Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g88 7/8 kr. 12-17
  • Ahotoso a Wɔrennyi Mma Da

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ahotoso a Wɔrennyi Mma Da
  • Nyan!—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔn a Wɔkɔe no Daa Onyankopɔn mu Ahotoso Adi
  • Onyankopɔn mu Ahotoso Kyerɛ Ne Gyinapɛn Ahorow mu Ahotoso a Wobenya
  • Wɔkyerɛ Adansefo no Su ho Anisɔ
  • Asubɔfo Kyerɛ Yehowa mu Ahotoso
  • Nhyiam Dwumadi ne Nneɛma a Woyii Adi ho Anisɔ
  • 1987 “Yehowa Mu Ahotoso” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • 1983 “Ahenni Biakoyɛ” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • 1988 “Ɔsoro Atɛntrenee” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • Ahotoso Ho Hia Ma Asetra a Anigye Wom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1988
g88 7/8 kr. 12-17

Ahotoso a Wɔrennyi Mma Da

“FA WO ho to w’ankasa ho so nkutoo, na ɔfoforo rennyi wo mma.” Ɛwom sɛ wɔkaa saa akyinnyegyesɛm yi mfe 250 ni de, nanso nnipa pii da nkate a ɛte saa adi nnɛ. Afoforo a wonni wɔn mu ahotoso honhom abu so wɔ wiase.

Leo a ɔreyɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛsan aware no se ansa na ɔbɛyɛ ayeforo no ɛsɛ sɛ ɔbea a ɔbɛware no no de ne nsa hyɛ apam bi a ɛkyerɛ akɔnhama a da bi sɛ ɛba sɛ wogyae aware a obegye no ase. Wɔmmfa ahotoso nka aware ho asɛm bio.

Larry a ɔte sɛ mmofra pii a wonnya adwuma nyɛ no nwiinwii se: “Sɛ ɔmanfo nim sɛ wobetumi afa wo de wo ahyɛ tokuru ketewaa bi mu na wɔagyaw wo hɔ a, ɛno ne nea wɔyɛ.” Onni ahotoso wɔ asetra mu ankasa.

Wɔ nnansa yi aniwusɛm bi a ɛfa televison so ɔsɛnkafo bi a wagye din ho akyi no, Juanita a na anka ɔyɛ sika fam ntoboayifo no ka sɛ: “Ɛyɛ nnaadaa, ade mũ no nyinaa.” Nyamesom akannifo mpo nyɛ nea wotumi de ho to wɔn so bere nyinaa.

Wɔ nyansa mu no, Bible bɔ kɔkɔ tia mmofraasɛm mu a wobefi de ho ato nnipa ne nnipa nhyehyɛe ahorow so no. Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Mommfa mo ho nto ahene anaa onipa ba . . . so.” Nanso, saa dwom no ara tu yɛn fo sɛ yɛmfa yɛn ho nto obi, obi a ɔrennyi yɛn ahotoso no mma da, ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn no so.​—Dwom 146:3, 5.

Ampa, ɔman akannifo, ɔman mũ nyinaa mpo, taa ka sɛ wɔde wɔn ho to Onyankopɔn so. Nokwarem no, wɔ mfe ɔha a atwam no mu no wɔakyerɛw asɛm yi agu United States krataa sika ne sika pa so: “ONYANKOPƆN SO NA YƐDE YƐN HO TO.” Nanso abakɔsɛm da no adi sɛ sɛ anka adesamma de wɔn ho bɛto Onyankopɔn so mmom no, wɔn nyinaa de wɔn gyidi ahyɛ sikasɛm, sraadi, ne amammui tumi mu.

So wobetumi ahu nkurɔfo a wɔde wɔn ho to Onyankopɔn so ampa nnɛ? So mfaso wɔ so ma wɔn sɛ wɔbɛyɛ saa? Ɔkwan bɛn so na wonya mu mfaso?

Wɔ 1987 ahohuru bere no mu wɔ nkurow ɔhaha pii a ɛwɔ Kesee Fam Asasetifi nohoa mu no, nnipa ɔpepem pii hyiae de hyɛɛ wɔn ahotoso wɔ Onyankopɔn mu no mu den. Na wɔn nhyiam horow a Yehowa Adansefo yɛɛ ho nhyehyɛe no asɛmti ne: “Yehowa mu Ahotoso.” Sɛnea atesɛm krataa bi a ɛwɔ Norwich, Engiresi Aburokyiri, kae no, saa afe yi nhyiam asɛmti no daa wiase no a wɔn ani nnye ho bio no adi. Nanso sɛ anka Adansefo no bedi abooboo wɔ nnipa nniso a adi huammɔ ho mmom no, wohyiae susuw akwan a wobetumi afa so ahyɛ wɔn ho a wɔde to Yehowa so no mu den na wɔatĩ mfaso horow a ɛwɔ ɔkwan a ɛte sɛɛ a wɔfa so no mu no mu.

Dɛn na ɛtwetwee saa nkurɔfo yi ma wohyiaam? Ɛyɛ wɔn ahotoso wɔ Onyankopɔn ne n’Asɛm Bible no mu no. Grenada, Spain, atesɛm krataa bi mu asɛm bi kyerɛkyerɛɛ adwene a enti wɔkɔɔ nhyiam no mu: “Mmusua mũ nyinaa atu kwan aba Grenada, mmofra nkumaa, awofo ne nananom, sɛnea ɛbɛyɛ a wobetie Yehowa asɛm, efisɛ ɛno ne nea Bible no tu ho fo. Eyi ka mmusua bom na ɛhyɛ nnamfofa mu den.”

Wɔn a Wɔkɔe no Daa Onyankopɔn mu Ahotoso Adi

Wɔ pii fam no, na nhyiam no bi ase a wɔbɛkɔ ara kwa no yɛ wɔn ho a wɔde to Yehowa so no ho adanse. Na eyi yɛ nokware wɔ Simone Grijmonprez a ɔkɔɔ nhyiam a wɔyɛe wɔ Kortrijk, Belgium no ase da biara a ɛmfa ho sɛ na ɔyare kɛse ma enti ohia sɛ wɔde mframa pa si ne so nnɔnhwerew asia da biara no asɛm no mu.

Roberto González a ɔyɛ obubuafo ne bere nyinaa somfo no kɔɔ nhyiam a wɔyɛe wɔ El Ferrol, Spain no ase. Ɛmfa ho sɛ ɔte mmubuafo akongua mu na ɛsɛ sɛ ɔda mpa mu asram abien anaasɛ abiɛsa afe biara no, sɛ wɔkyekyem a, ɔde nnɔnhwerew 90 ka mfaso a ɛwɔ so sɛ wobenya Onyankopɔn mu ahotoso no ho asɛm kyerɛ nnamfo ne afipamfo wɔ mmorɔn so. Obetumi afi osuahu mu akasa efisɛ ɛyɛ n’ahotoso wɔ Yehowa mu na ɛboaa no ma odii ne nnubɔne nom a ɛyɛ su a na ama wanya polisifo kyerɛwtohɔ sɛ wɔakye no mpɛn ason na bere a odii mfe 18 no na wanya mmubui a wontumi nsa no so. Waboa wɔn a na anka wɔyɛ n’ayɔnkofo no mu baason dedaw ma wɔanya Onyankopɔn mu ahotoso mmom sen nnuru sɛnea ɛbɛyɛ a asetra bɛyɛ yiye.

Ná ɛsɛ sɛ ebinom bɔ afɔre wɔ sika fam na wɔatumi aba. Ná eyi yɛ nokware wɔ Adansefo a wɔwɔ Azores nsupɔw akuw no so a na ɛsɛ sɛ wɔtu kwan kɔ supɔw foforo so na wɔkɔ nhyiam no wɔ Angra do Heroismo no pii fam. Abusua bi a emufo yɛ baanum de asram pii yɛn anantwi abien ma wɔdɔɔ srade na wɔtɔn wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi atua akwantu no ho ka no.

Onyankopɔn mu Ahotoso Kyerɛ Ne Gyinapɛn Ahorow mu Ahotoso a Wobenya

Odwontofo Dawid kae sɛ: “Nya [Yehowa] mu ahotoso na yɛ papa.” (Dwom 37:3) Enti, Adansefo no gye di sɛ ɛsɛ sɛ wɔde abrabɔ pa di Onyankopɔn mu nokware ahotoso no ho adanse. Enti, Onyankopɔn a ɔfata sɛ wonya ne mu ahotoso no a wɔsom no no akanyan wɔn ma wɔayɛ nkurɔfo a wotumi nya wɔn mu ahotoso. Eyi yɛ ade a wɔn a wɔhwɛ ade pii anya ho anisɔ.

Wɔ Le Havre a ɛwɔ Franse no nhyiam no ase no, na telefon ho odwumayeni bi retoto telefon nhama wɔ agodibea hɔ na ɔkaa sɛnea ne nneɛma no a obegyaw a obiara nhwɛ no haw no no ho asɛm. Kurom hɔ ɔpanyin bi maa no awerɛhyem sɛ: “Ɛho nhia sɛ wohaw wo ho wɔ ɛno ho wɔ Adansefo no ho. Nea enye koraa a ebetumi aba ne sɛ wubehu sɛ woanya nneɛma pii asen sɛnea na anka wowɔ no akyiri yi.”

Wɔ Sweden nhyiam horow no biako ase no, ahɔhodan bi wura de n’ahɔhodan no nsafe nyinaa maa Adansefo a na wɔreyɛ nhyiam no ho nhyehyɛe no. Ɔmaa kwan ma wɔyɛɛ ahɔhodan no ho adwuma a n’adwumayɛfo no mu biara nka ho. Owura no kae sɛɛ “Yɛnyɛɛ eyi bi da, nanso yɛwɔ mo mu ahotoso.” Wɔ nhyiam no akyi no, ɔkyerɛɛ n’akomatɔyam wɔ sɛnea Adansefo no ahwɛ beae hɔ yiye no ho.

Wɔkyerɛ Adansefo no Su ho Anisɔ

Onyankopɔn mu ahotoso ka nkurɔfo ma wɔde ne gyinapɛn ahorow a ɛfa ahotew ne nneɛma a wɔyɛ no pɛpɛɛpɛ ho no di dwuma nso. Ɛka wɔn ma wotu wɔn ho ma yɛ adwuma a wonnye sika na ɛboa wɔn ma wɔde biakoyɛ yɛ adwuma bom. Ɛda adi sɛ nhyiam horow no fã yi nyɛ nea wɔanhyɛ no nsow.

Kurow sohwɛfo a ɔwɔ Terni, Italy, no de nkra a edi so yi kɔmaa nhyiamfo a na wɔahyiam wɔ saa kurow no mu no: “Mepɛ sɛ mede kurow mũ no nyinaa obu ne anisɔ ho nkate wɔ ɔpɔw a moada no adi wɔ sɛnea mode beae a wɔde ama mo no di dwuma no ho no brɛ mo. Mede ɔdɔ nkyia brɛ wɔn a wɔreyɛ nhyiam no nyinaa.”

Bere a adwumayɛfo sohwɛfo a ɔwɔ Ice Hall a ɛwɔ Mikkeli, Finland no huu Adansefo a wɔatu wɔn ho ama de reyɛ nhyiam no honhom no, ɔteɛɛm sɛ: “Minhuu ade bɔne biara wɔ ha, papa nkutoo! Adwumayɛfo a wɔatu wɔn ho ama honhom no yɛ nwonwa. Ɛyɛ anigye sɛ wuhu sɛ nkurɔfo a wɔwɔ anigye nya wɔn adwuma mu anigye.”

Bɔs kafo bi a na ɔwɔ Nancy, France nhyiam no ase kae sɛ: “Na minnim Yehowa Adansefo yiye, nanso afei de mahu wɔn yiye kɛse. Wɔ bere a atwam mu no na metaa te nsɛmmɔne a wɔka fa wɔn ho. Nanso mprempren mihu nneɛma ɔkwan foforo so. Ɛyɛ den sɛ mɛkyerɛkyerɛ nnepa ho nkate a emu dɔ a ɛwɔ ha no mu. Obiara mpiapia, obiara bo mfuw, na biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ.”

Wɔ Pergusa, Italy no, atesɛm krataa bi tintim krataa bi a kurom hɔfo kuw bi kyerɛw de kɔdaa Adansefo no ase wɔ wɔn su pa, titiriw wɔn ahotew ne sɛnea wɔhwɛɛ agodibea hɔ yiye no ho. Krataa no kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ obiara yɛ n’ade sɛnea wɔyɛ no, nanso nea enye no sɛ wɔyɛ nhyiam foforo biara a, nneɛma sonsonoe koraa.”

Ɔkasa ahorow pii a wɔmae wɔ nhyiam no ase no sii hia a ɛho hia sɛ wosuasua Onyankopɔn su horow no so dua. Yehowa Adansefo rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ saa pɛpɛɛpɛ. Nkɔso a ebinom anya wɔ eyi yɛ mu no hyɛɛ wɔn nkuran kɛse.

Atesɛm nkrataa tɔnfo bi a n’adetɔnbea bɛn beae a wɔyɛɛ nhyiam wɔ Edinburgh, Scotland, no teɛɛm sɛ: “Sɛ Adansefo no ba Murrayfield a m’ani gye bere nyinaa kɛse! Wɔba adetɔnbea no mu a wɔwɔ adamfofa su na wɔapɔw​—apiapia, akasakasa, pere a wɔpere ama wɔn nsa aka wɔn de biara nni hɔ. Ɛyɛ anigye sɛ wɔbɛba ha, na mehwɛ kwan sɛ mehu wɔn afe biara.”

Sɛnkyerɛwfo bi a ɔwɔ Belgium kae sɛ: “Minhuu biribiara a ɛte sɛ eyi da wɔ baabiara.” Sɛnkyerɛwfo foforo nso kae sɛ: “Wɔ yɛn bere yi so no, sɛ wɔhwɛ no nnipa fam nkutoo a, wɔrentumi nsusuw ho sɛ wobetumi ayɛ nhyiam akɛse a ɛte sɛɛ ho nhyehyɛe wɔ ɔdɔ tebea a ɛte saa mu.

Ná Tomas Bresky a ɔyɛ Swedenni television so nsemmisafo no wɔ nhyiam a wɔyɛe wɔ Lulea, Sweden, no ase. Otwaa ne nkate nyinaa tiawa wɔ saa kwan yi so: “Wo ho dwiriw wo . . . bere a wo ne saa nkurɔfo yi adi afra nna kakraa bi akyi no. Wɔyɛ pintinn wɔ wɔn gyidi mu, wonnyae nneɛma mu nsiesie, wɔyɛ den wɔ wɔn ahotoso wɔ Bible no mu no ho. Hena na ahyehyɛde a etumi yɛ adwuma ntwetwe no? Bere a wɔma nnipa 10,000 aduan no, ɛte sɛ nea wɔde abodoo ne mpataa kakraa bi moma pɛpɛɛpɛ. Hena na ɔrempɛ sɛ obenya mmofra a wɔyɛ dinn na wɔwɔ ntoboase saa? Ɛha na wuhu nteɛso ne nneɛma a wɔyɛ no pɛpɛɛpɛ ankasa.”

Asubɔfo Kyerɛ Yehowa mu Ahotoso

Wɔ nhyiam no biara ase no, nhyiamfo no nyaa hokwan sɛ wɔde nsu mu asubɔ bɛyɛ wɔn ahosohyira ho sɛnkyerɛnne. Ɔkasa a edii saa adeyɛ yi anim no maa emu daa hɔ sɛ gyinaesi a ɛte saa da Yehowa mu ahotoso adi. Pii a wɔde wɔn ho mae sɛ wɔmmɔ wɔn asu no anya saa ahotoso no mu mfaso dedaw.

Wɔbɔɔ Noel Donaghue asu wɔ nhyiam a wɔyɛe wɔ Navan, Ireland, no ase. Bere tiaa bi ansa na eyi reba no, na ɔyɛ ohiani, ɔte ɔdan tuw bi mu wɔ Liverpool, Engiresi Aburokyiri, na na onsiesie ne ho mpo yiye esiane adwenemhaw ne wiase tebea ho awerɛhowdi kɛse nti. N’akwahosan sɛee, na onyaa adwene sɛ obekum ne ho. Awiei koraa no wɔ February 1984 mu no na ɛsɛ sɛ wotwa ne nan esiane awɔw nkyenkyenee nti.

Akyiri yi wɔ afe no mu no, ɔsan kɔɔ ne kurom wɔ Ireland na Adansefo no kɔtoo no. Ankyɛ na ɔkɔɔ nhyiam horow, na daakye ho anidaso ankasa bɛhyɛɛ n’awerɛhow no ananmu. Ɔkae sɛ: “Na afe no fã a edi kan no mu yɛ den, nanso na ɔfã a ɛto so abien no yɛ nwonwa.” Afei de na wanya nneɛma ho adwempa, sɛnea ɛdaa adi wɔ ne mmuae mu bere a wobisaa no sɛnea ɔyɛ de anan a wɔayɛ ama no no kɔ afie afie asɛnka no. Obuae sɛ: “Wiɛ, anyɛ yiye koraa no awɔw bere mu onwini nhaw m’anan!”

Ná wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wɔn nso asua sɛ wɔde wɔn ho bɛto Onyankopɔn so ka wɔn a wɔbɔɔ wɔn asu no ho. Wɔ ɔmantam nhyiam a wɔyɛe wɔ Colombes Agodibea a ɛbɛn Paris no ase no, wɔbɔɔ Claudine Adolphe a ɔyɛ ɔbea bi a wadi mfe 91 no asu. Na ne babea abɛyɛ Ɔdansefo mfe bi a atwam ni na Claudine a ɛmfa ho sɛ ne mfe akɔ anim no fii ase huu Yehowa Adansefo gyidi ne wɔn asetra kwan no. Bere a wahwere n’abusua mufo pii wɔ owu mu no, Bible mu owusɔre anidaso no a wɔkyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ no no ma onyaa awerɛkyekye kɛse. Ofii ase suaa Bible no na obehuu Yehowa, Onyankopɔn a ɔhyɛ bɔ sɛ ɔbɛsan de awufo aba nkwa mu bio no na onyaa ne mu ahotoso.

Ná José Benito a wɔbɔɔ no asu wɔ El Ferrol, Spain no betumi adi bo a Yehowa mu ahotoso som no ho adanse. Ɔde mfe anan ako sɛ obedi nnubɔne nom so nanso wantumi. Afei ɔne Yehowa Adansefo fii ase suaa Bible no, na Onyankopɔn Asɛm mu nokware nimdeɛ ne ahoɔden a Onyankopɔn de mae no boaa no ma ɔdee ne ho fii saa su yi ho. Na wanya anisɔ bi ama honhom mu nneɛma bere nyinaa, na bere a wanom nnuru abow no, na ɔtaa ka n’ankasa nkyerɛkyerɛ bi a ɛfa Yesu ne hia a asomdwoe ho hia ho asɛm wɔ nnadeban akyi ne mmorɔn ntwea so. Ne kuromfo too no mmran animtiaabu mu sɛ “ɔsomafo.” Mprempren wama n’asetra ne Onyankopɔn ahwehwɛde ahyia na wasua sɛ ɔbɛka asɛm wɔ ɔkwan a nidi ne ntease wom so.

Nhyiam Dwumadi ne Nneɛma a Woyii Adi ho Anisɔ

Adansefo a wofi nsase pii so bae no ani gyee dwumadi a ɔkyerɛkyerɛ wom ne fekubɔ no ho. Bere nyinaa somfo bi a na ɔde mfe 43 asom sɛ Katolekni ɔbea kokorani no kae sɛ: “Ɛyɛ wiase nyinaa biakoyɛ no na ɛkɔ so ma me ho dwiriw me. Mpɛn ahe ara na mise me ho sɛ: ‘Yehowa nkutoo na obetumi ayɛ dwumadi ahorow a ɛte saa a ɛyɛ soronko wɔ wiase a emu kɔ so paapae wɔ asetra mũ afã nyinaa mu no nhyehyɛeyɛfo!’”

Agya bi a ɔwɔ mma baasa a ofi Stoke on Trent, Engiresi Aburokyiri kyerɛwee sɛ: “Na ɛte sɛ nea ɔkasa no mu biara wɔ ɔsɛmpɔw bi ma yɛn titiriw. Anadwo biara bere a yɛadu fie no, yɛda Yehowa ase sɛ wayɛ nsiesiei a ɛte saa ama yɛn.”

Wɔ Spania kasa mu nhyiam horow ase no, atiefo no ani gyei sɛ wɔn nsa kaa nhoma Aid to Bible Understanding no wɔ Spania kasa mu. Onua bi a ɔwɔ Grenada, Spain no nsa kaa biako na na ɔrebuebue mu bere a ɔretwɛn wɔ petrol tɔnbea bi a ɛne nhyiambea no di nhwɛanim no. Ɛhɔ adwumayɛfo no mu biako huu nhoma no din no na ɔkae sɛ: “Eyi ne nea wohia pɛpɛɛpɛ, biribi a ɛbɛboa nkurɔfo ma wɔate Bible no ase. Ɛda adi sɛ mente ase.” Onua no kae sɛ ɔbɛboa no, na ɔne saa ɔbarima yi fii Bible adesua ase dapɛn a edi hɔ wɔ nhyiam no akyi no.

Nea ɛsen ne nyinaa no, nhyiam dwumadi no sii hia a ɛho hia sɛ wonya Onyankopɔn ne n’Ahenni mu ahotoso mmom sen nnipa nhyehyɛe horow no so dua. Wɔ Italy no, sɛnkyerɛwfo bi a wonim no yiye huu Yehowa Adansefo gyidi mu ade titiriw yi. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu wɔ ɔman no mu nyinaa television so amanneɛbɔ mu sɛ: “Wɔwɔ saa nkrasɛm yi . . . a ɛfa Kristo nkonimdi sanba a ɛda adi sɛ ɛwɔ Apam Foforo nkyerɛwee mu no mu gyidi pintinn. Mɛka sɛ ɛnyɛ Katolek Asɔre no nkutoo na apia saa nsɛmti yi ato nkyɛn na mmom Kristofo nyamesom akɛse no nyinaa nso. Wɔayi afi nea na anka eye mfitiase Kristofo gyidi nnyinaso no mu, na saa akuw horow [Adansefo no] yi akohu. Wɔ saa kwan yi so no, ɛyɛ ade a wɔasan ahu a ntease wom, nea ɛteɛ.”

Mfitiase Kristofo nkyerɛkyerɛ a “wɔakohu” yi aboa Adansefo no ma wɔde gyidi ahyɛ akyinnyegye, anidaso ahyɛ awerehow, ne ahotoso ahyɛ afoforo a wonnye wɔn nni ananmu. Wonim sɛ Onyankopɔn rennyi ne mu ahotoso a wɔwɔ no mma da. Saa nhyiam horow yi daa no adi sɛ mfaso wɔ so sɛ wonya Onyankopɔn mu ahotoso na wɔtra ase ma ɛne saa gyidi no hyia. Wɔ nhyiam no awiei no, nhyiamfo no san kɔɔ wɔn kurom a wɔasi wɔn bo sen bere biara sɛ ‘wɔde wɔn koma nyinaa benya Yehowa mu ahotoso.’​—Mmebusɛm 3:5.

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 17]

1987 NHYIAM AMMANNEƐBƆ BINOM

Ɔman Dodow Nea Ɛsen Biara Asubɔ

Austria 5 24,686 360

Belgium 7 31,121 319

Britain 15 155,743 1,212

Denmark 5 23,029 200

Finland 6 26,144 284

France 19 138,683 2,705

Germany 24 159,361 1,455

Greece 5 28,811 418

Ireland 2 4,326 61

Italy 34 221,227 5,496

Luxembourg 1 1,458 8

Malta 1 674 13

Netherlands 9 43,510 231

Norway 4 12,703 218

Portugal 12 55,057 1,102

Spain 15 105,591 2,394

Sweden 10 30,099 312

Switzerland 5 19,459 261

Europa Aman 18 179 1,081,682 17,049

Aman Foforo 23 233 1,866,875 23,270

AMAN 41 NKABOM 412 2,948,557 40,319

[Kratafa 13 mfoni]

Rahab drama no

[Kratafa 13 mfoni]

Roberto González, Spain

[Kratafa 14 mfoni]

Atifi: Claudine Adolphe, Franse

Mfinimfini: Crystal Palace Ɔman Agodibea, Engiresi Aburokyiri

Asubɔ a ɛyɛ ahosohyira ho sɛnkyerɛnne

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena