛ ansa na eyi reto me no, na minni nea na ɛsɛ sɛ me nnamfo gyina ano no ho adwene biara. Ná meyɛ obi a ɔnte nka ne nea ɔyɛ anibiannaso wɔ wɔn ho sɛnea mprempren mete nka sɛ nkurɔfo yɛ wɔ me ho no.”
Ɛna a ɔredi awerɛhow no asɛnnennen foforo nso ne nka a ɔte sɛ ebia ne kunu no nte nka wɔ adwehwere no ho sɛnea ɔno yɛ no. Ɔyere bi kaa no ɔkwan yi so sɛ: “Metee huammɔdi kɛse nka wɔ me kunu no ho saa bere no. Wɔ ne fam de, na nyinsɛn biara mmaeankasa. Na ɔrentumi nni awerɛhow sɛnea na meyɛ no. Na odi yaw wɔ nea mesuro no ho na mmom ɛnyɛ m’awerɛhowdi no ho.”
Ɛte sɛnea saa adeyɛ yi yɛ awosu mu ade wɔ okunu ho—ɔnte honam mu ne nkate mu abusuabɔ a ɛda ɛna no ne abofra no ntam no mu nka koro no ara bi sɛnea ɔyere a ɔyem no yɛ no. Nanso wɔ ne nyinaa akyi no, ɔte adehwere nka. Na ɛho hia sɛ okunu ne ɔyere nyinaa hu sɛ wɔn nyinaa redi yaw, ɛwom sɛ ɛyɛ akwan a ɛsonsonoe so de. Ɛsɛ sɛ wɔbom di awerɛhow. Sɛ okunu no de sie a, ebia ne yere no besusuw sɛ onni nkate. (Hwɛ kratafa 12.) Enti mommom nsu, nsusuw nneɛma ho, na monyɛ mo ho atuu. Monkyerɛ sɛ muhia mo ho mo ho sen sɛnea monyɛɛ da.
Nna mu Wu mu Ahintasɛm ne Awerɛhowdi
Ɛnanom ɔpepem pii wɔ ahintasɛm bi, ehu bi a ɛka wɔn da biara. Sɛnea ɛna biako bi kae no: “Mebɔ mpae anadwo biara sɛ mehu sɛ me ba no te ase anɔpa.” Nea wosuro no ne nna mu owu, anaa SIDS (Sudden Infant Death Syndrome). Ɔbenfo Marie Valdes-Dapena a ɔyɛ mmofra ho ɔbenfo wɔ Miami Sukuupɔn a ɛwɔ Florida no kyerɛkyerɛ mu sɛ wɔ United States nkutoo no efi SIDS 6,000 kosi 7,000 na esisi afe biara. Ɔde ka ho sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ eyi yɛ ɔmanfo mu akwahosan ho asɛnnennen.”
Nna mu wu taa ba mmofra so anadwo na mpɛn pii no wɔ wɔn asetra mu ɔsram a ɛto so abien ne anan no ntam hɔ. Nyansahu ntumi mfaa ɛho nkyerɛkyerɛmu a eye biara mmae, na afunu mu nhwehwɛmu mpo ntumi nkyerɛɛ nea enti a ɔpatuwu no ba. Ɛda so ara yɛ ahintasɛm.a
Nea edi nna mu awu akyi ba no taa yɛ afobu nka kɛse a wɔte. Enti, dɛn na ɛbɛboa awofo a wɔn ba wu anadwo no? Nea adi kan no, ɛsɛ sɛ wogye tom sɛ na anka wɔrentumi nsiw owu no ano. Obi rentumi nkyerɛ bere a SIDS bɛba na mpɛn pii no wontumi nsiw ano. Enti, biribiara nni hɔ a ɛsɛ sɛ ɛma wɔte afobu nka. Nea ɛto so abien no, awofo no boa a wɔboa wɔn ho, wogye wɔn ho wɔn ho di, na wɔwɔ wɔn ho wɔn ho ntease no bɛboa wɔn nyinaa ma wɔagyina wɔn awerɛhow no ano. Mo ne afoforo nka mo ba no ho asɛm. Monka sɛnea mote nka no nkyerɛkyerɛ mo ho mo ho.
Nananom Nso Di Awerɛhow
Nananom nso hu amane wɔ ɔkwan titiriw bi so. Sɛnea agya bi a ne ba wui kae no: “Ɛnyɛ wɔn nena a wawu no ho ade nko na wɔyɛ na mmom wɔn ankasa ba a ɔredi awerɛhow no nso ho.”
Nanso, akwan horow wɔ hɔ a wobetumi afa so ama nananom awerɛhowdi no mu ayɛ mmerɛw. Nea edi kan no, susuw wɔn ho. Ná wɔn nena no yɛ wɔn nso mu onipa. Enti ɛsɛ sɛ wɔma nananom no nso ba awerɛhowdi no mu wɔ wɔn ankasa kwan so. Nokwarem no, ɛno nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ ade a awofo no mpene so. Nanso sɛ wɔpɛ sɛ wɔde wɔn ka ho sɛnea wɔtaa yɛ no a, ɛsɛ sɛ wogye wɔn tom.
Wɔ nsɛm kakraa a ɛfa awerɛhowdi ho yi mu no, yɛabɔ mmɔden sɛ yɛbɛte wɔn a wɔn biribi awu no nkate no ase. Nanso asɛm foforo wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yesusuw ho. Ɔkwan bɛn so na afoforo betumi aboa titiriw denam wɔn nsɛm a wɔka so? Na ɔkwan bɛn so na okununom betumi ada wɔn awerɛhow adi? Yɛsrɛ wo hwɛ asɛm a edi hɔ no.
[Ase hɔ nsɛm]
a Nyan! bi a ɛbɛba daakye bɛpɛɛpɛɛ SIDS mu akɔ akyiri.
[Kratafa 7 adaka]
Sɛnea Awerɛhowdi Kɔ So
Eyi nkyerɛ sɛ awerɛhowdi wɔ nhyehyɛe pɔtee bi a edi akyi. Awerɛhowdi mu nneyɛe no betumi asakra na egye mmere tenten a ‘ɛsonsonoe, na egyina ankorankoro so.
Nneyɛe ahorow a edi kan ba:
Piriwbɔ; gye a wonnye nni, akyinnye; kommyɛ; afobu nkate; abufuw
Nea ebetumi aka awerɛhowdi a ano yɛ den ho ne:
Awerɛfiri ne kɔdaanna; ɔbrɛ kɛse; nneyɛe mu nsakrae a ɛba prɛko pɛ; adwene ne nsusuwii a ɛyɛ basaa; osũ; anom a ɛtõ a nea ɛde ba ne obi so a ɛtew anaasɛ ɔyɛ kɛse; ɔyare ho nsɛnkyerɛnne ahorow; mmerɛwyɛ; adwumayɛ ahoɔden a ɛso tew; nneɛma a wohu wɔ wɔn ani so—nea wawu no a wɔte ne nka, wɔte ne kasa, wohu no
Bere a wɔsan si wɔn dedaw mu:
Fe a wɔafew no ho awerɛhow; nea wawu no ho nkae a ɛyɛ anigye, a sɛ ɛtɔ da mpo a aseresɛm ka ho
(Egyina nhoma a wɔfrɛ no Help for Your Grief a Ɔbenfo Arthur Freese kyerɛwee, nkratafa 23-6 so.)
[Kratafa 9 adaka]
Nneɛma Ahorow a Ɛbɛboa Wo ma Woadi W’awerɛhow So
Ɛsɛ sɛ obiara di n’awerɛhow ho dwuma wɔ n’ankasa kwan so. Nea ɛho hia ne sɛ wobɛkwati kusuu ne mmɔbɔmmɔbɔ a wobɛyɛ no. Nyansahyɛ ahorow a egyina wɔn a wɔn biribi awu a Nyan! bisabisaa wɔn nsɛm no osuahu so ni:
◼ Pɛ biribi yɛ na kɔ w’adwuma ne wo dwumadi ahorow so sɛnea woyɛ daa no. Wɔn a wɔyɛ Yehowa Adansefo no sii bo a Kristofo nhyiam horow a wɔbɛkɔ ne ɔsom adwuma no a wɔde wɔn ho hyem no som no so dua titiriw. Pii kaa sɛnea wonyaa mmoa kɛse fii mpaebɔ mu ho asɛm.
◼ Ma w’awerɛhowdi no nna adi; mmɔ mmɔden sɛ wode besie. Sɛ wudi awerɛhow na wusu ntɛm a, wubefi awerɛhowdi kɛse bere no mu ntɛm.
◼ Ntew wo ho; ka kɔ afoforo ho na ma kwan ma wɔmmra wo nkyɛn. Eye ma wo a, wone afoforo nka ɔdɔfo a woahwere no no ho asɛm.
◼ Sɛnea ebetumi ayɛ yiye ntɛm ara biara no, ma w’ani nkɔ nnipa afoforo ne wɔn nsɛnnennen so. Bɔ mmɔden sɛ wobɛboa afoforo, na wobɛboa wo ho.
[Kratafa 10 adaka]
Dɛn na Afoforo Betumi Ayɛ de Aboa?
Nyan! akyerɛwfo bisabisaa awofo a wɔn mma awuwu a wɔwɔ aman horow so nsɛm. Nea edidi so yi ne nyansahyɛ ahorow a wɔde mae sɛ wobetumi de aboa mmusua a wodi awerɛhow. Ɛda adi sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ fakãã wɔ sɛnea wɔde bedi dwuma no mu a egyina nea ne biribi awu no nkate so.
1. Kɔ abusua no nkyɛn ɛda a edi kan no ara, na afei to nsa frɛ wɔn ma wɔmmra wo fie. Siesie aduan ma wɔn. Kɔ so yɛ eyi bere tenten biara a ɛho hia, ɛnyɛ adapɛn kakraa a edi kan no nkutoo.
2. Ma awofo no nsi gyinae sɛ ebia wɔbɛpɛ sɛ wode abofra a wawu no ntade ne nneɛma afoforo a ɛbɛma wɔakae no no sie anaasɛ wɔde kɔ baabi foforo.
3. Sɛ nea ne biribi awu no pɛ sɛ wɔbɔ abofra a wawu no din kasa a, yɛ saa. Ka nneɛma ahorow a na ɛyɛ anigye ne aseresɛm wɔ abofra no nipasu ne n’asetra mu no ho asɛm. Mmua w’ano. Ebia awofo no bɛpɛ sɛ wɔka wɔn dɔfo no ho asɛm.
4. Sɛ wowɔ akyiri dodo sɛnea w’ankasa wubetumi akɔ hɔ a, kyerɛw krataa kɔhyɛ wɔn nkuran na kyekye wɔn werɛ. Nkwati nea wawu no ho asɛm a wobɛka.
5. Wɔ bere a ɛfata mu no, hyɛ awofo no nkuran ma wɔmpɛ biribi nyɛ na wonkura wɔn asetra kwan dedaw no mu. Ma wompue mfi fie na wɔnkɔyɛ nneɛma mma afoforo.
[Kratafa 10 adaka]
Nanabea bi Kyerɛw Sɛ:
“Bere a mahwere m’awofo a na medɔ wɔn, onuabarima, onuabea, masetra nyinaa mu ɔhokafo m’adamfo-ne-kunu Jim a medɔ no a mihyiaa no bere a na madi mfe 13, ne me nena Stuart Jamie a na ɔsom bo kɛse ma me nyinaa wɔ owu mu akyi no—metumi aka sɛ awerɛhow, ɛyaw, ayayade biara nni hɔ a etumi ka me bere a merekyerɛw yi mpo sɛ abofra wu.”
—Edna Green a ofi England, bere a ne nena a na wadi mfe abien ne asram akron no wui.
[Kratafa 8 mfoni]
Ɛdenam awerɛhow a mobom di so no, moboa mo ho mo ho ma mutumi gyina ano