Wiase Nsɛm
Wɔhwehwɛ Wiase Nhyehyɛe Foforo
Bere a edi kan wɔ bɛboro mfe 40 mu no, wɔresan ayɛ Amanaman Nkabom no adwinnade a wɔnam so de ahobammɔ bɛma nnipa nyinaa. Wɔ January 31 mu no, nnipa a wɔkorɔn ne atitiriw ne wɔn a wɔba fam ne ahiafo yɛɛ nhyiam bi a ebi mmae da wɔ New York City bere a aban mpanyimfo buee UN Ahobammɔ Bagua no nhyiam a edi kan a wɔyɛ maa aman mpanyin no. Wɔyɛɛ saa Ahobammɔ Bagua no da koro nhyiam soronko yi na wɔde ahwehwɛ nea wiase akannifo afrɛ no wiase nhyehyɛe foforo no de asi Ɔko Nwininwini ntawtawdi mu asiane ahorow no anan mu. Britain ɔmampanyin John Major frɛɛ amampanyin nhyiam no “nsakrae bere wɔ wiase no ne Amanaman Nkabom no mu.” Wiase akannifo pɛ sɛ wɔma sɛnea UN no tumi hwɛ ma asomdwoe kɔ so tra hɔ no yɛ kɛse. Enti amampanyin nhyiam no mpaemuka no se: “Baguafo no nyinaa adwene hyia sɛ saa bere yi na wiase no anya hokwan a ɛsen biara sɛ ebenya amanaman ntam asomdwoe ne ahotɔ fi bere a wɔhyehyɛɛ Amanaman Nkabom no.”
“Nyarewa a Ekum Mmofra”
Amanaman Nkabom akontaabu kyerɛ sɛ ahome mu nyarewa te sɛ menewa mu yare, emu yare, ne ɔpakum ahorow, yɛ “nyarewa atitiriw a ekum mmofra a wonnii mfe anum.” Corriere salute a ɛba dapɛn biara no bɔ amanneɛ sɛ: “Nyarewa yi kunkum mmofra awotwe simma biara, na ɛma mmofra ɔpepem anan wu afe biara.” Dɛn ne ano aduru? Sɛnea abenfo kyerɛ no, “nnuru a wɔde di dwuma ntɛm, ne afei, nneɛma a ɛbɔ mmofra no ho ban a wɔbɛma wɔanya pii, aduan pa a wɔbɛma wɔn, ne mpaanewɔ a wɔde bedi dwuma pii.”
Nufu a Wonum ne AIDS
Time International nsɛmma nhoma no bɔ kɔkɔ sɛ, “ɛrenkyɛ na ɛna nufusu ayɛ ade a ekum mmofra sen biara wɔ aman a Afei na Wɔrenya Nkɔso no mu.” Na efi AIDS ara. Sɛnea nhwehwɛmu bi a ɛnkɔ akyiri a wɔyɛe wɔ Afrika mfinimfini fam na wɔbɔɔ ho amanneɛ wɔ New England Journal of Medicine mu kyerɛ no, mmofra 15 a wonyaa AIDS bere a na wɔreyɛ nhwehwɛmu no mu 8 na wonya fii wɔn nanom nufusu a wonum mu. Sɛ wosi saa nhwehwɛmu yi so dua sɛ ɛyɛ nokware a, akwahosan ho adwumayɛfo behyia asɛm a ɛho gyinaesi bɛyɛ den: So ɛsɛ sɛ wɔhyɛ aduan a wɔde ma mmofra wɔ toa mu, a sɛ wɔamfa ahotew anyɛ a, ɛma mmofra wu nya nkɔanim ɔha mmɔho anum no ho nkuran, anaasɛ wɔnkɔ so nhyɛ nufunum a AIDS ɔyare mmoawa a wobetumi de ama afoforo ho asiane ka ho no ho nkuran anaa? Oduruyɛfo Jean Mayer a ɔyɛ nnuan ho ɔbenfo no bɔɔ abubuw sɛ: “Ano aduru papa biara nni hɔ . . . Eyi yɛ amanehunu kɛse ankasa.”
Anka Nuklea Akodi Refi Ase
Sɛnea amanneɛbɔ bi a Soviet asraafo panyin bi de mae January a etwaam no wɔ nhyiam bi a wɔyɛɛ no kokoam wɔ Havana kyerɛ no, mfe aduasa a atwam ni no, anka wiase no refi nuklea akodi ase. Bere a Cuba akode ho asɛnnennen no sɔree wɔ 1962 mu no, na Cuba wɔ nuklea akode a anoden bɛyɛ fi TNT tɔn mpem 6 kosi 12. Ná Soviet Union de akode a nuklea atopae hyehyɛ ano akɔ Cuba na na wɔama wɔn hokwan sɛ, sɛ ɛba sɛ Amerikafo asraafo tow hyɛ supɔw no so a, wɔn nso wɔntotow. Sɛnea The New York Times kyerɛ no, Robert S. McNamara a na ɔyɛ U.S. aban kyerɛwfo a ɔhwɛ ahobammɔ ho nsɛm so wɔ ɔmampanyin John F. Kennedy ase no kae wɔ nhyiam no ase sɛ akyinnye biara nni ho sɛ, “sɛ wɔtotow nuklea akode tiaa United States asraafo a, anka Kennedy bɛhyɛ sɛ wɔn nso wɔntow nuklea akode ntia Cuba—ne ebia Soviet Union nso.” Wiase no ho tɔɔ no bere a Sovietfo no penee so sɛ wobeyi akode a ɛnkɔ akyiri pii no afi hɔnom no. Akyiri yi no, Philip Brenner a ɔyɛ Amerika Sukuu pɔn mu kyerɛkyerɛfo a ɔkɔɔ nhyiam no bi no kae sɛ: Yɛbɛn nuklea akodi ho sen sɛnea obiara asusuw pɛn.”
Adwene ne Nneyɛe Kwan so Ayaresa Boa Nkwaadom a Ɛko Tia Nyarewa
The Harvard Mental Health Letter, a Harvard Medical School tintimii no bɔ amanneɛ sɛ ɛte sɛ nea adanse kɔ so da adi sɛ adwene no wɔ akisikuru a wɔko tia so nkɛntɛnso bere a afi ase no. Sɛ nhwɛso no. wɔ nhwehwɛmu biako mu no, mmea kuw bi a wɔwɔ nufu mu akisikuru a emu yɛ den no nyaa dapɛn dapɛn adwene ne nneyɛe kwan so ayaresa ma kuw no nyinaa afe biako, na aboa wɔn ma wɔatumi agyina nneɛma a wosuro ano na wɔne wɔn mmusua adi nkitaho yiye, bere a mmea a wɔte saa ara nyaa aduruyɛ kwan so ayaresa a wɔtaa de di dwuma no nkutoo. Amanneɛbɔ no se: “Nea efii mu bae no yɛ nwonwa. Ɛnyɛ sɛ mmea a wɔwɔ kuw a na wɔboa wɔn ho wɔn ho no mu no dadwen, adwenemhaw, ne ɛyaw so tewee nko, na mmom sɛ wɔkyekyem a, wɔkɔɔ so traa ase bere tenten sen afoforo no bɛyɛ mmɔho abien—wɔtraa ase asram 37 na afoforo no traa ase asram 19.” Wɔ nhwehwɛmu foforo bi a wɔyɛe wɔ nnipa a wonyaa ɔhonam ani akisikuru nkyɛe ho mu no, ɛnyɛ sɛ wɔn a na wɔwɔ kuw bi a wɔboaa wɔn ho wɔn ho wɔ dapɛn asia mu no ante ɔbrɛ adwenem basaayɛ ne adwenemhaw nka pii nko, na mmom “wɔn nipadua mu tumi a ɛko tia nyarewa no nyaa nkɔso pii” sen ayarefo a wɔte saa ara a wonyaa aduruyɛ kwan so ayaresa a wɔtaa de di dwuma no.
Brazil “Nnowa a Wodi Awu”
Brazil “nnowa a wodi awu” no ho yɛ hu dɛn? Ɛwom sɛ wogyaa Afrika nnowa a wɔtow nkesua asefo 26 a wɔanhyɛ da wɔ 1956 mu de, nanso Newsweek bɔ amanneɛ sɛ: “Brazilfo ahu sɛnea wɔne nnowa a wofi Afrika no bɛtra . . . ɛwo dodow a wɔyɛ—a na egyina tɔn 3,000 afe biara ansa na wɔde nnowa a wofi Afrika no reba no—duu tɔn 42,000 afe a etwaam no mu.” Ɛda adi sɛ nea ɛwom ara ne sɛ “wɔbɛkyerɛ nnowayɛnfo sɛnea wɔbɛyɛ nnowa a wofi Afrika no ho adwuma a asiane biara remma na wɔakyerɛ ɔmanfo sɛnea wɔbɛhwɛ wɔn ho so yiye na mmoa no ampira wɔn.” Nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Ɛyɛ ampa sɛ wokum nyɛmmoa ɔhaha pii afe biara de, nanso ɛte sɛ nea nnipa nni asiane kɛse biara mu sen sɛnea ɛte wɔ mmeae afoforo biara no.”
Neem a Ɛma Nneɛma Pii No
Ebinom frɛ neem dua a ɛwɔ asase nhimahobea no sɛ “Onyankopɔn akyɛde ma adesamma.” Na ntease wom! Nneɛma a egu ahorow a adesamma anya afi neem dua no mu bi no ne ɛsẽ bɔtɔ, aduru a wɔde twiw sẽ, ngo a wodi, nantwi ho sunson aduru, nnuru a wɔde kum mmoawa, nnuru a ekum ɔhonam ani nyarewa, ne asikreyare ne hurae ho nnuru. Wɔde neem mu ngo yɛ samina, aduru a wɔde ka ti, ne nea wɔde pam mmoawa. Nnansa yi ara, sɛnea New African nsɛmma nhoma no kyerɛ no, nhwehwɛmufo a wɔwɔ Kenya reyɛ nhwehwɛmu ahorow bi a ɛbɛma wɔahu nnuru ahorow ne nea wɔde pam mmoawa ho nneɛma afoforo a wobetumi anya afi neem dua a ɛyɛ nwonwa no mu.
Ade a Ɛsɔn Owia Ahoɔden so no Sɛe Reyɛ Kɛse
Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ ade a ɛsɔn owia ahoɔden so no sɛe reyɛ kɛse wɔ asase no Atifi ne Anafo fam nyinaa. Sɛnea The Diplomatic World Bulletin kyerɛ no, nneɛma foforo a nyansahufo 80 a wofi aman 25 mu bagua bi ahu no kyerɛ sɛ ade a ɛsɔn owia ahoɔden so wɔ Europa ne Amerika Kusuu Fam no ɔha mu nkyem 3 asɛe wɔ mfe du a atwam no mu. Wɔhwɛ kwan sɛ ebedu afeha yi awiei no, na ɔha mu nkyem 3 asɛe aka ho. Ade a ɛsɔn owia ahoɔden so a ɛsɛe wɔ Antartica, ade a na awɔwbere mu nkutoo na esi no, resi wɔ mmere afoforo mu nso afei. Nyansahufo gye di sɛ ade a ɛsɔn owia ahoɔden so a ɛsɛe, a nnipa dwumadi titiriw na ɛde ba no, betumi akowie wim a ɛbɛsakra kɛse, nnɔbae a ɛbɛsɛe, ne nnipa pii a wobenya ɔhonam ani akisikuru mu.
Basabasayɛ Nkyerɛkyerɛ
Wɔama asuafo baanum a wɔwɔ Kobe Municipal lndustrial Technical College wɔ Japan no atra wɔn anan mu wɔ afe a edi kan mu adesua akyi. Kɔlege no rehyɛ wɔn ma wɔatra wɔn anan mu esiane sɛ wɔpowee sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ kendo agodi a wɔde dade ko wom mu nti. Sɛnea The Daily Yomiuri kyerɛ no, asuafo no “kae sɛ wɔn ho a wɔde bɛhyɛ agodi a wɔko wom mu no tia Bible nkyerɛkyerɛ.” Asuafo a wɔyɛ Yehowa Adansefo no de asɛm no akɔ asennibea na sɛnea Mainichi Daily News bɔ amanneɛ no, wose “gyinae a sukuu no asi sɛ wɔbɛma wɔatra wɔn anan mu no tia nyamesom mu ahofadi a ɔman mmara no de ma wɔn no.”
Wɔaka Spain Asɔre no Anim
So Roman Katolek Asɔre no de sɛnea wodi abusua asetra mu nsɛnnennen ho dwuma ho akwankyerɛ a ɛma abotɔyam ma? Sɛnea Centro de Investigaciones sobre la Realidad Social (Beae a Wɔyɛ Asetra mu Nneyɛe ho Nhwehwɛmu) nhwehwɛmu bi a wɔyɛe nnansa yi ara kyerɛ no, Spainfo ɔha biara mu nkyem 35 pɛ na wogye di sɛ ɛde ma. Na nnipa no honhom fam ahiade ho dwuma a ebedi nso ɛ? Wɔn a wobisabisaa wɔn nsɛm no mu ɔha biara mu nkyem 42 pɛ na wosusuw sɛ asɔre no di asɛyɛde yi ho dwuma. Nanso, ɔman no mufo ɔha biara mu nkyem 4 pɛ na wɔkenkan Bible—nhoma a etumi di honhom fam ahiade ahorow ho dwuma ampa na ɛde sɛnea wobetumi anya abusua asetra a anigye wom ho akwankyerɛ a emu da hɔ pefee ma—no daa.
Wɔakasa Atia Ɔkwan a Wɔfa so Fi Wimhyɛn mu No
Sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ wufi wimhyɛn bi mu ntɛm so a, hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ wubepira no te dɛn? Wɔn a wɔkasa tia wimhyɛn akwantu ho nhyehyɛe ka sɛ ɛresɛe, ne sɛ ɔhaw no reyɛ kɛse esiane sɛnea wimhyɛn akwantu nnwuma no de nkongua pii rehyehyɛ wɔn wimhyɛn ahorow mu nti. Sɛ nhwɛso no, wimhyɛn akwantu adwuma bi a wɔde wimhyɛn 747 tu kwan fi Los Angeles, U.S.A., kɔ Sidney, Australia no wɔ nkongua ma akwantufo 378, nanso foforo bi a ɛde wimhyɛn koro no ara bi tu kwan fi Osaka kɔ Tokyo, Japan no wɔ nkongua ma akwantufo 533. Ɛwom sɛ akontaabu kyerɛ sɛ wimhyɛn akwantu mu wɔ ahobammɔ mpɛn 19 sen kar akwantu de, nanso sɛnea ɔhaw betumi afi mu aba no yɛ kɛse bere a wɔma wimhyɛn ahorow fa nnipa pii no. Sɛnea nnipa fi wimhyɛn mu ho sɔhwɛ bi a wɔyɛe nnansa yi ara de hwɛe sɛ ebia McDonnell Douglas MD-11 wimhyɛn betumi afa nnipa 410 a asiane biara mma sen sɛ anka ɛbɛfa nnipa 287 a ɛsɛ sɛ ɛfa anaa no maa ɔbea bi bubui fi ne kɔn de ba fam bere a n’akyi dompe mu bui no; afoforo 46 pirapirae—nnipa 6 nnompe mu bubui. Mprempren U.S. aban gyinapɛn ahorow hwehwɛ sɛ wɔn a wɔyɛ wimhyɛn no kyerɛ sɛ wobetumi ayi nnipa afi wɔn wimhyɛn no mu wɔ anibu 90 mu bere a wɔasisiw apon a wɔfa mu fi adi no mu fã ano no.